Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 11/1 kr. 8-12
  • Nhyira Ne Wɔn A Onyankopɔn Teɛ Wɔn So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyira Ne Wɔn A Onyankopɔn Teɛ Wɔn So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • TEƐ A YƐBƐTEƐ YƐN HO YƐN HO SO ƆDƆ MU
  • PINTINNYƐ A YƐDE BEDI DWUMA
  • “MONHYƐ NO NSOW”
  • MPANYIMFO BOAYIKUW A WƆNE WƆN HYIA
  • Wobɛyɛ Dɛn Agye Afotuo Atom?
    Nyan!—2014
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Sɛnea Yɛbɛma Asomdwoe Atena Asafo No Mu Na Ɛho Atew
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 11/1 kr. 8-12

Nhyira Ne Wɔn A Onyankopɔn Teɛ Wɔn So

“Nhyira ne onipa a wo, Yehowa, wotwe n’aso, na wufi wo mmara no mu kyerɛkyerɛ no.”​—Dw. 94:12.

1, 2. Ɛsɛ sɛ yɛte nka wɔ Onyankopɔn kwan so nteɛso ho dɛn?

BERE bɛn ne bere a etwa to a wofom Onyankopɔn trenee kwan anaasɛ ne nnyinasosɛm no bi wɔ ɔkasa anaa nneyɛe mu? Ebia ɛho renhia sɛ wudwen ho kɔ akyiri, ebia nnɔnhwerew anaa nna kakraa bi pɛ ni, efisɛ yɛn nyinaa yɛ bɔne, a yentumi nna Onyankopɔn anuonyam adi sɛnea ɛsɛ.​—1 Ahe. 8:46; 1 Yoh. 1:8-10.

2 Yɛn ani betumi agye sɛ wɔ Yehowa dɔ mu no ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛteɛ yɛn so na otumi teɛ yɛn so. “Nea ɔtwe amanaman aso no, so ɔrenteɛ so, nea ɔkyerɛ nnipa nimdeɛ no, ɔno ɛ? Nhyira ne onipa a wo, Yah, wotwe n’aso.” Sɛ yɛma kwan ma Yehowa ‘teɛ yɛn so’ a, yɛn ani begye, efisɛ yɛne n’akwan behyia.​—Dw. 94:10, 12.

3. Nsɛm bɛn na ɛfata a wɔde ɛho nkyerɛkyerɛmu bɛma?

3 Kristofo betumi anya nea Bible ka no mu ahotoso, “Nea Awurade dɔ no no na ɔtwe n’aso.” (Heb. 12:6) Enti ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛda asɛm bi a egyina Bible so a ɛfa ntɛnyi, ahonu ne tu a wotu obi fi asafo mu ho no adi. Saa nsɛm yi afã horow abien wɔ Ɔwɛn-Aban yi mu, na abiɛsa a aka no nso bɛba nea edidi so no mu. Ɛsɛ sɛ nsɛm ahorow anum yi boa yɛn nyinaa ma yenya Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm ahorow a ɛfa ho no ho ntease a emu da hɔ, na ‘yɛayɛ pɛ, anya awerɛkyekye, na yɛadwen ade koro, atra asomdwoe mu.’​—2 Kor. 13:11.

4, 5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Nyankopɔn de nteɛso ma yɛn?

4 Mpɛn pii no Onyankopɔn teɛ yɛn so bɔkɔɔ wɔ odwo kwan so a ebia yɛrenhu mpo sɛ ɛyɛ nteɛso. Ebia yɛkenkan biribi wɔ n’Asɛm mu a ɛma yɛtwe yɛn ho fi ɔkwan bi a ɛmfata so anaasɛ ɛma yenya adwensakra. Mmere afoforo bi nso wɔ hɔ a nteɛso a efi Yehowa hɔ no betumi ayɛ nea emu yɛ den kakra na mpo ɛyɛ yaw. Nanso onim nteɛso a eye ma yɛn. (Yer. 30:11) Hwɛ oye a eye bere a yefi yɛn pɛ mu gye ne nteɛso tom no, efisɛ ɔdɔ mu na Onyankopɔn fi de nteɛso ma sɛnea agya yɛ ne ba a ɔdɔ no no! Ɛyɛ nea nyansa wom nso sɛ yegye nteɛso biara a Yehowa Nyankopɔn de ma yɛn no tom mmom sen sɛ ɔbɛtwe yɛn aso ma akowie ɔsɛe mu.​—Yer. 10:24; Heb. 12:5.

