Sɛnea Ahenni no ‘Ba’?
1. Dɛn nti na ɛnyɛ nwonwa sɛ wiase nyinaa “nna a edi akyiri” no akɔ so abedu 1982?
BERE a aka ansa na “ahohiahia kɛse” ne afi ase no de, yennim. Yudafo nneɛma nhyehyɛe no “nna a edi akyiri” no gyee mfe 41, efi 29 kosi 70 Y.B. Nanso mprempren Onyankopɔn atemmu reba nhyehyɛe a ɛsõ sen saa so. Ɛyɛ Satan wiase nhyehyɛe no nyinaa, a atoro som wiase ahemman, titiriw Kristoman atoro som no, ne ne fã a edi sõ kɛse no. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛde bedu nnɛ no wiase yi nhyehyɛe no “nna a edi akyiri” no agye bɛyɛ mfirihyia 68, efi 1914 besi 1982. Eyi nyinaa ayɛ atirimpɔw bi nti. Na ɛne dɛn?
2. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no yɛ nhwɛso ma yɛn nnɛ?
2 Wiɛ, dɛn na Kristofo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no yɛe wɔ Yudafo nhyehyɛe no “nna a edi akyiri” no mu? Wɔkaa asɛm! Wɔbɔɔ kɔkɔ! Enti, mfedudu kakraa bi mu no, ɔsomafo Paulo tumi kyerɛwee sɛ: “Asɛmpa a motee a wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu . . . no anidaso no.”—Kolosefo 1:23.
3, 4. Henanom na Yehowa honhom ahyɛ wɔn den ma wɔadi adanse nnɛ, na dɛn na afi mu aba?
3 Na, nnɛ, asasesin no ayɛ kɛse. Ɛne wiase no, wiase no nyinaa! Nanso bio no, wɔ Onyankopɔn honhom no tumi a ɛma ahoɔden no ase no, Yehowa adansefo Kristofo ako asase so baabiara. Wɔaka nokware no ho asɛm wɔ kasa horow bɛboro 160 mu. Wɔaboaboa wɔn a wɔte sɛ nguanten no ano afi aman nyinaa mu, bɛyɛ 5,980,000 kɔɔ Yesu wu Nkaedi no ase wɔ 1981 mu. Te sɛ ɔwɛnfo kuw no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no adi anim wɔ Yehowa aweredi da no ho dawurubɔ mu, na wɔkyekyɛ nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ. (Yesaia 21:11, 12; 61:1, 2) Ɛdefa wɔn asɛnka adwuma no ho, wɔ afeha a atwam no mu no, Yehowa Adansefo akyekyɛ Bible ne nhoma akɛse bɛyɛ 460,000,000, na wɔakyekyɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mfuamfua 4,767,000,000. So eyi nyɛɛ adansedi kɛse mmaa Yehowa din ne n’ahenni no anaa?
4 Afei saa Ahenni ho asɛmpa adwuma no reba awiei! Biakoyɛ mu wɔ wiase nyinaa no, asɛmpatrɛwfo, akwampaefo ne asafo mu adawurubɔfo nokwaredifo ayɛ adwuma kɛse —“ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden so, na me Honhom so,” asafo Yehowa na ose. (Sakaria 4:6) Ne saa nti, adesamma ɔpepem pii afi adi abɛka ‘akoa nokwafo’ no ho, na wɔka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.”—Sakaria 8:23.
5. Daniel ti 2 ka Ahenni no ‘mmae’ no ho asɛm dɛn?
5 Nea aka ara ne sɛ Onyankopɔn ahenni no “bɛba”! Ɛbɛba ɔkwan bɛn so? Yiw, wɔ ɔkwan a odiyifo Daniel kaa ho asɛm wɔ ne nkɔmhyɛ no ti a ɛto so abien no mu no so! Ɛha no wɔyɛ Mesia ahenni no ho mfonini sɛ “ɔbo” a efi sɛnkyerɛnne kwan so “bepɔw” a ɛne Yehowa tumidi a enni awiei no mu. Te sɛ bɛmma no, saa “ɔbo” yi de hwii ‘ba,’ yiw, ɛbɛbɔ nniso horow a nnipa ahyehyɛ no, yam eyinom dukuduku. Afei Ahenni “ɔbo” no ankasa dan “bepɔw,” yɛ asase nyinaa ma, na ɛde ayeyi brɛ Yehowa na ɛhyɛ no anuonyam.—Daniel 2:34, 35, 44, 45.
“Aguaman” No a Wɔsɛe No
6. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Yehowa de adesamma akuw ahorow a wɔyɛ katee bedi n’atemmu ho dwuma? (b) Nnɛyi nsɛso bɛn na Yerusalem wɔ, na ahemman bɛn na ɔyɛ ne fã nso?
6 Nanso nneɛma bi kɔ so ansa na nnipa nniso wɔ asase so a wobebubu no koraa no aba. Adiyisɛm nkɔmhyɛ nhoma no da no adi sɛ nea edi kan no Yehowa de nniso horow a ɛyɛ katee a wɔwɔ Amanaman Nkabom no mu no bedi dwuma te sɛ asãe a wɔde sɛe ade. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa, efisɛ wɔ tete hɔ no Yehowa de Babilon wiase tumi no dii dwuma te sɛ “asase nyinaa asãe” wɔ n’atemmu wɔ amanaman no so ho dwumadi mu, ne wɔ Yerusalem a anni nokware no so titiriw. (Yeremia 50:23) Kristoman mu asɔre horow a wɔahyehyɛ no yɛ tete Yerusalem nnɛyi nsɛso. Ɔka sɛ ɔsom Bible no Nyankopɔn, nanso, mmom no, wayɛ ne ho atoro som wiase aheman no fã. Nkɔmhyɛ no da saa ahemman no adi sɛ “Babilon Kɛse no, asase so nguaman ne akyide nã.”—Adiyisɛm 17:5.
7. (a) Dɛn na atoro som apaw? (b) Ɔkwan bɛn so na n’akyeame da nea ɛyɛ wɔn anidaso adi? (d) Nanso dɛn na Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ ɛne adesamma anidaso?
7 Saa atoro som wiase ahemman no apaw nea ɔpɛ. Wapow Onyankopɔn ahenni a ɛreba a ɛnam Mesia no so no, na wapaw nea nnipa ahyehyɛ de asi ananmu no. Ɛnnɛ, asɔre horow a ɛwɔ wiase no mu asɔfo fi wɔn koma nyinaa mu boa Amanaman Nkabom no. Sɛnea Jewni sɔfo bi kae no, Amanaman Nkabom no ne “asomdwoe a enni awiei wɔ wiase a kɔ a ɛbɛkɔ so atra hɔ no gyina eyi so no ho anidaso koro pɛ.” Na Pope John Paul II ka ho asɛm sɛ “asomdwoe ne atɛntrenee ahyehyɛde a ɛsen biara.” Nanso so Amanaman Nkabom no de asomdwoe ne atɛntrenee aba yɛn asase yi so? So Amanaman Nkabom no ne adesamma “anidaso koro pɛ” ampa? Anaa so saa anidaso no ne Onyankopɔn ahenni? Yiw, saa anidaso no gyina Onyankopɔn ahenni a ɛnam Mesia no so no ‘ba a ɛbɛba’ no so!—Mateo 12:18, 21.
8. Asɛm bɛn na ɛwɔ Amanaman Nkabom Mmara horow no mu a ɛkae yɛn 1 Tesalonikafo 5:3, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye eyi ho?
8 Wɔ ne Mmara horow no mu no, Amanaman Nkabom no da no adi sɛ n’atirimpɔw a edi kan ne “sɛ ɛbɛma asomdwoe ne ahotɔ atra amanaman ntam.” Sɛ́ Yehowa Adansefo no so yɛnkae biribi wɔ saa asɛm no mu? Yiw! Efisɛ ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so, sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan.” (1 Tesalonikafo 5:3) Enti, bere a yɛbɛn “nna a edi akyiri” yi fã a etwa to koraa no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ wɔde “Asomdwoe ne ahotɔ” ho dawurubɔ soronko bi bɛma. Sɛ amanaman no teɛm ka eyi a, dɛn na edi hɔ? Nkɔmhyɛ no bua sɛ: ‘Mpofirim na ɔsɛe a wontumi nguan ano bɛba!’
9. (a) Awiei a ɛyɛ hu bɛn na ɛretwɛn atoro som? (b) Wɔn a wɔyɛ atitiriw wɔ amammui ne nnwuma akɛse mu no bebu eyi dɛn, na dɛn ntia?
9 Aguaman a wiase nyamesom ne Amanaman Nkabom no abɔ no bɛba awiei wɔ ɔsɛe mu! “Dɔnhwerew biako” mu no ɛbɛba awiei! Amanaman Nkabom “aboa” no “mmɛn du” no bɛtow ahyɛ Babilon Kɛse no so. Saa wiase ahyehyɛde no mufo a wɔyɛ katee na wɔpɛ akodi no bɛtetew no ayɛ no pasaa apa ne ho ntama fɛfɛ no na wɔahyew no. Amansɛmdifo a wɔaporɔw a wɔnam atoro nyamesom so ama wɔn dibea ayɛ kɛse, ne adwumawuranom a wɔnam no so anya nneɛma ne mfaso afoforo pii no begyina akyirikyiri asu no. Wɔbɛbɔ abubuw, aka sɛ: “Due, due, kurow kɛse Babilon, kurow a ɛyɛ den, efisɛ dɔnhwerew biako mu na w’atemmu aba. . . . efisɛ dɔnhwerew biako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi!”—Adiyisɛm 18:10, 17.
