Mmofra Dɛn Na Mode Mo Nkwa Bɛyɛ?
“Na wɔn a wɔte ase no antra ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatra ase ama nea owui na ɔsɔre maa wɔn no.”—2 KORINTOFO 5:15.
1. Aseda bɛn na nkurɔfo binom de ama. na dɛn ntia?
‘MEDA wo ase! Wo na wugyee me nkwa!’ Nkurɔfo a wɔagye wɔn nkwa afi ofi a ɛrehyew anaa nsu bi a anka ɛrefa wɔn mu no taa ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn agyefo no. Na Kristofo a wɔwɔ anisɔ aka asɛm a ɛte saa ara akyerɛ wɔn awofo. Ɛnyɛ nkwa ankasa a wonya fii wɔn awofo hɔ ara kwa no ho asɛm na na wɔreka na mmom ne titiriw no. ɛyɛ sɛnea wofi ɔdɔ mu hwɛɛ wɔn ne akwankyerɛ a ɛde mmofra fa ɔkwan a ɛbɛma wɔanya ‘ɛbɔ a ɔde ahyɛ yɛn a ɛne daa nkwa’ a wɔde maa wɔn no nti.-I Yohane 2:25.
2. Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wugyina so de susuw asemmisa, a ɛne Dɛn na wode wo nkwa bɛyɛ no ho?
2 Ɛyɛ ɔdɔ na ɛkaa Yehowa Nyankopɔn ma ɔyɛɛ ade a ɛbɛma yɛn mu biara nsa aka daa nkwa, “nokware nkwa” no. “Ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.” (1 Timoteo 6:19; 1 Yohane 4:10) Afei nso, susuw ɔdɔ a ne Ba Yesu yii adi bere a owuu owu yayaw sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya daa nkwa no ho! (Yohane 15:13) Esiane eyi nti, Dɛn na wode wo nkwa bɛyɛ?
3. Dɛn na ɛtaa kyerɛ nea nkurɔfo de wɔn nkwa ɛyɛ?
3 Wɔn a wotu sukuufo fo anaasɛ nnipa foforo a wɔn ani gye mmofra daakye ho taa bisa mmofra asɛm yi wɔ sukuu mu wɔ ɔkwan bi so. Dɛn na wubegyina so ama mmuae? So ebegyina nea w’ankasa wopɛ ara kwa so? So nea wubegyina so asi gyinae no bɛyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wunya gyinabea kɛse wɔ wiase no mu no afotu? Anaasɛ nea wode wo nkwa bɛyɛ no bɛyɛ nea egyina obi a ɔkorɔn nsusuwii so? Wofi honhom mu kae yɛn sɛ: “Na owu maa wɔn nyinaa na wɔn a wote ase no antra ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatra ase ama nea owui na ɔsɔre maa wɔn no.” (2 Korintofo 5:15) Yiw, hwɛ oye a eye bere a sɛnea yɛde yɛn nkwa di dwuma no da aseda a yɛde ma wɔ nea Yesu Kristo ne ne soro Agya no ayɛ ama yɛn no ho adi no!
Abrabɔ Mu Nhwɛsofo A Wagye Din
4. Henanom na wɔyɛ abrabɔ mu nhwɛsofo a wɔagye din nnɛ?
4 Nanso, henanom ne wɔn a wɔagye din pii nnɛ, wɔn a mmofra fa wɔn sɛ abrabɔ nhwɛsofo ahorow? So ɛnyɛ wiase adefo ne wɔn a wɔagye din no a wɔn abrabɔ gyinapɛn aho-row no mfa ho? Sɛ wohwɛ mmofra pii dan mu a, henanom mfonini ahorow na wuhu wɔ afasu no ho? Mpɛn pii no ɛyɛ nnwontofo, wɔn a wɔagye din wɔ sini mu, ne ammirikatufo. Mmofra taa susuw sɛ wobenya wiase nkonimdi a ɛte saa no bi da bi anaasɛ ebia wɔbɛware obi a ɔwɔ saafo yi nipadua mu su ahorow no bi. Na wo nso ɛ? Dɛn na wohwehwɛ wɔ asetra mu?
5, 6. (a) Dɛn nti na wobetumi aka sɛ wiase yiyedi ntumi mfa akomatɔyam mma? (b) Dɛn ne nokware akomatɔyam fibea?
5 Sɛ wunya wiase nkonimdi ahorow a, atitiriwfo a nkurɔfo ani gye wɔn ho no anya no bi a, so w’ani begye na wo koma atɔ wo yam ankasa? Hollywood mmea agodifo a asi wɔn yiye kɛse no mu biako kae sɛ: “Manya ahonyade ne honam fam nneɛma nyinaa bi. Ɛnkyerɛ hwee. Adwenemyare ho ɔbenfo biako gyina abura a woguare wom (swimming pool) biara ho wɔ ha a awaregu ne mmofra a wɔtan wɔn awofonom ho asɛm mpo de mintumi nka.”—-Ɔsɛnkafo 5:10; 1 Timoteo 6:10.
6 Sukuuni a onim ammirikatu yiye a ɔno na odii nkonim wɔ mmea ammirikatu titiriw a ne tenten bɛyɛ akwansin 6 a wotui wɔ New York wɔ 1981 mu no bɛyɛɛ obi a wahaw araa ma ɔbɔɔ mmɔden sɛ obekum ne ho. Akyiri yi ɔkyerɛwee sɛ: “Masua asetra mu nokwasɛm ahorow pii wɔ asram kakraa a atwam no mu. Biako ne sɛ ɛnyɛ akwan horow a nnipa pii fa so hwehwɛ akomatɔyam no ne nea ɛma wonya. Wɔ me fam no mmɔden a mebɔe wɔ sukuu adesua mu anaa nkonim a midii wɔ ɔman ammirikatu mu anaa me ho a ɛyɛ fɛ no amma mannya akomatɔyam.” Yiw, ɛho hia sɛ nkurɔfo hu sɛ abusuabɔ a obi ne Onyankopɔn a ɔno nkutoo na otumi ma obi nya nokware asomdwoe ne anigye no benya na ɛde akomatɔyam ankasa ba.—Dwom 23:1, 6; 16:11.
7. Wɔ sɛnea wobenya nokware abotɔyam ho no, kɔlege nhomasua ne wiase yiyedi ho hia dɛn?
7 Ɛnde ɛda adi pefee sɛ ɛnsɛ sɛ wunya ɔpɛ sɛ wubesuasua wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya din ne ahonyade ara kwa no. Akyerɛwfo a wɔwɔ wiase no mu mpo ahyɛ sɛnea wiase no mu yiyedi ntumi mfa nokware akomatɔyam mma no nsow. Ɔkyerɛwfo Bill Reel kyerɛwee sɛ: “Wubewie kɔlege no na wowɔ daakye ho adaeso ahorow pii, Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, nea wo kɔn dɔ no mu pii bɛhyew adan nsõ. Mempɛ sɛ mibu w’abaw mu, nanso eye sɛ wubehu nokwasɛm no: Bere a wunya ahonyade a w’ani bere no, sɛ wunya a, na bere a wo nsa ka yiyedi a wudi akyi no, sɛ wo nsa ka ampa a, ɛremma wo bo ntɔ wo yam. Mmom no, saa bere no ara a wobɛhwɛ kwan sɛ ebia wubedi dɛw wɔ nkonimdi mu no, wobɛte huammɔdi mmom nka sen nkonimdi, haw a woahaw mmom sen anigye, adwenem basaayɛ mmom sen asomdwoe.”—New York Daily News, May 26, 1983.
8. Ntease a emu yɛ den bɛn na ɛwɔ hɔ a enti ɛnsɛ sɛ wodi wiase adwuma bi akyi?
8 Nanso wɔ yɛn a yegyina Bible nkɔmhyɛ so hu nea wiase nsɛm a esisi kyerɛ no fam no, ntease a emu yɛ den kɛse wɔ hɔ a enti ɛnsɛ sɛ yɛde wiase no mu adwuma di kan wɔ yɛn asetra mu. (Mateo 24:3-14) Yebetumi de yɛn ho atoto onipa bi a ohu ɔdan bi a wɔde sɛnkyerɛnnede bi a ese “Saa Adwumakuw yi Begyae Adwumayɛ” abɔ ho no ho. So yɛbɛkɔ akɔhwehwɛ adwuma wɔ hɔ? Dabida! Na sɛ yɛyɛ adwuma ma adwumakuw a ɛte saa a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛhwehwɛ adwuma wɔ baabi foforo. Wiɛ, wohu sɛnkyerɛnnede wɔ saa wiase yi ahyehyɛde ahorow no nyinaa mu: “Yɛregyae Adwumayɛ—Awiei no Abɛn!” Yiw, Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Wiase no retwam.” (1 Yohane 2:17) Enti, wɔ nyansa mu no, yɛremmfa wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ mu denneennen no sɛ abrabɔ mu nhwɛsofo.
Afotu A Ɛsɛ Sɛ Yedi Akyi
9. Wiase no afotu bɛn na ebia wɔn a ɛte sɛ nea wɔpɛ wo yiye no de bɛma wo?
9 Ɛnyɛ wɔn a wubu wɔn titiriw no nkutoo na wɔkyerɛ w’asetra kwan na mmom abusuafo ne nnamfo a sɛnea wɔka no, ‘wɔpɛ wo yiye’ no nso. Ebia wɔbɛka sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ woyɛ adwuma de hwɛ wo ho.’ Enti ebia wobetu wo fo sɛ kɔ kɔlege anaa sukuupɔn bi fa siesie wo ho ma adwuma bi a n’akatua ye. Ebia wɔbɛka sɛ, ‘Ná Bible kyerɛwfo Luka yɛ oduruyɛfo, na Mmara ho ɔkyerɛkyerɛfo Gamaliel na ɔkyerɛkyerɛɛ ɔsomafo Paulo.”(Kolosefo 4:14; Asomafo no Nnwuma 5:34; 22:3) Nanso pɛɛpɛɛ afotu ahorow a ɛtete saa no mu yiye.
10. Afotu bɛn na Luka ne Paulo de mae, na dɛn na yebetumi aka wɔ wɔn nnwuma ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo no ho?
10 Oduruyɛfo Luka anhyɛ Kristofo nkuran da sɛ wonni ne kan adwuma no nhwɛso akyi; mmom no, Luka kaa Yesu ne n’asomafo no asetra ho asɛm sɛ nea ɛsɛ sɛ wosuasua. Ɛda adi yiye sɛ Luka bɛyɛɛ oduruyɛfo ansa na obesuaa Kristo ho ade nanso ɛno akyi no, ɔde ne Kristofo som adwuma no di kan wɔ asetra mu. Saa ara na na ɛte wɔ Paulo fam. Sɛ́ anka Paulo bɛhyɛ afoforo nkuran sɛ wonsuasua no sɛnea osuasuaa Gamaliel mmom no, ɔkyerɛwee Sɛ: “Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.” Paulo buu Kristo ho‘nimdeɛ sɛ ɛsom bo araa ma ɔkae sɛ, sɛ ɔde toto ho a, obu ne kan nneɛma ahorow a odii akyi no se “nwura dodow.”—1 Korintofo 11:1; Filipifo 3:8, NW.
11. (a) Dɛn na Petro ka kyerɛɛ Yesu, na dɛn ntia? (b) Yesu maa mmuae dɛn?
11 Kae, nkate betumi ama wɔn a wɔdɔ wo mpo de afotu a enye’ama. Sɛ nhwɛso no. bere a Yesu kaa nea ɛda n’anim wɔ ne som adwuma mu wɔ Yerusalem ho asɛm no, ɔsomafo Petro maa mmuae sɛ: “Ɛmpare wo, Awurade! Eyi remma wo so.” Ná Petro dɔ Yesu na na ɔmpɛ sɛ obehu amane. Nanso Yesu kaa Petro anim efisɛ Ohui sɛ nã nea ɛka Onyankopɔn apɛde a ɔbɛma abam no ho ne amanehunu ne kum a atamfo bekum no.—Mateo 16:21-23.
12. Afotu bɛn na wɔn a ebia wonni adwemmɔne betumi de ama mmofra, na dɛn ntia?
12 Saa ara na ebia awofo anaasɛ nnamfo bi bebu w’aba mu wɔ ɔkwan bi a wubetumi afa so de wo ho abɔ afɔre no ho. Esiane nsusuwii mu nkate a enye nti, ebia wɔbɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛhyɛ wo nkuran ma woagye dwumadi bi ato wo ho so wɔ bere nyinaa som adwuma no mu, sɛ wobɛsom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo, anaasɛ wobɛyɛ adwuma a wonnye akatua wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea bi. Ebia wɔbɛka sɛ: ‘Dɛn nti na wonware mmom na wontra yɛn nkyɛn ha ara?’ Anaasɛ, ‘Wunim, Betel adwuma no yɛ den. Ebia eye sɛ wobɛtra yɛn nkyɛn.’ Wɔ ɔkwan foforo so, sɛnea Petro kae no, “Ɛmpare wo.”
13. (a) Adwene mu nsakrae foforo bɛn na Petro daa no adi? (b) Dɛn na ɛka nokware Kristoni a wobɛyɛ no ho?
13 Ɛtɔ bere bi a ɛho hia sɛ Yehowa nkoa mpo sakra wɔn nsusuwii. Na ɛho hia sɛ Petro yɛ saa, esiane sɛ na wasakra ne nsusuwii nti, ɔkyerɛwee sɛ: “Na eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.” (1 Petro 2:21) Nea ɛka Kristofo asetra kwan ankasa ho ne wo ho a wode bɛbɔ afɔre, yiw, amane a ɛsɛ sɛ wuhu mpo. Ɛnyɛ mmerɛw, nanso ɛno nti na wɔbɔɔ din frɛɛ yɛn sɛ Kristofo. eye a yebegye atom no kyerɛ sɛ ‘yɛrentra ase mma yɛn ho bio, na mmom yɛtra ase ma nea owu maa yɛn no.’ (2 Korintofo 5:15) Abrabɔ ho nhwɛsofo pa a yɛde wɔn besi yɛn ani so no bɛboa yɛn ma yɛde yɛn nkwa adi dwuma wɔ saa afɔrebɔ kwan yi so.
Abrabɔ Ho Nhwɛsofo A Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Wɔn
14. Nhwɛso bɛn na Yesu de mae?
14 Nhwɛso a ɛho hia titiriw sɛ wohwɛ ne nea Yesu de mae no. Sɛ́ obi a ɔyɛ pɛ no, na anka obetumi abɛyɛ mmirikatufo, odwontofo, oduruyɛfo, anaasɛ mmaranimfo a ɔsen biara a waba wiase pɛn. Nanso na nea Yesu adwene si so ne sɛ ɔbɛsɔ ne soro Agya no ani, bere a na ɔyɛ abofra no mpo. (Luka 2:42-49) Akyiri yi ɔkae sɛ “‘Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no . . . efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.” (Luka 4:43) Wɔ ahohuru bere a etwaam no mu no krataa bi a epuei wɔ asɔre nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Ministry no mu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná yɛn Agyenkwa no dɔ sɛ obegyaw nnipadɔm no hɔ, na afei ɔkɔɔ afie ne afie mu—ɔkɔhwehwɛ akra. Ná N’ani gye ɔkra biako a wɔkasa kyerɛ no ho. Ná obetumi de nokware no—Onyankopɔn dɔ no—ama saa bere no.”-Luka 10:1-16.
15. (a) Dɛn nti na afie afie asɛnka no yɛ asɛnnennen? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ mmofra afie afie som adwuma no tu mpɔn?
15 Sɛ yɛbɛka a, afie afie asɛnka no nyɛ mmerɛw. Egye adesua a wɔde nsiyɛ yɛ na ama wɔate Ahenni asɛmpa no ase ne adwuma pii a ɛne sɛ wobesiesie nsɛm a ntease wom a wɔbɛka akyerɛ. Afei nso, saa ɔsom yi gye akokoduru, efisɛ afiewuranom pii ani nnye ho, na ebinom kyi mpo. Nanso, mo mmofra afie afie som adwuma no retu mpɔn wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so, sɛnea yɛhyɛ no nsow wɔ Italiafo asɔre nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no La Voce mu no. Ɔkyerɛwfo no kae sɛ: “M’ankasa de, mepɛ Yehowa Adansefo” a sɛnea ɔkyerɛkyerɛ mu no, “wɔba mo fi, no asɛm.” Ɔkae sɛ: “Wɔn a minim wɔn no yɛ nea asɛm biara nni wɔn abrabɔ ho, wɔkasa bɔkɔɔ; wɔyɛ nkurɔfo a wɔn ho yɛ fɛ nso, na dodow no ara yɛ mmofra. Sɛ wɔde ahoɔfɛ ne mmofrabere bom yɛ ade a, etumi dan ti yiye.”
16. (a) Adwuma bɛn ho na mmofra fata nkamfo? (b) Sɛ wode Yehowa Adansefo ahyehyɛde no toto asɔre ahorow no ho wɔ adwuma a ehia sen biara wɔ asase so a wɔyɛ no mu a, ɛte dɛn?
16 Nokwarem, no mmofra a muregye Kristo atom sɛ mo nhwɛsofo no fata nkamfo! Mmofra bɛboro 12,000 a wɔadi mfe 25 ne wɔn a wonnu saa, na wɔreyɛ akwampae adwuma no wɔ United States, mpempem dudu pii foforo nso reyɛ akwampae adwuma wɔ mmeae afoforo. (Dwom 110:3) Munnya awerɛhyem sɛ adwuma foforo biara nni hɔ a mubetumi ayɛ a ɛho hia sɛn eyi! Asɔre nsɛmma nhoma a yɛabɔ din wɔ atifi hɔ no kyerɛwfo no mpo kae sɛ: “Onyankopɔn se adwuma a ɛho hia sen biara ne afie afie nsrahwɛ no-akra a wɔhwehwɛ wɔn no,” nanso ɔtoaa so sɛ, “Dɛn na wobɛka wɔ eyi ho? Nsrahwɛ ahe na me ne wo nya mu kyɛfa? Minhui sɛ wɔka saa adwuma yi ho asɛm pii wɔ “MINISTRY” mu.” So yɛrentumi nna ase sɛ yɛne ahyehyɛde a esi ahwehwɛde a ɛne Yesu nhwɛso akyi a yebedi wɔ asɛnka adwuma mu no so dua no bɔ fekuw anaa?
17. Bere a ebetumi aba sɛ na Timoteo da so ara yɛ.abofra a onnii mfe aduonu no, dɛn na na watumi ayɛ, na dɛn na ɛkyerɛ se ebia na ɔyɛ abofra saa bere no?
17 Esiane sɛ wɔn a w’ani gye wɔn ho no betumi anya nea wode wo nkwa bɛyɛ no so nkɛntɛnso kɛse nti, ma w’ani nnye nhwɛso a aberantewaa Timoteo nso de mae no ho. Timoteo a wɔwoo no bere tiaa bi ansa na Yesu rewu no gyaw n’abusua bere a na ɔyɛ aberantewaa no na ɔde ne ho bɔɔ Paulo wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no mu. Ɛno akyi asram kakraa bi no, akwasampafo kuw bi hyɛɛ Paulo ne Sila ma woguan fii Tesalonika, nanso na ɛno yɛ bere a wɔanya asuafo binom no akyi. (Asomafo no Nnwuma 16:13; 17:1-10, 13-15) Ɛno akyi bere tiaa bi no Paulo somaa Timoteo kɔɔ saa asasesin a emu yɛ hu no mu sɛ ɔnkɔkyekye anuanom no werɛ wɔ wɔn sɔhwɛ ahorow no mu. (1 Tesalonikafo 3:1-3) Ebetumi aba sɛ na Timoteo nnya nnii mfe aduonu ɛ, efisɛ wɔ ɛno akyi bɛyɛ mfe 12 kosi 14 no na Paulo da so ara ka ne ho asɛm sa ɔyɛ “aberante.” (1 Timoteo 4:12) So w’ani nnye abofra ɔkokodurufo a ɔde ne ho bɔ afɔre saa no ho?
18. Dɛn nti na na Paulo resoma Timoteo Korintofo no nkyɛn?
18 Wɔ Timoteo adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa wɔ Tesalonika no akyi mfe anum no, Paulo kyerɛw Korintofo no bere a na ɔwɔ Efeso no sɛ: “Monhwɛ me nsua me! Enti na masoma Timoteo . . . aba mo nkyɛn, ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu, sɛnea mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu mmaa nyinaa.” (1 Korintofo 4:16, 17) Esiane sɛ na aberantewaa Timoteo ne Paulo ayɛ adwuma mfe anum dedaw nti, na onim Paulo akwan a ɔfa so kyerɛkyerɛ no yiye. Ná onim ɔkwan a Paulo faa so kyerɛkyerɛɛ nkrasɛm no mu kyerɛɛ Efesofo no a sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn “gua so ne afi mu” no ka ho. (Asomafo no Nnwuma 20:20, 21) Esiane sɛ na wɔatete Timoteo yiye wɔ asɛnka akwan horow a ɛte sɛɛ no mu yiye nti, mmoa fɛfɛ bɛn ara na na obetumi ayɛ ama asafo horow no sɛɛ yi!
19. Dɛn na Paulo ka faa Timoteo ho wɔ ɛboro mfe du a na wɔabom asom no akyi?
19 Mfe anum anaa asia foforo twam, na na Paulo da afiase wɔ Roma. Timoteo a na wɔayi ɔno nso afi afiase nkyɛe no wɔ ne nkyɛn. (Hebrifo 13:23) Fa w’ani bu nea ɛrekɔ so no: Ebetumi aba sɛ bere a Paulo de Timoteo redi dwuma sɛ ne kyerɛwfo no, ɔka krataa a ɔde rekɔma Filipifo no mu nsɛm ma ɔkyerɛw. Bere a Paulo de ntoboase rekasa no, ɔkɔ so sɛ: “M’ani da so, Awurade Yesu mu, sɛ ɛrenkyɛ koraa mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn . . . Na minni obi a ɔne m’adwene sɛ,te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no . . . Na ne fata a ɔfata no, munim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛ ɔba yɛ n’agya.”—Filipifo 1:1; 2:19-22.
20. Dɛn na ɛma Timoteo yɛ abrabɔ mu nhwɛsofo pa ma mmofra?
20 Aberantewaa Timoteo yɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ wɔkamfo ampa! Ná ɔyɛ Paulo hokafo nokwafo a otumi de ne ho to no so a na ɔbata ne ho wɔ bere a eye ne nea enye nyinaa mu, ɔboaa no wɔ asɛnka adwuma no mu a na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛkɔ akɔsom wɔ baabiara a ɔbɛsoma no. Ɔde nea wɔfrɛ no asetra a ɛfata wɔ fie no bɔɔ afɔre, na akomatɔyam bɛn ara na ne bra a ɔbɔe wɔ Onyankopɔn som mu no de brɛɛ no sɛɛ yii! Ná Timoteo ‘nte ase mma ne ho, na mmom ma Kristo a owu maa no no’ ampa. (2 Korintofo 5:15) So biribi ka wo ma wusuasua ne nhwɛso no?
Tra Ase Ma Onyankopɔn Wiase Foforo No
21. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Timoteo dwen honhom fam nneɛma ho?
21 Nea ɛno kyerɛ ne sɛ na Timoteo retra ase ama Onyankopɔn wiase foforo no. Ɛnyɛ nea na osusuw ho ara ne ɛha yi ne mprempren de na mmom sɛnea ɔde n’asetra bedi dwuma wɔ ɔkwan a ɛde mfaso a ɛtra hɔ daa bɛba so. (Mateo 6:19-21) Esiane sɛ na Timoteo agya yɛ Helani a ɛda adi sɛ ná onnye nni nti, ebia ɔhyɛɛ Timoteo sɛ onni nhomasua a ɛkɔ anim ne wiase adwuma bi akyi. Nanso esiane onyamesom pa ho ɔkyerɛkyerɛ a Timoteo nya fii ne na ne ne nena hɔ no nti, n’asetra bɛyɛɛ nea ɛfa Kristofo asafo no ho. Odii honhom fam nneɛma akyi a ɛda adi sɛ ɔyɛɛ ɔhokwafo anyɛ yiye koraa no wo bere bi mu, na ɔfatae sɛ ɔne ɔsomafo Paulo bɛsom.—2 Timoteo 1:5.
22. Ɔkwan bɛn so na School nhomawa no si asetra kwan a ɛte sɛ Timoteo de no so dua ma mmofra nnɛ?
22 Na wo nso ɛ? So wode wo mmofra bere no bedi dwuma sɛnea Timoteo yɛe no? Ná nhoma School and Jehovah’s Witnesess no reka asetra kwan a ɛte saa ho asɛm bere a ɛkyerɛkyerɛɛ mu faa Adansefo mmofra ho sɛ: “Wɔn asetra mu botae titiriw ara ne sɛ wobɛsom sɛ Onyankopon asomfo a woyɛ nnam, na wɔfa sukuukɔ sɛ mmoa a wɔde bɛyɛ eyi. Enti Wotaa paw adesua ahorow a ɛho wo mfaso a ɛbɛboa wɔn ma wɔahwɛ wɔn ho wo nnɛyi wiase no mu. Enti, ebia wɔn mu pii bɛpaw adwuma ho adesua bi anaasɛ wobɛkɔ nsaanodwuma sukuu. Sɛ wofi sukuu a, wɔpɛ sɛ wonya adwuma a ɛbɛma wɔanya kwan de wɔn adwene akɔ wɔn adwuma titiriw a ɛne Kristofo som adwuma no so.”
23. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma Kristofo mmofra sɛ wobebua asemmisa yi, a ɛne sɛ Dɛn na mede me nkwa bɛyɛ?
23 Wɔ mo a mo ani sɔ nea Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no ayɛ ama mo no ampa fam no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma mo sɛ mubebua asemmisa yi a ɛne sɛ, Dɛn na mede me nkwa bɛyɛ? Sɛ́ anka wobɛtra ase ama wo ne nea wode bɛgye w’ani mmom no, wode wo nkwa bɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ. Wobɛtra ase sɛ honhom muni, sɛnea Timoteo yɛe no.
Ntĩmu Nsemmisa
◻ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo de wiase adwuma bi di kan wɔ wɔn asetra mu?
◻ Afotu a enye bɛn na ebinom dɛ ama, nanso dɛn na yebetumi asua afi Yesu mmuae a ɔde maa Petro no mu?
◻ Akwan horow bɛn so na Yesu ne Timoteo yɛɛ abrabɔ mu nhwɛso fɛfɛ maa mmofra?
◻ Dɛn na ɛka honhom fam nneɛma ho a obi bedwen no ho?
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Ɛwom sɛ na Luka yɛ obi a wasua aduruyɛ de, nanso ɔde Kristofo nneɛma dii kan wɔ n’asetra mu