Yɛne Onyankopɔn Ntam Asomdwoe A Yebenya Denam Ahosohyira Ne Asubɔ So
“Na [Yehowa] ka kyerɛɛ no sɛ: . . . na obiara a wɔahyɛ no agyirae no de, monnka no.”—Hesekiel 9:4, 6
1, 2. (a) Dɛn nti na asomdwoe nni Onyankopɔn ne nnipa ntam? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ obiara nya saa asomdwoe no bi?
SƐ́ YEBENYA asomdwoe wɔ yɛne Onyankopɔn ntam? Dɛn nti? Nnipa kakraa bi na wosusuw sɛ ntawntawdi bi wɔ wɔne Onyankopɔn ntam. Nanso, so ebetumi aba sɛ obi bɛyɛ Onyankopɔn tamfo ankasa bere a onnim ho hwee anaa? Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ afeha a edi kan Kristofo no sɛ: “Wɔn mu na anka yɛn nyinaa nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso.”—Efesofo 2:3.
2 Saa ara na nnɛ nso ɛwom sɛ ebia na w’ani gye ho sɛ wobɛsɔ Onyankopɔn ani de, nanso bɔne a yenya fii Adam ho no ka wo nipasu na ebetumi ama woakodi “nea ɔhonam ne adwene pɛ” no akyi. Sɛ ebia wo ne Yehowa Adansefo resua Bible no anaasɛ woyɛ abofra a w’awofo yɛ Adansefo nanso wunnya mmɔɔ asu mpo a, pɛsɛmmenkominya adwene a ɛne sɛ ‘yɛ-no-sɛnea-wopɛ’ no betumi ada adi wɔ w’asetra mu nneɛma pii mu na ama woakɔ so atew wo ho afi Onyankopɔn ho. Onipa a ɔfa ɔkwan a ɛte saa so no ‘reboaboa abufuw ano ama ne ho.’ (Romafo 2:5; Kolosefo 1:21; 3:5-8) Onyankopɔn beyi n’abufuw adi kɛse wɔ ‘abufuw ne Nyankopɔn atɛntrenee adiyi da’ a ɛrebɛn ntɛmntɛm no mu. (Romafo 1:28-2:6) Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya asomdwoe wɔ wo ne Onyankopɔn ntam na woanya nkwa wɔ saa “abufuw da” yi mu?
Nea Asomdwoe No Gyina So
3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam de nea wobegyina so anya mpata no mae?
3 Yehowa na odii kan yɛɛ ade a ɔde bɛboa yɛn. “Na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.” (1 Yohane 4:10) Yesu afɔrebɔ wu no yɛ mpata a nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛyɛ nea Onyankopɔn atɛntrenee hwehwɛ no. Eyi ma yenya nea wobegyina so wɔ mmara kwan so de bɔne afiri, na ɛde nkakrankakra ayi ɔtan a ɛda Onyankopɔn ne onipa ntam no afi hɔ koraa. Yiw, ebetumi ayɛ yiye sɛ ‘wɔnam ne Ba no wu so bɛpata yɛne Onyankopɔn ntam,’ sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no.—Romafo 5:8-10.
4. Anisoadehu a ɛfa eyi ho bɛn na wɔde maa Hesekiel, na dɛn nti na ɛho hia ma yɛn?
4 Nanso sɛ yɛn ankasa benya Kristo afɔrebɔ no mu mfaso a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma ahorow bi. Wɔda eyinom adi wɔ anisoadehu bi a ɛyɛ nwonwa a wɔde maa odiyifo Hesekiel no mu, anisoadehu a enya mmamu wɔ yɛn bere yi so bere a Onyankopɔn “abufuw da” no abɛn no. Wɔde mmarima baasia a wokurakura akode na ɛyɛɛ Onyankopɔn akofo dɔm no ho mfonini. Ansa na eyinom bɛda Onyankopɔn abufuw no adi no, wɔka kyerɛ ɔbarima bi a ɔto so ason a okura ɔkyerɛwfo toaa no sɛ: “Sen fa kurow no mu, . . . na hyɛ mmarima a wosisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ mu no so nkɔmmɔ no nyinaa momaso agyirae . . . Na . . . ɔka kyerɛɛ [mmarima baasia no] m’asom sɛ: Munkodi n’akyi mfa kurow no mu, na munkunkum. . . . Na obiara a wɔahyɛ no agyirae no de, monnka no.”—Hesekiel 9:1-6.
5. Dɛn na ɛde adwensakra ba?
5 Ná sɛnea nnipa a wɔka sɛ wɔsom nokware Nyankopɔn no de ‘atirimɔden ahyɛ asase no ma’ na wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu porɔwee, abosonsom, ne nneɛma bɔne afoforo pii mu no haw wɔn a ‘wɔhyɛɛ wɔn agyirae’ na ama wɔakora wɔn so no. (Hesekiel 8:5-18; Yeremia 7:9) Saa ara nso na nnɛ ɛsɛ sɛ wɔn a ‘wɔbɛhyɛ wɔn agyirae no’ di kan sua Bible no na ama wɔahu sɛnea Onyankopɔn gyinapɛn ahorow no som bo fa na wodi yaw wɔ wɔn koma mu, yiw na ‘wosi apini na wodi nkɔmmɔ’ wɔ nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a ɛnhyɛ no anuonyam no ho. Ebia esiane nim a ebinom nnim nti wɔde wɔn ho hyɛɛ bɔneyɛ bi mu anaasɛ wɔkyerɛe sɛ wɔpene so denam boa a wɔboae wɔ adeyɛ a ɛte saa mu no so. Nanso afei de, wofi ase bu nneɛma a ɛtete saa no sɛnea Onyankopɔn nso bu no no—akyide! (Romafo 1:24-32; Yesaia 2:4; Adiyisɛm 18:4; Yohane 15:19) Anisɔ a anya nkɔanim yi de nneɛma a edi kan na ama wɔanya wɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe no biako ba: adwensakra. Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho na wɔapopa mo bɔne, na ɛyɛ a ahodwo [ɛnyɛ abufuw mmom] nna afi [Yehowa] anim aba.” (Asomafo no Nnwuma 3:19) Hwɛ ahodwo ara a fafiri a ɛte sɛɛ yɛ!
“Agyiraehyɛde” No A Wubenya
6.Nneɛma ahorow bɛn nti na wɔhyɛɛ nnipa binom agyirae wɔ tete mmere no mu no?
6 Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔagye wɔn afi Onyankopɔn abufuw no mu no, ná ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn a na ‘wosi apini na wodi nkɔmmɔ’ no momaso agyirae. (Hesekiel 9:4) Wɔ tete mmere no mu no, na wɔhyɛ nkoa momaso agyirae sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahu wɔn yiye. Agyiraehyɛde a wotumi hu wɔ momaso anaa nipadua no fã baabiara no nso betumi akyerɛ onyame ko a obi som no.a (Fa toto Yesaia 44:5 ho.) Enti wɔ yɛn bere yi mu no, dɛn ne saa agyiraehyɛde a ɛda adi a wɔde gye nkwa, a ɛda wɔn a wɔwɔ bi no adi sɛ Yehowa nokware asomfo ne ne nkoa no?
7. Dɛn ne sɛnkyerɛnne kwan so agyiraehyɛde no?
7 Sɛnkyerɛnne kwan so agyiraehyɛde no yɛ adanse a ɛte sɛ nea wɔada no adi wɔ wo moma a wonkataa so no so a ɛkyerɛ sɛ (1) woyɛ Yesu Kristo suani a wɔahyira ne ho so agye asubɔ ne (2) sɛ woahyɛ nipasu foforo a ɛte sɛ Kristo de no. (Efesofo 4:20-24) Esiane sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a ‘wɔahyɛ wɔn agyirae no di kan hyira wɔn ho so nti, ɛho hia sɛ yedi kan hu nea ɛno kyerɛ. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛndua, na onni m’akyi.”—Marko 8:34.
8, 9. (a) Sɛ́ obi ‘pa ne ho akyi’ no kyerɛ dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ nea ahosohyira hwehwɛ no ho mfatoho?
8 Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “pa wo ho akyi” no kyerɛ “sɛ wɔkame wo ho koraa” anaasɛ “wopow wo ho.” Enti, sɛ́ ‘wobɛpa wo ho akyi’ no kyerɛ pii sen anigyede ne nneɛma ahorow bi a wode wo ho hyem a wode bɛkame wo ho wɔ mmere horow bi mu ara kwa. Mmom no nea ɛkyerɛ ne sɛ wubenya ɔpɛ sɛ wobɛka sɛ dabi akyerɛ wo ho bere a anka ɛsɛ sɛ woma w’ankasa akɔnnɔ ne anigyede ahorow di w’asetra so no. Yebetumi ate sɛnea Yesu asɛm yi mu trɛw no ase yiye denam sɛnea wɔkyerɛ adwene a ɛwɔ mu no ase wɔ kasa horow mu a yɛbɛhyɛ no nsow no so: “Sɛ́ obi gyae nea ne koma pɛ no yɛ” (Tzeltal, Mexico), “sɛ obi ntra ase mma n’ankasa ho bio” (K’anjobal, Guatemala), ne “sɛ obi dan n’akyi kyerɛ n’ankasa ho” (Javanese, Indonesia). Yiw, eyi kyerɛ ahosohyira a edi mu, na mmom ɛnyɛ nneɛma ahorow bi ho bɔhyɛ ara kwa.
9 Kristoni ɔbea bi a ɔde Susan a bere bi na anka ɔde ne ho no kyerɛkyerɛ nea na ahosohyira kyerɛ ma no no mu sɛ: “Ná mede me ho nyinaa rema obi foforo koraa. Afei de Yehowa na ɔkyerɛ m’asetra kwan, ɔkyerɛ me nea menyɛ, na osisi nneɛma a ehia me kɛse wɔ m’asetra mu no ho gyinae.” So wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛyɛ ahosohyira a ɛte saa ara na woayɛ Onyankopɔn apɛde? Kae sɛ, sɛnkyerɛnne kwan so ‘agyiraehyɛde’ no da wo adi sɛ woyɛ Onyankopɔn ‘de’, sɛ Owura bi akoa a ɔwɔ anigye.—Fa toto Exodus 21:5, 6; Romafo 14:8 ho.
10. Nneɛma ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ obi susuw ho ansa na wayɛ ahosohyira?
10 Yesu bisae sɛ: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mmu ho akontaa ansa na sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie?” (Luka 14:28) Enti wowɔ ɔpɛ sɛ: Wobɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow no daa? (Hebrifo 10:25) Wubekura abrabɔ gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn a Onyankopɔn de ama ne nkoa no mu? (1 Tesalonikafo 4:3, 4, 7) Wubenya Ahenni asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa kɛse sɛnea wubetumi? Wode Onyankopɔn apɛde bedi kan bere a worepaw adwuma a wobɛyɛ anaasɛ wode botae ahorow sisi hɔ wɔ w’asetra mu no mu? (Mateo 6:33; Ɔsɛnkafo 12:1) Wubedi w’abusua asɛyɛde ahorow no ho dwuma? (Efesofo 5:22-6:4; 1 Timoteo 5:8) Bere a woabɔ w’ahosohyira a woayɛ no ho mpae awie no, ade foforo a woyɛ no bɛma nnipa afoforo ahu eyi wɔ baguam.
Asubɔ—Ma Henanom?
11. Asubɔ yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne, na wɔnam so nya dɛn?
11 Yesu hyɛe sɛ wɔmmɔ n’akyidifo asu. (Mateo 28:19, 20) Ná ɛsɛ sɛ wɔde wɔn hyɛ nsu ase koraa na afei wɔma wɔn so fi mu. Te sɛ awufo sie ne owusɔre no, eyi yɛ onipa no pɛsɛmenkominya asetra kwan no a owu ma na afei wonyan no ma Onyankopɔn apɛdeyɛ. Ɛdenam asubɔ so no woda wo ho adi sɛ Yehowa Adansefo no mu biako a wo ne Onyankopɔn wiase nyinaa asafo no na ɛbɔ fekuw.b Asubɔ ma nhyehyɛe a ɛka koma a wɔne Onyankopɔn ayɛ no di mu wie. (Fa toto Exodus 19:3-8 ho.) Ɛsɛ sɛ w’asetra ne ne mmara ahorow no hyia. (Dwom 15; 1 Korintofo 6:9-11) Asubɔ a wɔnam so yɛ wo Onyankopɔn somfo no yɛ “ahonim pa ho adebisa” nso efisɛ wunim sɛ asomdwoe wɔ wo ne Onyankopɔn ntam.—1 Petro 3:21.
12. Bere bɛn na awofo “agyiraehyɛde” bɔ wɔn mma ho ban?
12 So ɛsɛ sɛ mmofra nso susuw asubɔ ho? Wiɛ, kae nea Onyankopɔn ka kyerɛɛ mmarima baasia a na wokurakura akode wɔ anisoadehu no mu no: “Nkwakora, mmerante ne mmabaa ne mmofra ne mmea, munkum wɔn nsɛe wɔn; na obiara a wɔahyɛ no agyirae no de, monnka no.” (Hesekiel 9:6) Nokwarem no, ɔwofo bi “agyiraehyɛde” betumi abɔ mmofra a wonnyinnii pii sɛ wɔn ankasa bɛyɛ ahosohyira no ho ban sɛ ɔwofo a ɔte saa no rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛtete wɔn ma wɔadɔ Onyankopɔn na mmofra no nso reyɛ osetie wɔ noa ɔrekyerɛkyerɛ wɔn no mu a. (1 Korintofo 7:14) Nanso, sɛ abofra no nim nyansa sɛnea ɛsɛ na sɛ wadu baabi a “onim papa yɛ” a, ɛnde nsusuw sɛ ɔbɛkɔ so ahyɛ ɔwofo no “agyiraehyɛde” no ase daa.—Yakobo 4:17
13. Nneɛma ahorow a ɛbɛkyerɛ sɛ abofra bi afata ama asubɔ no mu bi ne nea ɛwɔ he?
13 Ansa na abofra bi behyira ne ho so no, ɛsɛ sɛ onya nimdeɛ a ɛfata na ɔte nea ɛkyerɛ no ase a ɔno ankasa rehwehwɛ ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. Ɛsɛ sɛ ɔte Bible mu nnyinasosɛm ahorow no ase na odi so bere a onim sɛ sɛ obu so a ɔno ara na obeyi ne ho ano no. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ osuahu a ɛfata nso sɛ obetumi aka ne gyidi no ho asɛm akyerɛ afoforo na ohu sɛ eyi yɛ nokware som fã titiriw; ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn ampa. Ɛwom sɛ ɛnyɛ nea wɔbɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛda honam fam onyin te sɛ ɔpanyin adi de, nanso ɛsɛ sɛ ne honhom mu nkɔso yɛ nea ɛfata.
14. Dɛn nti na abarimaa bi buu n’asubɔ sɛ ɛyɛ ahobammɔ ma no?
14 Sɛ abofra bi ‘abu ho akontaa’ dedaw a, ahosohyira a ɔbɛyɛ bere a ɔyɛ abofra no remma ɔnhwere biribiara. Wɔ wɔn a wɔyɛ Kristofo afoforo no pii fam no, ɛyɛ wɔn asubɔ akyi na wɔn anisɔ no ba bɛyɛ nea emu dɔ. Onua bi a wɔfrɛ no David kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Asu a mebɔe bere a na meyɛ abarimaa no bɛyɛɛ ahobammɔ maa me. Bere a merenyin no, mihuu sɛnea mmerante ne mmabaa a wɔmmɔɔ asu a wɔwɔ asafo no mu tee nka sɛ wɔde wɔn ho wɔ mpanyimfo no tumidi ho maa nea efii mu bae ne sɛ wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ abrabɔ bɔne mu no. Nanso mekaee bere nyinaa sɛ mahyira me nkwa so ama Onyankopɔn, a ɔde m’asetra ayɛ ne de dedaw, ma ɛno nti merentumi nni mmerante ne mmabaa a wɔte saa no akyi.”
15. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ mmofra betumi akura aniberesɛm a nokware som yɛ no mu? (b) Ɔkwan pa bɛn so na awofo betumi afa aboa?
15 Ebia awofo bi bebisa sɛ: ‘Na sɛ me ba no bɔ asu bere a onnyinii na akyiri yi odwudwo nso ɛ? Nokwasɛm no ne sɛ ɛnsɛ sɛ abofra bi bɔ asu de sɔ n’awofo ani anaasɛ esiane sɛ ne nnamfo bi reyɛ saa nti. Nanso Yosef, Samuel, Ɔhene Yosia ne Yesu nyinaa buu Onyankopɔn som aniberesɛm bere a na wosusua na wɔkɔɔ so kuraa mu. (Genesis 37:2; 39:1-3; 1 Samuel 1:24-28; 2:18-21; 2 Beresosɛm 34:3; Luka 2:42-49) Ɛnnɛ bere yi mu nso wɔbɔɔ Kristoni bi a wɔfrɛ no Jean asu bere a na wadi mfe 10. Mfe bi akyi bere a wobisaa Jean sɛ na ɔte nea ɔyɛe no ase ankasa no, obuae sɛ: “Ná minim sɛ medɔ Yehowa, na m’ani sɔ nea Yesu yɛ maa yɛn no, na na mepɛ sɛ mesom Yehowa.” Wasom nokwaredi mu bɛyɛ mfirihyia 40 wɔ n’asubɔ no akyi. Ɛsono sɛnea abofra biara te; obiara rentumi mfa mfe bi a ɛsɛ sɛ wodi nsi hɔ. Ɛsɛ sɛ awofo bɔ mmɔden sɛ wobedu wɔn mma komam, na wɔboa wɔn ma wonya Onyankopɔn som mu ahofama.c Ɛnyɛ ahosohyira ne asubɔ mu hokwan ahorow nko na ɛsɛ sɛ wɔde si wɔn mma no anim na mmom ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ase tim na ama wɔayɛ asomfo a wogyina pintinn nso.
Akwanside Ahorow A Wobedi So
16. Dɛn nti na nea ɛsen nimdeɛ a wɔde gu tirim ara kwa ho hia?
16 Bere a Bible mu nimdeɛ ho hia no, agyiraehyɛde no hwehwɛ pii sen nimdeɛ a wɔde gu tirim ara kwa. Sɛ nhwɛso no, wɔ anisoadehu a wɔde maa Hesekiel no mu no, ɛda adi sɛ na mpanyimfo a wokunkum wɔn esiane sɛ na wɔrehyew aduhuam ama atoro anyame no wɔ Yehowa Asɛm no mu nimdeɛ a ɛkɔ akyiri. Nanso nea na wɔreyɛ wɔ sum ase no daa no adi pefee sɛ wɔnyɛ nokware asomfo. (Hesekiel 8:7-12; 9:6) Enti sɛ́ wubenya ‘agyiraehyɛde’ a ɛma wonya nkwa no hwehwɛ sɛ wobɛhyɛ “onipa foforo a wɔbɔɔ no Onyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu” no.—Efesofo 4:22-24.
17. (a) Akwanside ahorow bɛn na ɛma ebinom twentwɛn wɔn nan ase wɔ asubɔ mu no? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi de afotu a ɛwɔ Yakobo 4:8 no adi dwuma?
17 Akwanside kɛse biako ne wo honam a ɛwɔ bɔne no nkɛntɛnso no. (Romafo 8:7, 8) Esiane ɔhonam mu mmerɛwyɛ a anibere wom a wontumi nni so anaa wiase anigyede bi a enye a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyem nti, ɛma ebinom twentwɛn asu a wɔbɛbɔ no ase. (Yakobo 4:1, 4) Wɔn a wɔte saa no rehwere abusuabɔ bi a ɛsom bo kɛse. Onyankopɔn Asɛm no tu fo sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɛbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo kra yɛ ntanta.” (Yakobo 4:8) Ɛho hia sɛ wɔyɛ ade anibere so. Sɛ nhwɛso no, ná ɔbarima bi a ofii ase suaa Bible no de ne ho ahyɛ nnubɔne ne asabow mu mfe 16 na na eyi ama ɔyare a ɔreyɛ awu. Osii ne bo dii saa su bɔne ahorow yi so. Ogye toom sɛ: “Nanso bere a meresiesie me ho ama ahosohyira no, ɔbea bi fii ase srɛɛ me sɛ me ne no nna. Ná ɛyɛ sɔhwɛ ankasa. Ɛwom sɛ ɔbea no susuwii sɛ mabɔ dam de, nanso meka kyerɛɛ no sɛ: ‘Me ne Yehowa Adansefo sua Bible enti merentumi nyɛ saa!” Dɛn na ɛma otumi yɛɛ n’ade saa no? “Ná minim nea Yehowa ayɛ ama me a ama matumi agyae asabow no. W’aboa me wɔ akwan afoforo pii so nso. Eyi ma mekɔɔ so twe bɛn no bere nyinaa. Ná merentumi nni no huammɔ.” Saa ɔbarima yi akɔ so abɛn Onyankopɔn.
18. Dɛn ne ade titiriw a ɛma wotumi di akwanside ahorow so no?
18 Ɛnyɛ nea ehia ne nneɛma pii a wunim no na mmom ɔdɔ a wowɔ ma nea wunim no. Dwom 119:165 se: “Asomdwoe pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara [ɛnyɛ wɔn a wonim ara kwa], na biribi ntõatõa wɔn.” Asɛm no ankasa ne ‘Onyankopɔn mmara a wobɛdɔ,’ na woakyerɛ obu kɛse ama bo a ɛsom no wɔ w’asetra mu.—Yesaia 48:17, 18.
19, 20. (a) Akwanside ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ wodi so, na awerɛhyem bɛn na yɛwɔ? (b) Akwanside ahorow no nyinaa a yebedi so no bɛkɔ akowie dɛn mu?
19 Nokwarem no, ebia akwanside afoforo pii bɛsɔre. Onua a yɛkaa ne ho asɛm wɔ atifi hɔ no kae sɛ: “Nea na ɛyɛ den kɛse ma me ne nnipa ho suro. Ná mewɔ wiasefo ‘nnamfo’ bi a me ne wɔn nom nsa. Ná ɛyɛ me den yiye sɛ mɛka akyerɛ wɔn sɛ me ne wɔn regyae fekubɔ esiane sɛ merebehyira me nkwa so ama Onyankopɔn nti.” (Mmebusɛm 29:25) Afoforo nso ahyia animtiaabu a efi abusuafo nkyɛn. Ɔdansefo biako a na wabɔ asu foforo a otumi dii ne kunu ɔsɔretia so kae sɛ: “Sɛ́ anka ɛbɛyɛ akwanside kɛse biako mmom no, mihyiaa akwanside nketenkete pii a na ɛsɛ sɛ midi ne nyinaa so mmiako mmiako.” Akwanside ahorow no a wubedi so nokwaredi mu bere a ɛba ntoatoaso no bɛma wo koma atim. Nya awerɛhyem sɛ akwanside biara nni hɔ a wɔn a wɔdɔ Yehowa mmara no rentumi nni so!—Luka 16:10.
20 Bere a wokɔ so di akwanside ahorow no so mmiako mmiako no, wubenya “asomdwoe pii.” (Dwom 119:165) Yiw, “wobɛnantew wo kwan so dwoodwoo, wo nna bɛyɛ dɛ. Worensuro mpofirim huyi ne abɔnefo sɛe a ɛbɛba. Na [Yehowa] bɛyɛ w’ahodasode.”—Mmebusɛm 3:23-26.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hesekiel anisoadehu no akyi bɛyɛ mfirihyia 150, bere a Hela abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus hui sɛ agyiraehyɛde a ɛwɔ onyame Hercules asomfo no ho no maa wɔn ahobammɔ no ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛba sɛ obi akoa guan kɔhyɛ [Hercules asɔrefi] na sɛ ɔwɔ agyiraehyɛde kronkron bi wɔ ne ho a ɛkyerɛ sɛ ɔde ne ho ama onyame no a, ɛnde mmara mma kwan sɛ wɔkyere no.”
b Nnansa yi wɔayɛ nsɛm abien a wobisa asubɔfo no ntiantiaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte nea Onyankopɔn ne n’ahyehyɛde no a wɔne wɔn benya abusuabɔ kɛse no kyerɛ no ase yiye.
c Hwɛ asɛmti, “Tete Wo Ba ma Onnya Onyamesompa Ahofama” a epuei wɔ May 1, 1986 Ɔwɛn-Aban mu no.
Emu Nsɛntitiriw mu Ntĩmu
◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn boa yɛn ma yenya asomdwoe wɔ yɛne no ntam?
◻ Dɛn ne sɛnkyerɛnne kwan so agyiraehyɛde a wɔde kora nkwa so no?
◻ Ahosohyira ne asubɔ kyerɛ dɛn?
◻ Akwanside ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yehyia, na ɔkwan bɛn so na yebetumi adi so?
[Adaka wɔ kratafa 22]
So Ɛyɛ Nsu Ase a Wɔde Obi Hyɛ anaasɛ Wɔde Petepete no So?
Kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu asubɔ ho no ka sɛ “ofii nsu no mu.” (Marko 1:10) Sɛ́ wɔde Yesu hyɛɛ nsu no ase no ne Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase asubɔ a ɛne baʹpti·sma no hyia. Eyi fi asɛmfua ba·ptiʹzo a ɛkyerɛ “sɛ wɔde ade bɔ nsu mu, na ɛkata so koraa” no mu. Ɛtɔ bere bi a na wɔde kyerɛ hyɛn a amem wɔ po mu. Ɔkyerɛwfo Lucian a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien no mu no de asɛmfua bi a ɛte saa ara di dwuma de ka obi a ɔmaa nsu faa ɔfoforo bi ho asɛm sɛ: “Ɔkaa no hyɛɛ nsu no mu [ba·ptiʹzon·ta] koduu baabi a na ɔrentumi mma soro bio.” The New International Dictionary of New Testament Theology no de ba awiei sɛ: “Ɛmfa ho sɛ nsɛm a ɛbɔ eyi abira bɛn ara na wɔka no, ɛda adi sɛ wɔ Yudafo ne Kristofo nyinaa ntease mu no, nea na baptizo taa kyerɛ ara ne ‘nsu ase a wɔde biribi hyɛ,’ ne sɛ bere a ɛbɛyɛɛ nea wɔde ka asubɔ ho asɛm no mpo no, na adwene a ɛne sɛ wɔde ade hyɛ nsu ase no da so ara wɔ.”