Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 2/15 kr. 4-10
  • Hena Na Yebetumi Ahwɛ Nokware Atɛntrenee Kwan Afi Ne Nkyɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena Na Yebetumi Ahwɛ Nokware Atɛntrenee Kwan Afi Ne Nkyɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Atiefo Akyinnyegyefo
  • So Onyankopɔn Yɛ Obi a Wonnim No?
  • Nnipa Nyinaa​—Fi Onipa Biako Mu
  • ‘Hwehwɛ Onyankopɔn Kosi Sɛ Wubehu No’
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • “Ma W’ani Nku . . .  Ɔkyerɛkyerɛ Ho”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Atɛntrenee Ma Obiara Denam Onyankopɔn Temmufo A Wapaw No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • So Woyɛ Obi A Ontumi Nhu Sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ Anaa Onni Hɔ?
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 2/15 kr. 4-10

Hena Na Yebetumi Ahwɛ Nokware Atɛntrenee Kwan Afi Ne Nkyɛn?

“So asase nyinaa Temmufo no remmu atɛntrenee?”​—GENESIS 18:25, The Holy Bible in Modern English, a Ferrar Fenton yɛe.

1, 2. Nnipa pii yɛ wɔn ade dɛn wɔ ntɛnkyea a ɛkɔ so no ho?

EBIA wunim wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so sɛ ntɛnkyea abu so. W’ankasa woyɛ w’ade dɛn wɔ nokware atɛntrenee a enni hɔ no ho?

2 Nnipa binom nam wɔ a Nyankopɔn bi a ɔteɛ wɔ hɔ ho kyim a wogye so na ɛyɛ ntɛnkyea ho ade. Ebia wɔbɛka sɛ wogye di sɛ onyame biara nni hɔ mpo. Ebia woate saa asɛm no pɛn. Ɛfa obi a ɔte nka sɛ “wonnim biribi pɔtee biara (te sɛ Onyankopɔn) na ɛda adi sɛ wɔrentumi nhu obiara saa” ho. Abɔde ho nyansahufo Thomas H. Huxley a na ɔyɛ afeha 19 mu Darwin adannandi nkyerɛkyerɛ no ɔkyerɛkyerɛfo bi no na ɔde asɛm no dii dwuma saa kwan no so nea edi kan.a

3, 4. Asɛm “onyame a wonnim sɛ ɔwɔ hɔ anaa onni hɔ” no fi he?

3 Nanso, Huxley nyaa asɛm “onyame a wonnim sɛ ɔwɔ hɔ anaa onni hɔ” no fii he? Nokwarem no, na ɔrefa asɛm bi a ɔsomafo Paulo a na ɔyɛ afeha a edi kan mmaranimfo bi no de dii dwuma wɔ ntease foforo mu no aka. Epuei wɔ kasa a agye din sen biara a wɔama pɛn no biako mu. Saa ɔkasa yi fa nnɛ tebea ho, efisɛ ɛma yenya nnyinaso pa a yɛde behu ɔkwan ko ne bere ko a obiara benya atɛntrenee, ne nea ɛkyɛn so mpo no, sɛnea yɛn ankasa betumi anya mu mfaso.

4 Wɔfaa asɛm “onyame a wonnim sɛ ɔwɔ hɔ anaa onni hɔ” [“nea wonnim”] no fii nea Paulo ka faa afɔremuka bi a na wɔakyerɛw so sɛ “Onyame a Wonnim no Dea” no ho no mu. Oduruyɛfo Luka kyerɛw saa ɔkasa tiawa no too hɔ wɔ Asomafo no Nnwuma a ɛyɛ abakɔsɛm nhoma bi no ti 17. Eti no di kan kyerɛ sɛnea ɛyɛe a Paulo baa Atene. Wubetumi akenkan Luka nnianim asɛm no ne ɔkasa mũ no nyinaa wɔ adaka a ɛka ho (kratafa 6) no mu.

5. Tebea bɛn mu na Paulo kasa kyerɛɛ Atenefo no? (Ma wɔnkenkan Asomafo no Nnwuma 17:16-31.

5 Tumi wɔ Paulo kasa no mu na ɛfata sɛ yesusuw ho yiye ampa. Esiane sɛnea ntɛnkyea a anibere wom atwa yɛn ho nyinaa ahyia nti, yebetumi asua pii afi mu. Nea edi kan koraa no hyɛ beae no a wubetumi akenkan ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 17:16-21 no nsow. Na Atenefo no hoahoa wɔn ho sɛ wɔte nhomasuabea bi a agye din a Socrates, Plato, ne Aristotle kyerɛɛ ade wɔ hɔ. Na Atene yɛ nyamesom kurow kɛse nso. Paulo hui sɛ na abosom atwa ne ho nyinaa ahyia​—ɔko nyame Ares anaa Mars; Seu, nnuru nyame Aeskulapio, ɛpo nyame onuɔdenfo Poseidon, Dionisio, Atena, Eros, ne afoforo pii.

6. Sɛ wode wo mpɔtam hɔ toto nea Paulo hui wɔ Atene no ho a, ɛte dɛn?

6 Nanso, sɛ anka Paulo rebɛhwehwɛ wo kurom anaa wo mpɔtam hɔ ɛ? Ebia anka obehu abosom anaa ɔsom mu ahoni pii, wɔ Kristoman nsase so mpo. Mmeae afoforo no, ebia anka obehu nea ɛdɔɔso mpo. Nhoma bi se: “Nea ɛnte sɛ wɔn ‘nuanom’ Helafo a na wɔntra obiakofo ho no, na Indiafo anyame ware mmiako mmiako, na wɔde tumi horow a ɛyɛ nwonwa kɛse no mu bi maa wɔn mmea ahokafo no . . . Ɛnyɛ nea yɛregugu mu sɛ wɔwɔ nneɛma a nkwa wom ne abɔde biara ho anyame ɔpepem pii.”

7. Na tete Hela anyame no te dɛn?

7 Na wɔayeyɛ Helafo anyame no pii wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ wɔba fam na wɔn bra asɛe yiye so. Na wɔn bra bɛyɛ aniwu ama nnipa, yiw, nea ɛyɛ bɔne wɔ nsase pii so nnɛ. Ɛnde ntease wom sɛ wubedwen atɛntrenee ko a nkurɔfo betumi ahwɛ kwan afi anyame a wɔte saa no nkyɛn no ho. Nanso, Paulo hui sɛ na Atenefo no de wɔn ho ama wɔn titiriw. Bere a gyidi ahorow a egyina trenee so ahyɛ no ma no, ofii ase kyerɛkyerɛɛ nokware Kristosom nokware ahorow a ɛkorɔn no mu.

Atiefo Akyinnyegyefo

8. (a) Na gyidi ne adwene horow bɛn na Epikurofo no kura? (b) Dɛn na na Stoafo gye di?

8 Yudafo ne Helafo binom de anigye tiei, nanso na Epikurofo ne Stoafo nyansapɛfo a wɔwɔ nkɛntɛnso kɛse no bɛyɛ wɔn ade dɛn? Sɛnea wubehu no, wɔn nsusuwii no te sɛ gyidi ahorow a abu so nnɛ no wɔ akwan pii so, nea wɔde kyerɛkyerɛ mmofra wɔ sukuu mu no mpo. Epikurofo no hyɛɛ asetra a ɛbɛma wɔanya anigye pii sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara, titiriw no adwene mu anigye, ho nkuran. Na wɔde nnyinasosɛm a wonni ne papa a wɔmpɛ na ehu wɔn ‘didi na nom, na ɔkyena na yɛawu’ nyansapɛ no. (1 Korintofo 15:32) Na wonnye nni sɛ anyame bi na wɔbɔɔ amansan no; mmom no, nkwa nam asiane bi a esii wɔ amansan bi a tumi ahorow na ɛwom mu no so na ɛbae. Afei nso, wɔte nka sɛ anyame no ani nnye nnipa ho. Na Stoafo no nso ɛ? Wosii ɔkwan pa a wotumi fa so dwen nneɛma ho so dua na na wogye di sɛ nneɛma a wotumi te nka ne tumi ne mfiase nnyinasosɛm a ɛwɔ amansan no mu. Stoafo de wɔn adwene bui sɛ onyame bi a ɔnnyɛ obi ankasa na ɔwɔ hɔ sen sɛ anka wobenya Onyankopɔn mu gyidi sɛ Obi a ɔwɔ hɔ. Na wɔte nka nso sɛ nkrabea na edi adesamma nsɛm so.

9. Dɛn nti na na Paulo tebea no yɛ nea emu yɛ den sɛ ɔbɛka asɛm wom?

9 Nyansapɛfo a wɔtete saa no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Paulo baguam ɔkyerɛkyerɛ no ho? Na asɛmpɛ ne adwene mu ahantan yɛ Atenefo su, na saa nyansapɛfo no fii ase ne Paulo dii anobaabae. Awiei koraa no wɔde no kɔɔ Areopago. Na abo bepɔw bi wɔ Atene gua no atifi nanso ɛwɔ Akropoli tenteenten no ase a na wɔde ato ɔko nyame Mars anaa Are no, enti na na wɔfrɛ no Mars Bepɔw, anaa Areopago no. Tete no na asennifo anaa baguafo hyia wɔ hɔ. Enti ebetumi aba sɛ wɔde Paulo kɔɔ asennibea a ɛbɛyɛ sɛ wohyiae wɔ baabi a na wɔn ani tua Akropoli fɛfɛ no ne ne Parthenon a agye din no ne asɔredan ne ahoni afoforo no. Ebinom susuw sɛ na ɔsomafo no wɔ asiane mu efisɛ na Romafo mmara bara anyame afoforo ho asɛnka. Nanso sɛ wɔde Paulo kɔɔ Areopago sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyerɛkyerɛ ne gyidi ahorow mu yiye anaasɛ ɔbɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw ara kwa mpo a, ohyiaa atiefo a wɔyɛ den. So na obetumi ada ne nkrasɛm a ɛho hia no adi bere a ɔrenhyɛ wɔn abufuw anaa?

10. Ɔkwan bɛn so na Paulo de anifere dii dwuma de yii n’asɛm no anim?

10 Hyɛ anifere ne nyansa a Paulo de fii asɛm no ase no nsow wɔ Asomafo no Nnwuma 17:22, 23. Bere a ogyee sɛnea Atenefo pɛ nyamesom ne anyame pii a wɔwɔ no toom no, ebia n’atiefo no mu binom faa no sɛ ɔrekamfo wɔn. Sɛ́ anka Paulo bɛkasa atia anyame pii a wɔsom no mmom no, ɔde n’adwene sii afɔremuka a ohui a na wɔahyira so ama “Onyame a Wonnim No” no so. Abakɔsɛm mu adanse kyerɛ sɛ na afɔremuka a ɛtete saa wɔ hɔ, na ɛsɛ sɛ ɛno hyɛ yɛn ahotoso wɔ Luka kyerɛwtohɔ no mu no mu den. Paulo de saa afɔremuka yi dii dwuma sɛ ne kasa no nnyinaso. Na nimdeɛ ne ɔkwan pa a wotumi fa so dwen nneɛma ho som bo kɛse ma Atenefo. Nanso, wogye toom sɛ na onyame bi wɔ hɔ a “wonnim no” (Hela, aʹgno·stos). Ɛnde, na nyansa wom sɛ wɔma Paulo kwan ma ɔkyerɛkyerɛ wɔn Ne ho ade. Na obiara rentumi nka saa nsusuwii no ho asɛmmɔne, ɛnte saa?

So Onyankopɔn Yɛ Obi a Wonnim No?

11. Ɔkwan bɛn so na Paulo nyaa n’atiefo no ma wodwen nokware Nyankopɔn no ho?

11 Wiɛ, na saa ‘Onyankopɔn a wonnim’ no yi te dɛn? Saa ‘Onyankopɔn’ yi na ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Obiara rempow sɛ amansan wɔ hɔ, sɛ nnua ne mmoa wɔ hɔ, sɛ adesamma wɔ hɔ. Tumi ne nimdeɛ, yiw, nyansa, a ɛda adi wɔ amansan no mu no da no adi sɛ ɛyɛ Ɔbɔadeɛ nyansafo bi a ɔwɔ tumi nsa ano adwuma mmom sen sɛ ɛbɛyɛ nea ɛbae ara kwa. Nokwarem no, Paulo nsusuwii no di mũ kɛse mpo wɔ yɛn bere yi so.​—Adiyisɛm 4:11; 10:6.

12, 13. Nnɛyi adanse bɛn na ɛboa ɔsɛmpɔw a Paulo de sii hɔ no?

12 Nnansa yi ara, Britaniani ɔsoro abɔde ho ɔdenimfo Owura Bernard Lovell kyerɛw nneɛma nketenkete a nkwa wom a ɛho nsɛm dɔɔso pii wɔ asase so no ho asɛm wɔ nhoma In the Centre of Immensities no mu. Ɔde baa awiei sɛ: “Tumi a ebetumi aba sɛ . . . biribi bae ara kwa a ɛno na ɛde nkwa tumi nketenkete koraa no mu biako bae no sua koraa sen sɛnea wobetumi asusuw ho. Wɔ bere ne nna dodow a egyei a yɛresusuw ho no tebea mu no, ɛrentumi nyɛ yiye ɔkwan biara so.”

13 Anaasɛ susuw ɔfã foforo​—yɛn amansan yi​—no ho. Ɔsoro abɔde ho adenimfo de mfiri horow asua ne mfiase ho ade. Dɛn na wɔahu? Robert Jastrow kyerɛwee wɔ nhoma God and the Astronomers mu sɛ: “Mprempren yehu sɛ ɔsoro abɔde ho adesua mu adanse no twe adwene kɔ nea Bible ka wɔ wiase asefi ho no so.” “Wɔ nyansahufo a ɔde ne gyidi wɔ ntease tumi mu no atra ase no fam no, asɛm no ba awiei te sɛ ɔdae bɔne bi. Waforo nimdeɛ a wonni mmepɔw no; ɔreyɛ adu n’atifi a ɛware sen biara no so; bere a ɔtwe ne ho fa ɔbotan a etwa to no so no, nyamekyerɛfo [wɔn a wogye adebɔ di] a wɔatra hɔ mfehaha pii kuw bi ma no akwaaba.”​—Fa toto Dwom 19:1 ho.

14. Adwene bɛn na ɛboaa Paulo asɛm a ɔkae sɛ Onyankopɔn nte asɔredan a onipa asi mu no?

14 Enti yebetumi ahu sɛnea Paulo asɛm a ɔkae wɔ Asomafo no Nnwuma 17:24 a ɛno na ɛde yɛn ba ne nsusuwii a edi hɔ wɔ nkyekyem 25 no so no yɛ pɛpɛɛpɛ fa. Ɛda adi sɛ Onyankopɔn tumfoɔ a otumi yɛɛ “wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa” no yɛ kɛse sen amansan a aniwa hu no ankasa. (Hebrifo 3:4) Enti ɛrenyɛ nea ntease wom sɛ wobesusuw sɛ ɔbɛtra asɔredan a wɔde onipa nsa asi, titiriw nea nnipa a wogye toom sɛ “wonnim no” no asi mu. Ɔsɛmpɔw a tumi wom bɛn ara na na obetumi de asi saa nyansapɛfo a ebia na wɔmoma wɔn ti so hwɛ asɔredan ahorow a na ɛwɔ atifi hɔ ara no anim sɛɛ yi!​—1 Ahene 8:27; Yesaia 66:1.

15. (a) Dɛn nti na na ɛbɛyɛ sɛ na Atena ho asɛm wɔ Paulo atiefo no adwenem? (b) Ɛsɛ sɛ yɛ a Onyankopɔn yɛ Ɔmafo no ma yɛde asɛm no ba awiei dɛn?

15 Ɛda adi yiye sɛ na Paulo atiefo akɔsom wɔn nyamewa okyigyinafo Atena ahoni ahorow no mu bi wɔ Akropoli no so pɛn. Na wɔde asonse ne sika na ayɛ Atena a ɛwɔ Parthenon no mu a na wɔde obu kɛse ma no no. Na Atena honi foforo sorokɔ yɛ anammɔn 70 na na wotumi hu fi ahyɛn a ɛwɔ po so mu. Na wɔka sɛ ohoni a wɔfrɛ no Atena Polia no tew fii soro; na nkurɔfo taa de atade tenten a wɔde nsa apam brɛ no. Nanso, sɛ na Onyankopɔn a saa nnipa no nnim no no ne Nea ɔkorɔn sen biara a ɔno na ɔbɔɔ amansan no a, dɛn nti na obehia sɛ wɔde nneɛma a ebia nnipa de bɛba brɛ no? Ɔno na ɔde nea yehia ma yɛn: yɛn “nkwa,” “ahome” a yehia na ama akɔ so, ne “nneɛma nyinaa” a owia, osu, ne asase pa a yedua yɛn nnuan wɔ so no ka ho. (Asomafo no Nnwuma 14:15-17; Mateo 5:45) Enti ɔne Ɔmafo, nnipa na wogye. Ɔmafo no mfa ne ho nto wɔn a wogye no so!

Nnipa Nyinaa​—Fi Onipa Biako Mu

16. Dɛn na Paulo kae wɔ onipa mfiase ho?

16 Nea edi hɔ no, Paulo da nokware bi a ɛsɛ sɛ nnipa pii dwen ho nnɛ, titiriw bere a mmusua mu ntɛnkyea da adi kɛse no, adi wɔ Asomafo no Nnwuma 17:26. Ɔkae sɛ Ɔbɔadeɛ no ‘maa nnipa aman nyinaa fi [onipa] biako mu traa asase so nyinaa.’ Na adwene a ɛne sɛ adesamma abusua no yɛ onuayɛ bi (ne nea eyi kyerɛ ma atɛntrenee) no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ saa nkurɔfo no susuw ho, efisɛ na Atenefo wɔ adwene sɛ wɔwɔ asefi bi a ɛyɛ soronko a ɛma wɔda nsow fi adesamma afoforo ho. Nanso, na Paulo gye nea Genesis ka fa onipa a odi kan a ɔne Adam a ɔbɛyɛɛ yɛn nyinaa abusua farebae no ho no tom. (Romafo 5:12; 1 Korintofo 15:45-49) Nanso, ebia wubesusuw sɛ: ‘So wobetumi akura adwene a ɛte saa mu wɔ yɛn nnɛyi nyansahu bere yi mu?’

17. (a) Ɔkwan bɛn so na nnɛyi adanse ahorow bi kyerɛ nea Paulo kae no ara? (b) Eyi ka atɛntrenee dɛn?

17 Adannandi nkyerɛkyerɛ no repɛ akyerɛ sɛ onipa dannan fii mmeae ahorow ne su horow a ɛsonsonoe mu. Nanso afe a etwaam no mfiase mu hɔ no, Newsweek nsɛmma nhoma no de ne fã a wɔde ka nyansahu ho nsɛm no nyinaa kaa “The Search for Adam and Eve” (Adam ne Hawa Hwehwɛ) ho asɛm. Ɛde adwene sii nnansa yi nkɔso a wɔanya wɔ awosu mu adesua mu no so. Bere a, sɛnea yebetumi ahwɛ kwan no, ɛnyɛ nyansahufo nyinaa na wogye tom no, nea ɛreda adi no de ba awiei sɛ yɛn nyinaa wɔ awosu mu nana biako. Esiane nea Bible no kae bere tenten ni sɛ yɛn nyinaa yɛ anuanom nti no, so ɛnsɛ obiara nya atɛntrenee? So ɛnsɛ sɛ wɔne yɛn mu biara di wɔ ɔkwan a animhwɛ nnim so a honam ani hwɛbea, ti nhwi, anaa su afoforo a wotumi hu mfa ho anaa? (Genesis 11:1; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Nanso, yɛda so ara hia sɛ yehu ɔkwan a ɛnam so ne bere ko a adesamma benya atɛntrenee.

18. Na nea Paulo kae wɔ sɛnea Onyankopɔn ne nnipa di ho no gyina dɛn so?

18 Wiɛ, wɔ nkyekyem 26 no, Paulo daa no adi sɛ wobetumi ahwɛ kwan sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ apɛde, anaa atirimpɔw a ɛteɛ bi ma adesamma. Na ɔsomafo no nim sɛ bere a Onyankopɔn ne Israel man no dii no, Ɔhyɛɛ faako a ɛsɛ sɛ wɔtra ne nea aman afoforo betumi de ayɛ wɔn no too hɔ. (Exodus 23:31, 32; Numeri 34:1-12; Deuteronomium 32:49-52) Nokwarem no, ebia Paulo atiefo no de ne nsɛm no kaa wɔn ankasa ho asɛm titiriw. Nokwarem no, sɛ na wonim anaa dabi no, na Yehowa Nyankopɔn aka n’apɛde wɔ bere anaa abakɔsɛm mu baabi a Hela bɛyɛ wiase tumi a ɛto so anum wɔ nkɔmhyɛ mu. (Daniel 7:6; 8:5-8, 21; 11:2, 3) So ɛnyɛ nea ntease wom sɛ ɛsɛ sɛ adesamma hwehwɛ sɛ wobesua Oyi a obetumi adannan amanaman mpo no ho ade anaa?

19. Dɛn nti na ntease wɔ Paulo asɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 17:27 no mu?

19 Ɛnyɛ nea Onyankopɔn agyaw yɛn a yennim ne ho hwee ma yekyinkyin anifurae mu. ɔmaa yɛne Atenefo nea yebegyina so asua ne ho ade. Paulo kyerɛwee wɔ Romafo 1:20 akyiri yi sɛ: “[Onyankopɔn] ade a wonhu a ɛne daa tumi ne nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe ho.” Enti, sɛ yɛpɛ sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn na yesua ne ho ade a, ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.​—Asomafo no Nnwuma 17:27.

20. Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn mu na “yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ”?

20 Ɛsɛ sɛ anisɔ ka yɛn ma yɛyɛ saa, sɛnea Asomafo no Nnwuma 17:28 hyɛ nyansa no. Onyankopɔn ama yɛn nkwa. Nokwarem no, yɛwɔ nea ɛboro nkwa ara kwa te sɛ nea dua wɔ nkwa no. Yɛne mmoa wo asetra mu tumi a ɛkorɔn a ɛma yetumi nantenantew. So ɛno mma yɛn ani nnye anaa? Nanso Paulo de asɛm no kɔ anim bio. Yɛte ase sɛ abɔde a wonim nyansa a yɛwɔ nipasu ahorow. Amemene a Onyankopɔn de maa yɛn no ma yetumi dwen, yɛte nnyinasosɛm a wontumi mfa ani nhu (te sɛ atɛntrenee) ase, na yenya anidaso​—yiw, yetumi hwɛ sɛnea Onyankopɔn apɛde bɛyɛ adwuma daakye no kwan. Sɛnea wubetumi ahu no, ebia Paulo hui sɛ eyi bɛyɛ nea ɛdɔɔso ma Epikurofo ne Stoafo nyansapɛfo no sɛ wobegye atom. Sɛ́ nea ɛbɛboa wɔn no, ɔfaa Helafo anwensɛm akyerɛfo a wonim wɔn na wobu wɔn a na saa anwensɛm akyerɛwfo no nso aka sɛ: “Efisɛ n’abusua nso ne yɛn” no asɛm kae.

21. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abusua a yɛyɛ no ka yɛn ɔkwan bɛn so?

21 Sɛ nkurɔfo gye tom sɛ yɛyɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn abusua ne ne nsa ano adwuma a, ɛnde na ɛfata ara sɛ wɔhwehwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔtra ase ho akwankyerɛ fi ne nkyɛn. Ɛsɛ sɛ w’ani gye Paulo nnamyɛ no ho bere a na ɛkame ayɛ sɛ ogyina Akropoli no sunsuma mu no. Ɔde akokoduru kae sɛ ɛda adi sɛ yɛn Bɔfo no yɛ kɛse koraa sen ohoni a onipa ayɛ biara, sika ne asonse de a ɛwɔ Parthenon no mu no mpo. Ɛsɛ sɛ yɛn a yegye Paulo asɛm no tom nyinaa gye tom nso sɛ Onyankopɔn nte sɛ abosom a nnipa som wɔn nnɛ no mu biara.​—Yesaia 40:18-26.

22. Ɔkwan bɛn so na adwensakra ho asɛm wɔ atɛntrenee a yebenya no mu?

22 Eyi nyɛ ade pɔtee bi ho asɛmpɔw a obi de n’adwene begye atom bere a ɔkɔ so tra ase sɛnea ɔyɛ dedaw ara kwa. Paulo maa ɛno mu daa hɔ pefee wɔ nkyekyem 30 sɛ: “Ne saa nti, Onyankopɔn abu n’ani agu mmere horow a wonnim [a na wosusuw sɛ Onyankopɔn te sɛ ɔbosom ketewa bi anaasɛ ɔbɛpene ɔsom a wɔde ma no denam nea ɛte saa so so] no so, na afei de, ɔhyɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene.” Enti, bere a Paulo de n’asɛm no awiei a tumi wom no resi no, ɔde ɔsɛmpɔw bi a ɛyɛ nwonwa ma​—adwensakra! Enti sɛ yɛrehwɛ nokware atɛntrenee kwan afi Onyankopɔn nkyɛn a, ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛsakra yɛn adwene. Dɛn na ɛno hwehwɛ fi yɛn hɔ? Na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɛfa ama obiara anya atɛntrenee?

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛnea nnipa pii yɛ nnɛ no, Huxley hyɛɛ ntɛnkyea a ɛwɔ Kristoman mu no nsow. Wɔ onyame a wonnim sɛ ɔwɔ hɔ anaa onni no ho asɛm bi mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ yetumi hu . . . nyaatwomyɛ pii no ne atirimɔden, atoro, awudi, adesamma asɛyɛde biara a wobu so a efi saa beae yi aba wɔ Kristofo aman abakɔsɛm mu no a, anka nea enye koraa a yetumi de yɛn ani bu wɔ Hell ho no bɛyɛ nea ɛnsɛ hwee koraa wɔ anisoadehu no mu.

So Wubetumi Abua?

◻ Nyamesom tebea bɛn na Paulo hui wɔ Atene, na ɔkwan bɛn so na tebea a ɛte saa ara wɔ hɔ nnɛ?

◻ Akwan horow bɛn so na Onyankopɔn yɛ kɛse sen atoro abosom a na wɔsom wɔn wɔ Atene wɔ Paulo bere so no nyinaa?

◻ Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ adesamma abusua no ho nokwasɛm titiriw bɛn, na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ obiara nya atɛntrenee?

◻ Ɛsɛ sɛ nnipa yɛ wɔn ade dɛn wɔ Onyankopɔn kɛseyɛ ho nimdeɛ ho?

[Adaka wɔ kratafa 6]

Atɛntrenee ma Obiara​—Asomafo no Nnwuma, Ti 17

“16 Na Paulo retwɛn wɔn Atene na ohui sɛ kurow no de wɔn ho ama abosonsom no, ɛyɛɛ ne honhom ahi wɔ no mu. 17 Enti hyiadan mu ɔne Yudafo ne adefɛrefo no kasa, na gua so nso daa ɔne wɔn a wɔbɛto no kasa. 18 Na Epikurofo ne Stoafo anyansafo bi nso ne no dii anobaabae. Ebinom kae sɛ: Ɔkasafo yi se dɛn ni? Na ebinom se: Ɔte sɛnea ɔka abosom ahɔho bi ho asɛm​—efisɛ ɔkaa wɔn Yesu ne ɔsɔre ho asɛmpa no. 19 Ɛnna wɔfaa no de no kɔɔ Areopago kae sɛ: Wubetumi akyerɛ yɛn kyerɛ foforo yi ase? 20 Efisɛ nsɛm a wode aba yi yɛ yɛn asom asɛm foforo. Enti yɛpɛ sɛ yehu nea ɛkyerɛ. 21 Nso Atenefo ne ahɔho a wɔabɛtra hɔ nyinaa nni hwee yɛ sɛ wɔbɛka anaa wɔbɛte asɛm foforo bi. 22 Na Paulo gyina Areopago mfinimfini kae sɛ:

