Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 1/15 kr. 4-7
  • ‘Wɔfa Wɔn Kohyia Awurade’—Ɔkwan Bɛn So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Wɔfa Wɔn Kohyia Awurade’—Ɔkwan Bɛn So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristo ‘Ba a Waba’
  • “Nyankopɔn Israel”
  • ‘Wɔfa Wɔn Kɔ’​—Ɔkwan Bɛn So?
  • Wonya Nkwa​—Nanso Ɛnnam Ohwim So
  • “Na Kristo Mu Awufo Bɛsɔre Kan”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Awerɛkyekye a Efi Asomdwoe Nyankopɔn no Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • “Owusɔre A Edi Kan No” Rekɔ So Nnɛ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Ase A Yɛtra Mprempren Wɔ Saa Owusɔre No “Ɛda A Edi Akyiri” No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 1/15 kr. 4-7

‘Wɔfa Wɔn Kohyia Awurade’​—Ɔkwan Bɛn So?

BƐN ara na nneɛma nhyehyɛe bɔne no awiei kɔ so bɛn. Bere a dɔnhwerew biara, simma biara, ne anibu biara twam no, na yɛbɛn nsɛm a ɛyɛ nwonwa a esisi a wohyɛɛ ho kɔm bere tenten ni no. So nnipa a wobehwim wɔn akɔ no yɛ eyi mu biako? Sɛ ɛte saa a, bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na wobehwim wɔn akɔ? Asɛmfua “ohwim” no mpue wɔ Bible no mu. Nanso wɔn a wogye di no de wɔn gyidi no gyina ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ 1 Tesalonikafo 4:17 no so. Ma yɛnhwehwɛ kyerɛwsɛm yi ne nsɛm afoforo a ɛka ho no mu. Paulo kyerɛwee sɛ:

“Me nuanom, wɔn a wɔadeda no ho de, mempɛ sɛ mekora mo so, na mo werɛ anhow sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no. Na sɛ yegye di sɛ Yesu wui na wasɔre bio a, saa ara nso na Onyankopɔn de wɔn a wɔadeda no nam Yesu so bɛka ne ho aba. Na eyi de, yɛnam [Yehowa] asɛm mu na yɛka kyerɛ mo sɛ, yɛn a yɛtete ase na yɛreka akosi Awurade ba mu no rentwa wɔn a wɔadeda no ho, efisɛ Awurade ankasa de osebɔ, ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto fi soro besian, na Kristo mu awufo bɛsɔre kan, ansa na wɔaba abɛfa yɛn a yɛtete ase na yɛaka yi ne wɔn nyinaa amununkum mu sɛ yenkohyia Awurade ewim, na saa na yɛne Awurade bɛtra daa. Enti momfa nsɛm yi nkyekyekyekye mo ho were.”​—1 Tesalonikafo 4:13-18.

Sɛ wɔde toto ho a, ná asafo a ɛwɔ Tesalonika no yɛ foforo bere a Paulo kyerɛw ne krataa a edi kan kɔmaa Kristofo a wɔwɔ hɔ no bɛyɛ 50 Y.B. no. Ná asafo no mufo ahaw sɛ wɔn mu binom ‘adeda wɔ owu mu.’ Nanso, nea Paulo kyerɛwee no maa Tesalonikafo no nyaa awerɛkyekye denam owusɔre anidaso no so.

Kristo ‘Ba a Waba’

Bere a na Paulo resi so dua sɛ wobenyan Kristofo anokwafo a wɔawuwu saa bere no, ɔkae nso sɛ: “Yɛn a yɛtete ase na yɛreka akosi Awurade ba mu no rentwa wɔn a wɔadeda [wɔ owu mu] no ho.” (Nkyekyem 15) Nokwarem no, nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow ne Awurade ‘ba a waba’ ho asɛm a ɔsomafo no kae no. Ɛha no, kasa a wodii kan de kyerɛwee no de Hela asɛmfua pa-rou-si’an, a nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ “wɔwɔ obi nkyɛn” no na edi dwuma.

Sɛ ɔman foforo bi mampanyin kɔ ɔman bi mu a, wɔka nna dodow a ɔwɔ hɔ no ho asɛm kyerɛ. Saa ara na wɔayɛ wɔ ba a Awurade Yesu Kristo aba no ho. Ɔwɛn-Aban akɔ so de adanse ama nnipa komapafo a wosua Bible nkɔmhyɛ ho ade sɛ ba a Yesu aba Ahenni tumi mu wɔ ɔsoro no fii ase 1914. Nsɛm a asisi fi saa bere no di ba a Yesu aba a aniwa nhu no ho adanse. (Mateo 24:3-14) Enti bere a na Paulo reka sɛ ‘wɔbɛfa’ Kristofo binom a wɔte ase wɔ bere a Awurade aba no mu ‘wɔ amununkum mu akohyia Awurade wɔ ewim’ no, na ɔkyerɛ sɛ saafo a wobefi mu aka no renhyia Kristo wɔ asase so mpɔtam ha na mmom ɔsoro trabea a aniwa nhu hɔ a Yesu te Onyankopɔn nifa no. (Hebrifo 1: 1-3) Nanso wɔyɛ nnipa bɛn?

“Nyankopɔn Israel”

Kyerɛwnsɛm no ka honam fam Israel ho nsɛm pii, na ɛka honhom mu “Nyankopɔn Israel” nso ho asɛm. Ná Yudafo ne Amanaman mufo gyidifo na wɔbɛka abom ayɛ saa kuw a wɔde Onyankopɔn honhom kronkron, anaa n’adeyɛ tumi asra wɔn no mufo dodow nyinaa. (Galatifo 6:16; Romafo 11:25, 26; 1 Yohane 2:20, 27) Adiyisɛm nhoma no kyerɛ sɛ honhom mu Israel dodow yɛ 144,000, na ɛkyerɛ sɛ wɔn nyinaa ne Oguammaa no, Yesu Kristo, wɔ ɔsoro Sion Bepɔw so. Wɔne Kristo bɛyɛ ahene ne asɔfo wɔ ɔsoro. (Adiyisɛm 7:1-8; 14:1-4; 20:6) Wɔn a wɔka wɔn ho no bɛyɛ ankorankoro a wɔne asafo ahorow a ɛwɔ Tesalonika ne mmeae afoforo, a abusua ne ɔman a wofi mu mfa ho no bɔe no.​—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.

Ansa na honhom mu Israel anokwafo no mu biara benya ɔsoro akatua no, ɛsɛ sɛ wonya osuahu bi mu kyɛfa. Te sɛ nea Yesu wui wɔ dua ho ansa na wɔrenyan no akɔ ɔsoro asetra mu no, saa ara na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ ɔsoro anidaso no wu ansa na wɔanya wɔn akatua. (1 Korintofo 15:35, 36) Ɛbɛba saa wɔ honhom mu Israefo no mufo a na wɔte ase wɔ afeha a edi kan Y.B. mu, ne saafo a wɔte nkwa mu nnɛ no fam.

Bere a Paulo kaa ‘Awurade ba a waba’ ho asɛm wiei no, ɔtwee adwene sii bere a honhom mu Israelfo anokwafo a wɔawuwu no benya wɔn soro akatua no so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Awurade ankasa de osebɔ, ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto fi soro besian, na Kristo mu awufo bɛsɔre kan.” (Nkyekyem 16) Enti sɛ Kristo ba a waba sɛ Ɔhene no fi ase pɛ ara a, yɛbɛhwɛ kwan sɛ ɔsoro owusɔre no befi ase, na wobefi ase afi honhom mu Israel mufo a wɔawuwu dedaw sɛ mudi mu kurafo no so. (1 Korintofo 15:23) Mprempren wɔne Yesu resom wɔ soro. Na Kristofo a wɔasra wɔn no mu kakraa bi a wɔda so ara te asase so no nso ɛ? So wɔretwɛn bere a wobehwim wɔn akɔ no?

‘Wɔfa Wɔn Kɔ’​—Ɔkwan Bɛn So?

Bere a Paulo aka Kristofo a wɔasra wɔn a wɔawuwu ho asɛm akyi no, ɔka kaa ho sɛ: “[Ɛno akyi no] wɔabɛfa yɛn a yɛtete ase na yɛaka yi ne wɔn nyinaa amununkum mu sɛ yenkohyia Awurade ewim, na saa na yɛne Awurade bɛtra daa.” (Nkyekyem 17) ‘Wɔn a wɔtete ase’ no bɛyɛ wɔn a wɔte nkwa mu wɔ bere a Kristo aba no mu. ‘Wɔbɛfa wɔn akɔ’ ma wɔakohyia Awurade Yesu. Te sɛ Kristofo anokwafo a wodi kan no, ehia sɛ wowu sɛ nnipa na wɔakɔka Kristo ho wo ɔsoro.​—Romafo 8:17, 35-39.

Bere a Paulo rekyerɛw Kristofo a wɔwɔ Korinto no, ɔkae sɛ: “Anuanom, nea meka ne sɛ: Ɔhonam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahenni, nso nea ɛporɔw no renni nea ɛmporɔw no. Hwɛ, meka mo ahintasɛm: Yɛn nyinaa renna, na yɛn nyinaa bɛsakra afrɛ so, amonom, akyiri torobɛnto no hyɛn so; na ɔbɛhyɛn torobɛnto, na awufo no anyan sɛ wɔn a wɔmporɔwee da, na yɛn de, yɛbɛsakra.” (1 Korintofo 15:50-52) Bere a honhom mu Israel nkaefo no mu biara wu wɔ nokwaredi mu wɔ bere a Kristo aba no mu no, onya ɔsoro akatua ntɛm ara. Wonyan no “amonom” sɛ honhom abɔde na ‘wɔfa no’ kohyia Yesu na wakɔsom sɛ ɔyɔnko dedifo wo ɔsoro Ahenni no mu. Na afoforo a wɔaka a wɔsom Yehowa no nyinaa nso ɛ? Bere a nhyehyɛe bɔne yi awiei rebɛn no, so wɔbɛfa wɔn nso akɔ soro?

Wonya Nkwa​—Nanso Ɛnnam Ohwim So

Esiane sɛ ba a Yesu aba sɛ ɔhene no fii ase wo 1914 mu nti, mprempren yɛadu akyiri wɔ wiase yi “awiei bere” mu. (Daniel 12:4) Paulo de kɔkɔbɔ mae sɛ: “Na nna no ne mmere no de, anuanom, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo. Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifo ba anadwo. Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan.” (1 Tesalonikafo 5:1-3) Nanso Kristofo a wɔn ani da hɔ beguan. Ɔkwan bɛn so?

“Asomdwoe ne ahotɔ” nteɛm no yɛ sɛnkyerɛnne a edi bere a Yesu frɛɛ no “ahohiahia kɛse” no anim. Adiyisɛm nhoma no reka “nnipakuw kɛse” anokwafo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise wɔ asase so ho asɛm no, ɛka sɛ: “Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa Oguammaa no mogya no mu.” (Adiyisɛm 7:9, 14; Luka 23:43) Dabi, ɛnyɛ wɔn anidaso ne sɛ wobehwim wɔn akɔ. Mmom no, wɔwɔ anidaso sɛ wobenya nkwa wɔ ha wɔ asase so. Ɛsɛ sɛ wɔkɔ so wɛn wɔ honhom mu de siesie wɔn ho ma eyi. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi na woanya nkwa wɔ nhyehyɛe yi awiei?

Ehia sɛ woma ‘w’ani da hɔ na wohyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw.’ (1 Tesalonikafo 5:6-8) Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ wutie Onyankopɔn nkɔmhyɛ Asɛm, Bible, no. Bere a bere no retwam nkakrankakra kosi sɛ nhyehyɛe yi bɛba awiei no, tie Paulo afotu no: “Monntew adiyisɛm ahi! Nso monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na munso nea eye no mu.” (1 Tesalonikafo 5:20, 21) Enti Yehowa Adansefo ma wo akwaaba ba wɔn Ahenni Asa ahorow so, faako a wubetumi ne wɔn abom asua Bible mu nkɔmhyɛ ahorow ne Onyankopɔn Asɛm a ɔnam honhom so kyerɛwee no mu nneɛma afoforo no.

Bere a wunyin wɔ nokware nimdeɛ ne gyidi mu no, wubehu Yehowa Nyankopɔn atirimpɔw sɛ obeyi n’atamfo afi amansan no mu na wama asase no asan adan paradise no ho dwumadi. Sɛ woda gyidi adi a, wo nso wubetumi ayɛ wɔn a wobenya nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu biako, na woanya hokwan ama ɔpepem pii a wobenyan wɔn aba asase so no akwaaba. Na hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ wobɛtra Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo ne ne yɔnko adedifo a ‘wɔafa wɔn akohyia Awurade’ denam nyan a wonyan wɔn ba nkwa mu wɔ ɔsoro atrae nsam no ase!

Ɛnde dɛn ne Kyerɛwnsɛm mu nokware anidaso ma adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa? Ɛnyɛ hwim a wobehwim wɔn akɔ. Mmom no, ɛyɛ daa nkwa wɔ asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Wɔn a wobenya nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu bɛma wɔn a wɔanyan wɔn aba nkwa mu wɔ paradise asase so wɔ Yesu ne wɔn a ‘wɔfa wɔn’ kɔ soro no nniso ase no akwaaba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena