Bible no Adwene
Nea Wugye Di no Fa Ho?
“ONIPA PƐ SƐ OGYE NEA ƆPƐ SƐ ƐYƐ NOKWARE DI.”—FRANCIS BACON, 1561-1626, ENGIRESINI ANWENSƐM KYERƐWFO NE ƆMANYƆFO.
ƐDEFA nyamesom nkyerɛkyerɛ ho no, nnipa pii te nka sɛ bere tenten a obi fi komam gye di sɛ ‘Obi te soro hɔ,’ na ɔdɔ ne yɔnko nipa no, biribi foforo biara a ogye di no mfa ho ankasa. Ebinom betumi ahwɛ adwenhorow a enhyia a ɔsom ahorow no wɔ wɔ Onyankopɔn, n’atirimpɔw ne sɛnea wɔsom no ho no, na wɔaka sɛ nsonsonoe no yɛ nnipa ani so de kɛkɛ, ɛte sɛ ntade a egu ahorow a onipa biako hyɛ. Ebia wɔbɛte nka mpo sɛ wɔn a wɔma nsonsonoe a ɛtete saa no yɛ asɛnkɛse ma wɔn no aman afi nokware Kristosom atirimpɔw ho koraa.
Kyerɛwnsɛm no pene so sɛ ɛnyɛ nyamesom nkyerɛkyerɛ ho nkɔmmɔbɔ nyinaa na ɛfata. Sɛ nhwɛso no, wɔ ɔsomafo Paulo nkrataa a honhom kaa no ma ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo mu no, ɔkaa mmarima a wɔboa ma ‘nneɛma nketenkete ho mansotwe’ kɔ so ho asɛm. Paulo kaa wɔn ho asɛm sɛ ‘wɔyare akyinnyegye ne ɔnokotwa.’ (1 Timoteo 6:4, 5) Otuu Timoteo fo sɛ ‘ongu nkwasea akyinnyegye a wɔmfa nsua hwee, efisɛ onim sɛ ɛde ɔko ba,’ na ontu asafo ahorow no fo “na wɔantwa ɔnoko a enye mma hwee.” (2 Timoteo 2:14, 23) Saa asɛm yi afa yɛn bere yi so nyamesom akyinnyegye pii ho, na ada adi sɛ ɛyɛ beresɛe a ɛso nni mfaso.
Nanso, ɛno kyerɛ sɛ nyamesom gyidi ho nkɔmmɔbɔ nyinaa so nni mfaso anaa? Yɛrennyae atadehyɛ koraa esiane sɛ ntade bi mfata sɛ yɛhyɛ nti, anaa ɛnte saa? Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka sɛ nyamesom gyidi ho asɛm biara ho nhia, esiane sɛ nkyerɛkyerɛ ho nsɛmpɔw bi mfata nkɔmmɔbɔ nti? Nsɛm foforo a ɛka Paulo nsɛm a yɛafa aka wɔ atifi hɔ ho no kyerɛ sɛ na nkyerɛkyerɛ yɛ biribi a ɛho asɛm hia no. Mpɛn pii na ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ atoro nkyerɛkyerɛ betumi atwe obi afi gyidi no ho, na otuu Timoteo fo sɛ ‘ɔmfa ahyɛde mma nnipa bi sɛ wɔnnkyerɛ ɔkyerɛ foforo.’ (1 Timoteo 1:3-7; 4:1; 6:3-5; 2 Timoteo 2:14-18, 23-26; 4:3, 4) Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ nea saa afeha a edi kan mu Kristofo no gye di mfa ho a, anka ɔnka nsɛm mfa nsi so dua saa.
Ɛnde dɛn nti na ɔde afotu mae sɛ wɔnkwati nkyerɛkyerɛ ho nsɛmpɔw? Efisɛ Paulo bere so no, mmarima bi—ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ “wɔn adwenem asɛe, na nokware abɔ wɔn”—maa nkyerɛkyerɛ ho nsɛmpɔw sɔree a adwene no ara ne sɛ wɔde bɛsɛe afoforo gyidi. (1 Timoteo 6:5) Ɛyɛ nsɛmpɔw a saa mmarima a na wɔn adwene asɛe no ma ɛsɔree no nkutoo ho na Paulo tuu Timoteo fo sɛ ɔnkwati nyamesom gyidi ahorow ho nkɔmmɔbɔ no.
Nea Obi Gye Di Ka N’abrabɔ?
Nanso ebia ebinom begye kyim sɛ yɛn nyamesom gyidi nnya nnipa ko a yɛyɛ—yɛn nipasu ne yɛn abrabɔ—so nkɛntɛnso kɛse biara. Wobetumi abu nneɛma a wogye di ne abrabɔ sɛ ɛyɛ nneɛma abien a enni abusuabɔ biara, te sɛ atade soro ne fam soronko a nea ɔhyɛ no betumi de nea ɔpɛ biara asi foforo so. Nanso, wɔ Bible mu no, nea obi gye di ne n’abrabɔ te sɛ atade soro ne fam a ɛyɛ ade koro a biako ne foforo na ɛkɔ.
Bible no da no adi sɛ nea yegye di ne nipa ko a yɛbɛyɛ no wɔ abusuabɔ tẽẽ. Yesu bere so Farisifo a na wɔteɛ wɔ wɔn ankasa ani so no yɛ gyidi a ɛnteɛ a ɛkaa abrabɔ ho nhwɛso. (Mateo 23:1-33; Luka 18:9-14) Ɔkwan foforo so no, Kolosefo 3:10, NW, tu fo sɛ: “Monhyɛ nipasu foforo no a wɔnam nokware nimdeɛ so reyɛ no foforo wɔ Nea ɔbɔe no suban so no.” Hyɛ no nsow sɛ wɔde tumi a ɛma obi bu bra pa no bata Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ a onya ho.
Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “nokware nimdeɛ,” a epue Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu mpɛn 20 no, kyerɛ nimdeɛ a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ, ɛyɛ nokware, anaa edi mũ. Helani nhomanimfo Nathanael Culverwel kyerɛkyerɛ mu sɛ “biribi a na minim dedaw a mibehuu mu yiye; ade bi a bere bi mihuu no akyirikyiri a mehwɛ no yiye.” Enti, sɛnea obi a ɔyɛ abohene ho adwuma hwehwɛ aboɔden abo bi ho yiye sɛnea ɛbɛyɛ a obehu sɛnea ɛte ne ɛbo a ɛsom no, saa ara na ɛsɛ sɛ Kristoni hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu na ama wanya Onyankopɔn a ɔsom no no ho nimdeɛ a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ, ɛyɛ nokware, na edi mũ. Nea ɛka eyi ho ne sɛ ohu Onyankopɔn nipasu, n’atirimpɔw ahorow, ne gyinapɛn ahorow, ne nkyerɛkyerɛ a ɛka bom yɛ “nsɛm pa” no nyinaa—ɛsen gye a obegye adi kɛkɛ sɛ ‘Obi te soro hɔ’ no koraa.—2 Timoteo 1:13.
Wɔakyerɛw nhwɛso bi a ɛkyerɛ nea ɛba bere a obi hu Onyankopɔn wɔ akyirikyiri ara kwa no wɔ krataa a wɔnam honhom so kyerɛw kɔmaa Romafo no ti a edi kan no mu. Ɛhɔ no, wɔka biribi fa mmarima bi a ‘ɛmfa ho sɛ wonim Onyankopɔn no, wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔ nokware nimdeɛ mu’ ho. Ɔsomafo Paulo ka nea efii wɔn gyidi a ɛnteɛ no mu bae ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata: sɛ nnipa a ade a ɛnteɛ nyinaa, amumɔyɛ, anibere, nnebɔne ayɛ wɔn ma; nitan, awudi, akasakasa, nsisi, ɔbra bɔne ahyɛ wɔn ma; wɔyɛ asututufo, ntwirifo, [Onyankopɔn] atamfo, anuɔdenfo, ahantanfo, ahohoahoafo, nnebɔne farebaefo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, wonni ti, apamsɛefo, wonni dɔ, wonni mmɔborohunu.”—Romafo 1:21, 28-31.
Akyinnye biara nni ho sɛ nea na saa mmarima no gye di no kaa tumi a na wobetumi atra ase sɛ Kristofo no. Saa ara na nnɛ, yebetumi de gyidi ahorow ne abrabɔ atoto atade bi a wɔanwen abom a enni mpamee ho. Enti, ɛho hia sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn anim dom nyinaa hwɛ hu sɛ wɔn nyamesom gyidi ahorow yɛ nokware ankasa, na egyina Onyankopɔn Asɛm no so pintinn. Efisɛ “[Onyankopɔn pɛ] sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.”—1 Timoteo 2:4.
[Kratafa 13 mfonini]
Sɛnea Farisini buu ne ho ɔtreneeni no daa nea ogye di adi