Atene mmarima, mahu sɛ nneɛma nyinaa mu mopɛ abosonsom papa. 23 Efisɛ meretwam na mehwɛɛ nneɛma a mosom no, mihuu afɔremuka bi nso a wɔakyerɛw so sɛ: Onyame a wonnim no dea. Enti nea munnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi. 24 Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa, ɔno ara a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu, 25 nanso wɔmfa nnipa nsa nsom no sɛnea ehia no biribi. Ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa; 26 na ɔmaa nnipa aman nyinaa fi [onipa] biako mu traa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmere horow ne wɔn trabea hye ato hɔ ama wɔn 27 sɛ wɔnhwehwɛ Awurade [Onyankopɔn] sɛ ebia wɔbɛte ne nka na wɔahu no, nso ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware. 28 Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ, sɛnea mo nnwontofo binom nso aka sɛ: Efisɛ n’abusua nso ne yɛn.

“Na sɛ yɛyɛ Onyankopɔn abusua nti, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔbo, adwini a onipa de ne nyansa ne n’adwene adi. 30 Ne saa nti Onyankopɔn abu n’ani agu mmere horow a wonnim no so, na afei de, ɔhyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene, 31 efisɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu; ɔno na wama wasɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.”

[Adaka wɔ kratafa 7]

Wɔbɔɔ Amansan No

Wɔ 1980 mu no, Ɔbenfo John A, O’Keefe a ɔwɔ NASA (National Aeronotics and Space Administration) (kuw bi a wɔhwɛ wim akwantu nsɛm so) no kyerɛwee sɛ: “Meboa Jastrow adwene a ɛne sɛ nnɛyi nsoromma mu adesua anya adanse a wotumi de ho to so sɛ wɔbɔɔ Amansan yi bɛyɛ mfe ɔpepepem dunum kosi aduonu ni no.” “Mihu wɔ ɔkwan a ɛka koma so sɛnea Adebɔ ho adanse . . . da adi fann wɔ biribiara a atwa yɛn ho ahyia no mu: abotan, wim, radio tumi a ɛtwetwe nsɛm fi mframa mu, ne nea ɛyɛ ɔhyew, ɔhyerɛn . . . ne nnyigyei ho nyansahu mu mmara a ɛyɛ mfitiase de koraa no mu.”

[Adaka wɔ kratafa 9]

“Adam ne Hawa Hwehwɛ”

Wɔ saa asɛmti no ase no, Newsweek mu asɛm bi fã bi kae sɛ: “Fam tutufo Richard Leakey a wakyɛ no kae wɔ 1977 mu sɛ: ‘Beae biako pɔtee biara nni hɔ a ɛhɔ na wɔwoo nnɛyi nipa.’ Nanso mprempren abɛyɛ nea ɛsɛ sɛ awosu ho adenimfo gye n’abirabɔ di, . . . ’ Stephen Jay Gould a ɔyɛ Harvard nnompe dedaw ho ɔdenimfo ne ɔkyerɛwfo no se: ‘Sɛ saa adwene yi teɛ, na mede me sika meto so sɛ ɛteɛ, a, ɛnde na ɛho hia kɛse. Ɛma yehu sɛ ɛmfa ho sɛ nsonsonoe ahorow wɔ adesamma ho ade a wotumi hu mu no, wɔn nyinaa yɛ kuw biako pɛ a enyaa ne mfiase nnansa yi ara wɔ beae pɔtee bi mufo. Abɔde mu onuayɛ bi a ɛyɛ ahodwiriw sen nea yɛahu biara pɛn wɔ hɔ.’”​—January 11, 1988.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena