-
Anisoadehu A Ɛfa Mfirihyia Apem No Ho No Mu Anigye a YebenyaƆwɛn-Aban—1981 | February 1
-
-
Anisoadehu A Ɛfa Mfirihyia Apem No Ho No Mu Anigye a Yebenya
1, 2. (a) So yɛn asase yi bɛhyew wɔ Harmagedon? (b) Ɔkwan bɛn so na eyi da adi denam nea wɔyɛ Satan ne n’adaemone ɛno akyi no so?
YƐN asase yi renhyew nnan nso ne wusiw wɔ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” wɔ Harmagedon no mu. Eyi da adi denam nea ɛba Satan Ɔbonsam so wɔ ɔko no akyi pɛɛ no so. Ɔkwan bɛn so? Efisɛ wohu ɔno ne n’adaemone abɔfo no sɛ wɔda so ara te nkwa mu wɔ asase a wɔtow wɔn guu so wɔ nkogudi mu bere a ɔko baa ɔsoro wɔ Onyankopɔn Mesia ahenni no awo akyi wɔ ɔsoro no so. Wɔtow Satan ne n’adaemone no guu asase so, na wɔama wɔatra hɔ “bere tiaa bi.” (Adi. 12:7-13) Esiane sɛ wɔma wɔka asase so kosi “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” no nti, ehia sɛ Onyankopɔn abɔfo ba asase so bɛyɛ ade tia wɔn. Ɛdefa eyi ho no yɛkan wɔ Yohane anisoadehu no ho sɛ:
2 “Na mihuu ɔbɔfo bi a ofi soro resian a okura ebun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a ɔne bonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem, na ɔtow no kyenee bun no mu, ɔtoo mu na ɔsɔɔ ano na wankɔdaadaa amanaman bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa; nanso ɛno akyi no, etwa sɛ wogyaa no kakra.”—Adi. 20:1-3.
3. So Satan Ɔbonsam nkutoo na wɔtow no kyene bun no mu, na n’akodi bɛn na eyi de ba awiei?
3 Bere a wɔtow Satan ɔbonsam fii ɔsoro no, wɔtow n’adaemone abɔfo kaa ne ho na wɔde wɔn guu afiase wɔ asase so baabi. Enti nea wɔyɛ wɔn sodifo no wɔbɛyɛ wɔn saa ara. Wɔkyere wɔn, wɔkyekyere wɔn na wɔtow wɔn ka Satan Ɔbonsam ho gu bun no mu mfirihyia apem. Ɛnyɛ sɛ eyi ma kɔ a wɔbɛkɔ so adaadaa wiase aman horow no gyae nko, na mmom ɛma ɔko a wɔko tia Kristofo adedifo ma Onyankopɔn Mesia ahenni no nkae a wɔda so wɔ asase so no ba awiei. Ɛdefa eyi ho no, Adiyisɛm 12:13, 17 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na ɔtweaseɛ no hui sɛ wɔatow no akyene asase so no ɔtaa ɔbea a ɔwoo ɔbabanin (a ɛyɛ Onyankopɔn Mesia ahenni a ɛwɔ soro no ho mfonini) no. Na ɔtweaseɛ no bo fuw ɔbea no, na okotuu n’asefo nkae a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no so sa.”
4, 5. (a) So saa akodi no kunkum Ahenni nkaefo no ne “nnipakuw kɛse” no nyinaa, na adanse bɛn na yɛwɔ wɔ eyi ho? (b) Ɛnde, henanom a wɔwɔ hɔ nti na Satan a wɔtow no kyene bun no mu ma ahotɔ ba asase so?
4 Ɔbonsam akodi yi ntumi nkum Ahenni adedifo nkae no a wodi Onyankopɔn ahyɛde so na wokura Ne Ba, Yesu Kristo adanse mu no mfi hɔ. Entumi nkum “nnipakuw kɛse” a wogye Mesia Yesu yi adanse tom na wofi asase so aman nyinaa mu na wɔne Ahenni no nkaefo bom som Onyankopɔn wɔ ne honhom mu asɔredan mu no. Ɛredi fi a wofi mu ka ho adanse no, Adiyisɛm 7:9-15 ka “nnipakuw kɛse” a wofi mmusuakuw, aman ne kasa horow mu ho asɛm sɛ: “Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu. Eyi nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu, na nea ɔte ahengua no so no bɛkata wɔn so.”
5 Enti afiase a wɔde Satan ne n’adaemone abɔfo no gu wɔ bun no mu no mma asase no nna hɔ kwa a nnipa nte so. Bun mu a wɔde wɔn gu no ma asase ho tɔ no, ɛnyɛ Ahenni nkaefo ne “nnipakuw kɛse” no a wonni hɔ nti, na mmom, Satan Ɔbonsam ne n’adaemone no a wonni hɔ nti. Wɔ wɔn mfirihyia apem afiasenna wɔ bun no mu no mu no wɔbɛyɛ te sɛ nea ‘wonni hɔ.’—Fa toto Adiyisɛm 17:8 ho.
WƆN A WOBEDI ASASE SO AHENE MFIRIHYIA APEM
6. Ɛdefa asase so di ho no Satan a wɔtow no kyene bun no mu no ma asemmisa bɛn na ɛsɔre?
6 Satan Ɔbonsam renyɛ adesamma wiase no so difo anaasɛ nneɛma nhyehyɛe yi “nyame” bio. (Yoh. 12:31; 14:30; 16:11; 2 Kor. 4:4.) Ɛnde, hena, na obedi asase so hene wɔ mfirihyia apem no mu bere a Satan da bun no mu na “onni hɔ” no?
7. Dɛn na Yohane hui wɔ anisoadehu mu a ebua asemmisa yi?
7 Wɔ anisoadehu no mu no ɔsomafo Yohane huu wɔn a wɔde asase sodi bɛma wɔn. Ose: “Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtratraa so no, wɔde atemmu maa wɔn. Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no. Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem. Na awufo nkae no de, wɔannya nkwa bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa. Owusɔre a edi kan ne no. Nhyira ne kronkron ne nea onya afa ɔsɔre a edi kan no mu. Saafo no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem.”—Adi. 20:4-6.
8, 9. (a) Ɛhe na wohui sɛ na nhengua no sisi, na dodow ahe na na ɛwɔ hɔ? (b) Enti “ɛda” bɛn na na Yohane rehu ne mfiase, na Paulo kaa ho asɛm dɛn wɔ Atene?
8 Nhengua a Yohane hui no wɔ ɔsoro, ɛnyɛ asase so, efisɛ eyinom yɛ wɔn a wɔne Kristo di ahene mfirihyia apem no nhengua. Enti ná nhengua no dodow nyɛ nea wontumi nkan. Ná ne dodow yɛ 144,000, na ɛne honhom mu Israelfo 144,000 a wɔde “Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano” asɔ wɔn ano na wodi oguamma Yesu Kristo akyi “baabiara a ɔkɔ” no hyia. (Adiyisɛm 7:1-8; 14:1-5) Mfirihyia mpempem a Satan Ɔbonsam de ayɛ “wiase sodifo” no atɛntrenee ayera, na enti ɛbɛyɛ adepa koraa sɛ wɔde tumi a wɔde bu adesamma ntɛn ma Awurade Yesu Kristo ahokafo atemmufo 144,000 no. Enti bere a ɔsomafo Yohane huu saa nhengua 144,000 ne wɔn a wɔtratraa so no, ná ɔrehu anuonyam atemmu da no a wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Areopago Baguafo, wɔ Atene, no mfiase wɔ ha, nea ɛboro mfeha dunkron a atwam ni, wɔ saa nsɛm yi mu:
9 “Onyankopɔn . . . wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu; ɔno na wama wasɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.”—Aso. 17:22-31.
10, 11. “Akra” bɛn ne wɔn a Yohane hui no, na adwuma bɛn na wɔde maa wɔn?
10 Ɔsomafo Yohane kɔ so kyerɛ wɔn a wɔtete atemmu nkongua so no sɛ wɔne Awurade Yesu Kristo mfɛfo Ahenni adedifo 144,000 no, ma ɔka sɛ: “Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no.”—Adi. 20:4.
11 Ɔsomafo Yohane anhu “akra” a wonni ti. Denam asɛmfua “akra” a ɔde di dwuma so no, ná ɔnnkasa te sɛ ntafoayifo a wɔka “ahonhom a wɔafi nipadua” mu ho asɛm no. Ná ɔde asɛmfua “ɔkra” no redi dwuma wɔ ɔkwan a Kyerɛw Kronkron no de di dwuma no so, na na ɔkyerɛ nnipa a wɔte ase a wɔwɔ adwene, a wɔnam wɔn nipadua ahorow so da wɔn nipasu ahorow adi no. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtratra atemmu nkongua so wɔ ɔsoro a aniwa nhu hɔ nkutoo nti, na ɛsɛ sɛ wɔn nipadua no bɛyɛ ahonhom nipadua. Wɔ awufo no sɔre a yɛka ho asɛm no mu no, wɔka kyerɛ yɛn wɔ 1 Korintofo 15:44 sɛ: “Wodua ɔkra nipadua, ebenyan ayɛ honhom nipadua.” Enti ɔsomafo Yohane huu ateasefo, ɔsoro nipadua ahorow, a wɔwɔ adwene, nnipa a wɔama wɔn atemmu adwuma ho nyansa, na Yohane huu eyinom sɛ wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn Asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no.
“WOTWITWAA WƆN TI”
12. (a) So wɔde abonnua ankasa akunkum Kristo mfɛfo Ahenni adedifo nyinaa? (b) So Onyankopɔn na ɔnam sɛnkyerɛnne kwan so de abonnua kunkum wɔn, anaasɛ hena na ɔyɛ saa, na dɛn nti na ɔyɛ saa?
12 Nanso, ɛnyɛ Yesu Kristo mfɛfo Ahenni adedifo 144,000 no nyinaa na Yesu ho adanse a wodii ne Onyankopɔn ho asɛm a wɔkae nti wotwitwaa wɔn ti. Ɛnyɛ honam fam! Wɔde nkrante kum ɔsomafo Yakobo, Yohane honam fam nua no, na ebetumi aba sɛ ɔhene Herode Agripa I twaa ne ti fii so. (Aso. 12:1, 2) Sɛnea atetesɛm kyerɛ no, wotwaa ɔsomafo Paul ti wɔ Roma, Italia. (2 Tim. 4:6-8) Nanso ɛnyɛ 144,000 no nyinaa na wowu mogya dansefo wu denam wɔn ti a wotwitwa fi so so. Ɛda adi sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde abonnua kunkum wɔn, sɛ ebia ɔhonam fam anaasɛ sɛnkyerɛnne kwan so, efisɛ wɔka sɛ Ne nti na wɔde abonnua kunkum wɔn. Ɛyɛ ɔman no na ekunkum wɔn. Wɔ Roma Ahemman no mu a na ɔsomafo Yohane yɛ deduani wɔ supɔw Patmo so no, wɔde abonnua a wɔde dua akyekyere ho a wɔde boro abɔnefo na wɔde twa wɔn ti no gyinaa hɔ maa okum ho tumi. Na wɔfrɛ eyi fasces, na na nnipa bi kura de di Roma ɔtemmufo panyin anim. Benito Mussolini, Fascist Amanyɛ Kuw no Panyin de saa sɛnkyerɛnne yi dii dwuma kɛse bere a na odi tumi wɔ Italia no.
13. Sɛnea Adiyisɛm 20:4 kyerɛ no, dɛn nti na wiase nyinaa amammui ahyehyɛde no de abonnua kunkum 144,000 Ahenni adedifo no sɛnkyerɛnne kwan so?
13 Ɛte sɛ nea wiase amammui nhyehyɛe no kunkum 144,000 Ahenni adedifo no denam atɛn a wobu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔtra wɔn tumidi ase no so. Ɛte sɛ nea ebu wɔn kumfɔ. Ɔsomafo Yohane da nea enti a eyi te saa no adi pefee. Wɔ ɔkwan bɛn so? Wɔ saa kwan yi so, sɛnea Yohane ka no, “wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so.” Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, Ahenni adedifo 144,000 yi ansom amammui nhyehyɛe no wɔ akwan horow a ɛda ne ho adi wɔ asase so baabiara no so. Saa nso na Ahenni adedifo a wɔwɔ yɛn afeha a ɛto so aduonu yi mu no ansom amanaman ahyehyɛde ma wiase asomdwoe ne dwoodwoo asetra a mprempren wɔfrɛ no Amanaman Nkabom no, nea kan no na wonim no sɛ Amanaman Apam no Sɛnkyerɛnne kwan so “aboa” no, wiase nyinaa amammui nhyehyɛe no ne nea wɔtow no kyene sɛnkyerɛnne kwan so “ogya tare a sufre dɛw mu no mu” wɔ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” mu wɔ Harmagedon.—Adi. 13:1-17; 14:9-11; 19:19, 20; 20:4.
14. Ɔkwan bɛn so na 144,000 Ahenni adedifo no nnsom aboa no anaasɛ wonnye n’agyirae wɔ wɔn moma so ne wɔn nsa so?
14 Ahenni adedifo 144,000 no sɛnkyerɛnne kwan so “aboa” no, wɔamfa wɔn ho anhyehyɛ amammui nsɛm mu, wɔanhwehwɛ amammui dwumadi mu dibea horow mu ho kwan, na wɔamfa wɔn ho anhyehyɛ n’akodi a ohwie mogya gu no mu. Enti wonnye agyirae wɔ wɔn moma so ne wɔn nsa so, mmfa nnkyerɛ sɛ wɔyɛ nkoa ma ɔman no na enti wɔde mmoa rema no ma wakɔ so wɔ ne wiase dwumadi ahorow, ne mmoade, no mu. 144,000 no nnsom “aboa no honi no,” na wɔnnka sɛ nkwagye yɛ amanaman ntam ahyehyɛde ma wiase asomdwoe ne dwoodwoo asetra no dea. Wɔsom Onyankopɔn a wɔka ne ho asɛm no nkutoo na wɔde wɔn ho ma No sɛ Amansan Hene. Wɔnnhyɛ asase so amammui ahyehyɛde no anuonyam, na mmom wodi Yesu Onyankopɔn Ba, no ho adanse sɛ ɔne Kristo no, Mesia no, a ɔsorosoroni Nyankopɔn no apaw no sɛ onni adesamma wiase no so mfirihyia apem. Ɛnyɛ nwonwa sɛ “aboa no” de abonnua kunkum 144,000 no!
15. Awiei koraa no dɛn na 144,000 no hyia wɔ asase so, na dɛn nti na wotumi tratra atemmu agua so wɔ ɔsoro?
15 Sɛ wowie wɔn asase so som denam mogya dansefo wu so o, sɛ wɔanwu saa kwan no so o, awiei no Ahenni adedifo 144,000 no nyinaa wu ɔhonam mu. Ɛnde, dɛn nti, na wobetumi akɔ ɔsoro ahenni no mu na wɔakɔtratra saa atemmu nkongua no so wɔ hɔ? Ɛnnam onipa kra a enwu biara so, na mmom ɛnam awufo mu sɔre so. Ɛdefa “wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti” no ho no, Yohane se: “Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem.”—Adi. 20:4.
16. Wɔ nkwa a wonya bio no mu no, wɔte sɛ abɔde bɛn, nkwa tenten te dɛn afei?
16 “Wonyaa nkwa bio,” ɛnyɛ asase so sɛ nnipa abɔde anaasɛ nnipa akra, na mmom wɔ ɔsoro sɛ Onyankopɔn honhom mu mma. Saa na ɔsomafo Yohane hu wɔn wɔ anisoadehu no mu. Wɔwɔ nkwa tenten sen nea adesamma wɔ nnɛ. Wɔbɛtra ase akyɛ asen Metusela, a odii mfe 969 no. (Gen. 5:25-27) Wobetumi atra ase mfirihyia apem wɔ wɔne Kristo adedi no mu na wɔatoa so atra hɔ daa, efisɛ wɔ wɔn wusɔre mu no wɔma wɔn nkwa a owu nni mu. (1 Kor. 15:50-57) Bere a wonyan wɔn fi awufo ‘mu ara pɛ no wonya nkwa a edi mu, a mmerɛwyɛ, ɔporɔw, sintɔ biara a kan no na ɛwɔ wɔn honam nipadua a ewu ho a wonya fii ɔbɔnefo Adam ne Hawa mu no nni wɔn ho. Wɔtra ase wɔ pɛyɛ mu, a Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no apene so sɛ wonnya daa nkwa wɔ honhom mu.—1 Kor. 15:42-55.
17.(a) So “nnipakuw kɛse” a wofi “ahohiahia kɛse” no mu ka no bɛyɛ pɛ amonom hɔ ara bere a wɔtow Satan kyene bun no mu akyi no? (b) Bere bɛn na wobetumi adi Onyankopɔn mmara so wɔ pɛyɛ mu, na dɛn ntia?
17 Sɛnea ɛbɛyɛ na wasi nsonsonoe a ɛda owusɔre a ɛba ntɛm ne adesamma nkae no de wɔ mfirihyia apem no mfiase no so dua no, ɔsomafo Yohane ka sɛ: “Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem. Na awufo nkae no de, wɔannya nkwa bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa.” (Adi. 20:4, 5) Eyi kyerɛ sɛ “nnipakuw kɛse” a wɔsɔre wɔ Onyankopɔn honhom mu asɔredan mu, a wofi “ahohiahia kɛse” no mu ka, no renyɛ pɛ amonom hɔ ara wɔ wɔn nipadua mu na wɔafata ama daa nkwa wɔ asase so bere a wɔakyekyere Satan Ɔbonsam ne n’adaemone no atow wɔn agu bun no mu no akyi pɛɛ. Ɛdenam nneɛma ahorow a ɛma nkɔso ne nhyira horow wɔ Yesu Kristo mfirihyia apem ahenni no so no, wɔbɛkɔ anim nkakrankakra akodu ɔdesani pɛyɛ mu na wɔatumi atra ase honam mu a bɔne nni wɔn ho na wɔadi Onyankopɔn mmara ahorow so pɛpɛɛpɛ. Na nnipa ɔpepepem a wɔadeda wɔ asase so nkae ada mu ne nsu ase no nso ɛ?
18. (a) Onipa a Yesu huu no mmɔbɔ bɛn na ɔbɛka wɔn a wobefi ɔdamoa mu aba wɔ mfirihyia apem no mu no ho? (b) Bere ɛbɛn na saa nnipa awufo a wɔanyan wɔn no bɛba ɔdesani pɛyɛ mu, na ɔkwan bɛn so?
18 Ɛdefa eyinom ho no, nea Yohane hu wɔ mfirihyia apem no ho no kyerɛ yɛn nea ɛba wɔn so, na ɔka sɛ: “Na ɛpo yii n’awufo a ɛwɔ mu no mae, na owu asaman yii awufo a ɛwɔ mu no nso mae, na wobuu wɔn mu biara atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.” (Adi. 20:13) Nea ɔka wɔn a wɔbɛfi Hadés anaasɛ adesamma damoa mu ho aba no ne ɔdebɔneyɛfo a wɔsɛn no wɔ Yesu nkyɛn no, nea Yesu ka kyerɛɛ no sɛ; Nokware mise wo nnɛ, wobɛka me ho Paradise hɔ.” (Luka 23:43, Rotherham nkyerɛase; New World Translation) Saa ɔbɔneyɛfo yi fi befi ɔdamoa mu aba asase so Paradise a wɔasiesie no bio ama adesamma wɔ Yesu Kristo ahenni ase no mu. Wɔ saa Paradise no mu no ɔbɔneyɛfo no ne awufo afoforo a wɔanyan wɔn no benya hokwan asiesie n’asetra kwan na wɔasa no yare afi adesamma sintɔ ne bɔne ho. Saa kwan yi so no, bere a Kristo mfirihyia apem nniso no bɛba awiei no, obetumi adu ɔdesani pɛyɛ wɔ Onyankopɔn suban ne ne sɛso so botae no ho. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn nsa ka ɔdesani pɛyɛ a bɔne nni mu wɔ asase so ansa na mfirihyia apem no aba awiei no fa nokware a wodi ma Onyankopɔn amansan tumidi no ho sɔhwɛ a edi akyiri mu, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn asetra a ɛyɛ pɛ no atra hɔ.
19. (a) Ɛnde, afei, ɔkwan bɛn so na “awufo nkae no de wɔannya nkwa bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa”? (b) Dɛn na wɔyɛ wɔn a wɔantumi anni nokwaredi ma Onyankopɔn tumidi ho sɔhwɛ so nkonim no?
19 Ɔtemmufo Tumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn, bebu adesamma a wɔayɛ pɛ a wokura wɔn mudi mu na wodi nokware ma Onyankopɔn nniso a ɛteɛ no trenee. Obebu wɔn a bɔne biara nni wɔn ho yi sɛ wɔfata daa nkwa, na Ɔde nkwa a enni awiei wɔ anigye mu wɔ asase so Paradise mu hokwan ama wɔn. Esiane sɛ wɔade wɔn ho afi afobu biara ho, sɛnea Onyankopɔn gyinapɛn a ɛyɛ pɛ no te no nti, saa nokwaredifo yi ba nkwa mu ankasa. Saa kwan yi so na “awufo nkae no de, wɔannya nkwa bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa” no. (Adi. 20:5) Wɔbɛsɛe nnipa a wɔayɛ pɛ a wɔantumi amfa nokwaredi antwa Nyankopɔn suro ho sɔhwɛ no wɔ bere a mfirihyia apem no aba awiei no daa, sɛnea Yohane hu siei na ɔdaa no adi no: “Na wɔtow owu ne asaman kyenee ogya tare no mu, eyi ne owuprenu no. Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔde no ahyɛ nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu.” (Adi. 20:14, 15) Enti wɔn a wɔanni nokware yi nsa nka daa nkwa.
“OWUSƆRE A EDI KAN”
20-22. (a) Ɛdefa Efesofo 2:1-6 ho no, dɛn nti na asemmisa sɔre bere a Yohane ka “owusɔre a edi kan” no ho asɛm no? (b) Na Kolosefo 2:11-13 nso ho no, asemmisa bɛn na ɛsɔre, faako a Paulo ka Kristofo twetiatwa ho asɛm no?
20 Ɔkaa asɛm a ɛfa “awufo nkae” no ho akyi no, ɔsomafo Yohane dan adwene kɔ “wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti” no a wɔsan ba nkwa mu bio no so na ɔkɔ so ka sɛ: “Owusɔre a edi kan ne no. Nhyira ne kronkron ne nea onya afa ɔsɔre a edi kan no mu. Saafo no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem.”—Adi. 20:5, 6.
21 So ɛbɛyɛ sɛ Kristo Ahenni adedifo 144,000 no ‘wusɔre a edi kan’ yi na ɔsomafo Paulo ka ho asɛm wɔ Efesofo 2:1-6 no? Ɛhɔ no ɔsomafo no kyerɛw kɔma afeha a edi kan no mu Kristofo wɔ Efeso kurow, a ɛwɔ Asia Kumaa no, na ɔka sɛ: “Na mo nso, anka moyɛ awufo, mfomso ne nnebɔne mu, na kan no monantewee sɛnea wi yi ase abrabɔ te ne sɛnea wim tumi no panyin te, honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma asoɔden mma mu no. . . . Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborohunu dɔɔso no nam ne dɔ bebrebe a ɔde dɔ yɛn no so ama yɛn a anka yɛyɛ awufo mfomso mu no ne Kristo anya nkwa—ɔdom na wɔde agye mo nkwa—na wanyan yɛne no na yɛne no atra ɔsoro hɔnom Kristo Yesu mu.”
22 Saa nso, na bere a ɔne Kristofo a wɔwɔ Kolose, Asia Kumaa, reka Kristofo twetiatwa ho asɛm no ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kristo twetiatwa mu, sɛ wɔasie mo ne no asubɔ mu; ɔno mu nso na wɔnam Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu no tumi adwuma gyidi so anyan mo bi. Na mo a anka moyɛ awufo mfomso ne mo honam momonotoyɛ mu no, wama mo ne no nkwa bi, sɛ ɔdom de mfomso nyinaa kyɛɛ yɛn.”—Kol. 2:11-13.
23. (a) Esiane sɛ kyerɛwnsɛm a yɛaka ho asɛm no kyerɛ osuahu ahorow a “edi kan” wɔ Kristoni asetra mu nti, dɛn na New Catholic Encyclopedia no ka wɔ “owusɔre a edi kan” no ho? (b) Na Satan a wɔkyekyere no mfirihyia apem no nso ɛ?
23 Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ owu a wotwam fi kɔ nkwa mu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so yi, anaasɛ wɔ honhom mu no, yɛ osuahu ahorow a edi kan wɔ Kristoni asetra mu no mu biako. Enti ɔrefa osuahu yi sɛ “owusɔre a edi kan” a wɔabɔ din wɔ Adiyisɛm 20:5, 6 no, New Catholic Encyclopedia (nea wɔyɛe 1967) no kɔ so ka wɔ asɛmti “Millenarianism” ho:
. . . ”Owusɔre a edi kan” no yɛ Asubɔ ho mfonini, . . . nea ɛma obi nya Kristo wusɔre no mu kyɛfa no. . . . Anokwafo no nyinaa, wɔn a wɔwɔ asase so ne wɔn a wɔwɔ ɔsoro, nya Yesu mfirihyia 1,000 ahenni no mu kyɛfa, nea ɛyɛ Asɔre no asetra bere nyinaa a wosusuw sɛ anuonyam wom, efi Kristo Wusɔre so kosi Atemmu a Etwa To no mu no ho mfonini no so, . . . Satan a wɔbɛkyere no saa bere yi ara mu no kyerɛ sɛ wɔabrɛ Satan nkɛntɛnso no ase akosi baabi, na wonyi mfii hɔ koraa ɛ. Satan nkɛntɛnso a wɔabrɛ no ase no fi nea efi Kristo Ogye no mu aba nti. Sɛ wodi aperepere wɔ mmere no awiei a . . . Kristo bedi so nkonim koraa. . . .
24, 25. Asɔre no asetra bere ayɛ bere tenten bɛn fi Pentekoste 33 Y.B., na dɛn na Paulo ka wɔ ahene a wodi wɔ Kristofo asafo no mu wɔ ne bere so no ho?
24 So saa nkyerɛkyerɛmu yi fata “owusɔre a edi kan” a Yohane kyerɛwee wɔ Adiyisɛm 20:1-6 no? Wiɛ, efi Adapɛn Afahyɛ da wɔ afe 33 Y.B. so, bere a wofii ase de Onyankopɔn honhom kronkron no bɔɔ Kristofo asafo a na ɛwɔ Yerusalem no asu, de besi nnɛ no, “Asɔre no asetra bere nyinaa” nyɛ mfirihyia apem pɛ, na mmom ɛreyɛ adu mfirihyia mpem abien. Wɔ nea ɛreyɛ ayɛ mfirihyia mpem abien yi mu nyinaa no, so nokware Kristofo asafo no muni bi “adi hene,” wɔ asafo no ankasa mu mpo anaa?
25 Asomafo no mu hena na “odii hene”? Ɛnyɛ ɔsomafo Paulo! Efisɛ ɔkyerɛw kɔmaa asafo a ɛwɔ Korinto no mufo no mu binom a wɔde biribi asi wɔn anim repere hwehwɛ no sɛ: “MOAKWATI yɛn adi hene. Sɛ mudii ahene ampa a, anka eye, na yɛn nso ne mo adi bi. Na ɛyɛ me sɛ Onyankopɔn de yɛn asomafo adi akyiri sɛ wɔn a wɔayi wɔn ama owu, efisɛ yɛayɛ ahwɛde ama wiase ne abɔfo ne nnipa.” (1 Kor. 4:8, 9) Ɔrekyerɛw akɔma n’asɛmpatrɛw adwuma mu hokafo Timoteo no, ɔkaa asɛm a ɛfa ahenni ho sɛ ɛbɛba wɔ Kristoni no wu wɔ nipadua mu no akyi sɛ: “Nokwasɛm ni: sɛ yɛne no wui a, yɛne no bɛtra ase nso. Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase a, yɛne no bedi hene. Sɛ yɛpa no a ɔno nso bɛpa yɛn.”—2 Tim. 2:11, 12.
26. Sɛnea asɛm a Yesu ka kyerɛ Laodikeafo no kyerɛ no, dɛn na ɛda adi wɔ Kristoni a odi hene wɔ asase so fi da a ɔbɔ asu no ho?
26 Na ɔsomafo Yohane nso ɛ? Bere a na ɔwɔ Roma supɔw Patmo so sɛ odeduani no, ɔfaa Yesu Kristo a wɔanyan no no asɛm ka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Laodikea: “Nea odi nkonim no, mɛma ɔne me atra m’ahengua so, sɛnea me nso madi nkonim na me ne m’agya te n’ahengua so no.” (Adi. 3:21) Na ahene a wobedi no nyinaa yɛ nea ɛbɛba daakye, wɔ Yesu Kristo asuafo anokwafo no wu wɔ nipadua mu no akyi. Na wɔrenni ahene biara wɔ asase yi so, efi da a Kristoni no bɔɔ asu nsu mu no.
27, 28. (a) So Adiyisɛm 20:4 yɛ wɔn ho mfonini sɛ wonya nkwa fi sɛnkyerɛnne kwan so owu mu denam nsu mu asubɔ a wofi wɔn pɛ mu nyɛ so? (b) Denam dɛn so na wɔyɛ owu a ɛba no ho mfonini, na wɔyɛ ma dɛn, na enti ɛsɛ sɛ “owusɔre a edi kan” no yɛ nea efi owu bɛn mu?
27 Ɛnam owusɔre bɛn so na ɛma “wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem” no? Denam sɛnkyerɛnne kwan so owusɔre anaasɛ owusɔre paa a wonya fi owu ankasa ne ɔdamoa mu no so? Adiyisɛm 20:4 nka nkwa a wonya fi sɛnkyerɛnne kwan so owu a wofi wɔn pɛ mu hyia bere a wɔabɔ wɔn asu wɔ nsu mu sɛnea Yesu ankasa yɛe no ho asɛm. Dabi, na mmom ɛyɛ owu a wohyia bere a “Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti” no.
28 Ɛnyɛ wɔn pɛ nti na wɔde ‘abonnua kunkum wɔn,’ na mmom ɛnam Onyankopɔn ne Kristo atamfo no pɛ so, na ɛba saa wɔ wɔn nsu mu asubɔ akyi esiane sɛ wodi Yesu ho adanse sɛ Kristo no na wɔka Onyankopɔn ho asɛm sɛ Sodifo a ɔfata wɔ amansan yi mu (a yɛn asase yi ka ho) no nti. Awiei koraa no, ‘abonnua a wɔde twitwa wɔn ti’ yi kowie nipadua mu owu ankasa mu. Enti, ‘nkwa a wonya bio’ na wodi ahene no fi honam mu owu mu ankasa, na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne kwan so de a wofi mu a ɛba bere a wɔbɔ wɔn asu no. Saa nso na, ahene a wodi no mfi ase wɔ asase so wɔ honhom mu wusɔre a ɛba wɔ wɔn nsu mu asubɔ mu no akyi. Owusɔre a Adiyisɛm 20:4-6 kyerɛ no yɛ owusɔre ankasa a wonya fi owu mu wɔ Sheol anaasɛ adesamma adamoa mu.
29, 30. (a) So ɛyɛ nokware wɔ wɔn a wɔanya sɛnkyerɛnne kwan so wusɔre no fam sɛ “saafo no so na owuprenu no nni tumi”? (b) Dɛn na Paulo ka wɔ eyi ho wɔ Hebrifo 10:26-31?
29 Asɛm foforo a edi eyi ho adanse nyɛ nea ɛsɛ sɛ wobu ani gu so: Adiyisɛm 20:6 ka sɛ: “Nhyira ne kronkron ne nea onya afa ɔsɔre a edi kan no mu. Saafo no so na owuprenu no nni tumi.” Wɔde “ogya tare a sufre dɛw mu no” yɛ saa owuprenu no ho mfonini. (Adi. 19:20; 20:14) So eyi yɛ nokware wɔ wɔn a wɔde nsu ara kwa abɔ wɔn asu na wɔama wɔn a anka wɔyɛ awufo mfomso ne bɔne mu anya nkwa honhom mu na wɔama wɔn so honhom mu na wɔne Yesu Kristo akɔtra ɔsoro hɔnom no ho? (Efe. 2:1, 5, 6) Dabi, wobetumi ayɛ wɔn a wɔanni nokware wɔ sɔhwɛ ase bere a wɔwɔ asase so no na wɔabɛhyɛ “‘owuprenu” a ɛyɛ ɔsɛe koraa no afobu ase. Ɛno nti na ɔsomafo Paulo bɔɔ Kristofo a wɔwɔ Korinto, Hela, a wɔabɔ wɔn asu, na wɔasra wɔn no kɔkɔ sɛ: “Enti nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye, na wanhwe ase.” (1 Kor. 10:12) Afei nso, Hebrifo 10:26-31 bɔ Kristofo a wɔabɔ asu, asra wɔn no kɔkɔ:
30 “Na sɛ yenya nya nokware no mu nimdeɛ, na akyiri yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio, na mmom nea aka ne atemmu akwanhwɛ bi a ɛyɛ hu, ne ogya a ɛrebɛhyew atamfo no fram. Sɛ obi po Mose mmara a, ɔkwati mmɔborohunu gyina adansefo baanu anaa baasa anom so wu. Akatua a enye koraa bɛn na mususuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔde betua nea watiatia Onyankopɔn ba no so, na wabu apam mogya a wɔde atew ne ho no ahuhude, na wasopa ɔdom honhom no? Na yenim nea ɔkae sɛ: Me na aweredi wɔ me, me na metua ka. Na bio: Awurade bebu ne man atɛn. Onyankopɔn a ɔte ase no nsam hwe yɛ hu.”
31. Dɛn na Hebrifo 6:4-8 ka wɔ eyi ho?
31 Afei nso wɔ Hebrifo 6:4-8 no yɛkan sɛ: “Na entumi mma sɛ wɔn a wɔaka ɔsoro akyɛde no ahwɛ, na wɔanya Honhom Kronkron no bi, na wɔaka Onyankopɔn asɛm a eye ne wiase a ɛrebɛba no ahoɔden horow ahwɛ, na wɔafi ho ahwe ase no, wɔbɛdan wɔn foforo akɔ adwensakra mu, wɔn a wɔsɛn Onyankopɔn ba no bio ma wɔn ho na wɔbɔ no ahohora kyerɛ. Na asase a ɛnom nsu a ɛtaa tɔ gu so, na efifi aduan a eye ma wɔn a wɔn nti wɔdɔw no, nya Onyankopɔn hɔ nhyira no bi. Na nea efifi nsɔe ne ohwirem no, ɛmfra, na ɛbɛn nnuabɔ a n’awiei ne ɔhyew.”