Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w01 5/1 kr. 32
  • So ‘Worehwɛ W’adagyew So Yiye’?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So ‘Worehwɛ W’adagyew So Yiye’?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
w01 5/1 kr. 32

So ‘Worehwɛ W’adagyew So Yiye’?

ƆSOMAFO Paulo tuu afeha a edi kan Kristofo a na wɔwɔ Efeso no fo sɛ: “Monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.” (Efesofo 5:15, 16) Dɛn nti na na afotu yi ho hia? Saa asɛmmisa no ho mmuae hwehwɛ sɛ yehu tebea horow a na Kristofo no hyia wɔ saa tete kurow no mu no.

Ná Efeso agye din yiye wɔ ahonyade, ɔbrasɛe, nsɛmmɔnedi bebrebe, ne adaemonesɛm mu. Afei nso, na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ no gyina nyansapɛ ho gyidi a na ɛfa bere ho no ano. Ná Helafo a wɔnyɛ Kristofo a wɔwɔ Efeso no nnye nni sɛ bere kɔ n’anim bere nyinaa. Ná Helafo nyansapɛ akyerɛkyerɛ wɔn sɛ nkwa di kyinhyia bere nyinaa. Ná obi a ɔsɛee ne bere wɔ nkwa nna biako mu no betumi asan anya ne nyinaa bio wɔ nkwa nna foforo mu. Ná nsusuwii a ɛte sɛɛ betumi ama Efesofo Kristofo ayɛ anibiannaso wɔ Yehowa bere nhyehyɛe ne bere a wɔahyɛ sɛ obefi soro abu atɛn no ho. Enti na Paulo afotu a ɛne sɛ ‘Wɔnhwɛ wɔn adagyew so yiye’ no fata.

Ná ɛnyɛ sɛ Paulo reka bere ho asɛm kɛkɛ. Hela asɛmfua a ɔde dii dwuma no kyerɛ bere a wɔahyɛ, bere pɔtẽẽ bi a wɔde yɛ biribi. Ná Paulo retu afeha a edi kan Kristofo no fo sɛ wɔmfa wɔn adagyew nni dwuma nyansam wɔ bere a aka anaa ɔdom bere a na wɔwom saa bere no mu ansa na awiei no aba na wɔannye ɔsoro mmɔborohunu ne nkwagye a wɔde ama wɔn no amfi wɔn nsam.—Romafo 13:11-13; 1 Tesalonikafo 5:6-11.

Yɛte bere a hokwan wɔ hɔ saa ara mu. Sɛ́ anka yɛbɛsɛe bere a ɛrensan mma bio yi denam bere tiaa mu anigye a wiase no de ma a yebedi akyi so no, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ Kristofo de bere a aka no bɛbɔ “onyamesom pa” ho mmɔden, na yɛnam saayɛ so ahyɛ yɛne yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ mu den.—2 Petro 3:11; Dwom 73:28; Filipifo 1:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena