Awerɛkyekye a Yehowa De Ma a Yɛne Afoforo Bɛkyɛ
“Mo ho anidaso a yɛwɔ no mu yɛ den, efisɛ yenim sɛ, sɛnea muhu amane no bi no, saa ara nso na munya awerɛkyekye no bi.”—2 KORINTOFO 1:7.
1, 2. Tebea bɛn na nnipa pii a wɔabɛyɛ Kristofo nnɛ no ahyia?
NNIPA a wɔkenkan Ɔwɛn-Aban nnansa yi no pii nyinii a na wonni Onyankopɔn nokware no ho nimdeɛ. Ebia ɛte saa wɔ wo fam. Sɛ saa a, kae sɛnea wotee nka bere a wo ntease aniwa fii ase sɛ ɛrebue no. Sɛ́ nhwɛso no, bere a wubenyaa ntease a ɛne sɛ ɛnyɛ sɛ awufo rehu amane na mmom wɔnte nka biara foforo no, wo ho antɔ wo? Na bere a wuhuu anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo a ɛne sɛ wobenyan nnipa ɔpepepem pii aba nkwa mu wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no, wo werɛ ankyekye?—Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Yohane 5:28, 29.
2 Na Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛma amumɔyɛ to atwa na wadan asase yi paradise no nso ɛ? Bere a wusuaa eyi ho ade no, ankyekye wo werɛ ma woamfa ahopere anhwɛ kwan? Bere a edi kan a wuhui sɛ ebetumi aba sɛ worenwu da na mmom wubenya nkwa akɔ saa asase so Paradise a ɛreba no mu no, wotee nka dɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani gyei. Yiw, na wo nsa aka Onyankopɔn awerɛkyekyesɛm a Yehowa Adansefo reka no seesei wɔ wiase nyinaa no bi.—Dwom 37:9-11, 29; Yohane 11:26; Adiyisɛm 21:3-5.
3. Dɛn nti na wɔn a wɔne afoforo kyɛ Onyankopɔn awerɛkyekyesɛm no nso hyia ahohia?
3 Nanso, bere a wobɔɔ mmɔden sɛ wone afoforo bɛkyɛ Bible mu asɛm no, wubehui nso sɛ “ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi.” (2 Tesalonikafo 3:2) Ebia wo kan nnamfo no binom dii wo ho fɛw sɛ wokyerɛɛ Bible bɔhyɛ ahorow mu gyidi. Ebi mpo a wuhyiaa ɔtaa esiane sɛ wokɔɔ so ne Yehowa Adansefo suaa Bible no nti. Ebetumi aba sɛ ɔsɔretia no mu bɛyɛɛ den bere a wufii ase yɛɛ nsakrae ahorow na ama w’asetra ne Bible nnyinasosɛm ahorow ahyia no. Wufii ase hyiaa ahohia a Satan ne ne wiase no de ba wɔn a wogye Onyankopɔn awerɛkyekye tom nyinaa so no bi.
4. Akwan soronko bɛn so na wɔn a wɔakyerɛ anigye foforo no betumi ayɛ wɔn ade wɔ ahohiahia ho?
4 Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛnea Yesu ka too hɔ no, ahohia to ebinom hintidua ma wogyae fekuw a wɔne Kristofo asafo no bɔ no. (Mateo 13:5, 6, 20, 21) Afoforo gyina ahohia ano denam wɔn adwene a wɔde si bɔhyɛ ahorow a ɛma awerɛkyekye a wɔresua ho ade no so so. Awiei koraa no wohyira wɔn nkwa so ma Yehowa ma wɔbɔ wɔn asu sɛ ne Ba, Yesu Kristo, asuafo. (Mateo 28:19, 20; Marko 8:34) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Kristoni bi gye asubɔ a, ɛmma ahohia to ntwa. Sɛ́ nhwɛso no, abrabɔ kronn a obi a na ne kan abrabɔ asɛe bekura mu no betumi ayɛ akodi a emu yɛ den ama no. Ɛsɛ sɛ afoforo nso gyina ɔsɔretia a abusuafo a wonnye nni de ba wɔn so daa ano. Sɛnea ahohia no te biara no, wɔn a wɔde nokwaredi di asetra kwan a wɔahyira so ama Onyankopɔn no betumi anya ade biako mu awerɛhyem. Wobenya Onyankopɔn awerɛkyekye ne ne mmoa sɛ ankorankoro.
“Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn”
5. Dɛn bio na Paulo hyia kaa ne sɔhwɛ bebree no ho?
5 Obi a n’ani sɔɔ awerɛkyekye a Onyankopɔn de ma no kɛse ne ɔsomafo Paulo. Wɔ sɔhwɛ bere kɛse a ɔkɔɔ mu wɔ Asia ne Makedonia no akyi no, onyaa ahotɔ kɛse bere a ɔtee sɛ Korintofo asafo no abɔ wɔn ho mmɔden wɔ ne krataa a ɔde kɔkaa wɔn anim no ho no. Eyi kaa no ma ɔkyerɛw wɔn krataa a ɛto so abien, a na ayeyisɛm a edi so yi wom: “Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’agya a ɔyɛ mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn.”—2 Korintofo 1:3, 4.
6. Dɛn na yesua fi Paulo nsɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 1:3, 4 no mu?
6 Saa nsɛm a efi honhom mu yi wɔ pii ka. Momma yɛnhwehwɛ mu. Sɛ Paulo de ayeyi ne aseda ma Onyankopɔn anaasɛ ɔde adesrɛ bi to n’anim wɔ ne nkrataa no mu a, yɛtaa hu sɛ ɔkyerɛ anisɔ kɛse nso ma Yesu, Kristofo asafo no Ti no. (Romafo 1:8; 7:25; Efesofo 1:3; Hebrifo 13:20, 21) Enti, Paulo de ayeyisɛm yi ma “yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’agya.” Afei, bere a edi kan wɔ ne nkyerɛwee ahorow mu no, ɔde Hela din kyerɛfo a wɔkyerɛ ase “mmɔborohunu” no di dwuma. Saa din kyerɛfo yi fi asɛmfua bi a wɔde kyerɛ awerɛhow a obi di wɔ ɔfoforo amanehunu ho no mu. Enti Paulo ka tema a Onyankopɔn nya ma Ne somfo nokwafo a ɔwɔ ahohia mu biara ho asɛm—tema a ɛma Onyankopɔn fi mmɔborohunu mu di ma wɔn no. Awiei koraa no, Paulo de n’ani too Yehowa so sɛ ɔne saa su pa yi fibea denam frɛ a ɔfrɛɛ no “mmɔborohunu agya” no so.
7. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa ne “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no?
7 Onyankopɔn “mmɔborohunu” no de ahotɔ brɛ nea ɔrehyia ahohia. Enti Paulo toa so ka Yehowa ho asɛm sɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn.” Ne saa nti, yebetumi afa awerɛkyekye biara a yebenya afi ayamye a mfɛfo gyidifo yi no adi kyerɛ yɛn mu no sɛ efi Yehowa hɔ. Awerɛkyekye a edi mu na ɛtra hɔ kyɛ biara nni hɔ a emfi Onyankopɔn hɔ. Afei nso, ɔno na ɔbɔɔ onipa wɔ ne suban so, ma enti yɛatumi abɛyɛ awerɛkyekyefo. Na Onyankopɔn honhom kronkron na ɛkanyan n’asomfo ma woyi mmɔborohunu adi kyerɛ wɔn a wohia awerɛkyekye no.
Wɔatete Yɛn sɛ Yɛnyɛ Awerɛkyekyefo
8. Ɛwom sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde yɛn sɔhwɛ ahorow no ba de, nanso mfaso bɛn na ahohia ano a yebegyina no betumi ama yɛanya?
8 Ɛmfa ho sɛ Yehowa Nyankopɔn ma sɔhwɛ ahorow a ɛto n’asomfo anokwafo no ho kwan no, ɛnyɛ ɔno na ɔde sɔhwɛ a ɛtete saa no ba da. (Yakobo 1:13) Nanso, awerɛkyekye a ɔde ma bere a yegyina ahohia ano no betumi atete yɛn ma yɛanya tema kɛse ama afoforo wɔ wɔn ahiade ahorow ho. Dɛn na ɛde ba? “Na yɛatumi afa awerɛkyekye a Onyankopɔn de kyekye yɛn werɛ no so akyekye wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ.” (2 Korintofo 1:4) Enti Yehowa tete yɛn ma yetu mpɔn wɔ n’awerɛkyekye a yɛne mfɛfo agyidifo ne wɔn a yehyia wɔn wɔ yɛn som adwuma mu bere a yesuasua Kristo na ‘yɛkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ’ no kyɛ no mu.—Yesaia 61:2; Mateo 5:4.
9. (a) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina amanehunu ano? (b) Sɛ yɛde nokwaredi gyina ahohia ano a, ɔkwan bɛn so na ɛhyɛ afoforo nkuran?
9 Awerɛkyekye pii a Paulo nya fii Onyankopɔn hɔ denam Kristo so no na ɛma otumi gyinaa n’amanehunu bebrebe no ano. (2 Korintofo 1:5) Yɛn nso yebetumi anya awerɛkyekye pii denam Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛsom bo no a yebedwennwen ho, mpae a yɛbɛbɔ asrɛ ne honhom kronkron mmoa, ne yɛn mpaebɔ ho mmuae a Onyankopɔn de ma a yebenya no so. Saa kwan no so no, ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛakɔ so agyina Yehowa tumidi akyi na yɛakyerɛ sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo. (Hiob 2:4; Mmebusɛm 27:11) Sɛ yɛatumi de nokwaredi agyina ahohia biara ano a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ te sɛ Paulo, de ho nkamfo nyinaa ma Yehowa a n’awerɛkyekye na ɛma Kristofo kɔ so di nokware wɔ sɔhwɛ mu no. Gyina a Kristofo anokwafo gyina pintinn no yɛ awerɛkyekye ma onuayɛ kuw no, na ɛma afoforo si wɔn bo sɛ wobenya ‘amane a wɔn nso wohu no ara mu boasetɔ.’—2 Korintofo 1:6.
10, 11. (a) Dɛn ne nneɛma bi a ɛmaa tete Korinto asafo no huu amane? (b) Ɔkwan bɛn so na Paulo kyekyee Korinto asafo no werɛ, na anidaso bɛn na ɔkaa ho asɛm?
10 Korintofo no nso hyiaa amanehunu ahorow a ɛba nokware Kristofo nyinaa so no bi. Nea ɛka ho no, na wohia afotu na ama wɔatu aguaman bi a wankyerɛ ahonu. (1 Korintofo 5:1, 2, 11, 13) Ná eyi a wɔnyɛe no ne kunsunkunsun ne mpaapaemu a wɔansiw ano no de animguase aba asafo no so. Nanso awiei koraa no, wɔde Paulo afotu no yɛɛ adwuma, na wɔdaa nokware ahonu adi. Enti, ɔde anigye kamfoo wɔn, na ɔkae sɛ mmɔden a wɔabɔ wɔ ne krataa no ho no akyekye ne werɛ. (2 Korintofo 7:8, 10, 11, 13) Ɛda adi sɛ na nea wɔatu no no nso anu ne ho. Enti Paulo tuu wɔn fo sɛ wɔmfa ‘mfiri na wɔnkyekye ne werɛ, na awerɛhow bebrebe no ammene no.’—2 Korintofo 2:7.
11 Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ sɛ Paulo krataa a ɛto so abien no kyekyee Korintofo asafo no werɛ. Na na ɛno ka ne botae ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mo ho anidaso a yɛwɔ no mu yɛ den, efisɛ yenim sɛ, sɛnea muhu amane no bi no, saa ara nso na munya awerɛkyekye no bi.” (2 Korintofo 1:7) Wɔ Paulo krataa no awiei no, ɔhyɛɛ nkuran sɛ: “Monkɔ so . . . mma wɔnkyekye mo werɛ, . . . na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no bedi mo akyi.”—2 Korintofo 13:11, NW.
12. Dɛn na Kristofo nyinaa hia?
12 Hwɛ asuade a ɛho hia a yebetumi anya afi eyi mu! Ɛho hia sɛ Kristofo asafo no mufo nyinaa ne afoforo ‘kyɛ awerɛkyekye’ a Onyankopɔn nam N’asɛm, ne honhom kronkron, ne n’asase so ahyehyɛde no so de ma no. Wɔn a wɔatu wɔn mpo behia awerɛkyekye, sɛ wɔakyerɛ ahonu asiesie wɔn asetra kwan bɔne no a. Enti, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de nsiesiei a mmɔborohunu wom a wɔde boa wɔn asi hɔ. Afe biara, mpanyimfo baanu betumi akɔsra wɔn a wɔatu wɔn no binom. Ebia na saafo yi nkɔ so nna atuatew su adi anaasɛ wɔnyɛ bɔne a anibere wom, na wohia mmoa na wɔatutu anammɔn a ɛho hia na wɔasan agye wɔn.—Mateo 24:45; Hesekiel 34:16.
Ahohia a Paulo Hyiae Wɔ Asia
13, 14. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo kaa ahohia kɛse a ohyiae wɔ Asia no ho asɛm? (b) Asɛm bɛn na ɛbɛyɛ sɛ na ɛwɔ Paulo adwene mu?
13 Ná amanehunu a Korintofo asafo no ahyia de besi saa bere no mmɛn ahohia pii a na Paulo agyina ano no ho. Enti, otumi kaee wɔn sɛ: “Anuanom, yɛmpɛ sɛ yɛkora mo yɛn ahohia a ɛbaa yɛn so Asia no so, sɛ ɛhyɛɛ yɛn so boroo so sen sɛnea yetumi, ma yɛpaa yɛn nkwa ho abaw po. Na yɛn ankasa pɛɛ mu hui sɛ yebewu, na yɛamfa yɛn ho anto yɛn ho so, na mmom yɛde yɛn ho ato Nyankopɔn a onyan awufo no so. Ɔno na oyii yɛn fii saa owu kɛse yi mu na ɔda so yi yɛn, na yɛn ani da no so sɛ ɔbɛkɔ so ayi yɛn.”—2 Korintofo 1:8-10.
14 Bible nhomanimfo binom gye di sɛ nea na Paulo reka ho asɛm ne gyegyeegye a ɛbaa Efeso no, a anka ebetumi ama Paulo ne ne mfɛfo akwantufo baanu a wofi Makedonia a wɔne Gaio ne Aristarko no ahwere wɔn nkwa. Wɔhyɛɛ saa Kristofo baanu yi de wɔn kɔɔ anigyebea bi a na basabasayɛfo kuw ayɛ mu ma, na nkurɔfo no “teɛɛm bɛyɛ nnɔnhwerew abien sɛ: Efesofo [nyamewa] Artemi yɛ ɔkɛse!” Awiei koraa no, kurow no mu panyin bi tumi maa nnipakuw no yɛɛ komm. Ɛbɛyɛ sɛ Gaio ne Aristarko nkwa a ɛbaa asiane mu saa kwan yi so no maa Paulo ho hiahiaa no kɛse. Nokwarem no, na ɔpɛ sɛ ɔbɔ wura hɔ na ɔne basabasayɛfo kuw a wɔn ani so yɛ hyew no kosusuw nsɛm ho, nanso wɔamma no kwan ma wamfa ne nkwa anto asiane mu saa.—Asomafo no Nnwuma 19:26-41.
15. Tebea a emu yɛ den boro so bɛn na 1 Korintofo 15:32 betumi akyerɛkyerɛ mu?
15 Nanso, ɛbɛyɛ sɛ na Paulo reka tebea a na emu yɛ den koraa sen nea yɛaka ho asɛm no. Wɔ Paulo krataa a edi kan a ɔde kɔmaa Korintofo no mu no, obisae sɛ: “Ɔko a me ne mmoa koe Efeso no, mekoo no nnipam a, anka ɛyɛ me mfaso bɛn?” (1 Korintofo 15:32) Eyi betumi akyerɛ sɛ ɛnyɛ nnipa a wɔyɛ wɔn ade sɛ mmoa kɛkɛ na wɔde Paulo nkwa too asiane mu, na mmom nkekaboa ankasa a na wɔwɔ Efeso agumadibea hɔ no. Ɛtɔ mmere bi a na wɔma nsɛmmɔnedifo ne nkekaboa ko de yɛ asotwe ma wɔn ma nnipadɔm a wɔyɛ mogyapɛfo hwɛ. Sɛ na Paulo kyerɛ sɛ ohyiaa nkekaboa ankasa a, ɛbɛyɛ sɛ ɛkyeree so paa no, wɔnam anwonwakwan so bɔɔ ne ho ban fii owu yawyaw mu, sɛnea wogyee Daniel fii agyata ankasa anom no.—Daniel 6:22.
Nnɛyi Nhwɛso Horow
16. (a) Dɛn nti na ahohia ahorow a Paulo hyiae no betumi afa Yehowa Adansefo pii ho? (b) Dɛn ho ahotoso na yebetumi anya sɛ wɔn a wɔn gyidi nti wowuwui no benya? (d) Ade pa bɛn na efi mu ba bere a Kristofo binom nya wɔn ho tetew fi owu mu no?
16 Ahohia a Paulo hyiae no betumi afa nnɛyi Kristofo pii ho. (2 Korintofo 11:23-27) Ɛnnɛ nso Kristofo ahyia ‘nhyɛso a ɛboro wɔn ahoɔden so,’ na wɔn mu pii ahyia tebea horow a ama ‘wɔapa abaw koraa wɔ wɔn nkwa ho.’ (2 Korintofo 1:8) Wɔn mu binom awuwu wɔ awudifo a wɔtɔre nnipa ase ne ataafo atirimɔdenfo nsam. Yebetumi aka no pen sɛ Onyankopɔn tumi a ɛma awerɛkyekye no na ɛma wotumi gyinaa ano, ne sɛ wowui a na wɔn koma ne wɔn adwene si wɔn anidaso no mmamu so denneennen, sɛ́ ɛyɛ ɔsoro anidaso anaasɛ asase so de no. (1 Korintofo 10:13; Filipifo 4:13; Adiyisɛm 2:10) Wɔ tebea foforo mu no, Yehowa adi nsɛm ho dwuma ma wɔagye yɛn nuanom afi owu mu. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔanya ogye a ɛte saa no abenya “Nyankopɔn a onyan awufo no” mu ahotoso kɛse. (2 Korintofo 1:9) Ɛno akyi no, wotumi de ahotoso a emu yɛ den kasae bere a wɔne afoforo kyɛɛ Onyankopɔn awerɛkyekyesɛm no.—Mateo 24:14.
17-19. Osuahu ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ Rwanda no anya Onyankopɔn awerɛkyekye mu kyɛfa?
17 Nnansa yi, yɛn nuanom adɔfo a wɔwɔ Rwanda no nyaa osuahu a ɛte sɛ nea ɛtoo Paulo ne ne mfɛfo no. Wɔn mu pii hweree wɔn nkwa, nanso Satan mmɔdenbɔ no antumi ansɛe wɔn gyidi. Mmom no, yɛn nuanom a wɔwɔ saa asase yi so no anya Onyankopɔn awerɛkyekye wɔ akwan pii so sɛ ankorankoro. Wɔ mmusua asetɔre a ɛkɔɔ so wɔ Tutsifo ne Hutufo a wɔwɔ Rwanda no ntam mu no, Hutufo binom de wɔn nkwa too asiane mu de bɔɔ Tutsifo bi ho ban, na Tutsifo binom bɔɔ Hutufo bi ho ban. Anuɔdenfo kunkum wɔn mu bi esiane sɛ wɔbɔɔ wɔn mfɛfo agyidifo ho ban no nti. Sɛ́ nhwɛso no, wokum Hutuni Dansefo bi a wɔfrɛ no Gahizi bere a ɔde onuawa Tutsini bi a wɔfrɛ no Chantal hintawee no. Onuawa Hutuni bi a wɔfrɛ no Charlotte de Chantal kunu Tutsini, Jean, hintaw baabi foforo. Jean ne onua Tutsini foforo bi hintaw wusikwan kɛse bi mu nnafua 40, a na anadwo nkutoo na wofi adi bere tiaa bi. Saa bere yi nyinaa, na Charlotte ma wɔn aduan ne ahobammɔ, ɛwom sɛ na wɔte bɛn Hutu asraafo nsra bi ho de. Wubetumi ahu Jean ne Chantal a wɔasan ahyiam no mfonini wɔ saa kratafa yi, na wɔn ani sɔ sɛ wɔn mfɛfo asomfo Hutufo no ‘de wɔn kɔn memae’ maa wɔn sɛnea Priska ne Akwila yɛ maa ɔsomafo Paulo no.—Romafo 16:3, 4.
18 Atesɛm krataa Intaremara kamfoo Ɔdansefo foforo a ɔyɛ Hutuni, Rwakabubu, sɛ ɔbɔɔ ne mfɛfo agyidifo a wɔyɛ Tutsifo ho ban.a Ɛkae sɛ: “Ɔfoforo nso ne Rwakabubu, Yehowa Adansefo no mu biako, a ɔkɔɔ so de ne nuanom (saa na mfɛfo agyidifo frɛfrɛ wɔn ho) hintaw mmeaemmeae no. Ná ɔde da mũ nyinaa soa aduan ne nsu a wɔbɛnom kɔma wɔn, ɛmfa ho sɛ na ɔyare ntehyewa no. Nanso Onyankopɔn maa no ahoɔden soronko.”
19 Afei susuw awarefo bi a wɔyɛ Hutufo anigyefo a wɔfrɛ wɔn Nicodeme ne Athanasie ho. Ansa na mmusua asetɔre no refi ase no, na saa awarefo baanu yi ne Ɔdansefo bi a ɔyɛ Tutsini a wɔfrɛ no Alphonse sua Bible. Wɔde wɔn nkwa too asiane mu de Alphonse hintaw wɔn fie. Akyiri yi, wohui sɛ fie hɔ nyɛ beae pa efisɛ na wɔn afipamfo a wɔyɛ Hutufo no nim wɔn adamfo Tutsini no. Enti, Nicodeme ne Athanasie de Alphonse hintaw amoa bi mu wɔ wɔn adiwo. Ná eyi yɛ ade pa efisɛ ɛkame ayɛ sɛ afipamfo no fii ase baa hɔ bɛhwehwɛɛ Alphonse da biara da. Bere a Alphonse daa amoa yi mu nnafua 28 no, odwennwen Bible mu nsɛm te sɛ nea ɛfa Rahab, a ɔde Israelfo baanu hintaw ne dan soro wɔ Yeriko no, ho ho. (Yosua 6:17) Ɛnnɛ, Alphonse gu ne som adwuma no so wɔ Rwanda sɛ ɔsɛmpakafo, a ɔde aseda ma sɛ ne Bible asuafo a wɔyɛ Hutufo no de wɔn nkwa too asiane mu maa no. Na Nicodeme ne Athanasie nso ɛ? Seesei wɔyɛ Yehowa Adansefo a wɔabɔ wɔn asu a wɔne anigyefo bɛboro 20 yɛ Bible adesua.
20. Ɔkwan bɛn so na Yehowa akyekye yɛn nuanom a wɔwɔ Rwanda no werɛ, nanso dɛn na wɔn mu pii da so ara hia?
20 Bere a Rwanda mmusua asetɔre no fii ase no, na asɛmpa no ho adawurubɔfo a wɔwɔ ɔman no mu yɛ 2,500. Ɛwom sɛ nnipa ɔhaha pii hweree wɔn nkwa anaa tebea no hyɛɛ wɔn ma woguan fii ɔman no mu de, nanso Adansefo no dodow akɔ soro ma wɔboro 3,000. Ɛno yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn kyekyee yɛn nuanom no werɛ ampa. Na nyisaa ne akunafo pii a wɔwɔ Yehowa Adansefo mu no nso ɛ? Sɛnea ɛnyɛ nwonwa no, saafo yi da so hyia ahohia na wohia awerɛkyekye daa. (Yakobo 1:27) Gye sɛ owusɔre no ba wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu ansa na wɔapopa wɔn nusu korakora. Nanso, wotumi gyina asetra ano esiane ahiade a wɔn nuanom de kɔma wɔn ne afei esiane sɛ wɔyɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no asomfo nti.
21. (a) Ɛhefa bio na yɛn nuanom hia Onyankopɔn awerɛkyekye denneennen, na dɛn ne ɔkwan biako a yɛn nyinaa betumi afa so aboa? (Hwɛ adaka “Awerɛkyekye Wɔ Mfirihyia Anan Akodi Mu.”) (b) Bere bɛn na yebenya awerɛkyekye a yehia no akosi ase?
21 Wɔ mmeae foforo pii te sɛ Eritrea, Singapore, ne kan Yugoslavia no, yɛn nuanom kɔ so som Yehowa nokwaredi mu a ahohia mfa ho. Momma yɛmmoa anuanom a wɔte saa no denam mpae a yɛbɛbɔ ama wɔn daa na ama wɔanya awerɛkyekye no so. (2 Korintofo 1:11) Na momma yɛmfa nokwaredi nnyina pintinn nkosi bere a Onyankopɔn nam Yesu Kristo so ‘bɛpopa yɛn aniwam nusu nyinaa’ wɔ ɔkwan a edi mu so no. Saa bere no na yebenya awerɛkyekye a Yehowa de ma no akosi ase wɔ ne trenee wiase foforo no mu.—Adiyisɛm 7:17; 21:4; 2 Petro 3:13.
[Ase hɔ asɛm]
a January 1, 1995, Ɔwɛn-Aban no kratafa 26, kaa osuahu bi a ɛfa Rwakabubu babea Deborah, a ne mpaebɔ kaa Hutufo asraafo dɔm bi ma enti wɔankunkum abusua no, ho.
So Wunim?
◻ Dɛn nti na wɔfrɛ Yehowa “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no?
◻ Ɛsɛ sɛ yebu ahohia ahorow dɛn?
◻ Henanom na yebetumi ne wɔn akyɛ awerɛkyekye?
◻ Ɔkwan bɛn so na wobedi awerɛkyekye a yehia no ho dwuma akosi ase?
[Kratafa 17 mfonini]
Ɛwom sɛ na Jean ne Chantal yɛ Tutsifo Adansefo de, nanso Hutufo Adansefo de wɔn hintaw mmeae ahorow wɔ Rwanda mmusua asetɔre no mu
[Kratafa 17 mfonini]
Yehowa Adansefo gu so ne wɔn afipamfo kyɛ Onyankopɔn awerɛkyekyesɛm no wɔ Rwanda