-
Yɛbɛyɛ Dɛn De ‘Ntoboase Atwɛn’?Ɔwɛn-Aban—2013 | November 15
-
-
9-11. Asɛm a ɛwɔ 1 Tesalonikafo 5:3 no aba mu anaa? Adɛn nti na wubua saa?
9 Monkenkan 1 Tesalonikafo 5:1-3. Ɛrenkyɛ koraa amanaman no bɛpae mu aka sɛ “Asomdwoe ne dwoodwoo!” Nanso ‘ɛsɛ sɛ yɛwɛn na yɛn ani da hɔ’ na nneɛma amfa yɛn ase. (1 Tes. 5:6) Ɛnde, nea ɛbɛboa ma yɛawɛn no, momma yɛnhwɛ nneɛma bi a asisi ne sɛnea abɔ kwan ama saa mpaemuka yi.
10 Wiase ko a edi kan ne nea ɛto so abien baa awiei no, amanaman no peree asomdwoe denneennen. Bere a wiase ko a edi kan baa awiei no, wɔde Amanaman Apam no sii hɔ de hwehwɛɛ asomdwoe. Wiase ko a ɛto so abien akyi no, nkurɔfo de wɔn ani too Amanaman Nkabom no so sɛ ɛde asomdwoe bɛba wiase. Aban ahorow ne ɔsom mu akannifo de wɔn werɛ hyɛɛ ahyehyɛde abien yi mu sɛ ɛno na ɛbɛma adesamma asom adwo wɔn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Amanaman Nkabom no de too gua sɛ 1986 yɛ asomdwoe afe. Saa afe no, aman mpanyimfo ne ɔsom mu akannifo hyiaa Katolek asɔre no panyin wɔ Assisi, Italy, bɔɔ asomdwoe mpae.
11 Nanso yɛrentumi nka sɛ saa mpaemuka no anaa asomdwoe mpaemuka foforo biara ama 1 Tesalonikafo 5:3 aba mu. Adɛn ntia? Efisɛ kyerɛwsɛm no kae sɛ wɔka sɛ “Asomdwoe ne dwoodwoo!” a, “mpofirim ara na ɔsɛe bɛba,” nanso amanaman no mpaemuka no mfaa ɔsɛe biara mmae.
12. Dɛn na yebetumi aka wɔ “Asomdwoe ne dwoodwoo!” mpaemuka no ho?
12 Ɛnde, hena na ɔbɛpae mu aka “Asomdwoe ne dwoodwoo!” a Bible ka ho asɛm no? Kristoman ne asɔre foforo mu mpanyimfo ho bɛba asɛm yi mu sɛn? Atumfoɔ no nso ɛ? Dɛn na wɔbɛyɛ? Ɛno deɛ Bible nka ho asɛm biara. Nanso sɛn na wɔbɛka no oo, nnipa dodow ahe na wobegye adi oo, nokwasɛm bi wɔ hɔ a yebetumi de yɛn nsa asi yɛn bo aka. Ɛno ara ne sɛ ɛremfa asomdwoe biara mma. Mpɛn dodow a saa wiase yi wɔ hɔ deɛ, Satan ara na odi so. Wiase no aporɔw atetew ma woyɛ no hwee a ɛrenyɛ yiye. Enti sɛ yɛn mu bi ma ne koma kodi nnaadaasɛm yi akyi na ɔde ne ho fɔrefɔre Satan wiase no a, ɛbɛyɛ awerɛhosɛm paa!
-
-
Yɛbɛyɛ Dɛn De ‘Ntoboase Atwɛn’?Ɔwɛn-Aban—2013 | November 15
-
-
14. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Babilon Kɛse no sɛe abɛn?
14 Babilon Kɛse anaa atoro som ahemman no begye n’ani so nnansa yi ara; wɔbɛsɛe no pasaa. Na sɛ bere so sɛ wɔresɛe no a, amanaman ne nnipakuw nyinaa beyi ne baako ahyɛ ne nsa. Ɛnnɛ koraa a yɛrekasa yi, biribiara kyerɛ sɛ ne sɛe abɛn. (Adi. 16:12; 17:15-18; 18:7, 8, 21) Seesei sɛ wutie radio anaa wohwɛ atesɛm nkrataa mu a, wuhu sɛ nkurɔfo rebɔ asɔre ne asɔfo akyi paa. Nanso afei koraa na Babilon Kɛse no akannifo redi akɛsesɛm. Nanso wɔredaadaa wɔn ho; wonnim nea ɛrebɛto wɔn. Nea ehia ara ne sɛ “Asomdwoe ne dwoodwoo!” mpaemuka no aba; mpofirim ara wiase atumfoɔ no bɛdan agu atoro som so ayɛ no defedefe. Afei Babilon Kɛse akyi bɛyera korakorakora! Sɛ yɛhwɛ nneɛma akɛse akɛse a ɛrebesisi nnansa yi a, wunhu sɛ ɛsɛ sɛ yenya abotare twɛn?—Adi. 18:8, 10.
-