Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 12/15 kr. 13-18
  • Biako a Wɔayɛ wɔ Ɔdɔ a Ɛne Pɛyɛ Hama no Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Biako a Wɔayɛ wɔ Ɔdɔ a Ɛne Pɛyɛ Hama no Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biakoyɛ ne Nimdeɛ Wɔ Abusuabɔ
  • Nneɛma a Egye Asabawmu Betumi Asɛe Biakoyɛ
  • Ɛsɛ sɛ Yɛhwɛ Yiye wɔ Nnaadaasɛm Ho
  • Yehowa Betumi Ahyɛ wo Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Sɛnea Yɛbɛhwehwɛ Ademude A ‘Wɔakora So Wɔ No Mu’ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Boa Afoforo Ma Wɔnnantew Sɛnea Ɛfata Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Adesamma Hia Onyankopɔn Ho Nimdeɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 12/15 kr. 13-18

Biako a Wɔayɛ wɔ Ɔdɔ a Ɛne Pɛyɛ Hama no Mu

“Monyɛ biako wɔ ɔdɔ mu.”—KOLOSEFO 2:2, NW.

1, 2. Mpaapaemu ho nhyɛso bɛn na yehyia no nnɛ titiriw?

MUNTIE! Ɛnne kɛse bi gyigye wɔ soro nyinaa sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Bere a afe biara twam no, saa asɛm no bɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu kɛse ma asase sotefo.

2 Wonim Yehowa tamfo kɛse no fi bere tenten sɛ ɔyɛ ɔsɔretiafo (Satan) ne otwirifo (Ɔbonsam). Nanso seesei saa ɔdaadaafo yi redi dwuma foforo bi a ɛyɛ hu—wabɛyɛ onyame bi a wafa abufuw! Dɛn ntia? Efisɛ Mikael ne n’abɔfo pamoo no fii soro wɔ ɔko a efii ase wɔ soro wɔ afe 1914 mu no mu. (Adiyisɛm 12:7-9) Ɔbonsam nim sɛ ɔwɔ bere tiaa bi a ɔde bedi ne mpoatwa a ɛne sɛ obetumi adan nnipa nyinaa afi Onyankopɔn som ho no ho dwuma. (Hiob 1:11; 2:4, 5) Bere a ɔno ne n’adaemone no nni kwan biara a wobetumi afa so aguan no, wɔayɛ te sɛ nnowa bi a wɔn ani abere a wɔde wɔn anibere no asoɛ adesamma mu nnipa dodow a wɔrepere kutukutu no so.—Yesaia 57:20.

3. Satan a wɔabrɛ no ase wɔ yɛn bere yi mu no de nkɛntɛnso bɛn na aba?

3 Saa nneɛma a ɛrekɔ so a nnipa ntumi mfa wɔn aniwa nhu no kyerɛkyerɛ nea enti a seesei ɔbrasɛe abu so kɛse wɔ adesamma mu no mu. Ɛkyerɛkyerɛ mmɔden kɛse a nnipa rebɔ sɛ wɔbɛkeka aman a emu repaapae a wontumi ntra wɔ biakoyɛ mu abom no nso mu. Mmusuakuw to hyɛ wɔn ho wɔn ho so atirimɔden so, na ama nnipa ɔpepem pii nni afie te mu anaa wɔatu wɔn afi wɔn afie mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ amumɔyɛ redɔɔso wɔ ɔkwan a ebi mmae da so! Sɛnea Yesu hyɛɛ ho nkɔm no, ‘adesamma mu dodow no ara dɔ ano adwo.’ Baabiara a wobɛhwɛ no, mpaapaemu ne nitan na ahyɛ adesamma a wɔrepere kutukutu no agyirae.—Mateo 24:12.

4. Dɛn nti na Onyankopɔn nkurɔfo wɔ asiane soronko mu?

4 Esiane wiase no mu nsɛm tebea nti, Yesu mpae a ɔbɔ maa n’akyidifo no abɛyɛ nea ɛho hia kɛse: “Mensrɛ sɛ: Yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ: Yi wɔn fi ɔbɔne no ho sie! Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:15, 16) Ɛnnɛ, “ɔbɔne no” de n’anibere asoɛ wɔn a “wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no” so titiriw. (Adiyisɛm 12:17) Sɛ ɛnyɛ Yehowa ani a ɛwɔ n’Adansefo anokwafo no so, ne ɔdɔ mu a ofi hwɛ wɔn a, anka wɔatɔre wɔn ase. Yɛn nkwa gyina nsiesie ahorow a Onyankopɔn yɛ ma yɛn honhom fam ahobammɔ ne yiyedi no nyinaa a yɛde bedi dwuma no so. Nea ɛka ɛno ho ne yere a yɛbɛyere yɛn ho ma ɛne N’ahoɔden a oyi no adi wɔ Kristo mu no ahyia, sɛnea ɔsomafo no kae wɔ Kolosefo 1:29 no.

5, 6. Ɔsomafo Paulo tee nka dɛn wɔ Kolose Kristofo ho, na dɛn nti na 1995 afe asɛm no yɛ nea ɛfata?

5 Ɛwom sɛ ebia na Paulo nhyiaa ne nuanom a wɔwɔ Kolose no pɛn de, nanso na ɔdɔ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me yam a anka mutumi hu sɛnea midwen mo ho kɛse no.” (Kolosefo 2:1, The New Testament in Modern English, a J. B. Phillips kyerɛwee) Esiane sɛ Yesu akyidifo nyɛ wiase no fã nti, “ɔbɔne no” bɛkɔ so abɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe anuanom no biakoyɛ denam wiase no honhom a ɔde bedua wɔn mu no so. Nsɛm a Epafra de fi Kolose bae no kyerɛe sɛ na eyi akɔ so akodu baabi.

6 Yebetumi abɔ nneɛma atitiriw a na Paulo pɛ sɛ ne nuanom Kristofo yɛ no biako mua sɛ: “Monyɛ biako wɔ ɔdɔ mu.” Ntease titiriw wɔ ne nsɛm no mu nnɛ, wɔ wiase a mpaapaemu ne nitan ayɛ mu ma yi mu. Sɛ yefi komam di Paulo afotu no akyi a, Yehowa bɛhwɛ yɛn so. Yebenya ne honhom no ahoɔden wɔ yɛn asetra mu nso, na aboa yɛn ma yɛako atia wiase no nhyɛso ahorow no. Hwɛ sɛnea nyansa wɔ afotu yi mu! Enti, Kolosefo 2:2 bɛyɛ yɛn afe asɛm wɔ afe 1995 mu.

7. Biakoyɛ bɛn na ɛsɛ sɛ wohu wɔ nokware Kristofo mu?

7 Wɔ krataa bi a na ɔsomafo no adi kan akyerɛw akɔma Korintofo mu no, ɔde nipadua yɛɛ mfatoho bi. Ɔkyerɛwee sɛ “ɛnsɛ sɛ mpaapaemu” ba Kristofo a wɔasra wɔn no asafo no mu na mmom “ɛsɛ sɛ akwaa no dwennwen ade koro ma wɔn ho wɔn ho.” (1 Korintofo 12:12, 24, 25, NW) Mfatoho a ɛyɛ fɛ bɛn ni! Yɛn nipadua akwaa no mu biara dan ɔfoforo, na emu biara sisi yɛn nipadua no ho. Saa ara na yɛn wiase nyinaa nuayɛ a wɔn a wɔasra wɔn ne nnipa ɔpepem pii a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra asase so paradise bi mu na wɔwom no te. Ɛnsɛ sɛ yɛtew yɛn ho fi yɛn mfɛfo Kristofo kuw no ho na yɛn nkutoo kɔtra! Bere a Onyankopɔn honhom nam Kristo Yesu so yɛ adwuma no, yenya no kɛse wɔ yɛne yɛn nuanom fekubɔ mu.

Biakoyɛ ne Nimdeɛ Wɔ Abusuabɔ

8, 9. (a) Dɛn ne ade titiriw a ɛma yetumi boa ma biakoyɛ ba asafo no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na woanya Kristo ho nimdeɛ?

8 Ná Paulo nsɛntitiriw no mu biako ne sɛ, Kristofo biakoyɛ ne nimdeɛ, titiriw nea ɛfa Kristo ho no, wɔ abusuabɔ. Paulo kyerɛwee sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ‘yɛ biako wɔ ɔdɔ mu nya ntease a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no mu.’ (Kolosefo 2:2) Yɛanya nimdeɛ—nokwasɛm ahorow—fi bere a yefii ase suaa Onyankopɔn Asɛm no. Nea ɛka sɛnea saa nokwasɛm ahorow no mu pii bam wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu ho ntease a yebenya ho no, yebehu dwuma a ɛho hia a Yesu di no. “Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ ademude nyinaa akora.”—Kolosefo 2:3.

9 Saa na wote nka wɔ Yesu ne dwuma a odi wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu no ho? Kristoman mufo pii de ahopere ka Yesu ho asɛm, a wɔkyerɛ sɛ wɔagye no adi ma wɔanya nkwagye. Nanso wonim no ankasa? Dabida, efisɛ wɔn mu dodow no ara gye Baasakoro nkyerɛkyerɛ a ennyina kyerɛwsɛm no so no di. Ɛnyɛ nokware a ɛwɔ asɛm yi mu nkutoo na wunim na mmom ebia woanya nea Yesu yɛe na ɔkaa ho asɛm no nso ho nimdeɛ pii. Wɔaboa nnipa ɔpepem pii wɔ eyi mu denam adesua bi a ema nimdeɛ pii a wɔne wɔn yɛe wɔ Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no mu no so. Nanso ɛho hia sɛ yɛma yɛn nimdeɛ a yɛwɔ wɔ Yesu ne n’akwan ho no mu kɔ so dɔ.

10. Ɔkwan bɛn so na yenya nimdeɛ a wɔakora so no?

10 Asɛm a ɛne sɛ “wɔde nyansa ne nimdeɛ ademude nyinaa akora” Yesu mu no nkyerɛ sɛ yentumi nnya nimdeɛ a ɛte saa no mu ntease. Mmom no, ɛte sɛ nkoron a wɔatu. Enhia sɛ yekyinkyin hwehwɛ mmeae pii a yentumi nhu baabi a yebefi ase atutu. Yenim dedaw—Yesu Kristo ho asɛm a Bible no da no adi no na ɛde nimdeɛ ba. Bere a yenya dwuma a Yesu di wɔ Yehowa atirimpɔw mu ho anisɔ kɛse no, yenya ademude a ɛne nokware nyansa ne nimdeɛ. Enti nea ehia ne sɛ yɛbɛkɔ so atutu akɔ fam, na yɛayiyi abohene anaa aboɔden abo a yɛn nsa bɛka afi saa beae yi a yɛatutu dedaw no.—Mmebusɛm 2:1-5.

11. Ɔkwan bɛn so na Yesu ho a yebesusuw no betumi ama yɛn nimdeɛ ne nyansa adɔɔso? (Fa hohoro a Yesu hohoroo n’asuafo nan ho no yɛ mfatoho, anaa fa nhwɛso afoforo di dwuma.)

11 Sɛ́ nhwɛso no, ebia yenim sɛ Yesu hohoroo n’asomafo no nan ho. (Yohane 13:1-20) Nanso, so yɛasusuw asuade a na ɔrekyerɛ wɔn ne su a ɔdaa no adi no ho? Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya ademude a ɛne nyansa a ɛboa yɛn—yiw, ɛka yɛn—ma yegyae sɛnea yɛne onua anaa onuawa bi a n’adeyɛ yɛ yɛn ahi fi bere tenten di nsɛm no. Anaa sɛ wɔma yɛn dwumadi bi a yɛn ani nnye ho pii a, ebia yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan foforo so bere a yɛate Yohane 13:14, 15 ase yiye no. Ɔkwan a ɛte saa so na nimdeɛ ne nyansa nya yɛn so tumi. Sɛ yɛde Kristo ho nimdeɛ a yenya no di dwuma pɛpɛɛpɛ a, ɛbɛka afoforo dɛn? Ebia ɛbɛma nguan no ‘ayɛ biako wɔ ɔdɔ mu kɛse.’a

Nneɛma a Egye Asabawmu Betumi Asɛe Biakoyɛ

12. Nimdeɛ bɛn na ehia sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho?

12 Sɛ nokware nimdeɛ boa ma ‘yɛyɛ biako wɔ ɔdɔ mu’ a, dɛn na “nimdeɛ a wɔboa frɛ no sa” no de ba? Ɛde nea ɛbɔ eyi abira na ɛba—akyinnyegye, ntoto, ne gyidi no ho a wɔwae fi. Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ atoro nimdeɛ a ɛte saa ho, sɛnea Paulo bɔɔ Timoteo kɔkɔ no. (1 Timoteo 6:20, 21) Paulo kyerɛwee nso sɛ: “Meka eyi na obi amfa nnaadaasɛm anto mo brada. Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase mfitiasesɛm so na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum.”—Kolosefo 2:4, 8.

13, 14. (a) Ɛdefa nimdeɛ ho no, dɛn nti na na Kolose anuanom no wɔ asiane mu? (b) Dɛn nti na ɛnnɛ ebinom betumi ate nka sɛ wonni asiane a ɛte saa ara mu?

13 Ná nnaadaa ho nkɛntɛnso a ɛyɛ nimdeɛ a wɔboa frɛ no saa no atwa Kolose Kristofo no ho ahyia. Ná nnipa pii a wɔwɔ Kolose ne ne mpɔtam no wɔ obu kɛse ma Helafo nyansapɛ ahorow. Ná Yudasom mufo a wɔpɛ sɛ Kristofo di Mose Mmara te sɛ afahyɛ nna ne aduan ho mmara ahorow so no nso wɔ hɔ. (Kolosefo 2:11, 16, 17) Ná Paulo nsɔre ntia nokware nimdeɛ a ne nuanom benya, nanso na ehia sɛ wɔhwɛ yiye na obi amfa nnɛɛdɛesɛm ansum wɔn afiri ma wɔannya nnipa adwene wɔ asetra ne nneyɛe ho. Wubetumi ahu sɛ sɛ asafo no mufo binom ma asetra ho adwene ne nneyɛe ahorow a ennyina kyerɛwsɛm so kyerɛ wɔn nsusuwii ne wɔn gyinaesi ahorow kwan a, ɛbɛsɛe biakoyɛ ne ɔdɔ a ɛbɛtra asafo no mufo ntam no.

14 Ebia wubesusuw sɛ, ‘Yiw, mihu asiane a na Kolosefo wom no, nanso minni tebea a ɛbɛma Helafo adwenhorow te sɛ ɔkra a enwu da anaa baasakoro nyame atumi adaadaa me mu; na saa ara na minhu asiane biara a ɛwɔ hɔ sɛ abosonsomfo nnapɔnna a atorosom a mafi mu no mufo di no betumi adaadaa me.’ Eye. Ɛyɛ papa sɛ wubegye nokware no mfitiasesɛm a wɔnam Yesu so ada no adi a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no atom sɛ biribi a ɛkyɛn so. Nanso so ebetumi aba sɛ nyansapɛ bi anaa nnipa nsusuwii afoforo a abu so nnɛ betumi ayɛ asiane ama yɛn?

15, 16. Asetra ho adwene bɛn na ebetumi anya Kristoni nsusuwii so nkɛntɛnso?

15 Su biako a ɛte saa atra hɔ fi bere tenten: “Né ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte.” (2 Petro 3:4) Ebia wɔbɛka asɛm no wɔ ɔkwan foforo so, nanso adwene a ɛwom no yɛ adekoro. Sɛ́ nhwɛso no, ebia obi besusuw sɛ, ‘Bere a misuaa nokware no foforo no mfe du du pii a atwam ni no, ná “awiei no abɛn pɛɛ.” Nanso ɛmmae ara ɛ, na hena na onim bere a ɛbɛba?’ Ampa, onipa biara nnim bere a awiei no bɛba. Nanso, hyɛ adwene a Yesu kae sɛ yenya yi nsow: “Monhwɛ yiye, monwɛn na mommɔ mpae! Na munnim da ko a bere no du.”—Marko 13:32, 33.

16 Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ asiane sɛ yebenya adwene no sɛ, yennim bere a awiei no bɛba nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ asetra a ahotɔ wom na ɛyɛ “papa” ho nhyehyɛe! Adeyɛ a ɛte saa no betumi ada adi wɔ nsusuwii a ɛne sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mefa akwan bi so a ebetumi ama me (anaa me mma) anya adwuma bi a ɛfata a akatua wom na ama manya asetra a ahotɔ wom mu. Ɛwom, mɛkɔ Kristofo nhyiam horow na manya asɛnka adwuma no mu kyɛfa bi, nanso ntease biara nnim sɛ mɛyere me ho anaasɛ mede nneɛma pii bɛbɔ afɔre.’—Mateo 24:38-42.

17, 18. Adwene bɛn na Yesu ne asomafo no kae sɛ yennya?

17 Nanso, yentumi nnye kyim sɛ Yesu ne n’asomafo no hyɛɛ nyansa sɛ yɛmma asɛmpa no ka nyɛ nea egye ntɛmpɛ wɔ yɛn asetram, yɛnyere yɛn ho, na yennya ɔpɛ sɛ yɛde nneɛma bɛbɔ afɔre. Paulo kyerɛwee sɛ: “Eyi na meka, anuanom, sɛ wɔatwa bere no tiaa, na nea aka no, wɔn a wɔwɔ yerenom ayɛ sɛnea wonni bi, . . . na wɔn a wɔtɔ ayɛ sɛnea wonni hwee, na wɔn a wodi wi yi ase ayɛ sɛnea wonni; na wi yi ase su retwam.”—1 Korintofo 7:29-31; Luka 13:23, 24; Filipifo 3:13-15; Kolosefo 1:29; 1 Timoteo 4:10; 2 Timoteo 2:4; Adiyisɛm 22:20.

18 Bere a na Paulo nkyerɛ koraa sɛ yɛmfa asetra a ahotɔ wom nyɛ yɛn botae no, honhom kaa no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ. Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so. . . . Ko gyidi ko pa no, so daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ wo na wopaee mu kaa no yiye adansefo pii anim no mu.”—1 Timoteo 6:7-12.

19. Sɛ asafo bi mufo gye asetra ho adwene a Yesu hyɛɛ ho nkuran no tom a, nkɛntɛnso bɛn na enya wɔ asafo no so?

19 Sɛ Kristofo a wɔyɛ nsi a wɔde mmɔdenbɔ kɛse ‘ka asɛm ɔkwampa so wɔ baguam’ wɔ asafo bi mu a, biakoyɛ bɛbam ɔkwan biara so. Wonnyaa wɔn ho mu mmaa su a ɛne sɛ, ‘Wowɔ nneɛma pa pii a wɔde asie ama mfirihyia pii, home, didi, nom, na gye w’ani.’ (Luka 12:19) Mmom no, wɔbɛyɛ biako wɔ mmɔdenbɔ koro no ara mu, na wɔanya ɔpɛ sɛ wɔde nneɛma bɛbɔ afɔre na ama wɔanya kyɛfa kɛse sɛnea wobetumi biara wɔ adwuma yi a wɔnsan nyɛ bio no mu.—Fa toto Filipifo 1:27, 28 ho.

Ɛsɛ sɛ Yɛhwɛ Yiye wɔ Nnaadaasɛm Ho

20. Ɔkwan foforo bɛn so na wobetumi adaadaa Kristoni bi?

20 Nokwarem no, akwan afoforo wɔ hɔ a wobetumi afa so de ‘nnaadaasɛm ato Kristofo brada’ anaasɛ wɔde nnaadaa hunu bɛsɛe ‘biako a wɔayɛ wɔ ɔdɔ mu’ no. Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Germany no kyerɛwee sɛ: “Asɛm bi de akyinnyegye pii baa asafo ahorow pii mu, a adawurubɔfo ne mpanyimfo mpo gyinaa ɔfã bi akyi wɔ akwan bi a onua bi fa so sa nyarewa ho.” Wɔde kaa ho sɛ: “Esiane akwan pii ne ayarefo pii a ɔsa wɔn yare nti, eyi de akyinnyegye aba, na sɛ ahonhonsɛmdi wɔ ayaresa no akyi a, ɛno nso betumi ayɛ nea asiane wom.”—Efesofo 6:12.

21. Ɔkwan bɛn so na Kristoni bi betumi ayi n’adwene afi nea ɛfata no so nnɛ?

21 Kristofo pɛ sɛ wɔkɔ so tra nkwa mu a wɔwɔ ahoɔden sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asom Onyankopɔn. Nanso, mpanyinyɛ ne nyarewa a sintɔ de ba betumi aba yɛn so wɔ nhyehyɛe yi mu. Sɛ́ anka yebesi akwahosan ho nsɛm so dua no, ehia sɛ yɛde yɛn adwene si ano aduru ankasa a ɛwɔ hɔ ma yɛn ne afoforo no so. (1 Timoteo 4:16) Kristo na ano aduru gyina ne so, sɛnea na Paulo afotu a ɔde kɔmaa Kolosefo no gyina ne so no. Nanso kae, Paulo kyerɛe sɛ ebinom de “nnaadaasɛm” bɛba de abɛdan yɛn adwene afi Kristo so, ma ebia akɔ akwan a wɔfa so yɛ nyarewa mu nhwehwɛmu, ayaresa ahorow, anaa aduandi so.—Kolosefo 2:2-4.

22. Su a ɛkari pɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ akwan a wɔfa so yɛ nyarewa mu nhwehwɛmu ne ayaresa ho nsɛm pii a wɔka no ho?

22 Wɔbɔ ayaresa ne akwan a wɔfa so yɛ nyarewa mu nhwehwɛmu ho dawuru di ho adanse pii kyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa. Wɔde akwan no mu bi di dwuma kɛse na wogye tom; na wɔkasa tia afoforo anaasɛ wonya ho adwemmɔne pii.b Ɛyɛ onipa biara asɛyɛde sɛ ɔbɛkyerɛ nea ɔbɛyɛ wɔ n’akwahosan ho nsɛm ho. Nanso wɔn a wogye Paulo afotu a ɛwɔ Kolosefo 2:4, 8 no tom no benya ahobammɔ afi “nnaadaasɛm” anaa “nnaadaa hunu” a ɛdaadaa nnipa pii a esiane sɛ wonni Ahenni no mu anidaso nti, wɔde ahoyeraw hwehwɛ ahotɔ no ho. Sɛ Kristoni bi gye di sɛ ɛte sɛ nea ayaresa bi yɛ papa ma no mpo a, ɛnsɛ sɛ ɔkamfo eyi kyerɛ wɔ Kristofo onuayɛ no mu, efisɛ ebetumi abɛyɛ ade a wɔbɛka ho asɛm agye ho akyinnye pii. Ɔnam saayɛ so betumi ada no adi sɛ ɔwɔ obu kɛse ma hia a ehia sɛ biakoyɛ tra asafo no mu no.

23. Dɛn titiriw nti na yɛn ani betumi agye?

23 Paulo sii so dua sɛ Kristofo biakoyɛ ne nea ɛde anigye ba ankasa. Wɔ ne nna no mu no, ɛda adi sɛ na asafo ahorow no nnɔɔso sɛ ɛnnɛ. Nanso otumi kyerɛw kɔmaa Kolosefo no sɛ: “Sɛ minni hɔ ɔhonam mu mpo a, me ne mo wɔ hɔ honhom mu, na m’ani gye sɛ mihu mo kwan so a mugyinae ne mo gyidi a ɛkɔ Kristo mu tim a atim no.” (Kolosefo 2:5; hwɛ Kolosefo 3:14 nso.) Hwɛ sɛnea nea ɛma yɛn ani gye no yɛ kɛse fa! Yebetumi ahu biakoyɛ, asomdwoe, ne gyidi a atim ho adanse ankasa wɔ yɛn ankasa asafo mu, na ɛno da adi wɔ tebea a ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa mu mu. Enti wɔ mprempren nhyehyɛe no bere tiaa a aka mu no, momma yɛn mu biara nsi ne bo sɛ ‘yɛbɛyɛ biako wɔ ɔdɔ mu.’

[Ase hɔ nsɛm]

a Bere a nsɛm a yebetumi asua biribi afi mu nni ano no, hwɛ nea w’ankasa wubetumi asua wɔ Yesu ho a ebetumi de biakoyɛ aba w’asafo mu fi nhwɛso ahorow a edidi so yi mu: Mateo 12:1-8; Luka 2:51, 52; 9:51-55; 10:20; Hebrifo 10:5-9.

b Hwɛ June 15, 1982 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 22-9, (Engiresi de).

Wohyɛɛ No Nsow?

◻ Dɛn ne Yehowa Adansefo 1995 afe asɛm?

◻ Dɛn nti na na ɛho hia sɛ Kolose Kristofo yɛ biako wɔ ɔdɔ mu, na dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ saa nnɛ?

◻ Asetra ho nnɛɛdɛesɛm bɛn na ehia titiriw sɛ Kristofo hwɛ yiye wɔ ho nnɛ?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo ma wɔn ani da hɔ na wɔamma akwahosan ne akwan a wɔfa so yɛ nyarewa mu nhwehwɛmu ho nnaadaasɛm annaadaa wɔn?

[Kratafa 17 mfonini ahorow]

So wo daakye ho nhyehyɛe gyina ba a Yesu aba no so?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena