Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 10/1 kr. 12-17
  • Gye Onyankopɔn Mmoa Tom Fa Di Kokoam Mfomso Ahorow So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gye Onyankopɔn Mmoa Tom Fa Di Kokoam Mfomso Ahorow So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kokoam Mfomso A Ɛfa Nna Ho Akɔnnɔ Ho
  • Kokoam Mfomso Yi A Wobedi So
  • Ko A Wɔko Tia Nsa A Wɔnom Wɔ Ɔkwan A Ɛnteɛ So
  • Onyankopɔn Tua Kokoam Nneyɛe so Ka
  • Ɛyɛ a Megoro Me Ho Ma Me Ho Ba—Mɛyɛ Dɛn Agyae?
    Nsɛm a Mmabun Bisa—Mmuae a Ɛbɛboa Wɔn, Ɔfã 1
  • Boasipem Yɛ Aniberesɛm Dɛn?
    Nyan!—1988
  • Onyankopɔn Adwene Wɔ Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ho Mu A Yebekura
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nea Onyankopɔn Ka Fa Nsã Ho No, Ma Ɛntena W’adwenem
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 10/1 kr. 12-17

Gye Onyankopɔn Mmoa Tom Fa Di Kokoam Mfomso Ahorow So

“Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.”​—FILIPIFO 4:13

1. Dɛn na agya bi a ohia mmoa srɛe?

NÁ ABOFRA no yɛ otwafo.a Ná n’ano po ahuru, na ɔtwɛre ne sẽ, na ɛtɔ bere bi a ɔtɔ nsu anaa ogya mu. N’agya a ná asɛm no haw no no kɔhwehwɛɛ ɔbarima bi a wonim sɛ ɔsa saa ɔyare no. Bere a na ɛte sɛ nea onni saa ɔbarima no tumi mu ahotoso no, n’agya no teɛɛm sɛ: “Mewɔ gyidi! Boa me wɔ faako a mihia gyidi no mu!”

2. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔboa yɛn ma yedi yɛn mfomso ahorow so?

2 Yebetumi asua biribi afi agya a ɔbɛhwehwɛɛ Yesu hɔ mmoa asɛm yi mu. Ɔbarima no gye toom sɛ ebetumi aba sɛ ne gyidi no yɛ nea asɛm wɔ ho; na ogye di nso sɛ Yesu pɛ sɛ ɔboa no. Ebetumi aba saa wɔ yɛn fam, bere a yehyia yɛn ankasa mfomso​—nea ɛyɛ kokoam de mpo​—na yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi so no. Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ ɔboa yɛn sɛnea ɔboaa afoforo wɔ mmere a atwam mu no. (Fa toto Mark 1:40-42 ho.) Sɛ nhwɛso no, ɔboaa ɔsomafo Paulo ma ogyinaa mfomso ahorow a anka ebetumi afi taamudi anaa ohia mu aba no ano. Ebia obi a odi hia ani bɛbere ahonyade; ebia nea ɛbɛyɛ obi a ɔyɛ ɔdefo no mfomso a ɔyɛ ne ne ho a ɔde to ne yiyedi so koraa na obu wɔn a wonni pii no animtiaa no. (Hiob 31:24, 25, 28) Ɔkwan bɛn so na Paulo dii mfomso a ɛte sɛɛ so anaasɛ ɔtwee ne ho fii ho? Ɔka sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.”​—Filipifo 4:11-13.

3. Dɛn nti na ɛyɛ nea nyansa wom ma yɛn sɛ yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yebedi yɛn mmerɛwyɛ ahorow so?

3 Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛde Onyankopɔn tumi no bedi dwuma abɔ mmɔden adi yɛn mfomso ahorow no so a yemmu yɛn ani ngu so esiane sɛ mprempren de ɛyɛ nea ebia ahintaw nti. Odwontofo no kae wɔ Yehowa ho sɛ: “Ɔno na onim koma mu ahintasɛm.” (Dwom 44:21) Sɛ yɛanni yɛn mfomso ahorow no so a, ebetumi ada adi na ayɛ ɔhaw kɛse ama yɛn. Nnyinasosɛm yi yɛ nea ɛfa ho: “Nnipa binom bɔne da adi ansa di anim de wɔn rekɔ atemmu mu, na ebinom de nso di wɔn akyi.” (1 Timoteo 5:24) Ma yɛnhwehwɛ mfomso ahorow abien a ɛho hia sɛ Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani susuw ho no mu.

Kokoam Mfomso A Ɛfa Nna Ho Akɔnnɔ Ho

4, 5. (a) Nna ho adwene a ɛkari pɛ bɛn na Bible no de ma? (b) Kɔkɔbɔ ahorow bɛn na yehu wɔ Kyerɛwnsɛm mu a ɛfa nna ho akɔnnɔ ho?

4 Onyankopɔn akyɛde fɛfɛ no mu biako ne aware a tumi ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛwo mma no ka ho. (Genesis 1:28) Ɔbarima ne ɔbea nna wɔ aware mu yɛ nea wɔhwɛ kwan a ɛho tew. Bible no kamfo nna mu anigye a obi ne ne hokafo benya. (Mmebusɛm 5:15-19) Nanso, nna mu akɔnnɔ yi rentumi nyɛ biribi a wonni so. Sɛ ntotoho no, susuw yɛn kɔn a etumi dɔ aduan no ho. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛn kɔn tumi dɔ aduan no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛma ɛno ho kwan a anohyeto biara nni mu a ɛho nhia sɛ yebedi yɛn ho so wɔ bere a yedidi, faako a yedidi, ne sɛnea yedidi no mu.​—Mmebusɛm 25:16, 17.

5 Ebetumi aba sɛ Paulo waree pɛn, na na onim sɛ ɔbarima ne ɔbea nna a ɛho tew wɔ awarefo ntam yɛ nea ɛfata. (1 Korintofo 7:1-5) Enti na ɛyɛ nea ebia ɔreka biribi foforo ho asɛm bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere” no. (Kolosefo 3:5) Ebetumi aba sɛ na ɔreka nna mu nneyɛe a ɛnyɛ awarefo de a ɛmfata na enye no bi ho asɛm. Ɔsomafo no de kaa ho nso sɛ: “Mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa n’ade ahotew ne nidi mu, na ɛnyɛ nna mu akɔnnɔ anibere mu.” (1 Tesalonikafo 4:4, 5, NW) Afotu a emu da hɔ pefee a efi honhom mu yi ye ma Kristofo awarefo ne ahokwafo nyinaa.

6. Dɛn nti na Kristofo twe wɔn ho fi boasipem ho ma ɛfata?

6 Ɔkwan biako a wɔfa so da “akɔnnɔ bɔne a emu yɛ den” (1 Tesalonikafo 4:5, The New Testament for English Readers a Henry Alford kyerɛwee) a ɛte saa adi mpɛn pii ne sɛ obi bɛkanyan ne bɔbea de adwudwo n’akɔnnɔ ano. Wɔfrɛ eyi boasipem anaa nnweho. Ɛkɔ so kɛse wɔ mmarima ne mmea ahokwafo mu. Nanso awarefo pii nso yɛ bi. Bu a abu so no ma nnuruyɛfo pii ka sɛ eye na mfaso wɔ so mpo. Nanso, adeyɛ yi ne Onyankopɔn afotu a etia “nna mu akɔnnɔ anibere” no bɔ abira. Yebetumi ahu nea enti a ɛte saa, ne nea enti a ɛsɛ sɛ Kristofo di suban yi so no yiye denam afotu bi a Yesu de mae a yebesusuw ho no so.

7. Ɔkwan bɛn so na Mateo 5:28 de ntease foforo nti a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi boasipem ho ma?

7 Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔhwɛ ɔbea na ne kɔn dɔ no no, namafo no ne koma mu dedaw.” (Mateo 5:28) Ná onim sɛ awaresɛe ho adwene a ano yɛ den na edi abrabɔ bɔne anim mpɛn pii. Nanso, wɔn a wɔka sɛ boasipem ye no gye tom sɛ ɛtaa yɛ nea egyina ɔbarima ne ɔbea nna mu adwen horow so. Bere a aka mmofra “adwene a wɔhyɛ da de si anigye a boasipem betumi de aba so” ho asɛm akyi no, Talking With Teenager nhoma no de ka ho sɛ: “Ɛtɔ bere bi a wɔfa no sɛ wɔwɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu tebea a ano yɛ den mu, anaasɛ wɔfa no sɛ wɔne nnipa a wɔne wɔn wɔ bɔbeasu koro anaa wɔne mpanyimfo te sɛ akyerɛkyerɛfo, abusuafo, ne [awofo] mpo na ɛreyɛ saa. Ebia wobenya adwen horow a ɛfa nna mu basabasayɛ ahorow ho. Eyi nyinaa ye koraa.” Nanso so ɛte saa? Ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi abu adwen horow a ɛte sɛɛ ne boasipem sɛ “eye” bere a Yesu de kɔkɔbɔ a ɛfa ‘awaresɛe wɔ koma mu’ ma na Paulo nso de afotu a etia “nna mu akɔnnɔ anibere” ma no? Dabi, adwen horow a ɛte sɛɛ ne boasipem​—sɛ́ ɛyɛ nea ɛfa abofra anaa ɔpanyin ho, anaa nea ɛfa ɔhokwafo anaa ɔwarefo ho​—yɛ nea ɛho hia sɛ wodi so.

Kokoam Mfomso Yi A Wobedi So

8, 9. Nokwasɛm ahorow bɛn a obi behu na ebetumi aboa no ma watwe ne ho afi boasipem ho?

8 Sɛ kokoam mfomso yi haw Kristoni bi a, dɛn na obetumi ayɛ de adi so, ‘anya n’ankasa n’ade ahotew ne nidi mu’? (1 Tesalonikafo 4:4) Onyankopɔn de mmoa a ɛsom bo ma wɔ n’Asɛm no nyinaa mu.

9 Nea edi kan no ɛho hia sɛ ogye tom sɛ Yehowa wɔ gyinapɛn ahorow. Ɔda yɛ a aware akyi nneyɛe ahorow te sɛ aguamammɔ ne awaresɛe yɛ bɔne no adi pefee. (Hebrifo 13:4) Enti, sɛ yegye di sɛ n’akwan ne nea eye sen biara a, yɛbɛpɛ sɛ yenya nna mu anigye wɔ aware mu nkutoo. (Dwom 25:4, 5) Nhoma Adolescence a E. Atwater kyerɛwee no da no adi sɛ ɛdefa boasipem ho no, mmofra taa da ‘ahopɛ su, aniwu ne osuro’ adi. Nea enti a ɛte saa biako a ɔkae ne sɛ ‘ɔdɔ abusuabɔ a emu yɛ den a ɛka ɔbarima ne ɔbea nna ho wɔ aware mu no nni hɔ wɔ boasipem mu.’ Yiw mfaso wɔ so sɛ obi bedi n’akɔnnɔ so kosi bere a obetumi ayɛ saa wɔ aware mu abusuabɔ a ɔdɔ wom mu.

10. Akwan horow a obi betumi afa so na aboa no ma wadi adeyɛ yi so no bi ne nea ɛwɔ he?

10 Onyankopɔn Asɛm no de mmoa foforo ma denam afotu yi so: ‘Nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.’ (Filipifo 4:8) Ɛda adi sɛ mfonini ahorow a ɛkanyan akɔnnɔ ne nhoma ahorow a ɛka ɔbrasɛe ho asɛm ‘nyɛ nea ɛho tew, nea ɛwɔ din pa anaasɛ ɔbra pa.’ Nanso eyinom ne nea ‘boasipemfo ani gye ho mpɛn pii. Ɛnde ɛsɛ sɛ obiara a wasi ne bo sɛ obedi mfomso yi so no twe ne ho fi nneɛma a ɛtete sɛɛ a ɛkanyan akɔnnɔ no ho koraa. Osuahu ada no adi sɛ, sɛ obi ani fi ase gye nneɛma a ɛte sɛɛ a ɛkanyan akɔnnɔ ho wɔ ɔkwan a ɛmaa ɔde ne ho hyɛɛ boasipem mu kan no so a, ɛnde n’adwene a ɔde besi nea ɛteɛ a ɛho tew so kɛse betumi abrɛ akɔnnɔ no ase. Eyi ho hia titiriw, bere a obi nkutoo wɔ hɔ anaa ɔwɔ sum mu baabi na ɔyɛ obi a kokoam mfomso yi haw no no.b​—Romafo 13:12-14.

11. Ka nneɛma afoforo a ada adi sɛ ɛboa wɔ mfomso yi a wobedi so mu no bi ho asɛm.

11 Mmoa foforo a ɛka ho ne sɛ wobɛyɛ ade ma ɛne afotu yi ahyia: “Monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.” (Efesofo 5:15, 16) Bisa Kristoni a ne ho akokwaw a wowɔ ne mu ahotoso nyansahyɛ ahorow a ɛfa nneɛma pa a wubetumi ayɛ ho. (Yesaia 32:2) Pii a wɔadi mfomso yi so no gye tom sɛ nim a na wonim sɛ Kristoni a osusuw wɔn ho bebisa wɔn sɛnea wɔrebɔ mmɔden wɔ ho no boaa wɔn ma wotumi nyaa ahosodi. Ɛwom, Obi a ɛsɛ sɛ yenya ne mu ahotoso kɛse ne Yehowa. Enti ɛho hia sɛ wobɛkɔ ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu, na woahwehwɛ ne mmoa. (Filipifo 4:6, 7) Sɛ obi a wakɔ so ako atia mfomso yi wɔ bere bi mu “hintiw” a, obetumi asrɛ Onyankopɔn ma wahyɛ no den na watumi adi so bio wɔ bere tenten a ɛsen saa mpo mu.​—Hebrifo 12:12, 13; Dwom 103:13, 14.

Ko A Wɔko Tia Nsa A Wɔnom Wɔ Ɔkwan A Ɛnteɛ So

12. Dɛn ne Kristofo adwene wɔ nsa ho?

12 Bible mu nkyekyem biako ka sɛ, ‘Nsa ma Onyankopɔn ne nnipa ani gye.’ (Atemmufo 9:13) . Ebia wubegye atom, efisɛ nsa boa ma nnipa pii koma tɔ wɔn yam na wonya anigye nso. (Dwom 104:15) Nanso nnipa kakraa bi na wobegye akyinnye wɔ asiane a asanom betumi de aba wɔ nipadua ne abrabɔ mu no ho. Ɔhaw titiriw biako ne asabow ankasa. Saa mfomso yi yɛ nea anibere wom araa ma Onyankopɔn bɔ kɔkɔ sɛ wobetumi apam asabofo afi asafo no mu, na wɔrennya Ahenni no nso. (1 Korintofo 5:11-13; Galatifo 5:19-21) Kristofo nim eyi na wogye tom sɛ ɛnsɛ sɛ wɔbow nsa. Nanso, wɔ asabow akyi no, ɔkwan bɛn so na nsa a wɔnom betumi abɛyɛ kokoam mfomso?

13. Kyerɛkyerɛ sɛnea obi betumi ayɛ nea wannya nsa a ontumi ntra ase no mu.

13 Kristoni betumi ayɛ obi a nsa kakraa bi na ɔnom nanso ɔwɔ mfomso a anibere wom mu. Susuw ɔbarima bi a yɛbɛfrɛ no Heinz osuahu no ho.

Ɔne ne yere ne ne mma bɛyɛɛ nokware Kristofo na na wɔyɛ nnam kɛse wɔ asafo a wɔwom no mu. Ankyɛ na wɔpaw Heinz sɛ ɔpanyin na wobuu no sɛ ‘adum’ wɔ asafo ahorow a ɛwɔ kurow no mu no mu. (Galatifo 2:9) Sɛnea wobɛhwɛ kwan no, ohyiaa abusua mu nsɛnnennen ahorow ne dadwen ahorow wɔ nguankuw no a ɔbɛhwɛ wɔn no mu. (2 Korintofo 11:28) Adwuma a ɔyɛ nso de dadwen ahorow no bi bɛkaa ho, efisɛ na adwumayɛkuw a ɔyɛ adwuma ma wɔn no reyɛ kɛse na n’adwuma mu panyin no pɛe sɛ odi nsɛnnennen ne gyinaesi ahorow ho dwuma.

Anwummere pii wɔ hɔ a na Heinz ayɛ basaa kɛse. Ohui sɛ nsa biako anaa abien a ɔbɛnom no boa no ma onya ahotɔ. Ampa, esiane sɛ ɔyɛ Kristoni a ne ho akokwaw nti, ɔhwɛɛ yiye sɛ ɔrennom ma ɛntra so anaa ɔremmow. Ɛwom sɛ na ɔnom nsa anwummere de dwudwo ne ho de, nanso na onhia nsa awia na na ɔntaa nnom nsa nnidi mpo. Ná ɔnyɛ obi a wonim no sɛ ‘ɔyɛ ɔsadweam.’​—1 Timoteo 3:8.

Mpofirim ara wɔde Heinz kɔtoo ayaresabea a na wɔrebɛyɛ no oprehyɛn ketewaa bi. Ɔyare bi a wɔnhwɛ kwan ho sɛnkyerɛnne daa adi. Dɛn na ɛde eyi bae? Ankyɛ na nnuruyɛfo no hui sɛ nsa haw Heinz. Yiw, ne nipadua no abɛyɛ nea sɛ wannya nsa a, ontumi ntra ase. Eyi yɛ asɛm a ɛmaa n’abusua no ho dwiriw wɔn, nanso wotwaa ne ho hyiae na wɔboaa no wɔ ne tirim a ɔbɔe sɛ obegyae asanom koraa no mu.

14. Dɛn na ebetumi ama nsa adi obi ho fɛw?

14 Ebinom hu sɛ nsa abɛyɛ nea edi wɔn asetra so kɛse na enti wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn asanom no behintaw a wɔmpɛ sɛ abusuafo anaa nnamfo behu nsa dodow a wɔnom anaa mpɛn dodow a wɔyɛ saa. Ebia afoforo nso bɛte nka sɛ wɔnyɛ wɔn a sɛ wɔannya nsa a wontumi ntra ase, nanso, abɛyɛ ade titiriw wɔ da no mu ama wɔn. Wɔn a wɔwɔ akuw abien yi mu biara mu no wɔ asiane kɛse a ɛne nom a wɔbɛnom nsa ma atra so wɔ mmere bi mu anaa yɛ a wɔyɛ asadweamfo wɔ kokoam no mu. Susuw mmebusɛm yi ho: “Nsa yɛ ɔfɛwdifo, mmosa yɛ otutupɛfo, na obiara a ɔtɔ mu ntintan no nhu nyansa.” (Mmebusɛm 20:1) Asɛm no ne sɛ nsa a obi bɛnom no pii no betumi ama wayɛ ade wɔ atutupɛ kwan so na wayɛ obi a wodi ne ho fɛw. Nanso, nsa betumi ayɛ ɔfɛwdifo wɔ ɔkwan foforo so. Obi fata fɛwdi, sɛ osusuw sɛ ne nsa a ɔnom no yɛ nea Onyankopɔn nhu a.

15. Ɔkwan bɛn so na Paulo asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 9:24-27 no fa nsa a Kristoni nom ho?

15 Onyankopɔn honhom aba no biako ne ahosodi, na yehia eyi wɔ yɛn asetra nyinaa mu. (Galatifo 5:22, 23, NW) Paulo de Kristoni totoo ammirikatufo ho. Wɔ agumadi akansi ankasa mu no, nea otu mmirika no ‘sɔre ne ho ade nyinaa mu’ sɛnea ɛbɛyɛ a ‘obenya abotiri a ɛsɛe.’ Saa ara na ɛho hia sɛ Kristofo ‘sɔre wɔn ho ade nyinaa mu’ sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nkonim bo a ɛsom bo kɛse no​—NKWA. Paulo sii so dua sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yɛhyɛ yɛn nipadua ahometew’ sɛnea ɛbɛyɛ a ‘bere a yɛaka asɛm akyerɛ ebinom akyi no, yɛn ankasa yɛanyɛ wɔn a wɔmfra,’ wɔ ebia kokoam mfomso a ɛfa nsã ho mu.​—1 Korintofo 9:24-27.

16. Ɔkwan bɛn so na obi nam betumi ahu sɛ ebia nsa abɛyɛ ɔhaw wɔ ne fam?

16 Dɛn na ebetumi aboa Kristoni ma wadi mfomso yi so? Eye sɛ obehu sɛ, ɛwom sɛ obi a ɔnom nsa betumi de ɔkwan a ɔfa so nom no no ahintaw afoforo de, nanso ɛnyɛ nea Onyankopɔn nhu. (1 Korintofo 4:5) Enti, nokwaredi mu​—wɔ Onyankopɔn anim no​—ɛsɛ sɛ obiara susuw n’asanom ho. (Yɛkyerɛ nsa a wɔnom de gye wɔn ani anaa wɔ ɔkwan foforo so no, ɛnyɛ kakraa bi a wɔnom te sɛ nea wɔde didi no.) Nanso, ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Nanso ɛho nhia sɛ menom nsa. Ɛyɛ m’ani na egye ho kɛkɛ; ɛma me koma tɔ me yam. Sɛ mepɛ sɛ migyae a, metumi agyae.’ Wiɛ, esiane asiane a ɛwɔ hɔ sɛ obi bɛnom ma atra so anaasɛ ɔbɛyɛ obi a sɛ ɔnnom bi a ontumi ntra ase nti, dɛn nti na wunnyae bɛyɛ ɔsram biako anaa abien? Anaasɛ, esiane sɛ ebetumi aba sɛ wobɛpow sɛ ɔhaw a ɛte saa wɔ hɔ nti, bɔ wo tirim ɔsram biako sɛ worennom bi wɔ bere biara mu a bere a anka ɛnyɛ bɔne sɛ wobɛyɛ saa no mpo ka ho. Sɛ nhwɛso no, obi a ɔtaa nom nsa bere a wapɔn adwuma ansa na wakɔda, anaasɛ ɔyɛ saa bere a ɔne afoforo hyiam no betumi agyae nom na afei wasusuw sɛnea ɔte nka fa no ho ahwɛ. Sɛ ɛyɛ nea ɛyɛ den ma no anaasɛ ‘ne ho ntɔ no’ a, ɛnde na ɔwɔ ɔhaw a emu yɛ den.

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔwɔ kokoam ɔhaw a ɛfa nsa ho no bɔ mmɔden sɛ obedi so?

17 Bere a nokware Kristoni hu wɔ Onyankopɔn anim sɛ ɔwɔ ɔhaw a ɛfa nsa ho no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ obedi so. Ebia na onim dedaw sɛ Bible no ka sɛ ɛyɛ ‘atetekwaa’ na ɔka sɛ ‘nsu a wɔawia yɛ fremfrem, na ahintaduan [anaa nsa] yɛ dɛ.’ Nanso Mmebusɛm ka sɛ awiei koraa no saafo no bewu. Wɔ ɔkwan foforo so no, onyansafo dɔ animka na ɔde anigye ‘gyaw atetekwaa na onya nkwa na ɔnantew nhumu kwan so.’ (Mmebusɛm 9:1, 6, 8, 13-18) Yiw, Onyankopɔn de mmoa foforo ma a yɛde bedi kokoam mfomso ahorow so denam hu a ɔma yehu nea ɛda yɛn anim, nea awiei koraa no ɛde bɛba no so.

Onyankopɔn Tua Kokoam Nneyɛe so Ka

18. Bere a yedi yɛn kokoam mfomso ahorow so no, dɛn mu ahotoso na yebetumi anya? (Mmebusɛm 24:12; 2 Samuel 22:25-27)

18 Nnipa binom suro sɛ ebia nnipa anaa Onyankopɔn bɛma wɔn akwammɔne ahorow no ada adi. Mommma ɛmma saa wɔ yɛn fam. Mmom no momma yɛntra ase a yenim sɛ yɛrentumi mfa nneɛma nhintaw No, efisɛ “nneyɛe nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmu mu, na nea ahintaw nyinaa nso, papa o, bɔne o, wabu so atɛn.” (Ɔsɛnkafo 12:14) Momma yennye Yehowa mmoa no ntom na yɛmfa nni yɛn mfomso ahorow so a nea ahintaw nso ka ho. Saa na yebetumi ahwɛ bere a wɔde “nea ahintaw esum mu” bɛba hann mu na wɔayi “komam agyina” adi no kwan. “Ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyi bɛma no.”​—1 Korintofo 4:5; Romafo 2:6, 7, 16.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mateo 17:14-18, Marko 9:17-24, ne Luka 9:38-43 kyerɛ sɛ adaemone na ɛde ne tebea no bae. Bible no kyerɛ nsonsonoe a ɛda abiribiriw yi ne nea ɛno ankasa ba no ntam.​—Mateo 4:24.

b Ɛtɔ bere bi a wɔ nna mu no, obi ho sen gu a n’ani nna ne ho so, na eyi yɛ soronko wɔ boasi a obi hyɛ da, pem no ho.

So Wokae?

◻ Onyankopɔn te nka dɛn wɔ kokoam mfomso ahorow a ebia yɛreyɛ ho adwuma no ho?

◻ Kyerɛwsɛm mu afotu bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn bo fi boasipem ho?

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi adi boasipem so?

◻ Esiane sɛ Bible no nkasa ntia nti, ɔkwan bɛn so na nsa a wɔnom betumi abɛyɛ kokoam mfomso?

◻ Ɔkwan a nyansa wom bɛn na wobetumi afa so de adi kokoam mfomso a ɛfa nsa ho no so?

[Kratafa 14 adaka]

Odii Boasipem So

SƐ ABERANTEWAA no, na C​—wɔ akɔnnɔ nkate te sɛ onipa foforo biara, nanso na ɔwɔ ɔhaw bi. Efi bere a odii mfe 13 na ofii ase pem boasi, na na ɔtaa yɛ eyi kokoam wɔ ne dan mu. Ná ɛyɛ no aniwu kakra, nanso ɔtee nka sɛ ɛnyɛ nea epira onipa foforo bi.

Ansa na ɔrenya mfe 19 no na adeyɛ yi agye ntini kɛse. Bere bi C​—kaa ho asɛm kyerɛɛ ne sɔfo, nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ ɛwom sɛ ɛyɛ bɔne de, nanso ɛnyɛ nea anibere wom kɛse. Bere a C​—kɔɔ sraadi no, na onnya kwan wɔ kokoam pii. Enti, na ɔntaa nyɛ saa ade yi, na na ɛyɛ nea ɛkyerɛ sɛ ne kan su no nyɛ nea efi akɔnnɔ a wontumi nni so.

Bere a C​—fii sraadi mu no ɔsan baa fie. Ofii ase totɔɔ nsɛmma nhoma ahorow a ɛka ɔbrasɛe ho asɛm na bere a eyi akanyan n’akɔnnɔ no ankyɛ na ɔsan kɔyɛɛ ne kan nneɛma no bio. Bere a ne nkutoo fii ase trae no na ɛnyɛ den mma no sɛ obenya nhoma ahorow a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ. Ná ɔtaa pem boasi mpɛn pii da koro.

Afei ofii ase ne Yehowa Adansefo somfo bi suaa Bible no. Bere a C​—huu Onyankopɔn adwene wɔ ɔbrasɛe ho no, n’ani wui sɛ ɔtɔɔ nhoma ahorow a ɛfa ɔbrasɛe ho na ɔpɛe sɛ ɔtwe ne ho fi boasipem no ho. Ɔbɔɔ ho mmɔden. Nanso wɔ dapɛn biako anaa abien akyi no ɔte nka sɛ nna ho akɔnnɔ no adɔre no kɛse, enti ogyina wɔ faako a wɔtɔn atesɛm nkrataa na ɔma nsɛmma nhoma ahorow a ɛka ɔbrasɛe ho asɛm no kanyan no. Bere a waba fie no ɔte nka sɛ esiane sɛ wantumi anni ne ho so nti, obetumi akɔ so ayɛ ade bɔne yi. Wɔ ɛno akyi no odi yaw. So ɔrentumi nnyae subammɔne yi da?

Awiei koraa no C​—kaa ho asɛm kyerɛɛ honhom mu ɔpanyin bi wɔ asafo no mu. Ná ɔsomfo yi wɔ ntease na ɔboaa no ma ɔhwehwɛɛ nsɛm a egyina Bible so a ɛbɛboa no ma wanya ahosodi kɛse. Ɔsomfo no kyerɛkyerɛ mu sɛ: ‘Fa no sɛ nkate no te sɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn. Ne ntõam a edi kan no yɛ nketewa na ɛyɛ mmerɛw. Nanso afoforo a edi akyi ba no kɔ so yɛ akɛse a emu yɛ den. Saa ara na boasipem ho nkate a wunya no te. Enti ɛho hia sɛ wusiw ɛho nkate a edi kan no ano ntɛm ara sɛnea wubetumi. Bere dodow a ɛkɔ so no, bere dodow no ara na akɔnnɔ no mu yɛ den. Awiei koraa no ɛba bɛyɛ nea wuntumi nsiw ano. Yiw, bɔ mmɔden tew nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu wɔ ne ntõam a edi kan no mu. Sɛ wote nka sɛ ɛho akɔnnɔ no reba pɛ a, YƐ BIRIBI! Sɔre na yɛ biribi foforo, twitwiw wo mpaboa ho, kɔtow nwura a ɛwɔ nwura adaka no mu no gu​—biribiara a ɛbɛma nkate no agyae. Wubetumi afi ase akenkan biribi, te sɛ Bible no anaa Kristofo nhoma bi a ɛde w’adwene besi nneɛma a ɛho tew so.

Ná ɔsomfo yi bisa C​—sɛnea nneɛma rekɔ so wɔ nhyiam horow no ase, na na ɔkamfo no na ɔhyɛ no nkuran wɔ mmɔden a ɔrebɔ no ho bere nyinaa. C​—tumi gyaee adapɛn ason. Afei bere a ɔhaw foforo ma ɔyɛɛ basaa a n’aba mu abu no, ogyaee nneɛma mu bio na ɔsan kɔtotɔɔ ɔbrasɛe nhoma ahorow. Ɛno ma ogow ne nsa mu. Eyi yɛ nsɛm ahorow a ɛtwee no san akyi, nanso ɔsomfo no ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ so ara mmɔ mmɔden. Nkakrankakra, otumi gyaee adapɛn 9, afei adapɛn 17, ne afei nea ɛboro saa mpo. Ɔkɔɔ so nyaa ahotoso nkakrankakra sɛ obetumi adi kokoam ɔhaw no so.

Awiei koraa no C​—gyee nokwasɛm no toom sɛ Yehowa nim nea na ɔreyɛ no nyinaa. Enti, sɛ ɔpɛ sɛ ɔde ahonim a edi mũ a emu tew som Onyankopɔn a, na ɛsɛ sɛ oyi su yi fi n’asetra mu koraa. Ɔyɛɛ saa! Mprempren ɔnkae bere tenten a ɔde agyae no mpo. Sɛ́ Kristoni a ɔyɛ nhwɛso pa afei no, Wɔde asɛyɛde ahyɛ C​—nsa wɔ asafo no mu, na ɔreyɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛtrɛw ne som a ɔde yi Yehowa ayɛ no mu. Ɔyɛ onipa a wasakra.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena