Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • cf ti 17 kr. 172-181
  • ‘Obiara Nni Hɔ a Ɔwɔ Ɔdɔ a Ɛkyɛn Saa’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Obiara Nni Hɔ a Ɔwɔ Ɔdɔ a Ɛkyɛn Saa’
  • “Bra Bedi M’akyi”
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adɛn Nti Na Na Ehia Sɛ Yesu Hu Amane Na Owu?
  • Adɛn Nti Na Na Yesu Wɔ Ɔpɛ Sɛ Ɔde Ne Nkwa Bɛbɔ Afɔre?
  • “Monnodɔ Mo Ho; Sɛnea Medɔ Mo No”
  • Ɔdɔ a Ɛma Obi Tumi Wu Ma Ne Nua No, Yɛbɛyɛ Dɛn Anya Bi?
  • Ɔdɔ a Yɛbɛda No Adi Wɔ Asafo No Ne Abusua Mu
  • Dɛn Na Wobɛyɛ?
  • Suasua Yesu Na Boa Afoforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • So Wobɛkyerɛ Yesu Dɔ No Ho Anisɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • So Woka Wɔn A Onyankopɔn Dɔ Wɔn No Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • “Monkɔ So Nnantew Ɔdɔ Mu”
    Bɛn Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
“Bra Bedi M’akyi”
cf ti 17 kr. 172-181

TI 17

‘Obiara Nni Hɔ a Ɔwɔ Ɔdɔ a Ɛkyɛn Saa’

Pontio Pilato ateɛ ne nsa akyerɛ Yesu so. Wɔakyekyere Yesu nsa, na ɔhyɛ ataade afasebiri ne ahenkyɛw a wɔde nsɔe ayɛ.

1-4. (a) Bere a Pilato de Yesu maa basabasayɛfo a wɔn bo afuw a wɔgyinagyina amrado no ahemfie adiwo no, dɛn na esii? (b) Animguase ne amane a Yesu hui no, ɔyɛɛ n’ade sɛn wɔ ho, na nsɛmmisa a ɛho hia bɛn na wei de ba?

“MONHWƐ! Ɔbarima no ni!” Asɛm yi na Roma Amrado, Pontio Pilato kae bere a ɔde Yesu Kristo kyerɛɛ basabasayɛfo bi a wɔn bo afuw. Ná ɛyɛ anɔpa, da a wɔbedi Twam Afahyɛ no wɔ afe 33 Y.B., na na basabasayɛfo no abɔ kyenku wɔ amrado no ahemfie adiwo. (Yohane 19:5) Nna kakraa bi ansa na asɛm yi resi no, Yesu de nkonimdi kowuraa Yerusalem sɛ Ɔhene a Onyankopɔn apaw no no, na nnipadɔm no bɔ gyee no so. Nanso saa anadwo yi de, na nnipadɔm koro yi ara atwa wɔn ho resɔre tia no.

2 Ná wɔahyɛ Yesu ataade afasebiri bi a ɛte sɛ nea adehye hyɛ, na na wɔde ahenkyɛw ahyɛ ne ti. Saa bere no, na wɔabɔ Yesu mmaa ama honam a ɛwɔ n’akyi no atetew, enti na ne ho repram mogya. Ahenkyɛw no nso, nsɔe na na wɔde anwene, na na wɔamia so de ahyɛ ne ti ama ne ti ho repram mogya. Nanso ataade ne ahenkyɛw a wɔde hyɛɛ no no nyinaa, na wɔde redi ne ho fɛw efisɛ na waka sɛ odi hene. Asɔfo mpanyin no piapiaa nkurɔfo no ma wɔpoo ɔbarima a wɔapirapira no a na ogyina wɔn anim no. Asɔfo no teɛteɛɛm sɛ: “Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!” Nnipadɔm a na awudisɛm ahyɛ wɔn koma ma no nso teɛteɛɛm sɛ: “Ɛsɛ sɛ owu.”—Yohane 19:1-7.

3 Animguase ne amanehunu a Yesu faa mu no nyinaa, wannwiinwii, na mmom ɔde akokoduru yɛɛ dinn gyinaa mu.a Ná wayɛ krado sɛ obewu. Ná saa da no yɛ da a wɔdi Twam no, na ofii ne pɛ mu ma wɔkum no yayaayaw wɔ asɛndua so.—Yohane 19:17, 18, 30.

4 Yesu nam ne nkwa a ɔde bɔɔ afɔre no so kyerɛe sɛ, ɔyɛ n’akyidifo no adamfo ampa. Ɔkaa sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔwɔ ɔdɔ kyɛn obi a ɔde ne nkwa to hɔ ma ne nnamfo.” (Yohane 15:13) Wei kɔfa nsɛmmisa a ɛho hia bi ba. Wohwɛ a, na ehia sɛ Yesu fa saa amanehunu no nyinaa mu na afei owu? Adɛn nti na na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ saa? Yɛn a yɛyɛ “ne nnamfo” ne n’akyidifo no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua ne nhwɛso no?

Adɛn Nti Na Na Ehia Sɛ Yesu Hu Amane Na Owu?

5. Ɛyɛɛ dɛn na Yesu hui sɛ, sɔhwɛ wei ne wei na ɛbɛtoto no?

5 Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no, enti na onim nea ɛbɛto no. Nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a ɛka amane a Mesia no behu, ne owu a obewu no nyinaa, na onim ɛho asɛm. (Yesaia 53:3-7, 12; Daniel 9:26) Sɔhwɛ a na ɛbɛtoto no no, ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo no mpɛn pii na ama wɔada wɔn ho so. (Marko 8:31; 9:31) Bere a na ɔrekɔ Yerusalem akodi Twam Afahyɛ a etwa to wɔ n’asetena mu no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo no pen sɛ: “Wobeyi onipa Ba no ama asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no, na wobebu no fɔ akum no. Na wobeyi no ama amanaman mufo, na wobedi ne ho agoru atetew ntasu agu no so na wɔabɔ no mmaa, na wɔakum no.” (Marko 10:33, 34) Ná ɛnyɛ agorɔ bi na Yesu redi. Sɛnea yɛahu no, wɔdii Yesu ho fɛw, wɔtetew ntasu guu ne so, wɔhwee no, na wɔkum no ampa.

6. Adɛn nti na na ehia sɛ Yesu hu amane na owu?

6 Ɛnde, adɛn nti na na ɛho hia sɛ Yesu hu amane na owu? Nneɛma atitiriw pii ntia. Nea edi kan, sɛ Yesu di nokware a, na ɛbɛkyerɛ sɛ n’abrabɔ di mu, na na ɛbɛma watew Yehowa din ho nso. Kae sɛ, Satan dii atoro kaa sɛ nea nnipa nya fi Onyankopɔn hɔ nti na wɔsom no. (Hiob 2:1-5) Yesu nam nokware a odi “kosii owu mu, asɛndua so wu mu” no so ma wɔnyaa asɛm buaa Satan sobo a enni nnyinaso biara no. (Filipifo 2:8; Mmebusɛm 27:11) Nea ɛtɔ so mmienu, na amane a Mesia no behu, ne owu a obewu no bɛpata ama nnipa bebree bɔne. (Yesaia 53:5, 10; Daniel 9:24) Yesu de “ne nkwa ayɛ agyede de agye nnipa bebree,” na abue hokwan sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne Onyankopɔn ntam bɛyɛ kama. (Mateo 20:28) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, esiane ahokyere ne amanehunu a Yesu faa mu nti, “wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara.” Ɛnam so ma wabɛyɛ Ɔsɔfo Panyin a ɔwɔ mmɔborɔhunu, na otumi “te yɛn mmerɛwyɛ ase.”—Hebrifo 2:17, 18; 4:15.

Adɛn Nti Na Na Yesu Wɔ Ɔpɛ Sɛ Ɔde Ne Nkwa Bɛbɔ Afɔre?

7. Dɛn na Yesu de bɔɔ afɔre ansa na ɔreba asaase so?

7 Nea ɛbɛyɛ na yɛate nea enti a na Yesu wɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne nkwa bɛbɔ afɔre ase no, dwennwen wei ho hwɛ: Onipa bɛn na obegyaw n’abusua ne ne fie hɔ, atu kwan akɔ ɔman foforo so bere a onim sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no bɛpo no, wɔbegu n’anim ase ayɛ no basabasa, na awiei koraa no, wɔakum no? Afei, susuw nea Yesu yɛe no ho hwɛ. Ansa na ɔreba asaase so no, na ɔwɔ hokwan soronko wɔ n’Agya nkyɛn. Nanso, Yesu fii ne pɛ mu fii baabi a na ɔte wɔ soro no baa asaase so bɛyɛɛ onipa. Ná onim sɛ nnipa dodow no ara bɛpo no na wɔagu n’anim ase ayɛ no ayayade, na awiei koraa no wɔakum no yayaayaw. Nanso ne nyinaa mu no, osii gyinae sɛ ɔbɛba asaase so. (Filipifo 2:5-7) Dɛn na ɛkaa Yesu ma ɔde ne ho bɔɔ afɔre saa?

8, 9. Dɛn na ɛkaa Yesu ma ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre?

8 Nea ɛkaa Yesu sen biribi foforo biara ne ɔdɔ kɛse a ɔwɔ ma n’Agya no. Yesu miaa n’ani gyinaa sɔhwɛ ano de kyerɛe sɛ ɔdɔ Yehowa. Ɔdɔ a na Yesu wɔ ma n’Agya nti, na n’Agya din a ɛho bɛtew, ne hu a nkurɔfo behu Yehowa yiye no ho hia no paa. (Mateo 6:9; Yohane 17:1-6, 26) Nanso nea na Yesu dwen ho kɛse paa ne sɛ, obehu sɛ atosɛm biara a Satan aka afa Yehowa din ho no, wɔabɔ ne nyinaa agu. Enti, Yesu huu no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse ma no sɛ trenee nti obehu amane, efisɛ na onim sɛ, sɛ odi nokware a, ɛbɛboa ama wɔatew n’Agya din a ɛsom bo no ho.—1 Beresosɛm 29:13.

9 Ade foforo a ɛkaa Yesu ma ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre ne sɛ, na ɔdɔ adasamma. Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa pɛ, ɛnna Yesu fii ase nyaa ɔdɔ maa wɔn. Sɛnea na ɔte nka ma nnipa bere a onnya mmaa asaase so koraa no, Bible ka ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Nnipa mma na na wɔda me koma so.” (Mmebusɛm 8:30, 31) Bere a ɔbaa asaase so no, biribiara a ɔyɛe ma ɛdaa adi sɛ ɔdɔ nnipa ampa. Sɛnea yehui wɔ nhoma yi ti 14 besi ti 16 no, Yesu faa akwan pii so maa nnipa nyinaa hui sɛ ɔdɔ wɔn, nkanka n’akyidifo no. Nanso, wɔ Nisan 14, afe 33 Y.B. mu no, ofii ne pɛ mu de ne nkwa bɔɔ afɔre maa yɛn. (Yohane 10:11) Nokwarem no, na ɔkwan foforo biara nni hɔ a ɔbɛfa so ada ne dɔ adi asen nea ɔyɛe yi. Wohwɛ sɛnea ɔdaa ɔdɔ adi yi a, ɛnsɛ sɛ yesuasua anaa? Yiw. Nokwasɛm ne sɛ, wɔama yɛn ahyɛde sɛ yɛnyɛ saa.

“Monnodɔ Mo Ho; Sɛnea Medɔ Mo No”

10, 11. Ahyɛde foforo bɛn na Yesu de maa n’akyidifo, na ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn, na adɛn nti na ɛho hia sɛ yedi so?

10 Anadwo a Yesu rebewu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo a wɔbɛn no paa no sɛ: “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:34, 35) “Monnodɔ mo ho”—adɛn nti na ɛyɛ “ahyɛde foforo”? Ná Mose Mmara no adi kan aka sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Leviticus 19:18) Nanso, na ahyɛde foforo no hwehwɛ sɛ yenya ɔdɔ a ɛsen saa koraa, ɔdɔ a ɛbɛka yɛn ama yɛde yɛn ankasa nkwa abɔ afɔre ama afoforo. Yesu ankasa maa wei mu daa hɔ bere a ɔkaa sɛ: “M’ahyɛde ne sɛ, monnodɔ mo ho sɛnea medɔ mo no. Obiara nni hɔ a ɔwɔ ɔdɔ kyɛn obi a ɔde ne nkwa to hɔ ma ne nnamfo.” (Yohane 15:12, 13) Enti, nea ahyɛde foforo no kyerɛ ne sɛ: “Ɛnyɛ sɛ wobɛdɔ afoforo te sɛ wo ho kɛkɛ, na mmom ɛsɛ sɛ wodɔ wɔn sen wo ho.” Yesu nam sɛnea ɔbɔɔ ne bra, ne wu a obewui no so ma yehuu nea saa ɔdɔ yi kyerɛ ankasa.

11 Adɛn nti na ɛho hia sɛ yedi ahyɛde foforo yi so? Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yesu kaa sɛ: “[Ɛno, kyerɛ sɛ ɔdɔ a ɛbɛma yɛawu ama afoforo no,] na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.” Ampa, ɔdɔ a etumi ka yɛn ma yewu ma afoforo no, ɛno na ɛma nkurɔfo hu sɛ yɛyɛ nokware Kristofo. Saa ɔdɔ yi, yebetumi de atoto baagye a yɛn din wɔ so ho. Wɔn a wɔkɔ Yehowa Adansefo nhyiam a yɛyɛ no afe biara no bɔ baagye. Sɛ obi bɔ baagye no bi a, ɛma wɔhu ne din ne asafo a ofi mu. Saa ara na ɔdɔ a efi koma mu a yɛda no adi kyerɛ afoforo no nso te. Ayɛ sɛ “baagye” a ɛma obiara hu sɛ yɛyɛ nokware Kristofo. Ɔkwan foforo so no, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho ara ma obiara hu sɛ ɔdɔ no ayɛ sɛ ahyɛnsode anaa baagye a ɛma obiara hu sɛ yɛyɛ Kristo akyidifo ampa. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Nkurɔfo tumi hu sɛ mebɔ “baagye” a ɛkyerɛ sɛ medɔ me nuanom ara ma sɛ ɛba owu mpo a, mewu ama wɔn anaa?’

Ɔdɔ a Ɛma Obi Tumi Wu Ma Ne Nua No, Yɛbɛyɛ Dɛn Anya Bi?

12, 13. (a) Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no, ɛsɛ sɛ emu yɛ den kodu he? (b) Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yesu dɔ no bi?

12 Yɛn a yɛyɛ Yesu akyidifo no, ehia sɛ yɛdodɔ yɛn ho sɛnea Yesu dɔɔ yɛn no. Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma mu de yɛn ho bɔ afɔre ma yɛn nuanom Kristofo. Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ saa kodu he? Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nea ama yɛahu nea ɔdɔ kyerɛ ne sɛ, ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn, na yɛn nso, ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛde yɛn nkwa to hɔ ma yɛn nuanom.” (1 Yohane 3:16) Sɛnea Yesu yɛe no, sɛ ɛho behia a, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yebewu ama yɛn ho yɛn ho. Sɛ yehyia ɔtaa a, yɛde yɛn nkwa bɛto asiane mu ma wɔakum yɛn mmom sen sɛ yebeyi yɛn nuanom Kristofo ama ma wɔakum wɔn. Aman bi wɔ hɔ a wobɛhwɛ no, na aborɔfo ne abibifo reko, anaa wobɛhwɛ no, na abusua bi mufo atwa wɔn ho reko. Ɛba saa a, sɛ ɛsono abusua a yɛn nuanom fi mu, anaa ɛsono wɔn honam ani kɔla mpo a, yɛde yɛn nkwa to asiane mu bɔ wɔn ho ban. Sɛ ɔko si a, yɛbɛma kwan ama wɔde yɛn agu afiase anaa wɔakum yɛn mpo sen sɛ yɛbɛfa akode ako atia yɛn nuanom a yɛne wɔn som anaa nnipa afoforo.—Yohane 17:14, 16; 1 Yohane 3:10-12.

13 Sɛ yɛka sɛ obi wɔ ɔdɔ a ɛma otumi wu ma ne nua a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ obefi ne pɛ mu de ne nkwa abɔ afɔre ama ne nua. Ade yi, yɛn mu kakraa bi na ebia yebehyia sɔhwɛ a ɛte saa. Nanso sɛ yɛwɔ ɔdɔ a ebetumi ama yɛawu ama yɛn nuanom a, ɛnde ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu nso de nneɛma afoforo bɔ afɔre ma wɔn seesei, na yɛyɛ nneɛma ahorow de boa wɔn. Saa ɔdɔ a yɛreka ho asɛm yi hwehwɛ sɛ yɛde nneɛma bi a ɛbɛma yɛn ho atɔ yɛn to nkyɛn, na yɛatumi aboa nkurɔfo. Ɛsɛ sɛ yesusuw wɔn ahiade ne wɔn yiyedi ho sen yɛn ankasa yɛn de. (1 Korintofo 10:24) Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ a ebetumi ama yɛawu ama yɛn nuanom?

Ɔdɔ a Yɛbɛda No Adi Wɔ Asafo No Ne Abusua Mu

14. (a) Dɛn na ehia sɛ asafo mu mpanyimfo de bɔ afɔre? (b) Asafo mu mpanyimfo a wɔyɛ adwumaden wɔ w’asafo mu no, wote nka sɛn wɔ wɔn ho?

14 Asafo mu mpanyimfo de nneɛma pii bɔ afɔre na wɔatumi ‘ayɛn Onyankopɔn nguankuw’ no. (1 Petro 5:2, 3) Wɔn mmusua a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn akyi no, ebia ɛho behia sɛ wɔgye bere anwummere anwummere anaa nnawɔtwe awiei de di asafo no nsɛm ho dwuma. Saa nnwuma yi bi ne asafo nhyiam dwumadi ahorow a wɔsua kɔyɛ, nguankuw no a wɔkɔsrasra wɔn, ne wɔn a wɔayɛ bɔne a wɔboa wɔn. Mpanyimfo pii yɛ nnwuma afoforo ka ho. Ebinom yɛ adwumaden wɔ amansin ne amantam nhyiam ase, anaa wɔsom sɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw mufo, ne Ayarefo Nsrahwɛ Akuw mufo. Ɛnna afoforo nso yɛ atuhoamafo a adansi dwumadibea apaw wɔn. Asafo mu mpanyimfo, mommma mo werɛ mmfi da sɛ, sɛ mufi mo komam de mo bere, mo ahoɔden, ne mo ahode hwɛ nguankuw no a, ɛkyerɛ sɛ mowɔ ɔdɔ a ebetumi ama moawu ama wɔn. (2 Korintofo 12:15) Ɔdɔ kɛse a moda no adi no, ɛnyɛ Yehowa nko ara na n’ani sɔ, na mmom mo nuanom a mohwɛ wɔn so no nso ani sɔ.—Filipifo 2:29; Hebrifo 6:10.

15. (a) Nneɛma a asafo mu mpanyimfo yerenom de bɔ afɔre no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Anuanom mmea a wɔtaa wɔn kununom akyi ma wɔtumi yɛ asafo nnwuma a ɛhyehyɛ wɔn nsa, na wɔma wɔnya kwan som asafo no, wuhu wɔn sɛn?

15 Asafo mu mpanyimfo yerenom nso ɛ? Wɔn nso taa wɔn kununom akyi ma wɔtumi yɛ asafo nnwuma a ɛhyehyɛ wɔn nsa no, na wɔde nneɛma bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn kununom betumi ahwɛ nguankuw no so. Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ ɔbea bi kunu de bere a anka ɔde bɛhwɛ n’abusua no di asafo no ahiade ho dwuma a, na ɔbea no de nneɛma rebɔ afɔre. Afei, nneɛma a amansin so ahwɛfo yerenom de bɔ afɔre na wɔatumi adi wɔn kununom akyi akɔ asafo ahorow ne ɔmansin ahorow mu no, susuw ho hwɛ. Wɔntena faako, na mmom wɔkyinkyin, na ɛtɔ da mpo a wɔda mpa foforo so nnawɔtwe biara. Ɔyerenom a wɔfi wɔn komam de asafo no ahiade di wɔn ankasa de anim kan no fata nkamfo paa, efisɛ nea wɔyɛ no kyerɛ sɛ wɔwɔ ɔdɔ a ebetumi ama wɔawu ama wɔn nuanom.—Filipifo 2:3, 4.

16. Nneɛma bɛn na Kristofo a wɔyɛ awofo de bɔ afɔre ma wɔn mma?

16 Ɔdɔ a ebetumi ama yɛawu ama yɛn nuanom no, yɛbɛyɛ dɛn ada no adi akyerɛ yɛn abusua? Awofo, mode nneɛma pii bɔ afɔre na ama moatumi ahwɛ mo mma, na moatete wɔn wɔ “Yehowa nteɛso ne ne kasakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Ebia ɛho behia sɛ mode nnɔnhwerew pii yɛ adwumaden sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya aduan ama mo abusua, na ama mmofra no anya ntaade a wɔbɛhyɛ ne baabi a wɔbɛda nso. Mode nneɛma pii kame mo ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mo mma betumi anya nneɛma a wɔhia wɔ asetenam. Mobɔ mmɔden nso ne mo mma sua ade, mode wɔn kɔ Kristofo nhyiam, na mo ne wɔn bom kɔ asɛnka nso. (Deuteronomium 6:6, 7) Sɛnea mufi mo komam da ɔdɔ a ɛte saa adi no, Onyankopɔn a ɔhyehyɛɛ abusua no ani gye ho, na ebetumi nso ama mo mma no anya daa nkwa.—Mmebusɛm 22:6; Efesofo 3:14, 15.

17. Kristofo a wɔyɛ okununom bɛyɛ dɛn asuasua sɛnea Yesu fi ne koma mu daa ɔdɔ adi no?

17 Ɔdɔ a ebetumi ama yɛawu ama yɛn nuanom no, okununom bɛyɛ dɛn asuasua Yesu de no? Bible no de ho mmuae ma sɛ: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne nkwa too hɔ maa asafo no.” (Efesofo 5:25) Sɛnea yɛahu no, na Yesu dɔ n’akyidifo paa ma enti, owu maa wɔn. Yesu “anyɛ nea ɔno ara pɛ,” enti ɛsɛ sɛ okunu a ɔyɛ Kristoni suasua Yesu na ɔde n’ankasa apɛde to nkyɛn. (Romafo 15:3) Okunu a ɔte saa no fi ne pɛ mu yɛ nea ne yere hia ma no ansa na wadwen ɔno ara ne ho. Ɔnyɛ kyenkyenenn, na ɔnka sɛ nea ɔka nko ara na ɛwom. Sɛ biribi ni, na sɛ ɛnto Bible nnyinasosɛm biara a, ogyaa mu ma no ka. Okunu a ofi koma mu da ɔdɔ a ɛte saa adi no, onya Yehowa anim dom, ne yere ne ne mma bu no, na wɔdɔ no nso.

Dɛn Na Wobɛyɛ?

18. Ahyɛde foforo a ɛne sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no, dɛn na ɛka yɛn ma yedi so?

18 Ahyɛde foforo a ɛne sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebedi so. Nanso biribi wɔ hɔ a epusuw yɛn paa ma yɛyɛ saa. Paul kyerɛw ho asɛm sɛ: “Ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn, efisɛ nea yɛahu ne sɛ, ɔbaakofo wu maa obiara . . . , na owu maa obiara, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio, na mmom wɔbɛtena ase ama nea owu maa wɔn na wonyan no no.” (2 Korintofo 5:14, 15) Esiane sɛ Yesu wu maa yɛn nti, wohwɛ a ɛnsɛ sɛ yɛtena ase ma no anaa? Sɛ yesuasua no na yenya ɔdɔ a ebetumi ama yɛawu ama yɛn nuanom a, ɛno bɛkyerɛ sɛ yɛretena ase ama no.

19, 20. Akyɛde a ɛsom bo bɛn na Yehowa de ama yɛn, na yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yegye tom?

19 Bere a Yesu kaa sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔwɔ ɔdɔ kyɛn obi a ɔde ne nkwa to hɔ ma ne nnamfo” no, ɛnyɛ sɛ na ɔregugu nsɛm mu. (Yohane 15:13) Ne pɛ mu a ofi de ne nkwa bɔɔ afɔre maa yɛn no yɛ ɔkwan a ɛsen biara a ɔfaa so kyerɛɛ yɛn sɛ ɔdɔ yɛn. Nanso, obi foforo ada ɔdɔ a ɛsen saa mpo adi akyerɛ yɛn. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no ansɛe, na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Onyankopɔn dɔ yɛn paa ma enti ɔde ne Ba no mae sɛ agyede, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi agye yɛn afi bɔne ne owu mu. (Efesofo 1:7) Agyede no yɛ akyɛde a ɛsom bo a efi Yehowa hɔ, nanso ɔnhyɛ yɛn sɛ yennye ntom.

20 Yɛn na ɛsɛ sɛ yesi gyinae sɛ yebegye Yehowa akyɛde yi atom. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ ‘yegye [ne Ba] no di.’ Nanso, yɛn ano kɛkɛ a yɛde bɛka sɛ yɛwɔ gyidi no ara nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ yɛde sɛnea yɛbɔ yɛn bra no nso kyerɛ saa. (Yakobo 2:26) Sɛ yedi Yesu Kristo nhwɛso akyi da biara da a, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ yegye no di. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛanya nhyira pii nnɛ ne daakye, sɛnea nhoma yi ti a etwa to no bɛkyerɛkyerɛ mu no.

a Saa da no, wɔtetew ntasu guu Yesu so mprenu. Nyamesom akannifo no na wɔdii kan yɛɛ saa, na afei Roma asraafo no nso yɛɛ bi. (Mateo 26:59-68; 27:27-30) Yesu gyinaa animtiaabu a ɛte saa ano a wankasa, na ɛmaa nkɔmhyɛ yi baa mu: “Mamfa m’anim anhintaw animguase ne ntasu.”—Yesaia 50:6.

Wobɛyɛ Dɛn Adi Yesu Akyi?

  • Dɛn na Yesu kae sɛ n’akyidifo no nyɛ mfa nkyerɛ sɛ wɔwɔ ɔdɔ a ebetumi ama wɔawu ama wɔn nua?—Mateo 16:24-26.

  • Adɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛde yɛn ho bɔ afɔre ma afoforo?—Marko 10:23-30.

  • Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ɔne Oguanhwɛfo Pa no, na dɛn na Kristofo asafo no mu mpanyimfo betumi ayɛ de asuasua no?—Yohane 10:11-15.

  • Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Yesu de akyerɛ sɛ yɛkum yɛn ho ma yɛn nua?—1 Yohane 3:17, 18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena