Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 12/15 kr. 32
  • “Onyankopɔn Asomdwoe a Ɛtra Adwene Nyinaa So”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Onyankopɔn Asomdwoe a Ɛtra Adwene Nyinaa So”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 12/15 kr. 32

“Onyankopɔn Asomdwoe a Ɛtra Adwene Nyinaa So”

WƆ ABAKƆSƐM nyinaa mu no, Onyankopɔn asomfo anokwafo ahyia ɛyawdi a emu yɛ den mmere pii. Hwɛ sɛnea eyi yɛ nokware kɛse mpo nnɛ, efisɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu! (2 Timoteo 3:1) Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ wɔmfa wɔn dadwen nto Yehowa so denam mpaebɔ so. Dɛn na ebefi mu aba? “Na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”—Filipifo 4:7.

Dɛn ne “Onyankopɔn asomdwoe” yi? Ɛyɛ akomatɔyam a efi abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Ɔbɔadeɛ no wɔ mu ba. Abusuabɔ a ɛte sɛɛ no ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛnea yɛn haw ahorow te biara no, Yehowa “rempow ne nkurɔfo; ɔrennyaw wɔn a wɔyɛ ne dea.”—Dwom 94:14, Today’s English Version.

Eyi nkyerɛ sɛ yɛrenhu amane. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Ɔtreneeni amane dɔɔso.” (Dwom 34:19) Nanso, Onyankopɔn asomdwoe no betumi de ahotɔ aba. Ɔkwan bɛn so?

Paulo kyerɛwee sɛ, Onyankopɔn asomdwoe ‘tra adwene nyinaa so’—anaasɛ sɛnea wɔakyerɛ ase wɔ Concordant Version mu no, “ɛkorɔn sen adwene mu tebea biara.” Dadwen betumi ama yɛanya adwennwenne ahorow pii. (Ɔsɛnkafo 7:7) Nanso, Onyankopɔn asomdwoe betumi ama yɛagyina pintinn, titiriw bere a yehia “tumi a ɛboro so no.”—2 Korintofo 4:7; 2 Timoteo 1:7.

Afei nso, Onyankopɔn asomdwoe yɛ ahobammɔ. Sɛnea Paulo kyerɛw kɔmaa Filipifo no, ebetumi ‘ahwɛ mo koma ne mo adwene so.’ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘hwɛ’ no yɛ sraadi mu asɛmfua a ɛda adi sɛ ɛtwe adwene si awɛmfo a wɔwɛn awia ne anadwo nyinaa so. Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, Onyankopɔn asomdwoe betumi awɛn yɛn koma ne adwene nnɔnhwerew 24.—1 Korintofo 10:13; fa toto Efesofo 4:26 ho.

Sɛ yesusuw ɔhaw ahorow a yehyia nnɛ no ho a, Onyankopɔn asomdwoe no nyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛda ho ase anaa?—Dwom 18:2; fa toto Exodus 40:38 ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena