Munnyina Pintinn Wɔ Kristofo Ahofadi Mu!
Galatifo Nhoma no mu Nsɛntitiriw
YEHOWA yɛ ahofadi Nyankopɔn. (2 Korintofo 3:17) Ne Ba, Yesu Kristo kae sɛ: “Mubehu nokware no, na nokware no ayɛ mo adehye.” (Yohane 8:32) Ɔsomafo Paulo kaa ahofadi ho asɛmpa no de suasuaa Kristo.—Romafo 6:18; 8:21.
Paulo nam saa nkrasɛm a ɛma ahofadi a ɔka kyerɛɛ no so tew Galatia (Roma mansin bi a ɛwɔ Asia Kumaa) asafo ahorow no wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu (47-48 Y.B.) a edi kan no mu. Na Galatifo no nim sodikuw no gyinaesi a ɛkyerɛ sɛ twetiatwa ho nhia mma Kristofo no. (Asomafo no Nnwuma 15:22-29) Nanso na Yudasom mufo no hwehwɛ sɛ wɔde wɔn kɔ nkoayɛ mu denam hyɛ a wɔhyɛe sɛ wontwa twetia no so. Enti Paulo sii Kristofo ahofadi so dua wɔ nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Galatifo no fi Korinto anaasɛ Siria Antiokia, wɔ bɛyɛ 50-52 Y.B. mu no mu. Sɛ nhwɛso no, ose: “Kristo ama yɛade yɛn ho. Enti munnyina pintinn, na mommma wɔmmfa akoayɛ kɔndua nnka mo nnhyem bio!”—Galatifo 5:1.
Paulo De Anoyi Ma wɔ Ɔsomafo a Ɔyɛ no Ho
Paulo dii kan kyerɛe sɛ ɔsomafo a ɔyɛ no ‘nam Yesu Kristo ne Onyankopɔn so.’ (1:1-2:14) Esiane adiyi bi nti, Paulo (ne Barnaba ne Tito) kɔɔ Yerusalem wɔ twetiatwa asɛm no ho. Ɛhɔ na Yakobo, Kefa (Petro) ne Yohane hui sɛ wɔama no tumi sɛ ɔnyɛ ɔsomafo mma amanaman no. Bere a Petro tew ne ho fii Amanaman mu gyidifo no ho wɔ Antiokia esiane sɛ na osuro Yudafo Kristofo a wofi Yerusalem no nti, Paulo kaa n’anim.
Wobu Obi Trenee Dɛn?
Ɔsomafo no kaa asɛm a tumi wom a ɛne sɛ ɛnam Yesu Kristo mu gyidi nkutoo so na wobetumi abu obi trenee. (2:15-3:29) Ɛnyɛ mmara nnwuma nti na Galatifo no nyaa Onyankopɔn honhom, na mmom asɛmpa no a wogye toom wɔ gyidi mu no nti. Abraham mma ankasa wɔ gyidi, nanso ankorankoro a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛda wɔn ho adi sɛ atreneefo denam ‘mmara nnwuma so no hyɛ nnuabɔ ase.’ Dɛn ntia? Efisɛ wontumi nni Mmara no so pɛpɛɛpɛ. Nokwarem no, Mmara no maa mmarato daa adi, na na ɛyɛ ‘ɔyɛnfo a ɛkyerɛ Kristo so kwan.’
Munnyina Pintinn!
Kristo nam ne wu so ‘gye wɔn a wɔwɔ mmara no ase.’ Nanso ɛsɛ sɛ n’akyidifo gyina pintinn wɔ Kristofo ahofadi mu. (4:1-6:18) Enti na ehia sɛ Galatifo no ko tia obiara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa wɔn ma wɔagye nkoayɛ kɔndua bi no. Bio nso, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ahofadi di dwuma ɔkwammɔne so, na ɛsɛ sɛ wɔkwati “ɔhonam nnwuma,” na wɔda Onyankopɔn honhom aba no adi. Wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn kɔ Mmara no nkoayɛ mu no pɛ sɛ “wɔn anim yɛ nyam ɔhonam mu,” wɔkwati ɔtaa, na wonya nea wobegyina so ahoahoa wɔn ho. Nanso, Paulo kyerɛe sɛ twetiatwa anaasɛ momonotoyɛ nyɛ hwee. Mmom no, ‘abɔde foforo yɛ biribi.’ Ɔbɔɔ mpae sɛ asomdwoe ne mmɔborɔhunu mmra Nyankopɔn Israel a ɛne saa abɔde foforo no mufo so.
Paulo nhoma a ɔde kɔmaa Galatifo no boaa wɔn ma wɔko tiaa wɔn a na wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn yɛ nkoa honhom mu no. Ɛmmra sɛ ɛbɛboa yɛn nso ma yɛada honhom aba no adi na yɛagyina pintinn wɔ Kristofo ahofadi mu.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]
Nkamaa: Paulo kyerɛwee sɛ “Obi nnhyɛ me brɛ; na meso Awurade Yesu nkamaa me nipadua mu.” (Galatifo 6:17) Tete abosonsomfo binom mu no, na wɔahyɛ nkoa agyirae na wɔde ahu wɔn wuranom. Wɔdii adwinne ahorow guu wɔn honam mu. Akyinnye biara nni ho sɛ, ayayade pii a wɔde yɛɛ Paulo nipadua esiane ne Kristofo som adwuma no nti gyaw twa ahorow bi a edi ka a ɔkae sɛ ɔyɛ Kristo akoa nokwafo a Ɔno nti wɔtaa no no ho adanse. (2 Korintofo 11:23-27) Na eyi bɛyɛ “nkamaa” a Paulo reka ho asɛm no, anaasɛ ebia na ɔresusuw tra a ɔtraa ase sɛ Kristoni a ɔda Onyankopɔn honhom aba no adi na ɔyɛ ne som adwuma no ho.
[Mfonini]
Wɔhyɛɛ Romafo nkoa ma wɔsom wɔn wuranom, nanso na Paulo yɛ Yesu Kristo akoa a ofi ne pɛ mu yɛ ade na ɔwɔ anigye