-
Dɛn Na Woyɛ a Ɛde Anigye Bɛba W’abusua Mu?—Ɔfã 1Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
Aware biara nni hɔ a ɔhaw nnim. Enti sɛ ɔhaw ba a, ɛsɛ sɛ awarefo no bom siesie. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Nneɛma bɛn na wuhuu wɔ video no mu a ɛkyerɛ sɛ na awarefo no ntam retetew?
Dɛn na wɔyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn aware no bɛsɔ bio?
Monkenkan 1 Korintofo 10:24 ne Kolosefo 3:13. Mokan kyerɛwsɛm biara wie a, munsusuw asɛmmisa yi ho:
Sɛ wode kyerɛwsɛm yi yɛ adwuma a, sɛn na ɛbɛboa ama w’aware asɔ?
Bible ka sɛ, obiara mfa nidi mma ne yɔnko. Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛne afoforo di no yiye, na yɛda obu adi kyerɛ wɔn. Monkenkan Romafo 12:10. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Ɛsɛ sɛ okunu anaa ɔyere twɛn sɛ ne hokafo bedi no ni ansa na ɔno nso adi no ni anaa? Adɛn nti na woreka saa?
-
-
Boa Ma Asomdwoe Ne Baakoyɛ Ntena Asafo No MuWubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
3. Sɛ mente-me-ho-ase bi sɔre wɔ wo ne Kristoni foforo ntam a, dɛn na wobɛyɛ?
Wɔtaa ka sɛ, dua a ɛbɛn na etwiw. Saa asɛm no kyerɛ sɛ, baakoyɛ wɔ yɛn mu de, nanso bɔne a ɛwɔ yɛn ho nti, ɛtɔ da a obi betumi aka asɛm bi ama ahye yɛn, anaa yebetumi ayɛ biribi ama ahaw obi. Ɛno nti, Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ, “obiara mfa ne yɔnko bɔne nkyɛ no korakora. Sɛnea Yehowa ayi ne yam de akyɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Kenkan Kolosefo 3:13.) Yɛfom Yehowa da biara, nanso ɔde kyɛ yɛn. Ne saa nti, yɛn nuanom fom yɛn a, ɔhwɛ kwan sɛ yɛde bɛkyɛ wɔn. Sɛ wuhu sɛ woayɛ biribi ama ahaw obi a, kɔ ne nkyɛn na wo ne no nkosiesie mo ntam.—Kenkan Mateo 5:23, 24.b
-
-
Boa Ma Asomdwoe Ne Baakoyɛ Ntena Asafo No MuWubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
5. Yi wo yam fa bɔne kyɛ, na hwehwɛ asomdwoe
Yehowa nyɛ bɔne, enti onhia yɛn bɔne fakyɛ. Nanso yɛn de, da biara yɛfom no, nso oyi ne yam de kyɛ yɛn. Monkenkan Dwom 86:5. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Dɛn na ɛwɔ kyerɛwsɛm yi mu a ɛma yehu sɛ Yehowa de bɔne kyɛ a, na ɔde akyɛ?
Sɛ wohwɛ sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no a, ɛma wote nka sɛn?
Nneɛma a ebetumi asɛe asomdwoe a ɛwɔ yɛne afoforo ntam no, ebi ne dɛn?
Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa, na yɛakɔ so ama asomdwoe ne baakoyɛ atena yɛne yɛn nuanom ntam? Monkenkan Mmebusɛm 19:11. Muwie a, munsusuw asɛmmisa yi ho:
Sɛ obi hyɛ yɛn abufuw anaa ɔka asɛm bi ma ɛyɛ yɛn yaw a, dɛn na yebetumi ayɛ na asomdwoe akɔ so atena yɛne no ntam?
Ɛtɔ da a, yetumi yɛ ade ma ɛhaw afoforo. Ɛba saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a, munsusuw asɛmmisa yi ho:
Dɛn na onuawa no yɛe sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛtena ɔne ne nua no ntam?
-