Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g16 nɔma 6 kr. 8-9
  • Wobɛyɛ Dɛn Abu Wo Kunu Anaa Wo Yere?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wobɛyɛ Dɛn Abu Wo Kunu Anaa Wo Yere?
  • Nyan!—2016
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆHAW NO
  • NEA ƐSƐ SƐ WUHU
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • Nneɛma Abien a Ɛma Aware Gyina Daa
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • 3 Munnya Obu Mma Mo Ho
    Nyan!—2018
  • Dɛn Na Woyɛ a Ɛde Anigye Bɛba W’abusua Mu?—Ɔfã 1
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2016
g16 nɔma 6 kr. 8-9
Awarefo bi ato nsa afrɛ wɔn nnamfo; ɔbaa no atwa ne kunu ano

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Wobɛyɛ Dɛn Abu Wo Kunu Anaa Wo Yere?

ƆHAW NO

Ɔbarima no ka sɛ: “Yɛwaree foforo no na yɛn adwene nhyia koraa. Sɛ yɛrefa adwene a ɛsono nea obiara ani kyerɛ. Ɛwom sɛ obiara asɛm tɔ asom nanso sɛnea me yere bɛka asɛm no, na ɛhaw adwene kakra.”

Ɔbaa no ka sɛ: “Baabi a mifi deɛ, obiara kasa ano yɛ den. Sɛ obi rekasa na wohwɛ n’anim a, wobɛka sɛ ne bo afuw nanso na ne bo mfuwii. Afei sɛ obi rekasa a, yetumi twa n’ano. Sɛ obi yɛ saa a, yɛn deɛ yenhu no sɛ ommu ade. Nanso baabi a me kunu fi deɛ, ɛnte saa koraa.”

Aware deɛ, anigye bɛba mu a, gye sɛ obiara bu ne yɔnko. Saa nokwasɛm yi deɛ, obiara ntumi nnye ho akyinnye. Dɛn na wobɛyɛ ama wo kunu anaa wo yere ahu sɛ wubu no?

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Sɛ ɔbarima hu sɛ ne yere bu no a, na wawie no koraa. Bible tu mmarima fo sɛ: “Sɛ́ ankorankoro no, mo mu biara nnɔ ne yere sɛ ne ho.” Mmaa no nso, etu wɔn fo sɛ: “Ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.” (Efesofo 5:33) Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ okunu bu ne yere, nea yɛreka ara ne sɛ sɛ ɔyere nya obu mapa ma ne kunu a, ɛma barima no home ka ne ho paa. Barima warefo bi a ɔde Carlosa kaa sɛ, “Sɛ ɔbarima hu sɛ ne yere bu no sɛ otumi di nneɛma ho dwuma, na otumi hwɛ n’abusua a, ɛhyɛ ɔbarima no den paa.” Sɛ ɔbaa bu ne kunu a, ɛnyɛ ɔbarima no nko ara na onya so mfaso, ɛma ɔbaa no nso ani gye. Ɔbaa warefo bi nso a yɛfrɛ no Corrine kaa sɛ, “Sɛ meyɛ biribi ma me kunu hu sɛ mibu no a, ɛma ɔdɔ me paa; ɔnte me ho gyae.

Mmaa nso fata obu. Yɛka saa a yɛmmoa, efisɛ ɔbarima biara nni hɔ a obetumi adɔ ɔbaa a ɔmfa no nyɛ hwee. Daniel yɛ ɔbarima warefo. N’asɛm ne sɛ, “Sɛ mihu nea ɛwɔ me yere komam a, ɛnsɛ sɛ mibu m’ani gu so. Sɛ ɔkyerɛ n’adwene wɔ biribi ho na mante n’ase na mmom miyi m’ani a, ɛno rentumi nsesa n’adwene.”

Wo kunu anaa wo yere na obetumi akyerɛ sɛ wubu no. Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛ wubu wo kunu anaa wo yere a, ɛnyɛ wo na wobɛkyerɛ; ɔno mmom na ɔbɛkyerɛ. Wei ne ade a ɔbaa a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no hui. N’asɛm no wɔ asɛmti ketewa a ɛne “Ɔhaw No” ase. Ɔkaa sɛ: “Meyɛ biribi na manhu sɛ asɛm wɔ ho, nanso ɛhaw me kunu a, mihu sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ ho biribi.”

NEA WUBETUMI AYƐ

  • Fa krataa na kyerɛw wo kunu anaa wo yere suban mmiɛnsa a ɛyɛ wo fɛ paa. Ade a ɛwɔ wo kunu anaa wo yere ho a woahu no, ɛno na ebetumi aboa wo ama woabu no.

  • Yi nnawɔtwe baako si hɔ na fa (wo ara wo suban) toto nea edidi so yi ho hwɛ.

W’anom nsɛm. Nnipa bi yɛɛ nhwehwɛmu bi, na wohui sɛ, Awarefo a wɔn ani gye paa no, wuhu sɛ wɔtaa kamfo wɔn ho. Sɛ ntɔkwaw ba wɔn ntam mpo a, wɔnkasa ntia wɔn ho. Nanso awarefo a wɔn ani nnye anaa mpo wɔn aware betumi agu no, wohwɛ mu paa a, wɔntaa nkamfo wɔn ho; kasatia nko ara.b​—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 12:18.

Bisa wo ho sɛ: ‘Me ne me kunu anaa me yere rekasa a, obu wom? Metaa kamfo me kunu anaa me yere sen sɛnea mekasa tia no? Sɛ mepɛ sɛ mekyerɛ m’adwene wɔ biribi ho, anaa biribi nkɔ yiye na mereka a, meka no sɛn?’ Mmuae a wobɛma wɔ nsɛm yi ho no, sɛ yebisa wo kunu anaa wo yere a, obegye atom anaa?​—Bible mu asɛm: Kolosefo 3:13.

Sɔ wei hwɛ: Fa si w’ani so sɛ anyɛ yiye koraa no, da biara wobɛkamfo wo kunu anaa wo yere ansa na ade akye. Wubetumi ayɛ wei ahwɛ: San hwɛ wo hokafo suban a w’ani gye ho no, na bɔ mmɔden sɛ wubegyina so akamfo no daa.​—Bible mu asɛm: 1 Korintofo 8:1.

Wo Nneyɛe. Ɔbaa warefo bi a yɛfrɛ no Alicia kaa sɛ: “Mewɔ fie a, minnya me ho twabere koraa. Enti sɛ me kunu amfa nneɛma antoto basabasa, afei odidi wie na ɔhohoro ne kyɛnsee mu a, ɛma mihu sɛ n’ani sɔ nea meyɛ nyinaa na obu me.”

Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛnea meyɛ me kunu anaa me yere no, ɛkyerɛ sɛ mibu no anaa? Mema no hu sɛ mewɔ ne ho adagyew na mewɔ hɔ ma no?’ Mmuae a wobɛma wɔ nsɛm yi ho no, sɛ yebisa wo kunu anaa wo yere a, obegye atom anaa?

Sɔ wei hwɛ: Fa krataa kyerɛw nneɛma mmiɛnsa a wo hokafo yɛ a ɛbɛma woahu sɛ obu wo. Ma wo kunu anaa wo yere nso nkyerɛw ne deɛ. Afei obiara mfa ne deɛ mma ne yɔnko mma obiara nhu nea ne yɔnko pɛ. Sɛ wunya hu a, bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nea ɔpɛ ama no. Nea ehia ara ne sɛ mo mu baako bedi kan atu ho anammɔn.

a Yɛasesa edin no bi.

b Efi Ten Lessons to Transform Your Marriage nhoma no mu.

KYERƐWSƐM ATITIRIW

  • “Ɛwɔ nea otu nsɛm bumbum sɛ nkrante a ɛwowɔ, na anyansafo tɛkrɛma de, ɛsa yare.”​—Mmebusɛm 12:18.

  • “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora.”​—Kolosefo 3:13.

  • “Ɔdɔ ma nkɔso.”​—1 Korintofo 8:1.

Brian ne Serina

Brian ne Serina

“Ɔbaa deɛ, ɛno ara ne sɛ wobɛma no ahu sɛ wubu no. Sɛ ɔyɛ fie nnwuma a, kyerɛ ho anisɔ. Ne suban nso, ma no nhu sɛ ɛyɛ wo fɛ, na ɔsom bo ma wo.”​—Brian

Austin ne Carly

Austin ne Carly

“Aware a obu nnim no, ɛnyɛ aware. Kyerɛ sɛ, anigye remma mu da. Nea ɛwom ara ne wati-me waka-me, mekɔe anaa mebae.”​—Carly

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena