Bible No Adwene
So Ɛsɛ sɛ Aware Yɛ Nkabom a Ɛtra Hɔ Daa?
DƐN nti koraa na ɛsɛ sɛ yebisa saa asɛm no? So Atɔe fam ayeforohyia bɔhyɛ no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ aware “tra hɔ bere pa ne bere bɔne nyinaa mu kosi sɛ owu bɛtete yɛn ntam”? Yiw, mpɛn pii no aware mu bɔhyɛ no kyerɛ sɛ ayeforo ne ayeforokunu no de wɔn ho rehyɛ nhyehyɛe bi a ɛtra hɔ daa mu. Nanso nnipa pii te nka sɛ bɔhyɛ a anibere wom yi nkyekyere wɔn bio. Aware pii na ɛregu—ebinom gu wɔ asram kakraa bi akyi na afoforo gu wɔ mfe pii akyi. Dɛn nti na obu a wɔwɔ ma aware no rebrɛ ase? Bible de mmuae no ma.
Yɛsrɛ sɛ yɛ 2 Timoteo 3:1-3 no mu nhwehwɛmu, na fa toto nea wuhu wɔ wiase nnɛ no ho. Saa nkyekyem no fã bi ka sɛ: “Nna a edi ayiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, . . . bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, . . . wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so.” Saa nkɔmhyɛ no renya mmamu pɛpɛɛpɛ. Saa su no na ama aware agyigya wɔ wiase nyinaa, na aware pii a egu no di eyi ho adanse.
Ɛda adi pefee sɛ, nnipa dodow no ara mmu aware bio. Ne saa nti, yebetumi abisa sɛ: So ɛsɛ sɛ wobu aware aniberesɛm? So ɛsɛ sɛ wodi aware ni? Ɛsɛ sɛ Kristofo bu aware dɛn? Afotu bɛn na Bible de ma awarefo nnɛ?
So Onyankopɔn Adwene Asesa?
Mfiase no, Onyankopɔn anka aware ho asɛm sɛ biribi a ɛbɛtra hɔ bere tiaa bi. Wɔka sɛnea ɔkaa ɔbarima ne ɔbea a wodi kan boom no ho asɛm wɔ Genesis 2:21-24, na ɛhɔ no, wɔnka awaregyae anaa ntetewmu ho asɛm biara. Mmom no, nkyekyem 24 ka sɛ: “Ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.” Dɛn na saa kyerɛwsɛm no kyerɛ?
Susuw nipadua no ho hwɛ, sɛnea ntini no toatoa mu, sɛnea nnompe no sisi anim denneennen, na apɔw no so yɛ den. Biakoyɛ bɛn ara ni! Adeyɛ a ɛtra hɔ daa bɛn ara ni! Nanso hwɛ ɛyaw ara a ɛyɛ bere a akwaa pii yi mu bi ho ka kɛse no! Enti, wɔ Genesis 2:24 no, asɛm “ɔhonam koro” no si yɛ a ɛsɛ sɛ aware abusuabɔ mu yɛ den na ɛtra hɔ daa no so dua. Ɛde ɛyaw kɛse a wobedi bere a saa biakoyɛ no sɛe ho kɔkɔbɔ a anibere wom nso ma.
Ɛwom sɛ nsakrae a aba mfe mpempem pii a atwam no asakra nnipa nsusuwii de, nanso Onyankopɔn da so ara bu aware sɛ nhyehyɛe a ɛsɛ sɛ ɛtra hɔ daa. Bɛyɛ mfe 2,400 a atwam no, na Yudafo mmarima bi gyaw wɔn mmerantebere mu yerenom hɔ kɔware mmabaa. Onyankopɔn kasa tiaa saa adeyɛ yi, na ɔnam ne diyifo Malaki so kae sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye mo honhom ho, na ntwa wo mmerantebere mu yere nkontompo. Na metan awaregu, [Yehowa, NW], Israel Nyankopɔn na ose.”—Malaki 2:15, 16.
Bɛboro mfe ahanan akyi no, Yesu hyɛɛ Onyankopɔn mfitiase adwene a ɛfa aware ho no mu den bere a ɔfaa Genesis 2:24 mu asɛm kae no, na afei ɔhyɛe sɛ: “Nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!” (Mateo 19:5, 6) Mfe bi akyi no, ɔsomafo Paulo hyɛe sɛ “ɔbea nnnyaa ne kunu” na “okunu nso nnnyaa ne yere.” (1 Korintofo 7:10, 11) Saa kyerɛw nsɛm yi da Onyankopɔn adwene a ɛfa aware ho no adi pɛpɛɛpɛ.
So Bible ka sɛ aware betumi agu? Yiw, aware bi betumi agu bere a awarefo no mu biako wu no. (1 Korintofo 7:39) Awaresɛe nso tumi ma aware bi gu sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no si gyinae saa a. (Mateo 19:9) Sɛ ɛno da nkyɛn a, Bible hyɛ awarefo nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ wogu wɔn aware no.
Sɛnea Aware Betumi Atra Hɔ Daa
Onyankopɔn pɛ ne sɛ aware bɛtra hɔ daa, a ɛnyɛ sɛ ntawntawdi bɛba awarefo no ntam, na mmom sɛ wɔbɛtra hɔ wɔ anigye mu. Ɔpɛ sɛ okunu ne ɔyere siesie wɔn ntam asɛm na wɔkyerɛ wɔn ho wɔn ho anigye. N’asɛm no de aware a ɛyɛ anigye na ɛtra hɔ daa ho akwankyerɛ mma. Yɛsrɛ wo, hyɛ kyerɛw nsɛm a edidi so yi nsow.
Efesofo 4:26: “Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so.”a Ɔbarima bi a anigye wɔ n’aware mu ka sɛ saa kyerɛwsɛm yi boa ɔne ne yere ma wosiesie ntawntawdi ntɛm. Ɔka sɛ: “Sɛ wuntumi nna esiane ntawntawdi bi a asi nti a, na biribi atoto. Ɛnsɛ sɛ woma ɔhaw no tra hɔ.” Ɛtɔ da bi a, ɔne ne yere siesie wɔn ntam asɛm kosi ɔdasum. Nanso nneɛma yɛ yiye. Ɔde ka ho sɛ: “Bible nnyinasosɛm a wode bedi dwuma no ma nneɛma kɔ yiye ankasa.” Saa barima yi ne ne yere nam saayɛ so anya anigye wɔ wɔn aware mu mfirihyia 42 ni.
Kolosefo 3:13: “Munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho.” Okunu bi kyerɛkyerɛ sɛnea ɔne ne yere de saa afotu yi di dwuma mu sɛ: “Awarefo betumi ahyɛ wɔn ho abufuw, nanso ɛno nkyerɛ biribi bɔne biara efisɛ obiara wɔ mmerɛwyɛ ne su horow bi a ɔfoforo no ani nnye ho. Yenya yɛn ho yɛn ho koma na yɛmma saa nneɛma no mpaapae yɛn ntam.” Akyinnye biara nni ho sɛ su a ɛte saa no aboa awarefo yi wɔ mfirihyia 54 a wɔde aware no mu!
Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛte saa a okununom ne ɔyerenom de di dwuma no ma koroyɛ a ɛda wɔn ntam no mu yɛ den. Wɔnam saayɛ so betumi anya anigye ne akomatɔyam wɔ wɔn aware mu, na ɛbɛtra hɔ daa.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛnea na afeha a edi kan mu mmerebu te wɔ Meditarrania Supɔw so no, na ɛda ba awiei bere a owia akɔtɔ. Enti na Paulo rehyɛ akenkanfo no nkuran sɛ wonsiesie wɔn ntam ansa na da biara aba awiei.