“Mommma Mo Koma Nntutu!”
“Mommma mo koma nntu. Munnya Onyankopɔn mu gyidi, munnya me nso me mu gyidi.”—YOHANE 14:1.
1. Dɛn nti na na Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 14:1 no yɛ ne bere mu de?
NÁ ƐYƐ Nisan 14 wɔ afe 33 Y.B. mu. Na mmarima kuw ketewa bi ahyiam wɔ abansoro bi so wɔ Yerusalem wɔ bere a awia akɔtɔ akyi. Na wɔn Kannifo de afotu ne nkuranhyɛ a etwa to rema wɔn. Asɛm a ɔkae no fã bi se: “Mommma mo koma nntutu!” (Yohane 14:1) Na nsɛm a ɔkae no yɛ ne bere mu de, efisɛ na nsɛm a emu yɛ den rebesisi wɔ bere tiaa bi mu. Saa anadwo no, wɔkyeree no, wodii n’asɛm na wobuu no kumfɔ.
2. Dɛn nti na na saa da no yɛ da titiriw, na dɛn na ɛboaa n’asuafo no?
2 Wowɔ ntease pa sɛ wubebu saa da no sɛ ɛyɛ da titiriw sen biara wɔ abakɔsɛm mu a ɛka adesamma abusua no daakye ɔkannifo no a ɔne Yesu no afɔrebɔ wu no maa tete nkɔmhyɛ ahorow pii baam na ɛma wonyaa nea wobegyina so ama wɔn a wogye no di no daa nkwa. (Yesaia 53:5-7; Yohane 3:16) Nanso ehu kaa asomafo no a nsɛm a ɛyɛ awerɛhow a esisii saa anadwo no ama wɔn ho adwiriw wɔn na woayɛ basaa no nna bi. Petro paa Yesu mpo. (Mateo 26:69-75) Nanso bere a asomafo anokwafo no nyaa ɔboafo a ɔne honhom kronkron no a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no, wonyaa akokoduru na wɔn koma antu. (Yohane 14:16, 17) Enti bere a Petro ne Yohane hyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den na wɔde wɔn too afiase no, wɔbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa wɔn na wɔmfa “nnam” nka n’asɛm no. Obuaa wɔn mpaebɔ no.—Asomafo no Nnwuma 4:1-3, 29-31.
3. Dɛn nti na nnipa pii ahaw kɛse nnɛ?
3 Ɛnnɛ, yɛte wiase bi a ahaw kɛse mu. Nneɛma nhyehyɛe dedaw yi awiei rebɛn ntɛmntɛm. (2 Timoteo 3:1-5) Abusua asetra ne abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a asɛe kɛse, nyarewa a ɛyɛ hu a ɛredɔɔso kɛse, amammui mu basabasayɛ, adwuma a wonnya nyɛ, aduankɔm, amumɔyɛ, ne nuklea ɔko ho hu reka ɔpepem pii anaasɛ ɛrema wɔahaw kɛse. Nnipa pii koma atu na wosuro nea ɛbɛba daakye kɛse. Sɛnea Yesu ka siei no, ‘amanaman ho yeraw wɔn, na ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no ma nnipa totɔ beraw.’—Luka 21:25, 26.
4. Nneɛma bɛn na ebetumi ama Kristofo ayɛ basaa?
4 Saa nneɛma a ɛma obi yɛ basaa no betumi anya Kristofo so tumi kɛse mpo. Ebia wɔn nso wɔbɛyɛ basaa esiane nyamesom ho adwemmɔne anaa ɔsɔretia a efi abusuafo, ayɔnkofo, adwumayɛfo, sukuufo, ne aban mpanyimfo hɔ nti. (Mateo 24:9) Enti, ɔkwan bɛn so na yɛbɛkɔ so ayɛ ade komm a yɛremma yɛn koma ntu wɔ bere a ɛyɛ den yi mu? Ɔkwan bɛn so na yɛremma nneɛma nhaw yɛn adwene bere a nneɛma mu yɛ den no? Ɔkwan bɛn so na yebetumi da ahotoso ahyia daakye? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi dadwen a ɛredɔɔso no so? Yɛwɔ bere a Yesu de afotu a ɛwɔ Yohane 14:1 mae no mu, enti momma yɛnhwɛ afotu no yiye.
Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Adi Dadwen So?
5. Afotu ahorow a ɛhyɛ nkuran bɛn na Kyerɛwnsɛm no de ma yɛn?
5 Bere a Yesu de nkuranhyɛ a efi ɔdɔ mu ama n’asomafo no sɛ ‘wɔmmma wɔn koma nntutu’ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ “Munnye Onyankopɔn nni, na me nso, munnye me nni.” (Yohane 14:1) Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no de afotu ahorow a ɛte saa ara pii ma yɛn: “Dan w’adesoa to [Yehowa] so, na obeso wo mu.” “Fa wo kwan hyɛ [Yehowa] nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.” (Dwom 55: 22; 37:5) Paulo de afotu a anibere wom yi maa Filipifo no: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”—Filipifo 4:6, 7.
6, 7. (a) Ɔkwan biako bɛn na yɛbɛfa so ama adwenemhaw so atew? (b) Ɔkwan bɛn so na ebetumi ne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den?
6 Dadwen a ɔhaw ahorow ne asɛyɛde a emu yɛ duru de ba no betumi aka yɛn akwahosan ne yɛn honhom wɔ mmere horow bi mu. Nanso, oduruyɛfo bi ka wɔ nhoma Don’t Panic mu sɛ: “Sɛ nkurɔfo tumi ne obi a wɔwɔ obu ma no ka wɔn haw horow ho asɛm a . . . basaa a wɔyɛ no no so tew kɛse.” Sɛ onipa foforo a wɔne no kasa te saa de a, ɛnde hwɛ sɛnea mmoa a wobenya afi kasa a wɔne Onyankopɔn bɛkasa no mu no bɛyɛ nea ɛso. Hena na yebetumi akyerɛ obu kɛse ama no sen Yehowa?
7 Ɛno nti na abusuabɔ a emu yɛ den a Kristofo ne Yehowa benya nnɛ no ho hia kɛse saa no. Yehowa nkoa a wɔn ho akokwaw nim eyi yiye enti wɔhwɛ yiye sɛ wobekwati ayɔnkofa a wɔne wiasefo anaa anigyede ahorow bi a ebetumi ama saa abusuabɔ no mu ayɛ mmerɛw. no (1 Korintofo 15:33) Wohu sɛnea ɛho hia sɛ wɔkasa kyerɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu, ɛnyɛ pɛnkoro anaasɛ mprenu da biara na mmom mpɛn pii. Ɛho hia sɛ Kristofo mmofra anaasɛ afoforofo titiriw ne Yehowa nya saa abusuabɔ a emu yɛ den yi denam n’Asɛm a wobesua no daa na wɔasusuw ho no so ne denam Kristofo fekubɔ ne ɔsom so. Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.”—Yakobo 4:8.
Afotu A Yesu De Mae
8, 9. Sikasɛm mu ahokyere ho afotu pa bɛn na yebetumi de adi dwuma?
8 Wɔ aman pii mu no, adwuma a wonnya nyɛ ne sika fam ahokyere yɛ nneɛma atitiriw a ɛde dadwen ba. Yesu de afotu pa mae wɔ eyi ho: “Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. ɔkra nsen aduan, na nipadua nsen ntama anaa?” (Mateo 6:25) Yiw, ɔkra ne nipadua no, anaasɛ onipa no ankasa ho hia kɛse sen aduan ne ntama. Onyankopɔn nkoa betumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔanya nneɛma atitiriw a wohia no. Yesu de nhwɛso yi mae: “Monhwɛ wim nnomaa sɛ wongu na wontwa, na wɔ- mmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro agya yɛn wɔn; na monsom bo nsen wɔn anaa? (Mateo 6:26) Ɛyɛ nea ntease nnim sɛ Onyankopɔn bɛhwɛ ntakraboa nanso na obu n’ani agu ne nkoa a wɔyɛ nnipa a wɔsom bo ma no yiye a wɔn na Kristo de ne nkwa too hɔ maa wɔn no so.
9 Afei Yesu sii eyi so dua denam adwene a ɔtwe sii wuram sukooko a ɛnyɛ adwuma nanso ɛnto asaawa “nanso Salomo anuonyam nyinaa mu po wankeka ne ho sɛ eyinom mu biako” so no so. Ɔhene Salomo nniso gyee din esiane n’anuonyam nti. Afei Yesu nam awerɛkyekye kwan so bisae sɛ: “[Onyankopɔn] renyɛ nea ɛkyɛn eyi mma mo?”—Mateo 6:28-32; Nnwom mu Dwom 3:9, 10.
10. (a) Wɔkaa Yesu awerɛkyekye nsɛm no kyerɛɛ henanom (b) Afotu bɛn na ɔde mae wɔ daakye ho?
10 Nanso, Yesu kɔ so kyerɛ sɛ wɔyɛ eyi ma wɔn a ‘wɔhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan’ no nkutoo. Wɔ wiase nyinaa no, nokware Kristofo a wɔte saa no hu nea Onyankopɔn Ahenni yɛ ankasa na wɔde di kan wɔ wɔn asetra mu. Yesu afotu yi fa wɔn ho: “Munnnwinnwen ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.” (Mateo 6:33, 34) Wɔ ɔkwan foforo so no, di ɔhaw biara ho dwuma bere a ɛsɔre no, na nnwinnwen daakye ho sɛnea ɛnsɛ.
11, 12. Ɔkwan bɛn so na Kristofo binom tee nka sɛ Yehowa boaa wɔn wɔ wɔn mpaebɔ ho mmuae a ɔmae no mu?
11 Nnipa pii taa dwen daakye ho ne titiriw no, bere a nneɛma nkɔ so yiye no. Nanso Kristofo betumi adan akɔ Yehowa nkyɛn wɔ gyidi mu na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa nso. Susuw Eleanor asɛm no ho. Na ne kunu yare denneennen na wɔ afe biako mu na ne kunu ntumi nyɛ adwuma. Na Eleanor wɔ mmofra nkumaa baanu ne agya a ne mfe akɔ anim a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn, enti na ɔrentumi nyɛ adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ nka eyi ho. Wɔsrɛɛ Yahowa sɛ ɔmmoa wɔn. Da koro anɔpa, wɔ eyi akyi bere tiaa bi no, wohuu nhoma kotoku bi wɔ wɔn pon ase. Na sika pii wom—nea ɛdɔɔso a ebetumi ahwɛ wɔn akosi sɛ ne kunu no betumi ayɛ adwuma bio. Wɔde aseda kɛse mae wɔ mmoa a wonyae wɔ bere a ɛsɛ mu yi ho. Bible mu nnyinaso biara nni hɔ a ɛbɛma yɛahwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ eyi ama Kristoni biara a ahia no, nanso yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛte yɛn su ne sɛ, ɔwɔ tumi a ɔde bɛboa yɛn wɔ akwan horow so.
12 Na ɛsɛ sɛ Kristoni okunafo bi a ɔwɔ Afrika kesee fam hwehwɛ adwuma na ama watumi ahwɛ ne mma nkumaa baanu. Nanso na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔde da no fã bɛyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atra ne mma no nkyɛn. Bere a onyaa adwuma akyi no, wɔhyɛɛ no ma ogyaee bere a adwuma no so panyiin sii gyinae sɛ ohia ɔkyerɛwfo a ɔbɛyɛ adwuma da mũ nyinaa no. Esiane sɛ na onni adwuma a ɔyɛ bio nti, onuawa yi de anibere bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no. Adapɛn abiɛsa akyi no, ne kan adwuma no so panyin ka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ adwuma da no fã. Hwɛ sɛnea n’ani gyei! ɔtee nka sɛ Yehowa atie ne mpaebɔ.
Srɛ Yehowa
13. (a) Dɛn na “ɔsrɛ” kyerɛ? (b) Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow a ɛfa ɔsrɛ ho bɛn na yɛwɔ?
13 Yɛsrɛ wo, hyɛ no nsow sɛ bere a Paulo de afotu ama sɛ, “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho” akyi no, ɔde ka ho sɛ, “na ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom.” (Filipifo 4:6) Dɛn nti na ɔkaa “ɔsrɛ” ho asɛm? Asɛmfua no kyerɛ “adesrɛ a anibere wom,” anaasɛ ‘abisade mpaebɔ.’ Ɛfa srɛ a wɔsrɛ Onyankopɔn hɔ ade anibere so, ebia wɔ bere a wɔwɔ ɔhaw anaa asiane kɛse mu no ho. Bere a na Paulo yɛ ɔdeduani no, ɔka kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ wɔnyɛ nkotɔsrɛ mma no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de akokoduru aka ‘asɛmpa no sɛ ɔbɔfo a ɔda nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.’ (Efesofo 6:18-20) Romafo ɔsahene Kornelio “kɔɔ so kotow srɛɛ Onyankopɔn.” Hwɛ anigye ara a onyae bere a ɔbɔfo bi kae sɛ: “Wo mpaebɔ ne wo mmɔborohunu ade no aforo ɔsoro abɛyɛ nkae Onyankopɔn anim.” Na hwɛ hokwan ara a onyae sɛ na ɔka amanaman mufo a wodii kan de honhom sraa wɔn no ho.—-Asomafo no Nnwuma 10:1-4, 24, 44-48, NW.
14. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahu sɛ ebia abisade mpae a anibere wom a wɔbɔ Yehowa no nyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔbɔ no pɛnkoro pɛ?
14 Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ adesrɛ a anibere wom a ɛte sɛɛ a wɔde to Yehowa anim no nyɛ nea wɔtaa yɛ no pɛnkoro pɛ. Yesu kyerɛkyerɛe wɔ ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu sɛ: “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo, monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mpem, na wobehiɛ ama mo.” (Mateo 7:7, NW) Bible nkyerɛase pii kyerɛ eyi ase sɛ: “Mummisa . .. monhwehwɛ . . . mompem.” Nansa Hela kasa a wɔde dii dwuma mfiase no kyerɛ ade a wɔkɔ so yɛ.a
15. Dɛn nti na na Nehemia ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ bere n na ɔde nsa rema Ɔhene Artasasta no? (b) Ɔkwan bɛn so na na Nehemia ayɛ pii sen mpae tiawa a ɔbɔe?
15 Bere a na Nehemia resom Persia hene Artasasta sɛ nsahyɛfo no, ɔhene no bisaa no nea enti a wayɛ mmɔbɔmmɔbɔ kɛse no. Nehemia kae sɛ efisɛ na wate sɛ Yerusalem ayɛ akurofo. Afei ɔhene no bisae sɛ: “Na ɛdɛn na worehaw yi?” Ntɛm ara Nehemia srɛɛ Yehowa hɔ mmoa na akyinnye biara nni ho sɛ na ɛyɛ tiawa ne wɔ kommyɛ mu. Afei ɔsrɛɛ kwan sɛ wɔmma ɔnsan nkɔ Yerusalem na ɔnsan nkɔkyekye ne kurow a ofi mu a ɔdɔ no no. Wɔpenee n’abisade no so. (Nehemia 2:1-6) Nanso ansa na worebisa no saa asɛntitiriw no, na Nehemia de nna pii akotow asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no. (Nehemia 1:4-11) So wuhu asuade a ɛwɔ eyi mu ma wo no?
Yehowa Ma Mmuae
16. (a) Hokwan titiriw bɛn na Abraham nyae? (b) Mmoa a tumi wom bɛn na yɛwɔ a ho asɛm betumi ayɛ nea ɛwɔ yɛn mpaebɔ ho mmuaema mu?
16 Bere bi Abraham nyaa hokwan a ɛne sɛ ɔnam abɔfo so ne Yehowa dii nkitaho. (Genesis 22:11-18; 18:1-33) Ɛwom sɛ eyi nsi nnɛ de, nanso wɔama yɛn mmoa a tumi wom a na Abraham nni bi. Biako ne Bible mũ no nyinaa—akwankyerɛ ne awerɛkyekye fibea. (Dwom 119:105; Romafo 15:4) Bible no betumi ama yɛanya akwankyerɛ anaa nkuranhyɛ a yehia no mpɛn pii na Yehowa aboa yɛn ma yɛakaakae nsɛm a yehia no. Mpɛn pii concordance anaasɛ Bible nhoma pii a Onyankopɔn nam n’ahyehyɛde no so de ama no mu biako betumi ama yɛanya mmuae no. Index a eye a ɛka nhoma ahorow yi ho no yɛ mmoa foforo a ɛsom bo wɔ nsɛm a ɛho hia a wɔhwehwɛ no mu.
17. Akwan horow bɛn so na ebia Yehowa bebua yɛn mpaebɔ, na ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔyɛ ayamyefo ne mmɔborohunufo betumi aboa?
17 Sɛ asɛm bi haw yɛn anaa yedi awerɛhow anaa yɛn aba mu abu a, ebia yebenya yɛn mpaebɔ ahorow no ho mmuae wɔ akwan afoforo so nso. Sɛ nhwɛso no, Bible mu ɔkasa wɔ Adansefo asafo mu anaasɛ nhyiam ase no betumi ayɛ nea “aduru” a yehia no wom. Ɛtɔ bere bi a, nkɔmmɔ a yɛne Kristofo afoforo bɛbɔ no bɛma yɛanya nea yehia no. Mpɛn pii asafo mu mpanyimfo betumi de nkuranhyɛ anaasɛ afotu ama. Yɛn koma mu asɛm a yɛka kyerɛ Kristoni a ne ho akokwaw, ne yam ye, ɔwɔ mmɔborohunu a ɔyɛ otiefo pa -no betumi ama yɛn ho atɔ yɛn mpɛn pii. Eyi te saa titiriw sɛ yɛn adamfo bi boa yɛn ma yesusuw adwene a Bible no kura no ho a. Saa nkitahodi no betumi ayi adesoa a emu yɛn duru bi afi yɛn adwene ne yɛn koma so.—-Mmebusɛm 12:25; 1 Tesalonikafo 5:14.
18. Dwumadi titiriw bɛn na ebetumi aboa Kristofo ma wɔadi bere a wɔyɛ basaa no ho dwuma gat ɔkwan bɛn so na eyi boaa ɔkwampaefo kumaa bi?
18 Adwenemhaw ahorow abu so wɔ saa “nna a edi akyiri” yi mu. (2 Timoteo 3:1) Nkurɔfo aba mu bu na wɔbotow esiane nneɛma ahorow nti. Eyi betumi ato Kristofo nso, na ebetumi ayɛ osuahu a enye sen biara. Nanso pii ahu sɛ asɛmpa no a wɔka no aboa wɔn ma basaa a wɔyɛ no agyae.b So woasɔ ahwɛ? Sɛ wote nka sɛ w’aba mu abu a, bɔ mmɔden sɛ wubenya Ahenni adwuma no fã bi mu kyɛfa. Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm a wobɛka akyerɛ afoforo no bɛboa wo mpɛn pii ma woanya adwempa. Yehowa ho asɛm a wobɛka akyerɛ ne n’Asɛm a wode bedi dwuma betumi ama woanya anigye—ne honhom aba—na ɛbɛma woate nka sɛ woayɛ soronko. (Galatifo 5:22) Ɔkwampaefo kumaa bi hui sɛ Ahenni adwuma a ɔde nnam yɛ no ama wahu sɛ, “sɛ ɔde ne haw ahorow toto afoforo de ho a, [ne] de no yɛ ketewaa bi na ɛyɛ bere tiaa mu de.”
19. Ɔkwan bɛn so na Kristoni bi a na onni ahoɔ‘ den no dii adwene a ɛnteɛ so?
19 Ɛtɔ bere bi a, apɔwmuden a obi nni a ebia dadwen ne ɔhaw ahorow ma emu yɛ den no betumi ama wayɛ basaa. Eyi betumi ama wanyan anadwo a na wahaw, sɛnea ɛtoo Kristoni bi a ɔwɔ ne mfinimfini mfe mu a na onni ahoɔden wɔ mmere horow bi mu no. Nanso ohui sɛ mpaebɔ a efi koma mu no yɛ mmoa ankasa. Bere biara a obenyan na ɔte nka sɛ wayɛ basaa no, ɔbɔ Yehowa mpae wɔ kommyɛ mu. Eyi maa ne ho tɔɔ no kɛse wɔ bere tiaa bi mu. Ohui nso sɛ, sɛ otĩ Bible mu nsɛm a ɛma awerɛkyekye te sɛ Dwom 23 no mu wɔ ne tirim a, ɛma onya ahotɔ. Yehowa honhom a ɛreyɛ adwuma de abua mpaebɔ no anaasɛ denam n’Asɛm so no bɛma basaayɛ no agyae na wanya anigye. Akyiri yi no, onipa no betumi asusuw ne haw ahorow no ho wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so ne kommyɛ mu na wahu sɛnea obedi ɔhaw no so anaasɛ wate nka sɛ ɔwɔ ahoɔden a ɔde begyina ano.
20. Dɛn nti na ebia ɛte sɛ nea mpaebɔ ho mmuae twentwɛn ase wɔ mmere horow bi mu?
20 Eyi yɛ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea mpaebɔ betumi ama obi anya nea ɔhwehwɛ ho mmuae no. Nanso ɛtɔ bere bi a, ɛte sɛ nea ano aduru a obi benya no twentwɛn ase. Dɛn ntia? Ebia ɛsɛ sɛ mmuae no ba wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu. Ɛte sɛ nea wɔ nsɛm bi mu no, Onyankopɔn ma adesrɛfo no kwan ma wɔda sɛnea wɔn haw no kɔ akyiri, sɛnea ɔpɛ a wɔwɔ no mu yɛ den, ne nokware a wɔn ahofama no yɛ no adi. Nnwontofo no mu biako nyaa saa osuahu no!—Dwom 88:13, 14; fa toto 2 Korintofo 12:7-10 ho.
21. Dɛn nti na ɛyɛ hokwan kɛse sɛ obi bɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako nnɛ, na ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ ho anisɔ?
21 Sɛnea ɛte biara no, nkitaho a yɛne Onyankopɔn di wɔ mpaebɔ mu no yɛ ade a ɛhyɛ gyidi den a ebetumi ama yɛn abasamtu no agyae na yɛanya ahotoso. Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ Onyankopɔn te na ɔma ho mmuae! Sɛnea Paulo kyerɛw kɔmaa asafo a na ɛwɔ Filipi no, ɛsɛ sɛ yɛde mpaebɔ ne ɔsrɛ, “ɛne aseda” ma. (Filipifo 4:6) Yiw, ɛsɛ sɛ yebue yɛn komam da biara de da Yehowa ase na ‘yɛda ase ade nyinaa mu.’ (1 Tesalonikafo 5:18) Eyi bɛboa ma yɛanya abusuabɔ a emu yɛ den na yɛanya asomdwoe. Asɛm a edi hɔ no kyerɛ sɛnea eyi ho hia ma Yehowa nkoa wɔ mmere a ɔhaw wom na ɛyɛ hu yi mu no.
[Ase hɔ nsɛm]
a Nea ɛne sɛnea New World Translation of the Holy Scriptures no mu nsɛm a mfomso nni mu hyia no. Charles B. Williams kyerɛ nkyekyem no ase sɛ: “Monkɔ so mmisa . . . monkɔ so nhwehwɛ monkɔ so mpem na wobebue ɔpon no ama mo.”—The New Testament: A Translation in the Language of the People.
b Ɛsono awerɛhow a wodi wɔ bere tiaa mu no wo adwenem basaayɛ a. emu yɛ den na ɛtra hɔ kyɛ a ɛyɛ nkate mu ɔhaw anaasɛ adwenemhaw a emu yɛ den kɛse no ho. Hwɛ October 22, 1987 Awake!, nkratafa 3-16.
Wobebua Dɛn?
◻ Nneɛma ahorow bɛn na ebetumi ama Kristoni ahaw?
◻ Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛadi dadwen so?
◻ Dɛn nti na Kristofo betumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛboa wɔn ma wɔanya wɔn ahiade atitiriw?
◻ Dɛn na “ɔsrɛ” kyerɛ, na ɔkwan bɛn so na tete nhwɛso ahorow kyerɛ sɛnea Yehowa ma mmuae no?
◻ Akwan ahorow bɛn so na ebia Yehowa bebua yɛn mpaebɔ ahorow?
[Kratafa 23 mfonini]
‘Mo soro Agya yɛn nnomaa. So monsom bo nsen wɔn anaa?’