Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 6/8 kr. 16-18
  • Wubetumi Anya Anigyede a Ɛho Tew

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi Anya Anigyede a Ɛho Tew
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛ Nyiyimu
  • Awofo Afã
  • Nya Anigyede Horow mu Kyɛfa
  • Sɛnea Yɛbɛpaw Anigyede a Ɛfata
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Fa Nneɛma a Ɛsɔ Yehowa Ani Gyigye W’ani
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Paw Nneɛma a Wode Gyigye W’ani Nyansam
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Anigyede Ahorow​—Nya Emu Mfaso Horow Mu Anigye, Kwati Mu Mfiri
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 6/8 kr. 16-18

Wubetumi Anya Anigyede a Ɛho Tew

BIBLE nkasa ntia anigye a ɛwɔ anigyede mu, na saa ara nso na ɛnka ahomegye ho asɛm sɛ bere sɛe. Nea ɛne no bɔ abira no, Ɔsɛnkafo 3:4 ka sɛ “ɔserew wɔ ne bere” na “asaw wɔ ne bere.”a Onyankopɔn nkurɔfo a na wɔwɔ tete Israel nyaa anigyede ahorow a nnwom, asaw, ne agodie ahorow ka ho mu kyɛfa. Yesu ankasa kɔɔ ayeforohyia kɛse bi ase, na bere foforo nso ɔkɔɔ, ‘apontow kɛse’ bi ase. (Luka 5:29; Yohane 2:1, 2) Enti, Bible nkasa ntia sɛ obi begye n’ani.

Nanso esiane sɛ ɛnnɛ anigyede mu fã kɛse no ara kamfo nneyɛe a Onyankopɔn mpene so nti, asɛmmisa a ɛsɔre ne sɛ, Dɛn na wubetumi ayɛ de ahwɛ ahu sɛ nea wugyina so de paw anigyede no bɛkɔ so ayɛ nea ɛho tew?

Yɛ Nyiyimu

Kristofo bɛhwɛ sɛ wɔbɛma Bible nnyinasosɛm ahorow akyerɛ wɔn kwan wɔ anigyede a wɔpaw mu. Sɛ nhwɛso no, odwontofo Dawid kyerɛwee sɛ: “Awurade [Yehowa, NW] sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ basabasayɛ de, ne kra tan no.” (Dwom 11:5) Na Paulo kyerɛw kɔmaa Kolosefo no sɛ: “Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere . . . Munyi abufuw, bobɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm nyinaa mfi mo anom ngu.”—Kolosefo 3:5, 8.

Ɛda adi pefee sɛ anigyede pii a ɛwɔ hɔ nnɛ no bu afotu a efi honhom mu yi so. Ebia ebinom begye kyim aka sɛ ‘Nanso merenyɛ nneɛma a woyi wɔ TV anaa sini so no da.’ Ɛno betumi ayɛ nokware. Nanso, sɛ anigyede a wopaw no nkyerɛ nipa ko a wobɛyɛ a, ebia ɛbɛma sɛnea wote dedaw no ho biribi ada adi. Sɛ nhwɛso no, ebetumi akyerɛ sɛ woyɛ obi a “ɔpɛ basabasayɛ” anaa ‘aguamammɔ, akɔnnɔ nhyɛso, anibere ne aniwusɛm,’ anaasɛ woka wɔn a ‘wokyi bɔne’ ankasa no ho.—Dwom 97:10.

Paulo kyerɛw kɔmaa Filipifo no sɛ: “Nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.”—Filipifo 4:8.

Nanso, so kyerɛwsɛm yi kyerɛ sɛ sini, nhoma anaa TV so dwumadi biara, a ɛpɔw a wɔbɔ wom no fa adebɔne te sɛ ebia nsɛmmɔnedi ho no yɛ bɔne ɔkwan biara so? Anaasɛ aseresɛm nyinaa nye, esiane sɛ ‘anim nyɛ duru’ nti? Dabi, efisɛ nsɛm a ɛka ho no kyerɛ sɛ na ɛnyɛ anigyede ho asɛm na Paulo reka, na mmom komam nsusuwii a ɛsɛ sɛ wɔde si nneɛma a ɛsɔ Yehowa ani so. (Dwom 19:14) Nanso, sɛ ɛba sɛ yɛrepaw anigyede a, nea Paulo kae no betumi aboa yɛn. Bere a yɛde nnyinasosɛm a ɛwɔ Filipifo 4:8 di dwuma no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘So anigyede a mepaw no ma misusuw nneɛma a ɛho ntew ho?’ Sɛ saa a, ɛnde na ehia sɛ yɛyɛ nsakrae.

Nanso bere a Kristofo susuw anigyede ho no, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ‘ntease da adi wɔ nnipa nyinaa anim.’ (Filipifo 4:5) Ɛda adi sɛ nneyɛe a ɛtra so wɔ anigyede mu a ɛda adi pefee no mfata nokware Kristofo. Sɛ ɛno da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ ankorankoro biara susuw nsɛm ho yiye na osi gyinae horow a ɛbɛma wanya ahonim pa wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim. (1 Korintofo 10:31-33; 1 Petro 3:21) Ɛnyɛ papa sɛ yebebu afoforo atɛn wɔ nsɛm nketenkete ho, anaasɛ yɛbɛhyehyɛ mmara katee a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ afoforo yɛ.b—Romafo 14:4; 1 Korintofo 4:6.

Awofo Afã

Awofo wɔ afã titiriw wɔ anigyede ho nsɛm mu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” (1 Timoteo 5:8) Ne saa nti, ɛnyɛ sɛ ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔma wɔn abusua mufo honam fam ahiade nko, na mmom, honhom fam ne nkate fam de nso. Ahomegye a ɛho tew nso betumi aka eyi ho.—Mmebusɛm 24:27.

Ɛtɔ mmere bi a, wɔtoto abusua asetra fã yi ase. Ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔwɔ Nigeria ka sɛ: “Awerɛhosɛm ne sɛ awofo bi bu ahomegye sɛ bere sɛe. Ne saa nti, wogyae mmofra bi ma wɔn ankasa yɛ nea wɔpɛ, na wɔpaw nnamfo bɔne ne anigyede a enye.” Awofo, mommma eyi nnsi! Monhwɛ nhu sɛ mo mma benya ahomegye a ɛho tew a ɛma wɔn ɔhome ankasa.

Nanso, ahwɛyiye ho hia. Ɛnsɛ sɛ Kristofo yɛ te sɛ nnipa pii a ɛnnɛ, “wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn” no. (2 Timoteo 3:1-4) Yiw, ɛsɛ sɛ wɔma anigyede tra n’afã. Ɛsɛ sɛ ɛma ɔhome—ɛnsɛ sɛ edi obi asetra so. Enti ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ anigyede ko no yɛ nea ɛfata mmofra ne mpanyimfo nko, na mmom, ɛsɛ sɛ dodow no nso fata.—Efesofo 5:15, 16.

Nya Anigyede Horow mu Kyɛfa

Anigyede a agye din pii kyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔyɛ bɛhwɛadefo sen sɛ wobenya dwumadi bi mu kyɛfa. Sɛ nhwɛso no, susuw television ho hwɛ. What to Do After You Turn Off the TV nhoma no ka sɛ: “Sɛnea [television] te ankasa no, ɛma yɛyɛ bɛhwɛadefo: Anigyede, ne adesua mpo bɛyɛ biribi a yenya a yɛmmrɛ ho, ɛnyɛ ade a yɛn ankasa nya ne yɛ mu kyɛfa.” Nokwarem no, anigyede a wɔhwɛ ara kwa mpo wɔ n’afã. Nanso sɛ egye obi adagyew pii a, ɛma ɔhwere hokwan horow a ɛyɛ anigye.

Nhoma kyerɛwfo Jerry Mander a ɔka sɛ ɔyɛ “awo ntoatoaso a na ɛwɔ hɔ ansa na TV reba muni” no, ka anihaw bere a na ɛtaa haw n’adwene ne mmofraberem no ho asɛm sɛ: “Ná ɛde dadwen ba. Ná ɛyɛ ahometew mmoroso araa ma, bere bi akyi no, misii gyinae sɛ mɛkanyan me ho—mɛyɛ biribi. Ná mefrɛ m’adamfo wɔ telefon so, mifi adi. Ná mekɔ kɔbɔ bɔɔl. Ná mekenkan ade. Ná meyɛ biribi. Sɛ mibu kɔmpɔ a, mibu saa anihaw bere, a na ‘minnya biribiara nyɛ’ no sɛ tebea a ɛma obi bɔ ne tirim yɛ biribi.” Mander ka sɛ, ɛnnɛ, mmofra de TV di dwuma sɛ ade a wɔde siw anihaw ano. Ɔde ka ho sɛ: “TV yi dadwen ne ade a wɔbɔ tirim yɛ a ebia ebetumi adi akyi aba nyinaa gu.”

Ne saa nti, nnipa pii abehu sɛ mfaso betumi afi dwumadi ahorow a wotumi nya mu kyɛfa mu sen ne hwɛ ara kwa mu asen sɛnea wobetumi asusuw ho. Ebinom abehu sɛ afoforo a wɔne wɔn bom kenkan ade ma epue no yɛ anigye. Afoforo yɛ nneɛma bi de gyegye wɔn ani te sɛ mfiri a wɔde bɔ nnwom anaa mfoniniyɛ. Afei nso hokwan horow wɔ hɔ a wobetumi de ayɛ apontow a ɛho tew ho nhyehyɛe.c (Luka 14:12-14) Mfaso wɔ abɔnten so ahomegye nso mu. Nyan! kyerɛwfo bi a ɔwɔ Sweden bɔ amanneɛ sɛ: “Mmusua bi kɔbɔ nsra anaa wokoyi mpataa, anaa wotu mpase wɔ turo mu, de ɔkorow tu akwan, nantew mmepɔw so, ne nea ɛkeka ho. Mmofra ani gye ho.”

Ɛnsɛ sɛ ɔporɔw a ɛwɔ anigyede mu no yɛ yɛn nwonwa. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ amanaman mufo no “nantew wɔn adwene hunuyɛ mu.” (Efesofo 4:17) Enti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nea wobu no sɛ anigyede no mu fã kɛse no ara bɛfa “ɔhonam nnwuma” ho. (Galatifo 5:19-21) Nanso, Kristofo betumi atete wɔn ho ma wɔasi gyinae pa wɔ ye a anigyede bi ye ne ne dodow ho. Afei nso, wobetumi ama ahomegye ayɛ ade a abusua no susuw ho, na wɔasɔ dwumadi afoforo a ɛbɛma wɔn ɔhome na wɔbɛkae akyɛ nso ahwɛ. Yiw, wubetumi anya anigyede a ɛho tew!

[Ase hɔ nsɛm]

a Wobetumi akyerɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “ɔserew” no ase sɛ “di agoru,” “yi aseresɛm,” “hyɛ fã,” anaa “gye w’ani.”

b Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ March 22, 1978, Engiresi Nyan!, nkratafa 16-21, ne December 8, 1995, nkratafa 6-8 no mu.

c Sɛ wopɛ Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ ahorow a ɛfa apontow ahorow ho a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae, August 15, 1992, nkratafa 15-20, ne October 1, 1996, nkratafa 18-19 no mu.

[Kratafa 17 mfonini ahorow]

Anigyede a ɛho tew betumi ayɛ nea mfaso wɔ so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena