Wɔabɔ Nneɛma Afoforo!
ONYANSAFO Ɔhene Salomo kae bere bi sɛ: “Ade foforo biara nni hɔ owia ase.” (Ɔsɛnkafo 1:9) Ɛno yɛ nokware wɔ wiase a yɛte mu yi ankasa mu, nanso Yehowa honhom mu abɔde atrae a ɛhɔ sõ no nso ɛ? Obi a ɔso sen Salomo koraa, nokwarem no, ɔne onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn, bɛyɛɛ abɔde foforo a ɔda nsow wɔ saa atrae hɔ. Ɛyɛɛ dɛn na eyi bae?
Wɔ Yɛn Bere yi mu afe 29 no, onipa a ɔyɛ pɛ, Yesu, kɔe sɛ Yohane mmɔ no asu wɔ Yordan Asubɔnten no mu. “Na wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ntɛm ara na ofii nsu no mu, na hwɛ, ɔsoro bue maa no, na ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian sɛ aborɔnoma aba no so. Na hwɛ, ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.” (Mateo 3:16, 17) Enti, na onipa Kristo Yesu yɛ abɔde foforo mu nea odi kan, a wɔsraa no maa Onyankopɔn apɛdeyɛ. Akyiri yi, Yesu gyina n’afɔrebɔ wu no so bɛyɛɛ Onyankopɔn ne nnipa bi a wɔapaw wɔn ntam apam foforo bi Ntamgyinafo. Eyinom mu biara abɛyɛ “abɔde foforo,” a wɔde Oyankopɔn honhom awo wɔn ama wɔn ɔsoro anidaso, a wɔhwɛ kwan sɛ wɔne Yesu bedi hene wɔ ne soro Ahenni no mu.—2 Korintofo 5:17; 1 Timoteo 2:5, 6; Hebrifo 9:15.
Wɔ mfehaha no mu no, woaboaboa Kristofo a wɔde honhom awo wɔn asra wɔn yi ano aka wɔne Kristo abom sɛ nokware Kristofo asafo a ɛno ankasa nso yɛ abɔde foforo no. Onyankopɔn frɛɛ no fii wiase yi mu maa atirimpɔw bi, sɛnea ɔsomafo Petro ka no: “Moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ nkyerɛ.” (1 Petro 2:9) Te sɛ Onyankopɔn abɔde foforo a edi kan, Kristo Yesu no, abɔde foforo a wodi hɔ yi asɛyɛde titiriw ne sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ. (Luka 4:18, 19) Sɛ́ ankorankoro no, ɛsɛ sɛ emufo a awiei koraa no wɔn dodow ano si 144,000 no hyɛ ‘nipasu foforo a wɔbɔɔ no Onyankopɔn apɛde so wɔ nokware trenee ne ahotew nyinaa mu no.’ (Efesofo 4:24; Adiyisɛm 14:1, 3) Eyi hwehwɛ sɛ wonya ‘honhom aba” a wɔaka ho asɛm wɔ Galatifo 5:22, 23 no, na wɔde nokwaredi yɛ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no.—1 Korintofo 4:2; 9:16.
Na nnɛ mmere yi mu abɔde foforo no nso ɛ? Wɔ afe 1914 mu, sɛnea Bible bere nhyehyɛe kyerɛ no, nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 11:15 no baa mu: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade [Yehowa] ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.” Sɛ́ Ɔhene a wɔde no asi ahengua so foforo no, Kristo adeyɛ a edi kan ne sɛ otuu Satan ne n’abɔfo adaemone no fii soro tow wɔn guu asase so. Eyi de ‘nnome’ a ɛne wiase ko a edi kan ne ɔhaw ahorow a na ɛka ho no ‘baa asase so.’—Adiyisɛm 12:9, 12, 17.
Eyi bɔɔ abɔde foforo a wɔwɔ asase so no mu nkaefo no nkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa ma Yesu nkɔmhyɛ no bam: “Wɔbɛka ahenni [a wɔde asi hɔ] no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” Dɛn ne saa “awiei” no? Yesu kɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba. Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara; nanso wɔn a wɔapaw wɔn no nti wobɛtwa nna no so.”—Mateo 24:3-14, 21, 22.
Yehowa honhom kanyan n’abɔde foforo a wɔasra wɔn no ma wofii ase yɛɛ asɛnka adwuma a emu trɛw kɔ akyiri sen biara a wɔbɛyɛ wɔ asase so a adagyew nnim. Efi bɛyɛ mpem kakraa bi wɔ 1919 mu no, saa Ahenni asɛnkafo a wɔyɛ nnam yi dodow kɔɔ anim koduu 50,000 wɔ 1930 mfe no mfinimfini. Sɛnea wohyɛɛ ho nkɔm no, “wɔn nne fi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duu wiase ano.”—Romafo 10:18.
So abɔde foforo no mu nkaefo no nkutoo na wobɛboaboa wɔn ano ama nkwagye? Dabi, efisɛ nkɔmhyɛ no kae sɛ Onyankopɔn abɔfo no beso ahohiahia kɛse mframa no mu kosi sɛ wobewie afoforo a wɔne “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” anoboaboa, na ɛnyɛ honhom mu Israelfo a wɔbɛkɔ soro no nkutoo. Dɛn na ɛbɛba wɔn so? Nokwarem no, wobefi “ahohia kɛse no mu” a hwee nyɛ wɔn na wɔabenya daa nkwa mu anigye wɔ paradise asase so!—Adiyisɛm 7:1-4, 9, 14.
Anigyesɛm ne sɛ nnipakuw kɛse a wɔaboaboa wɔn ano afi nsase bɛyɛ 229 so no adɔɔso ma wɔreyɛ adu Adansefo a wɔyɛ hyew 4,500,000. Pii nso reba, sɛnea nnipa 11,431,171 a wɔbaa Yesu wu Nkaedi afe a etwaam no April 17 mu no ma ɛda adi no. Saa nnipa ɔpepem pii yi mu 8,683 a wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ abɔde foforo no mu nkaefo no nkutoo na wodii Nkaedi abodoo na wɔnom bobesã no bi. Anka saa kuw ketewaa yi mufo no nkutoo rentumi nyɛ asɛnka adwuma kɛse a ɛwɔ hɔ nnɛ yi nwie da. Nnipa ɔpepem pii a wɔyɛ nnipakuw kɛse no mufo no ne wɔn bom yɛ adwuma na ama wɔatumi ayɛ adwuma no awie. (Sefania 3:9) Bio nso, nnipakuw kɛse no mufo a wɔatete wɔn yiye ne honhom mu Israel Sodikuw no abom reyɛ nnwuma ahorow sohwɛ ne nnwuma afoforo a asɛyɛde wom mprempren, sɛnea Netinimfo a na wɔnyɛ Israelfo no ne asɔfo no boom yɛɛ adwuma de siesiee Yerusalem afasu no.—Nehemia 3:22-26.
“Ɔsoro Foforo ne Asase Foforo” Bɔ
Anigye bɛn ara na anoboaboa yi de ba sɛɛ yi! Ɛte sɛ nea Yehowa kae sɛ ɛbɛyɛ no ara pɛ: “Hwɛ, merebɔ ɔsoro foforo, na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio; na mmom, momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti: na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama ayɛ ahurusidi, ne ne man, ama ayɛ ahosɛpɛw. Na medi Yerusalem ho ahurusi, na me ho asɛpɛw me me man ho, nɛ wɔrente osu ne nteɛteɛm wɔ mu bio.” (Yesaia 65:17-19) Awiei koraa no, Yesu Kristo ne abɔde foforo no mufo a woanyan wɔn 144,000 a wɔtɔɔ wɔn fii adesamma mu wɔ mfeha 19 a atwam mu no na wɔbɛbom ayɛ ɔsoro foforo a Yehowa bɔ no. Ɛwɔ anuonyam pii koraa sen asase so nniso biara a adi tumi wɔ Yerusalem ankasa pɛn, na ɛsen Salomo bere so de no mpo. Nea ɛka ho ne Yerusalem Foforo, ɔsoro kurow a wɔaka sɛnea ɛhyerɛn ma ɛyɛ fɛ no ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 21 no.
Yerusalem Foforo no ne Kristo honhom mu ayeforo, n’akyidifo a wɔasra wɔn 144,000, a wɔkɔka wɔn Ayeforokunu no ho wɔ soro wɔ wɔn wu ne wusɔre wɔ honhom mu no akyi no. Wɔyɛ wɔn ho mfonini wɔ Adiyisɛm 21:1-4 sɛ “efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian,” kyerɛ sɛ, ɔde di dwuma de nhyira horow brɛ adesamma wɔ asase so ha. Saa kwan yi so no, nkɔmhyɛ a edi so yi nya ne mmamu: “Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”
Hwɛ sɛnea yebetumi de aseda ama sɛ Onyankopɔn rebɔ saa ɔsoro foforo no! Nea ɛne nniso horow a ɛntra hɔ nkyɛ, aporɔw, na ahaw adesemma bere tenten ni no bɔ abira no, Onyankopɔn nniso nhyehyɛe yi bɛtra hɔ daa. Abɔde foforo no ne wɔn honhom fam asefo, nnipakuw kɛse no, di Onyankopɔn bɔhyɛ foforo yi ho ahurusi: “Na sɛnea ɔsoro foforo ne asase foforo a mɛyɛ no begyina m’anim no, [Yehowa] asɛm ni, saa ara na mo asefo ne mo din begyina.”—Yesaia 66:22.
Wɔde abɔde foforo no mufo a wɔasra wɔn no asefi yi na efi “asase foforo” no ase. Ɛne adesamma abusua foforo a wosuro Nyankopɔn a wɔwɔ asase so no. Nokwarem no, nitan, nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, ɔporɔw, ne ɔbrasɛe a ɛwɔ adesamma abusua no mu nnɛ no si hia a ehia sɛ wɔyɛ nsakrae ma yenya asase so abusua foforo a ɛhyɛ ɔsoro foforo ayamyefo no akwankyerɛ ase no so dua. Ɛno ne nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ. Sɛnea wabɔ ɔsoro foforo no, saara na ɔrebɔ asase foforo no denam nnipakuw kɛse no a ɔboaboa wɔn ano sɛ wɔn a ɔde wɔn befi asomdwoe wiase foforo abusua bi ase no so. Saa abusua yi nkutoo na wobenya nkwa afi “ahohia kɛse no mu.”—Adiyisɛm 7:14.
Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɛbɛba wɔ ahohiahia kɛse no akyi? Bere a Yesu ne n’asomafo a wɔne ɔsoro foforo a ebedi asase foforo no so no mufo a wodi kan no rekasa no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Nokware mise mo sɛ mo a mubedii m’akyi awofoforo no mu no, da a onipa Ba no bɛtra n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtra nhengua dumien so.” (Mateo 19:28) Saa Yerusalem Foforo mufo 144,000 no nyinaa ne Yesu bebu adesamma ntɛn. Afei ɔdɔ besi pɛsɛmenkominya ne nitan anan mu sɛ nea wogyina so bɛhyehyɛ adesamma abusua no. Wobeyi mmusua a egu ahorow, honam ani hwɛbea, ne ɔman ho dɔ mu ɔhaw ahorow nyinaa afi hɔ. Owusɔre no bɛkɔ so de adɔfo asan aba nkwa mu. Adesamma anokwafo ɔpepepem pii bɛyɛ abusua kɛse a wɔayɛ biako, a wɔama wɔn daa nkwa wɔ asase bi a wɔasakra no ayɛ no paradise so.
Eyi bɛyɛ nea ɛsen tebea pa a wosusuw ho ara kwa. Ɛbɛyɛ abɔde a ɛbɛtra hɔ daa —‘ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu, a yɛretwɛn sɛnea ne bɔhyɛ te’! (2 Petro 3:13) Eyi yɛ anidaso a ɛyɛ nwonwa ampa, bɔhyɛ a ɛyɛ anigye a onii a ɔde mae no ne nea ɔkae sɛ, “Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo,” na ɔde nsɛm a ɛma gyidi yi nso kaa ho sɛ: “Nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”—Adiyisɛm 21:5.