Ti 37
Yehowa ne Ne Ba no a Yɛbɛkae Wɔn
FA NO sɛ obi kyɛɛ wo ade titiriw bi. Anka wobɛyɛ w’ade dɛn wɔ ho?— So anka wobɛda ase kɛkɛ na woama wo werɛ afi nea ɔkyɛɛ wo ade no? Anaasɛ wobɛkae no wɔ nea ɔyɛ maa wo no ho?—
Yehowa Nyankopɔn maa yɛn akyɛde titiriw bi. Ɔsomaa ne Ba baa asase so ma obewu maa yɛn. So wunim nea enti a na ɛsɛ sɛ Yesu wu ma yɛn no?— Eyi yɛ biribi a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ yɛte ase.
Sɛnea yesuae wɔ Ti 23 no, Adam yɛɛ bɔne bere a obuu Onyankopɔn mmara a ɛyɛ pɛ so no. Na yenyaa bɔne fii Adam, yɛn nyinaa agya no hɔ. Enti wususuw sɛ dɛn na yehia?— Sɛnkyerɛnne kwan so no, yehia agya foforo, nea okuraa ne pɛyɛ mu kosii ase wɔ asase so no. Hena na wususuw sɛ obetumi ayɛ agya a ɔte saa ama yɛn?— Ɛyɛ Yesu.
Yehowa somaa Yesu baa asase so sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi abɛyɛ sɛ agya asi Adam ananmu ama yɛn. Bible ka sɛ: “Adam, onipa a odi kan no, yɛɛ ɔkra teasefo. Adam a odi akyiri no yɛɛ honhom a ɔma nkwa.” Hena ne Adam a odi kan no?— Ɛyɛ nea Onyankopɔn bɔɔ no fii asase mu dɔte mu no. Hena ne Adam a ɔto so abien no?— Ɛyɛ Yesu. Bible ma eyi da adi bere a ɛka sɛ: ‘Onipa a odi kan, Adam, fi fam yɛ famni; onipa a otia abien, Yesu, fi soro.’—1 Korintofo 15:45, 47; Genesis 2:7.
Esiane sɛ Onyankopɔn yii Yesu nkwa fii soro bɛhyɛɛ ɔbea, Maria, mu nti, Yesu annya bɔne biara amfi Adam mu. Ɛno nti na na Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ no. (Luka 1:30-35) Ɛno nso nti na bere a wɔwoo Yesu no ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ nguanhwɛfo no sɛ: ‘Ɛnnɛ wɔawo Agyenkwa no.’ (Luka 2:11) Nanso nea ɛbɛyɛ na akokoaa Yesu abɛyɛ yɛn Agyenkwa no, dɛn na na ehia sɛ ɔyɛ?— Na ehia sɛ onyin bɛyɛ ɔpanyin te sɛ Adam ara pɛ. Ɛno ansa na Yesu betumi ayɛ ‘Adam a ɔto so abien.’
Afei nso, yɛn Agyenkwa Yesu bɛba abɛyɛ yɛn “Daa Agya.” Saa na wɔfrɛ no wɔ Bible mu. (Yesaia 9:6, 7) Yiw, na Yesu a ɔyɛ pɛ no betumi abesi Adam a ɔtɔɔ sin bere a ɔyɛɛ bɔne no ananmu ayɛ yɛn agya. Saa kwan no so no, yebetumi apaw sɛ ‘Adam a ɔto so abien’ no bɛyɛ yɛn agya. Ɛwom, Yesu ankasa yɛ Yehowa Nyankopɔn, Ba.
Sɛ yenya Yesu ho nimdeɛ a, yebetumi agye no atom sɛ yɛn Agyenkwa. So wunim nea ehia sɛ wogye yɛn fi mu no?— Yiw, ehia sɛ wogye yɛn fi bɔne ne owu a yenya fii Adam mu no mu. Wɔfrɛ nkwa a ɛyɛ pɛ a Yesu de bɔɔ afɔre sɛ ɔbarima a wanyin maa yɛn no agyede. Yehowa de agyede no mae sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de yɛn bɔne afiri yɛn.—Mateo 20:28; Romafo 5:8; 6:23.
Akyinnye biara nni ho sɛ yɛmpɛ sɛ yɛn werɛ fi nea Onyankopɔn ne ne Ba no ayɛ ama yɛn no, anaa ɛnte saa?— Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no ɔkwan titiriw a ebetumi aboa yɛn ma yɛakae nea ɔyɛe no. Ma yɛnka ho asɛm.
Fa no sɛ wowɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem fie bi mu. Ade asa. Yesu ne n’asomafo no te pon bi ho. Wɔde oguannam a wɔatoto, ne abodoo ntrantraa ne bobesa kɔkɔɔ asisi pon no so. Wɔredi aduan titiriw bi. So wunim nea enti a ɛte saa?—
Na saa aduan yi bɛma wɔakae nea Yehowa yɛe mfehaha bi a atwam, bere a na ne man, Israelfo, yɛ nkoa wɔ Misraim no. Saa bere no, Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo no sɛ: ‘Munkum oguammaa biako mma abusua biara, na momfa ne mogya nsra mo fie apongua ho.’ Afei ɔkae sɛ: ‘Monkɔ mo afie mu na munni nam no.’
Israelfo no yɛɛ saa. Na saa anadwo no ara no, Onyankopɔn bɔfo betwaam Misraim asase so. Ɔbɔfo no kunkum ɔbabarima a ɔyɛ abakan wɔ afie dodow no ara mu. Nanso sɛ na ɔbɔfo no hu oguammaa mogya wɔ apongua ho a, na otwa saa fie no ho kɔ. Abofra biara anwu wɔ saa afie no mu. Nea Yehowa bɔfo no yɛe no maa ehu kaa Misraim hene Farao. Enti Farao ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: ‘Monkɔ. Mumfi Misraim nkɔ!’ Wɔtee saa ara pɛ na wɔde wɔn nnosoa soasoaa wɔn mfurum ne wɔn aponkɔ sii kwan so.
Na Yehowa mpɛ sɛ ne nkurɔfo no werɛ fi ɔkwan a ɔfaa so gyee wɔn no. Enti ɔkae sɛ: ‘Pɛnkoro afe biara, ɛsɛ sɛ mudi aduan te sɛ nea mudii anadwo yi.’ Wɔtoo aduan titiriw yi din, Twam. So wunim nea enti a wɔyɛɛ saa?— Efisɛ saa anadwo no, Onyankopɔn bɔfo “twaa” afie a wɔde mogya ahyɛ ho nsow no ho kɔe.—Exodus 12:1-13, 24-27, 31.
Bere a na Yesu ne n’asomafo no redi Twam aduan no, na wɔresusuw eyi ho. Ɛno akyi no, Yesu yɛɛ biribi a ɛho hiaa paa. Nanso ansa na ɔreyɛ no, ɔpam ɔsomafo Yuda a wanni nokware no fii hɔ. Afei Yesu faa abodoo a aka no bi, na ɔbɔɔ so mpae, bubuu mu, na ɔde maa n’asuafo no. Ɔkae sɛ: “Munnye nni.” Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Abodoo yi gyina hɔ ma me nipadua a sɛ miwu a, mede bɛma mo.’
Ɛno akyi na Yesu faa kuruwa a bobesa kɔkɔɔ wom no. Bere a ɔbɔɔ mpae bio daa ase no, ɔde maa wɔn kae sɛ: ‘Mo nyinaa monnom bi.’ Na afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Nsa yi gyina hɔ ma me mogya. Ɛrenkyɛ mehwie me mogya agu de agye mo afi mo bɔne mu. Monkɔ so nyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.’—Mateo 26:26-28; 1 Korintofo 11:23-26.
So wokae sɛ Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ asuafo no kɔ so yɛ eyi de kae no?— Afei na wɔrenni Twam aduan no bio. Mmom no, afe biara no, wobedi aduan titiriw yi de akae Yesu ne ne wu no. Wɔfrɛ saa aduan yi Awurade Anwummeduan. Ɛnnɛ yɛtaa frɛ no Nkaedi. Dɛn ntia?— Efisɛ ɛma yɛkae nea Yesu ne N’agya, Yehowa Nyankopɔn, yɛ maa yɛn no.
Ɛsɛ sɛ abodoo no ma yɛkae Yesu nipadua. Na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde saa nipadua no bɛma na ama yɛanya daa nkwa. Na bobesa kɔkɔɔ no nso ɛ?— Ɛsɛ sɛ ɛkae yɛn sɛnea Yesu mogya no som bo no. Ɛsom bo koraa sen Misraim Twam guan no mogya no. So wunim nea enti a ɛte saa?— Bible ka sɛ Yesu mogya betumi ama yɛanya bɔne fafiri. Na sɛ wɔde yɛn bɔne nyinaa firi yɛn a, yɛrenyare bio, yɛremmɔ nkwakoraa ne mmerewa, na yɛrenwu bio. Ɛsɛ sɛ yesusuw ho bere a yɛakɔ Nkaedi ase no.
So ɛsɛ sɛ obiara di abodoo no na ɔnom bobesa no bi wɔ Nkaedi ase?— Wiɛ, Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wodi na wɔnom no sɛ: ‘Mubenya kyɛfa wɔ m’ahenni mu na mo ne me atra nhengua so wɔ soro.’ (Luka 22:19, 20, 30) Eyi kyerɛ sɛ wɔbɛkɔ soro ne Yesu akɔyɛ ahemfo. Enti wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔne Yesu bedi ade wɔ soro no nkutoo na ɛsɛ sɛ wodi abodoo no na wɔnom bobesa no bi.
Nanso ɛsɛ sɛ wɔn a wonni abodoo no na wɔnnom bobesa no bi no kɔ Nkaedi no ase. So wunim nea enti a ɛte saa?— Efisɛ Yesu de ne nkwa mae maa yɛn nso. Enti sɛ yɛkɔ Nkaedi no ase a, yɛda no adi sɛ yɛn werɛ mfii. Yɛkae Onyankopɔn akyɛde titiriw no.
Kyerɛw nsɛm a ɛkyerɛ hia a Yesu agyede no ho hia no bi ne 1 Korintofo 5:7; Efesofo 1:7; 1 Timoteo 2:5, 6; ne 1 Petro 1:18, 19.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 193]
Ɔkwan bɛn so na na Adam ne Yesu di nsɛ, na dɛn nti na na ɛho hia sɛ wodi nsɛ saa?
[Mfonini wɔ kratafa 194]
Ɔkwan bɛn so na oguammaa no mogya bɔɔ Israelfo no ho ban?
[Mfonini wɔ kratafa 194]
Dɛn na Yesu mogya a Yesu de totoo bobesa ho no betumi ayɛ ama yɛn?