Bible Nhoma a Ɛto So 49—Efesofo
Nea Ɔkyerɛwee: Paulo
Beae a Ɔkyerɛw No: Roma
Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 60–61 Y.B.
FA NO sɛ woda afiase. Nea enti a woda hɔ ne sɛ woyɛ Kristoni ɔsɛmpatrɛwfo a wunni w’adwuma ho agoru koraa. Seesei wunni hokwan a wubetumi atutu akwan asrasra asafo no ahyɛ wɔn den, enti dɛn na wobɛyɛ? Wobɛkyerɛw nhoma akɔmoma nnipa a wɔnam wo so abɛyɛ Kristofo no? Wohu sɛnea wo ho te a, anka ɛrenyɛ wɔn dɛ anaa? Wunnye nni sɛ wobehia nkuranhyɛ? Wobehia paa! Ɛno nti wufi ase sɛ worekyerɛw wɔn. Saa pɛpɛɛpɛ na ɔsomafo Paulo yɛe bere a wɔde no too afiase nea edi kan wɔ Roma bɛyɛ afe 59-61 Y.B. Ná ɔde n’asɛm akɔdan Kaesare, na ɛmfa ho sɛ na ɔretwɛn ma wɔafrɛ asɛm no na wɔrewɛn no no, na ɔwɔ nneɛma bi hokwan. Paulo kyerɛw ne krataa no wɔ Roma de “Kɔmaa Efesofo” no bɛyɛ afe 60 anaa 61 Y.B. Ɔde somaa Tihiko, na na Onesimo ka ne ho.—Efe. 6:21; Kol. 4:7-9.
2 Paulo bɔɔ ne din de fii ase de kyerɛe sɛ ɔno na ɔkyerɛwee, na mpɛn anan na ɔkaa ne ho asɛm sɛ “deduani wɔ Awurade mu” anaa biribi a ɛte saa. (Efe. 1:1; 3:1, 13; 4:1; 6:20) Akyinnye a ebinom gyei sɛ ɛnyɛ Paulo na ɔkyerɛwee no ankosi baabiara. Wɔkyerɛ sɛ wɔyɛɛ Chester Beatty Papyrus No. 2 (P46) no bɛyɛ afe 200 Y.B., na nsaano nkyerɛwee bi mu nkrataa 86 wom. Paulo nhoma a ɔkyerɛwee no bi nso ka ho. Ebi ne nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no, na ɛkyerɛ sɛ saa bere no nyinaa na wɔde ka nhoma a ɔkyerɛwee no ho.
3 Tete asɔre abakɔsɛm akyerɛwfo foa so sɛ Paulo na ɔkyerɛwee, na ɔkyerɛw “Kɔmaa Efesofo.” Wɔn mu biako ne Irenaeus a ɔtraa ase bɛyɛ mfe 1,800 ni no. Ɔfaa Efesofo 5:30 kaa asɛm sɛ: “Ɔhotefo Paulo kae wɔ nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no mu sɛ yɛyɛ ne nipadua akwaa.” Clement a ofi Aleksandria a ɔno nso traa ase saa bere no faa Efesofo 5:21 kaa asɛm sɛ: “Ɛno nti ɔkyerɛwee wɔ ne nhoma a ɔde kɔmaa Efesofo no mu sɛ, Mommrɛbrɛ mo ho ase mmoma mo ho wɔ Onyankopɔn suro mu.” Origen nso kyerɛw asɛm bi bɛboro mfe 1,700 ni, na ɔfaa Efesofo 1:4 kaa asɛm sɛ: “Bere a ɔsomafo no kyerɛw nhoma kɔmaa Efesofo no, ɔkaa asɛnkoro no ara sɛ, Nea ɔpaw yɛn ansa na wɔrehyɛ wiase ase no.”a Eusebius, onimdefo foforo a ɔwɔ tete asɔre abakɔsɛm ho nimdeɛ (ɔtraa ase bɛyɛ afe 260-342 Y.B.) no de Efesofo nhoma no kaa Bible ho, na tete asɔre abakɔsɛm akyerɛwfo dodow no ara twe adwene si Efesofo nhoma no so sɛ ɛka Kyerɛwnsɛm a wɔde honhom kyerɛwee no ho.b
4 Sɛ wohwɛ Chester Beatty Papyrus, Vatican Manuscript No. 1209, ne Sinaitic Manuscript no mu a, worenhu asɛm, “a wɔwɔ Efeso” wɔ ti 1, nkyekyɛm 1. Enti ɛnkyerɛ wɔn a ɔkyerɛw nhoma no kɔmaa wɔn. Saa ade yi ne sɛnea wammobɔ nkurɔfo a wɔwɔ Efeso din ankyia wɔn (ɛmfa ho sɛ na Paulo ayɛ adwuma wɔ hɔ mfe abiɛsa) no nti, ebinom akyerɛ sɛ gyama ɔkyerɛw nhoma no kɔmaa nnipa foforo anaa ɛyɛ krataa a ɔkyerɛw kɔmaa asafo a ɛwowɔ Asia Kumaa nyinaa a Efesofo nso ka ho. Nanso nsaano nkyerɛwee dodow no ara de asɛm, “a wɔwɔ Efeso” no ba. Afei nso sɛnea yɛaka dedaw no, tete asɔre abakɔsɛm akyerɛwfo gye toom sɛ ɔkyerɛw nhoma no kɔmaa Efesofo.
5 Sɛ yehu nneɛma a na ɛrekɔ so no a, ɛbɛma yɛate nea enti a ɔkyerɛw nhoma no ase. Asomafo no bere so no, na abayisɛm, ntafowayi, nsoromma mu hwɛ, ne onyamebea Artemi som abu so wɔ Efeso.c Ná wɔasi asɔredan kɛse bi atwa onyamebea honi no ho ahyia. Wɔkyerɛ sɛ asɔredan no ka tete wiase anwonwade ason no ho. Wotutuu beae a na asɔredan no si bɛyɛ mfe 200 ni, na wohui sɛ wosii asɔredan no sii asase a wɔama so a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn 240 na ne ntwemu yɛ anammɔn 418 so. Ná asɔredan no ankasa tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn 164, na ne ntwemu nso yɛ anammɔn 343. Ná ɛwɔ adum 100 a wɔde hyerɛmmo ayɛ a emu biara tenten yɛ anammɔn 55. Wɔde hyerɛmmo akɛse fitaa na ɛbɔɔ so. Wɔkyerɛ sɛ ɛnyɛ dɔte na wɔde hyehyɛɛ hyerɛmmo no ntam na mmom wɔde sika. Ná nnipa fi asase so baabiara bɛhwɛ asɔredan no, na sɛ edu afahyɛ bere a nnipa mpempem pii tu kwan ba kurow no mu bɛhwɛ. Dwetɛ adwumfo a wɔwɔ Efeso de dwetɛ yeyɛɛ Artemi abosonnan nketenkete tɔn maa akwantufo a wɔbɛhwɛɛ asɔredan no na wɔde akae hɔ. Ná ɛyɛ adwuma a sika wom paa.
6 Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien mu no, odii nna kakra wɔ Efeso de yɛɛ asɛnka adwuma, na ogyaw Akwila ne Priskila wɔ hɔ sɛ wɔntoa adwuma no so. (Aso. 18:18-21) Paulo san kɔɔ hɔ bio n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa no mu, na ɔtraa hɔ bɛyɛ mfe abiɛsa, na ɔkaa “Ɔkwan No” ho asɛm kyerɛɛ nnipa pii kyerɛkyerɛɛ wɔn. (Aso. 19:8-10; 20:31) Bere a Paulo wɔ Efeso no, ɔyeree ne ho yɛɛ adwuma. A. E. Bailey kyerɛwee wɔ ne nhoma a wato din Daily Life in Bible Times no mu sɛ: “Nea na Paulo taa yɛ ne sɛ ɔyɛ n’adwuma fi anɔpa paa kosi anɔpa 11, (Asomafo Nnwuma 20:34, 35) ebedu saa bere no na Tyrannus akyerɛ ade awie; afei efi anɔpa 11 kosi awia nnɔnnan no, ɔkɔka asɛmpa no wɔ ɔdan kɛse no mu, na ɔne n’aboafo yeyɛ nhyiam, . . . na nea etwa to no, ɔkɔyɛ afie afie asɛnka fi awia nnɔnnan kosi anadwo kɔnkɔn. (Asomafo Nnwuma 20:20, 21, 31) Obi nnim bere a na ɔde didi ne bere a ɔda.”—1943, kratafa 308.
7 Bere a Paulo reyɛ asɛnka adwuma no denneennen no, ɔkasa tiaa ahonisom. Ɛmaa wɔn a wɔyɛ ahoni tɔn te sɛ dwetɛ dwumfo Demetrio bo fuwii, na basabasayɛ maa Paulo fii kurow no mu kɔe.—Aso. 19:23–20:1.
8 Afei a Paulo da afiase yi, na ɔredwen ɔhaw a Efeso asafo no rehyia ho, efisɛ na abosonsomfo atwa wɔn ho ahyia na Artemi asɔredan kɛse no agye kurow no afa. Enti na ɛfata sɛ Paulo yɛɛ ntotoho de kyerɛe sɛ Kristofo a wɔasra wɔn yi yɛ “asɔrefie kronkron” a Yehowa nam ne honhom so te mu. (Efe. 2:21) “Ahintasɛm kronkron” a oyii no adi kyerɛɛ Efesofo no ne sɛ Onyankopɔn bedi nneɛma ho dwuma (ɔbɛtoto ne fie nneɛma), na ɔnam Yesu Kristo so de biakoyɛ ne asomdwoe bɛsan aba. Saa asɛm yi hyɛɛ wɔn nkuran kyekyee wɔn werɛ yiye. (1:9, 10) Paulo sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ Yudafo ne amanaman mufo nyinaa yɛ biako wɔ Kristo mu. Ɔhyɛɛ koroyɛ ne biakoyɛ ho nkuran. Enti yetumi hu nhoma yi atirimpɔw, mfaso a ɛwɔ so, na yehu nso sɛ honhom na ɔde kyerɛwee.
NEA ENTI A MFASO WƆ SO
16 Efesofo nhoma no ka Kristofo asetra nyinaa ho asɛm. Esiane sɛ nsɛm a ɛhaw adwene ne asoɔden abu so wɔ wiase nnɛ nti, Paulo afotu pa a yetumi de bɔ yɛn bra no betumi aboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase no. Suban bɛn na ɛsɛ sɛ mmofra yi no adi kyerɛ wɔn awofo? Na ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ awofo fa so ne wɔn mma tra? Okunu asɛde ne dɛn wɔ ne yere ho, na ɔyere nso asɛde ne dɛn wɔ ne kunu ho? Dɛn na ɛsɛ sɛ obiara yɛ na ama ɔdɔ ne biakoyɛ atra asafo no mu, na Kristofo ayɛ nnipa a wɔn ho tew wɔ wiase bɔne yi mu? Paulo afotusɛm no yi nsɛm yi nyinaa ano, na ɛkyerɛ sɛnea Kristofo hyɛ nipasu foforo no. Sɛ yesua Efesofo nhoma no a, yɛn nyinaa ani begye nipasu a Onyankopɔn pɛ no ho kɛse. Ɛno na “wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee ne nokwaredi pintinn mu.”—4:24-32; 6:1-4; 5:3-5, 15-20, 22-33.
17 Nhoma yi san ma yehu nea enti a wɔpaw ebinom de dwumadi hyehyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu. Wɔyɛ saa “na wɔde ateɛteɛ akronkronfo no ama ɔsom adwuma, na wɔde asi Kristo nipadua no” sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛkokwaw. Sɛ Kristoni gye saa nhyehyɛe yi tom wɔ asafo no mu a, ‘ɔfa ɔdɔ so nyin wɔ nneɛma nyinaa mu kɔ Kristo a ɔne ti no mu.’—4:12, 15.
18 Nhoma a Paulo kyerɛw kɔmaa tete Efeso asafo no boaa wɔn ma wɔtee “Kristo ahintasɛm kronkron” no ase yiye. Ɔmaa emu daa hɔ sɛ wɔafrɛ Yudafo a wɔabɛyɛ gyidifo ne “amanaman mufo” nyinaa sɛ ‘wɔmfa asɛmpa no so mmɛyɛ mfɛfo adedifo ne nipadua no ho akwaa, na wɔn nyinaa anya bɔhyɛ no mu kyɛfa wɔ Kristo Yesu mu.’ Ná “Mmara nsɛm” no ayɛ sɛ ɔfasu a akyɛ Yudafo ne amanaman mufo mu, nanso woyi fii hɔ, na wɔnam Kristo mogya so maa wɔn nyinaa bɛyɛɛ akronkronfo man ne Onyankopɔn fiefo. Ná wɔnte sɛ Artemi asɔredan no koraa, enti wosii wɔne Kristo Yesu nyinaa boom biako sɛ ɔdan a Onyankopɔn nam ne honhom so bɛtra mu, kyerɛ sɛ, Yehowa “asɔrefie kronkron.”—3:4, 6; 2:15, 21.
19 Bere a Paulo reka “ahintasɛm kronkron” no ho asɛm no, ɔkae bio sɛ Onyankopɔn bedi “nneɛma ho dwuma,” na waka “nneɛma nyinaa abom bio wɔ Kristo mu, nea ɛwɔ soro [wɔn a wɔapaw wɔn de wɔn rekɔ ɔsoro Ahenni no mu] ne nea ɛwɔ asase so [wɔn a wɔbɛtra asase so wɔ Ahenni no mu].” Enti ɛma yehu Onyankopɔn atirimpɔw kɛse a ɛne sɛ ɔbɛma asomdwoe ne biakoyɛ aba no. Eyi mu na Paulo bɔɔ mpae maa Efesofo a na wɔn koma ani atew no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte anidaso a enti Onyankopɔn afrɛ wɔn no ase yiye, na wɔahu “anuonyam ahonyade a ɔde asi hɔ sɛ agyapade ama akronkronfo no.” Ɛbɛyɛ sɛ nsɛm yi hyɛɛ wɔn den yiye, wɔn anidaso no mu. Nhoma a Paulo de honhom kyerɛw kɔmaa Efesofo no da so hyɛ asafo a ɛwɔ hɔ nnɛ no den sɛnea ɛbɛyɛ a ‘nea Onyankopɔn de ma obi di mũ nyinaa bɛyɛ yɛn mã biribiara mu.’—1:9-11, 18; 3:19.
[Ase hɔ nsɛm]
a Origin and History of the Books of the Bible, 1868, C. E. Stowe, kratafa 357.
b New Bible Dictionary, nea ɛto so abien a wɔyɛe wɔ 1986 mu, ne samufo ne J. D. Douglas, kratafa 175.
c Insight on the Scriptures, Po 1, kratafa 182.