5 Ɛtɔ da bi a Onyankopɔn nam nnipa so de nteɛso ma. Ɔsomaa adiyifo ne atemmufo kɔɔ Israel man no nkyɛn. Nanso obetumi de nteɛso a nyansa wom mpo ama nnipa nkorɛnkorɛ. Ɛho hiae sɛ Hiob atoro “awerɛkyekyefo” no mu biako gye tom sɛ Hiob ‘ateɛ nnipa bebree so.’ (Hiob 4:3; 16:2) Hwɛ nhyira ara a na ɛbɛyɛ sɛ obi benya nteɛso a nyansa wom afi Hiob, onipa a na ɔda nsow kɛse wɔ Onyankopɔn ahofama mu no nkyɛn! Nanso, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘so migye nteɛso a ɛte saa a ɛboa, nteɛso a efi onipa nkyɛn nanso egyina Onyankopɔn nyansa a ɛyɛ pɛ so no tom anaa?’

TEƐ A YƐBƐTEƐ YƐN HO YƐN HO SO ƆDƆ MU

6. Dɛn nti na ebia yɛn nsa betumi aka nteɛso afi onua bi nkyɛn?

6 Yesu kaa biribi a enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebenya nteɛso a ɔdɔ wom, na yɛde nteɛso a ɛte saa ara ama. Wɔ asɛm a ɛfa bɔne a emu yɛ duru a obi yɛ tia ɔfoforo ho, a yebetumi de emu nnyinasosɛm atoto tebea horow pii ho, mu no, Yesu kae sɛ: “Sɛ wo nua fom wo a, ka n’anim; na sɛ ɔsakra n’adwene a, fa firi no.” (Luka 17:3) Na, ɔsomafo Paulo nso kyerɛwee sɛ ɛsɛ sɛ ‘Awurade akoa’ de ‘boasetɔ ne odwo teɛ afoforo so.’​—2 Tim. 2:24, 25, NAB.

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ bɔne a emu yɛ duru ho?

7 Ahwɛfo, anaasɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn wɔ asafo no mu no, ani gye Kristoni biara ho, na wɔn ani gye nso sɛ wɔbɛbɔ nguankuw no nyinaa ho ban. (Heb. 13:17; 1 Pet. 5:2, 3) Enti, sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛsɛ sɛ wɔte ho asɛm. Ɛsɛ sɛ adebɔne yɛfo no ankasa ‘frɛ asafo no mu mpanyimfo.’ Anaasɛ, ɛsɛ sɛ Kristoni foforo biara a ɔbɛte bɔne a emu yɛ duru no ho asɛm no, esiane ɔdebɔneyɛfo no ne asafo no ahotew ho a odwen nti ɔbɔ mpanyimfo no amanneɛ. (Lev. 5:1) Afei, saa mpanyimfo yi betumi aboa onii a wafom no ma wasan n’akyi na ‘wagye ne kra nkwa afi owu mu.’​—Yak. 5:14, 16, 19, 20.

8. Ɛsɛ sɛ yebu yɛn nuanom mfomso nketenkete dɛn?

8 Mfomso nketenkete bi wɔ hɔ a Kristoni a ne ho akokwaw betumi de ɛho nteɛso ne mmoa a egyina Bible so ama. Nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ katee dodo wɔ nnipa foforo mfomso nketenkete ho, efisɛ Onyankopɔn hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya abodwokyɛre na yenhu mma yɛn ho yɛn ho. (Kol. 3:12, 13) Ɛsɛ sɛ yenya ‘ahobrɛase adwene, bu afoforo sɛ wɔkyɛn yɛn, a ɛnyɛ yɛn nko ade na yɛhwɛ, na mmom afoforo nso de bi.’ (Fil. 2:3, 4) Onyankopɔn si so dua kyerɛ yɛn sɛ “mfomso ho twa yɛ [yɛn] anuonyam.”​—Mmeb. 19:11.

9, 10. Sɛ ɛda adi sɛ onua bi refa ɔkwammɔne so a, dɛn na yebetumi ayɛ?

9 Nanso, ɛtɔ da bi a ebia yebehu sɛ ɔyɔnko Kristoni bi refom kwan anaasɛ ɔrekɔ asiane mu esiane ɔkwammɔne bi a wasi so nti. Sɛ nhwɛso no, wɔ yɛne onua bi nantew mu no, ebia yebehu sɛ n’ani gye asanom bebrebe ho. Ɔnyɛ ɔsabofo, nanso ɛda adi sɛ ‘ɔyɛ ɔsadweam.’ (1 Tim. 3:8) Enti yebetumi de nteɛso a ɛho wɔ mfaso ama. Nanso hena na ɔbɛyɛ saa?

10 Paulo kyerɛw Galatifo Kristofo no sɛ: “Sɛ mfomso bi bɛto nipa mpofirim nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no so odwo honhom mu.” (Gal. 6:1) Kristoni a ɔwɔ honhom mu su horow no betumi de nteɛso ama akwan horow so wɔ ayamye ne anifere kwan so. Sɛ nhwɛso no, ebia obetumi aka biribi wɔ nkɔmmɔbɔ mu a ɛremma ɛnna adi mpo sɛ ɛyɛ afotu ankasa a ɔde rema. (Mmeb. 15:23) Anaasɛ, ebia obetumi de afotu ama wɔ kokoam. Nanso​—na eyi ho hia​—ɛnsɛ sɛ ne mmɔdenbɔ yi yɛ nea efi mfomso hwehwɛ honhom mu, na mmom nea efi ayamhyehye mu.​—1 Kor. 13:4, 5.

11. Ɔkwan bɛn so na ebetumi aba sɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Filipi no boae wɔ asɛm bi a na ɛwɔ anuanom bi ntam wɔ hɔ no mu?

11 Mmeae afoforo nso wɔ hɔ a anuanom mmarima ne mmea Kristofo betumi aboa. Paulo kyerɛw eyi wɔ asɛm bi a ɛsɔree wɔ Filipi no ho:

“Mitu Euodia fo, na mitu Sintike nso fo sɛ wonnwen adekoro Awurade mu. Na mesrɛ wo nso, me yɔnko pa, so wɔn mu abia, efisɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no.” (Fil. 4:2, 3, Twi Bible Foforo)

Ɛda adi sɛ na asɛm bi wɔ Kristofo mmea baanu a wɔasra wɔn yi ntam. Ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ sɛ na ɔsomafo no reka akyerɛ Filipifo no se wonnyina wɔn mu bi afa wɔ asɛm no mu. Ɛno bɛhaw asafo no, ma ɛde mpaapaemu, ahoɔyaw ne akasakasa aba. (1 Kor. 1:10-13; 3:2-9) Ɛno yɛ asiane kɛse a ɛsɛ sɛ wokwati. Nanso, bere a wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ mmea no nsɛm mu no, anuanom mmarima ne mmea, te sɛ ‘ɔyɔnko pa’ a na ɔwɔ Filipi no, betumi de nteɛso a nkuranhyɛ wom a ɛde Kristofo biakoyɛ ba ama, ma wɔde afirifiri wɔn ho na wɔabom ayɛ adwuma ɔdɔ mu. (Mat. 5:23-25; Efe. 4:1-6, 31, 32; Tito 2:3-5) Sɛ ɔyɔnko somfo de nteɛso a efi atenka pa a ɛte sɛɛ mu ma wo a, ɛsɛ sɛ wubu no sɛ ɛyɛ ayamye a ɔda no adi.​—Dw. 141:5.

PINTINNYƐ A YƐDE BEDI DWUMA

12, 13. Mfomso a emu yɛ duru bɛn na ebetumi aba wɔ asafo mu?

12 Ɛtɔ da bi a ebia Kristoni bɛfa ɔkwan bi a ɛne Onyankopɔn akwankyerɛ nhyia so, a mmoa a mpanyimfo no de ma nyinaa akyi no, ɔnsakra n’akwan. Eyi nyɛ obi a ɔne obi foforo nipasu nhyia ara kwa, na ɛnyɛ obi a afei na obenya nkɔso akɔ Kristofo onyin mu ma enti ɔda hia a ehia sɛ ɔkɔ so nyin adi akwan horow so. Paulo gye toom sɛ yebenya Kristofo a wɔn ho nkokwawee a ɛsɛ sɛ yɛde boasetɔ, ɔdɔ ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebehu sɛ wɔrenya nkɔso boa wɔn. (Rom. 14:1; 15:1; 1 Kor. 13:11; Fil. 3:15, 16) Nanso, eyinom akyi no ebetumi aba sɛ ebinom bɛpaw sɛ wɔbɛyɛ biribi a, bere a ɛnyɛ bɔne a anibere wom ankasa no, ɛda adi sɛ ɛne Onyankopɔn afotu nhyia.

13 Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ bere ne bere mu no yebenya Kristofo bi a wɔte saa. Bible no se: “Na ofi kɛse mu nni sika ne dwetɛ nneɛma nko, na nnua ne dɔte de nso wɔ mu bi, na wobu bi, na ebi nso yɛ nea wommu.” (2 Tim. 2:20, 21) Wɔde asafo no too ofi a nnipa bi wɔ mu a wɔte sɛ anwenne a wommu, a wɔn akwan anaasɛ wɔn nkɛntɛnso nyɛ papa ho. Wɔbɔɔ Timoteo ne Kristofo anokwafo afoforo kɔkɔ sɛ ‘wɔntwe wɔn ho’ mfi anwenne a ɛtete saa a enni obu no ho.​—Fa toto Romafo 16:17 ho.

14, 15. Asɛm bɛn na ɛsɔree wɔ asafo no mu wɔ Tesalonika, na dɛn na ebia Kristofo bɛyɛ wɔ asɛm a ɛte saa ho?

14 Nea ɛne ntease a ɛte saa ne Paulo asɛm no a yɛde di dwuma hyia no, yehu sɛ na asɛm bi a ɛte saa wɔ tete Tesalonika. Wotuu asafo no nyinaa fo sɛ ebinom, a ɛda adi sɛ wɔwɔ ahoɔden na wobetumi ayɛ adwuma no renyɛ saa. Saa nnipa kakraa yi pɛe sɛ wodidi afoforo ho, adeyɛ a ɛne Onyankopɔn afotu a ɛfa anihawyɛ ho bɔ abira. Enti Paulo kyerɛwee sɛ: “Na yɛhyɛ mo, anuanom, yɛn Awurade Yesu Kristo din mu, sɛ montwe mo ho mfi onua biara a ɔnam basabasa na onni nsamhyɛde a onyaa yɛn nkyɛn no so no ho.”​—2 Tes. 3:6; Mmeb. 20:4; 24:30; Ɔsɛnk. 5:12, 18; 10:18.

15 Yiw, ebia na obi wɔ hɔ a ‘nsɛm ara kwa hyɛ nteɛso mma no,’ a Kyerɛwsɛm mu afotu a asafo no mu mpanyimfo de ma ka ho, na ɔkɔ so yɛ nea ɛne Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow nhyia. Ɛno na ebia Kristofo bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ ‘wɔtwe wɔn ho’ fi ne ho, sɛnea Paulo tuu fo no.​—Mmeb. 10:1; 29:19.

“MONHYƐ NO NSOW”

16. Afotu bɛn na Paulo de maa Tesalonikafo no?

16 Ɔretoa afotu a ɔde maa Tesalonikafo no wɔ wɔn a wɔyɛ anihaw na wɔnantew basabasa no ho so no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ nhoma no mu a, monhyɛ no nsow, mo ne no mmɔ fekuw, na n’ani nwu; na mummmu no sɛ ɔtamfo, na mmom monkasa nkyerɛ no sɛ onua.” (2 Tes. 3:14, 15) Enti, Kristofo betumi ‘ahyɛ’ obi a ɔkɔ so bu Onyankopɔn nnyinasosɛm animtiaa no ‘nsow.’

17. (a) Dɛn nti na ahwɛyiye ho hia wɔ dwuma a yɛde saa afotu no bedi mu? (b) Dɛn na Yesu kae wɔ eyi ho?

17 Nanso, ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye wɔ dwuma a yɛde afotu a efi honhom mu yi di no mu. Wɔ yɛn tebea a ɛnyɛ pɛ yi mu no, yebetumi agyina nea yɛn ankasa pɛ ne nea yɛmpɛ so abu afoforo ntɛn, sɛ ebia atadehyɛ ne ahosiesie ho nsɛm mu. Nanso, sɛ nhwɛso no, sɛ onuawa bi atade nyɛ nea ɛmfata, ɛnyɛ nea ɛyɛ aniwu anaasɛ ɛhaw anuanom nyinaa a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛsono atade anaa ntama a n’ani gye ho ara kwa. (Gen. 37:3, 4; Yoh. 19:23; 1 Tim. 2:9, 10) Wɔnyɛɛ yɛn atemmufo wɔ yɛn nuanom mmarima ne mmea so wɔ nsɛm a ɛho nhia a ɛsɛ sɛ obiara si ho gyinae anaasɛ obiara paw nea ɔpɛ anaasɛ ɔyɛ nea n’ahonim ma kwan no mu. (Rom. 14:4, 10-12) Anaa, sɛ obi ayɛ mfomso wɔ asɛm ketewaa bi ho a, ɛsɛ sɛ yɛkae afotu a Yesu de mae no:

“Mommmu ntɛn, na wɔammu mo atɛn. Na atemmu ko a mode bu no, wɔde bebu mo, . . . na ɛdɛn na wohwɛ dua a ɛwɔ wo nua aniwa mu, na woankasa aniwa mu mpuran de, wunhu?”​—Mat. 7:1-3.

18. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a ɛda adi pefee sɛ obi rebu Onyankopɔn afotu so?

18 Nanso, sɛ obi wɔ hɔ a ɔrewae afi Onyankopɔn nnyinasosɛm a ɛho hia ho, ma ebia ɔyɛ anihaw ankasa anaasɛ ɔyɛ ɔsɛmpɛfo a ‘ɔde ne ho hyehyɛ nsɛm a ɛmfa ne ho mu’ bere nyinaa nso ɛ? (2 Tes. 3:11) Anaa, ebia na asɛm no fa nyansa kwan a obi fa so didi afoforo ho, ne ho a ɔde hyɛ agodi ahorow a ɛda adi pefee sɛ ɛmfata mu, anaasɛ abrabɔ ahorow a ɛmfata a mprempren ɛnyɛ nea atemmu ‘boayifo betumi adi ho dwuma ho.a Mpanyimfo no abɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa, nanso ɔkɔ so ara, na ebia na ɛreka afoforo wɔ asafo no mu anaasɛ ɛrema ayɛ asiane ama afoforo. Mpanyimfo no betumi abɔ asɛm no ho nkɔmmɔ na wɔapaw wɔn mu bi ma ɔde Kyerɛwsɛm mu ɔkasa tẽe a emu da hɔ ama asafo no wɔ asɛm no ho. Bere a wɔnhyɛ da mmɔ onii a ɔnam “basabasa” no din no, mpanyimfo no betumi afa saa kwan yi so ama obi a ɔte saa a ɔnam basabasa no ‘aka n’ano atom.’​—Tito 1:10-13.

19. Sɛ saa adeyɛ no kɔ so ara a, dɛn na ebia wɔn a wɔwɔ asafo no mu no betumi ayɛ?

19 Sɛ tebea a ɛte saa wɔ asafo no mu a, ebia Kristofo nkorɛnkorɛ bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ ‘wɔhyɛ’ saa nipa no ‘nsow.’b Paulo kyerɛkyerɛ nea ɛwɔ eyi yɛ mu no fã bi mu sɛ: “Mo ne no mmɔ fekuw, na n’ani nwu.” (2 Tes. 3:14) Ɛno bɛkyerɛ agodi kwan so nneɛma a wo ne onii a ‘woahyɛ no nsow’ no yɛ a wubetwa so. Ɛnsɛ sɛ wobɔ kokoam gyinae a woasi no dawuru anaasɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛma afoforo ayɛ saa ara. Na mmom wo ankasa wobɛtwe wo ho afi onii a ‘woahyɛ no nsow’ no fekubɔ ho ma ɛne afotu pa a asafo no mu mpanyimfo de ma no ahyia. Nanso, worempow no korakora, efisɛ ɔda so yɛ wo nua, ɔyɔnko Kristoni a Kristo wu maa no. Sɛ anka wobɛma kwan ma ɔtan aba bi afifi no, ɛsɛ sɛ ‘wuyi no ntɛn.’ Ɔkwan bɛn so? Nea ɛka nhwɛso pa a wo ankasa wobɛyɛ no ho no, ayamye mu a wufi betie akwankyerɛ a wɔde ama sɛ ‘twe wo ho fi ne ho’ no nso yɛ nteɛso bi a wode ma. Nanso wubetumi ayɛ pii de aboa.​—Lev. 19:17; Tito 2:7, 8.

20. Sɛ ‘woahyɛ’ obi a ɔyɛ basabasa no ‘nsow’ a, asɛyɛde bɛn na ɛda wo so?

20 Wo ne Kristoni a ‘woahyɛ no nsow’ no behyia wɔ asafo nhyiam horow ase ne asɛnka adwuma mu. Enti, wubenya hokwan adi asɛyɛde afoforo a ɛka ‘hyɛ a wobɛhyɛ no nsow’ ho no ho dwuma: “Mummmu no sɛ ɔtamfo, na mmom monkasa nkyerɛ no sɛ onua.” (2 Tes. 3:14, 15) Sɛ woanyɛ asɛyɛde a Onyankopɔn afotu no fã yi de to wo so no ho adwuma na wubu onii a ‘woahyɛ no nsow’ no sɛ ɔtamfo a, w’adeyɛ no bɛyɛ nea ɔdɔ nni mu te sɛ ne de no.

21. Dɛn ne Bible mu nhyehyɛe yi atirimpɔw? (Num. 35:12; Deut.19:11, 12)

21 Ɛsɛ sɛ yenya anidaso sɛ onii a ‘wɔahyɛ no nsow’ no ani bewu. Ebia obehu sɛ akwankyerɛ a Kyerɛwsɛm de ma no nti na woretwe wo ho afi agodi kwan so fekuw a wo ne no bɔ no ho. Ebia saa ntɛn yi bɛboa no ma wahyɛ “nsa a emu agow ne nkotodwe a ahodwow no mu den bio. Na nea atɔ apakye no antere ho, na mmom wɔasa no yare.” Esiane anuanom anokwafo bebrebe a wɔwɔ Onyankopɔn asafo no mu nnɛ no nti, ebia ɛrenyɛ nea ɛtaa ba sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ‘hyɛ’ onua bi a ɔnantew basabasa no ‘nsow.’ Nanso sɛ ɛba saa a, ebia nteɛso a afotu a wɔde ma bere nyinaa ka ho no ‘bɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee.’​—Heb. 12:11-13.

MPANYIMFO BOAYIKUW A WƆNE WƆN HYIA

22, 23. Ɔkwan bɛn so na wodi nsɛm a ɛfa bɔne a emu yɛ duru ho ho dwuma?

22 Sɛnea yɛahu (wɔ nkyekyem 7) no, ɛho hia sɛ “asafo no mu mpanyimfo” de wɔn adwene kɔ obi a ‘wayɛ bɔne a anibere wom’ so. (Yak. 5:14, 15) Saa mmarima yi betumi de nteɛso a efi Onyankopɔn Asɛm mu ama onipa a mfomso bi abɛto no ma wayɛ bɔne a anibere wom no. Wobetumi de honhom fam mmoa a ohia no ama.​—Mmeb. 6:23.

23 Mpɛn pii no wɔpaw boayifo a mpanyimfo baasa wom ma wodi asɛm biara a ɛfa bɔneyɛ a anibere wom ho ho dwuma. Wonnni dwuma sɛ atemmufo anaasɛ ‘honhom mu polisifo’ ara kwa. Wɔyɛ nguankuw no ahwɛfo, na wɔda wɔn ho adi saa bere a wɔne obi a wayɛ bɔne redi no. Ɔhonam fam nguankuw sohwɛfo nna aweredi honhom, atirimɔden anaasɛ mfomso hwehwɛ honhom adi. Na ɛnsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ saa. Wɔwɔ hɔ sɛ wɔbɛboa, ɛnyɛ sɛ wobetwa onii akyene. (Yuda 23) Wɔn botae ne sɛ wɔbɛma ɔbɔnefo no asan afi ne kwan ho, sɛ ɛbɛyɛ yiye a.​—Yak. 5:19, 20.

24. Dɛn na mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ ama ɔbɔnefo no?

24 Nanso, bere a wɔredi bɔne a anibere wom ho dwuma no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo ‘kura nokware asɛm no mu pintinn,’ na ‘wotumi de kyerɛ pa no tu fo, ma woyi akyinnyegyefo ntɛn.’ (Tito 1:9) Enti ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wofi Kyerɛwsɛm mu bɛma nea wafom no abu bɔne a ɔkwan a ɔnam so no yɛ ne nea enti a ɛho hia sɛ ɔsakra ne kwan. Wɔpɛ sɛ ɔsakra n’adwene na asomdwoe ba ɔne Onyankopɔn ntam bio.​—1 Pet 3:10-12.

25. Nsɛm bɛn nso na ɛno hia sɛ yesua?

25 Na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yi nnebɔneyɛfo ntɛn? Dɛn ne Onyankopɔn kwan so ahonu? Wɔda no adi ɔkwan bɛn so? Baabi a wɔkyerɛ ahonu no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no di bɔne a emu yɛ duru ho dwuma dɛn? So ɛsɛ sɛ wɔka ɔdebɔneyɛfo no anim wɔ asafo no nyinaa anim anaa? Wɔakyerɛkyerɛ saa nsɛm yi mu wɔ adesua a edi so no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔkaa nhwɛso a ɛfa nantew a edi aware anim bere a Kyerɛwsɛm mu no obi nni hokwan sɛ ɔsan ware no ho asɛm wɔ “Nsemmisa a efi Akenkanfo Hɔ” wɔ August 1, 1980 Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu.

b Sɛ ‘wɔhyɛ’ obi ‘nsow’ kyerɛ sɛ wɔhyɛ no agyirae titiriw. Fa toto nhwɛso pa a wɔaka ho asɛm wɔ Dwom 37:37; Filipifo 3:17 ne Hebrifo 13:7 ho.

[Kratafa 11 adaka]

ƆKWAN BƐN SO NA YENYA NTEƐSO A ONYANKOPƆN DE MA MU KYƐFA

Ɛtɔ da bi a Onyankopɔn nam Bible no anaa Bible sua ho nhoma horow so teɛ yɛn so.

Anaasɛ ebia Kristoni, titiriw ɔpanyin, fi ɔdɔ mu bɛtwe yɛn adwene akɔ mfomso bi so.

Sɛ ebinom mpɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi ɔkwammɔne bi a wɔnam so ho a, ebia mpanyimfo no bɛbɔ asafo no kɔkɔ wɔ saa adeyɛ anaa saa suban no ho.

Afei ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛn ankasa ‘hyɛ obiara a ɔnam basabasa no ‘nsow.’​—2 Tes. 3:14, 15.

Sɛ yɛyɛ saa a, yebekwati agodi kwan so fekuw a yɛne wɔn a wɔtete saa bɛbɔ, NANSO ɛsɛ sɛ yedi asɛyɛde a yɛwɔ sɛ ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn a wɔtete saa a wɔnam basabasa no na yetu wɔn fo no ho dwuma, efisɛ wɔda so yɛ yɛn nuanom Kristofo.

[Kratafa 9 mfoni]

Sɛ wuhu sɛ ɔyɔnko Kristoni bi rekɔ asiane mu a, so wode afotu a ayamye wom bɛma no?

[Kratafa 10 mfoni]

Paulo tuu fo sɛ, “so wɔn” a wohia nteɛso a nkuranhyɛ wom no “mu abia”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena