‘Monsom Awurade Kristo’
ABAKƆSƐM mu nyinaa no, nnipa ɔpepem pii na wɔagyina nkoayɛ kɔndua ano. Sɛ nhwɛso no, mfe mpempem pii ni a, Israelfo huu amane kɛse wɔ Misrifo ahwɛfo nsam. Sɛnea Bible no ka no, “wosisii Israelfo so nkoa akafo sɛ wɔmfa nnwuma a ɛyɛ den nhyɛ wɔn brɛ,” titiriw wɔ ntayaa yɛ mu.—Exodus 1:11, The Jerusalem Bible.
Wɔ aman pii mu nnɛ no, ebia nkurɔfo nsom sɛ nkoa ankasa de, nanso pii de bere tenten yɛ adwumaden wɔ tebea horow a—ɛtɔ mmere bi a—enye koraa mu. Wɔhyɛ kɔndua a emu yɛ duru a yebetumi afrɛ no, sikasɛm mu nkoayɛ ase.
Nanso, nkoayɛ bi wɔ hɔ a ɛnyɛ den. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ mfɛfo gyidifo nkuran sɛ: ‘wɔnsom Awurade Kristo.’ (Kolosefo 3:24) Wɔn a wɔpaw sɛ wɔbɛyɛ Kristo nkoa no nya ɔhome fi wɔn kɔndua a ɛyɛ duru no ase. Yesu ankasa kae sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.”—Mateo 11:28-30.
Kristo kɔndua a obi begye ato ne ho so no nkyerɛ sɛ wade ne ho afi n’asɛyɛde a ɛne sɛ ɔbɛma n’abusua wɔn honam fam ahiade no ho. (1 Timoteo 5:8) Mmom no, ɛma onya ahofadi fi honam fam nneɛma horow akyidi ho. Sɛ́ anka Kristofo de honam fam nneɛma mu anigye bɛyɛ wɔn asetra mu botae titiriw no, wɔn ani sɔ asetra mu nneɛma atitiriw a wɔwɔ no.—1 Timoteo 6:6-10; fa toto 1 Korintofo 7:31 ho.
Kristofo nya ɔhome nso wɔ wɔn asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho “asɛmpa” no mu. (Mateo 24:14) Eyi de anigye ne abotɔyam ankasa ba!
Ɛsɛ sɛ yɛn ani gye sɛ yebetumi ‘asom Awurade Kristo’!
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.