Harmagedon—Ne Akyi
10. Dɛn nti na Harmagedon bedi akyi aba ntɛm, na dɛn na ebefi mu aba?
10 Nneɛma bɛkɔ so ntɛmntɛm akodu awiei. Amammui kwan so “mmɛn” koro no ara a ɛsɛee “aguaman” kɛse no bɛdan akɔ Yehowa Adansefo a ɛte sɛ nea wonni ahobammɔ biara no so. Nanso afei wobehu sɛ Yehowa “awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene” no ankasa na wɔne no reko. Wɔadu Harmagedon. Ɛhɔ na Yehowa ahenni a ɛnam Mesia so no ‘ba’ bɛyɛ n’adwuma kɛse no de tew Yehowa tumidi ne ne nokware asomfo ho. Ɔko no bɛba awiei ntɛm na nkonimdifo no ayɛ nea akyinnye biara nni ho. Wobetwa Satan amammui nniso a ɛpɛ akodi no afi asase so, na wɔbɛkyekyere Satan ankasa atow no akyene bun no mu mfirihyia apem, “na wankɔdaadaa amanaman no bio.”—Adiyisɛm 16:14; 17:14; 19:11-21; 20:2, 3.
11. (a) Ɛnde ɔkwan bɛn sp na Ahenni no ‘ba a ɛbɛba’ no behyira adesamma nyinaa? (b) Mfirihyia 1,000 no awiei no, nsakrae bɛn na ɛbɛba, na anidaso a anigye wom bɛn na ɛwɔ hɔ?
11 Afei dɛn na ɛbɛba? Yiw, mfirihyia apem ahenni no befi ase! Ahurusi bɛn ara na wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon mu no bedi sɛɛ yi! Fɛ bɛn ara na ɔdɔ, anigye ne asomdwoe a ɛbɛtrɛw asase nyinaa so saa bere no bɛyɛ sɛɛ yi! Hwɛ anigye ara a owusɔre a ɛbɛka adɔfo abom bio wɔ wiase nyinaa no bɛyɛ! Nkuranhyɛ bɛn ara na ayaresa nhyehyɛe, no bɛyɛ sɛɛ yi bere a Yesu ne ne mfɛfo ahene ne asɔfo no de ne ogye afɔre no mu mfaso a ɛso nni no di dwuma, na wɔboa adesamma ɔpepem pii no ma wodu pɛyɛ mu no! Na wɔn a woyi wɔn fi Kristo mfirihyia apem no ase de wɔn kɔ Yehowa tumidi a enni awiei no ase, na wotumi gyina Satan sɔhwɛ a etwa to no ano no fam no, ahurusidi bɛn ara na ɛbɛkɔ so bere a wonya nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɛbɛda adi daakye a enni awiei no mu kyɛfa no!—Adiyisɛm 20:7-9; 21:3, 4.
12. Dɛn na ɛma saa nneɛma a ɛyɛ nwonwa yi nyinaa tumi ba, enti dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ mprempren?
12 Onyankopɔn ahenni a ɛnam Mesia no so no ‘ba a ɛbɛba’ no na ɛma saa nneɛma a enni kabea yi nyinaa tumi ba. So eyi nkanyan yɛn mma yɛnka ‘Onyankopɔn nneɛma akɛse,’ n’ahenni no anuonyam ne Mesia no ahenni a enhinhim no ho asɛm nkyerɛ afoforo, wɔ Satan nhyehyɛe no nna a edi akyiri yi mu anaa? (Dwom 145:11; Asomafo no Nnwuma 2:11; Hebrifo 12:28) So ɛnkanyan yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae dennen srɛ yɛn soro Agya no sɛ, “W’ahenni mmra” anaa?—Mateo 6:9, 10.
13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yefi koma nyinaa mu bɔ mpae sɛ Ahenni no ”MMRA”?
13 Yiw, Onyankopɔn ahenni, “BRA,” na fa nniso a ɛfata brɛ adesamma nyinaa! Yiw, “BRA,” na fa Kristo mfirihyia apem ahenni a anuonyam wom, a ɛde Paradise bɛsan asi hɔ, a ɛde owusɔre no bɛba na ama adesamma ɔpepem pii no adu ɔdesani pɛyɛ mu no bra! Yiw, “BRA,” O Mesia ahenni, na bɛtew Ɔsorosoroni Awurade YEHOWA din a din biara ne no nsɛ no ho daa nyinaa!
AHENNI NO WƆ ONYANKOPƆN ATIRIMPƆW MU
□ Yehowa adiyifo ka siei
□ Dawid ahenni yɛɛ ho mfonini
□ Yesu asuafo kaa ho asɛm
□ Wɔde sii hɔ wɔ ɔsoro, 1914
□ Wɔreka ho asɛm de adi amanaman nyinaa adanse, efi 1919
□ Wɔreboaboa “nnipakuw kɛse” mprempren ama nkwagye
□ Awiei ba bere a wɔteɛm sɛ “Asomdwoe ne ahotɔ!” Wɔsɛe ‘Babilon Kɛse’ Ahenni sɛe amammui sodifo, asraafo, ne akyigyinafo
□ Ahenni de anigye, asomdwoe, ne Yehowa ayeyi hyɛ asase nyinaa ma
[Kratafa 21 mfoni]
Ahenni ɔbo no ankasa bɛyɛ “bepɔw” na ayɛ asase nyinaa ma