BIBLE MU AKORADE | FILIPIFO 1-4
“Munnnwinnwen Biribiara Nnhaw Mo Ho”
Adwinnwen ano aduru ne mpaebɔ
Sɛ yɛde gyidi bɔ mpae a, Yehowa bɛma yɛn asomdwoe a “ɛboro adwene nyinaa so”
Ɛtɔ da a ɔhaw a yehyia no, yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye, nanso Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛagyina ano. Obetumi mpo aboa yɛn wɔ ɔkwan bi a yɛnhwɛ kwan so.—1Ko 10:13