Awerɛkyekye a Efi Asomdwoe Nyankopɔn no Hɔ
“Momfa nsɛm yi nkyekyekyekye mo ho werɛ.”—1 TESALONIKAFO 4:18.
1. Dɛn na Paulo srɛe a ɛkyerɛ n’ani a na egye asomdwoe ho?
NÁ ƐYƐ ɔsomafo Paulo pɛ a emu yɛ den sɛ Kristofo asafo no benya asomdwoe Enti ne nkrataa a wɔakora so wɔ Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no mu no 13 de adesrɛ a ɛne sɛ wɔn a ɔde rekɔma wɔn no benya Onyankopɔn asomdwoe na efi ase. Sɛ nhwɛso no, Paulo kyerɛw kɔmaa Tesalonika asafo a afei na ɛrenyin no sɛ: “Ɔdom ne asomdwoe nka mo.” Ɛde rekɔ krataa koro no ara awiei no, ɔsrɛe sɛ: “Asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so a ɛho remma asɛm bi yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu.”—1 Tesalonikafo 1:1; 5:23.
2. (a) Ná asafo no ho hia Paulo dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi adi Paulo nhwɛso no akyi?
2 Paulo ne ne mfɛfo no antwentwɛn wɔn nan ase wɔ ‘mmɔdenbɔ adwuma ne ɔbrɛ’ mu wɔ wɔn a na wɔagye adi foforo no mu. Paulo kae sɛ: “Yɛyɛɛ yɛn ho brɛbrɛ wɔ mo mu, sɛnea ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma, na sɛ yɛpɛ mo asɛm yiye sɛɛ nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛpɛe sɛ yɛne mo kyɛ, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ moayɛ yɛn adɔfo.” So yɛnte hia a saa asafo no ho hiaa Paulo ne ɔdɔ a emu dɔ kɛse ankasa a onya maa wɔn no nka wɔ saa nsɛm yi mu? Ampa, ɛyɛ ɔdɔ a Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛyɛ 50,000 mu wɔ wiase nyinaa yi adi nnɛ no ho nhwɛso.—1 Tesalonikafo 2:7-9; Yohane 13:34, 35; 15:12-14.
3. (a) Ɔkwan bɛn so na Timoteo ho tumi baa mfaso maa Tesalonikafo asafo no? (b) Eyi ne dɛn na ehyia nnɛ?
3 Ná Ɔsɔhwɛfo, Satan, de amanehunu pii aba saa Tesalonika Kristofo no so. Enti Paulo somaa Timoteo kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ ‘ɔnkɔhyɛ wɔn den na ontu wɔn fo gyidi ho.’ Timoteo san baa Paulo nkyɛn wɔ Atene na ɔde amanneɛbɔ a ɛhyɛ nkuran a ɛfa wɔn gyidi ne ɔdɔ ho mae. Ɛyɛɛ awerɛkyekye kɛse maa wɔn nyinaa sɛ wohuu wɔn mu biara gyidi ne mudi mu kura no, na wɔkɔɔ so srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhyɛ wɔn biribiara a wɔtɔ sin wom no ananmu. (1 Tesalonikafo 3:1, 2, 5-7, 10) Eyi nso te sɛ teokrase nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ nnɛ a ahwɛfo akwantufo kɔhyɛ asafo ahorow no den wɔ baabi a wɔabara Yehowa Adansefo adwuma no anaasɛ wɔretaa wɔn denneennen no.—Yesaia 32:1, 2.
‘Wɔ Ne Ba No Mu’
4, 5. (a) Dɛn na Paulo srɛe wɔ ha, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ho titiriw nnɛ? (b) Dɛn nti na yɛn bere yi kyerɛ biribi titiriw?
4 Ɔsomafo Paulo de adesrɛ yi wie ne kratafa no fã yi: “Awurade mma monnɔɔso na mommoro so ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho ne nnipa nyinaa no mu, sɛnea yɛn nso yɛdɔ mo no, na wahyɛ mo koma den a mo ho nni asɛm, kronkronyɛ mu, yɛn Nyankopɔn ne agya anim, yɛn Awurade Yesu ne n’ahotefo nyinaa ba mu.”—1 Tesalonikafo 3:12, 13.
5 Ná Paulo reka daakye bi ho asɛm wɔ ha a ɛyɛ Yesu “ba ne wiase awiei no,” bere a “onipa ba no ba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no.” Yɛn soro Hene no bae wɔ 1914 mu. Mprempren Yesu fi n’anuonyam ahengua a aniwa nhu no so rebu aman ne nkurɔfo a wɔwɔ asase so atɛn, na ɔreyiyi nnipa ahobrɛasefo a wɔte sɛ nguanten a wɔbɛkora wɔn so wɔ “ahohiahia kɛse” no mu ma wɔanya daa nkwa wɔ paradise asase so no.—Mateo 24:3-21; 25:31-34, 41, 46.
Ahyɛde Ahorow Ma Yɛn Yiyedi
6. Paulo afotu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛtie mprempren?
6 So woyɛ obi a worebɔ mmɔden sɛ wubedu saa daa nkwa botae no ho? Sɛ saa a, ɛnde ɛse sɛ wutie nea Paulo kyerɛw wɔ ha kɔmaa Tesalonikafo no: “Nea aka no, anuanom, yɛsrɛ mo na yetu mo fo Awurade Yesu mu, sɛ nea moasua yɛn nkyɛn, sɛnea ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra na mosɔ Onyankopɔn ani no, saa ara no monkɔ so mma ɛmmoro so. Na munim ɔkasa [“ahyɛde,” NW] ko a yɛnam Awurade Yesu so kasa kyerɛɛ mo no.” (1 Tesalonikafo 4:1, 2) “Ahyɛde” ahorow a Paulo si so dua wɔ ha no bi ne nea ɛwɔ he?
7. (a) ‘Ahyɛde’ titiriw bɛn na wɔde ma wɔ ha? (b) Dɛn nti na bere a yɛanya Onyankopɔn honhom akyi no ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi yɛn ho?
7 “Ahyɛde” a edi kan no fa abrabɔ pa ho. Paulo ka no tẽẽ sɛ: “Na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, mo ahotew, sɛ munyi mo ho mfi aguamammɔ mu, sɛ mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa n’ade ahotew ne nidi mu, ɛnyɛ akɔnnɔ anibere mu sɛ amanaman a wonnim Nyankopɔn no.” Nea ɛyɛ anigye no, ‘yɛahu’ Onyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo, na yɛrebɔ mmɔden sɛ yebedu daa nkwa botae no ho. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ aniwu sɛ yɛbɛma wɔasan atwetwe yɛn akɔ wiase no ɔbrasɛe dontori no mu! Nea ɛyɛ awerɛhow no, ebinom atumi agyina mu wɔ nnadeban ne afiase ahorow mu mfe pii, anaasɛ wɔde wɔn nkwa nna asom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ nnamyɛ mu, nanso wɔama ɔsɔhwɛfo no anya wɔn wɔ ɔbrasɛe ho asɛm no mu bere a wɔn ani nna wɔn ho so. Bere a yɛanya Onyankopɔn honhom kronkron no, mommma ‘yɛnnhow ne werɛ’ denam ɔbrasɛe so!—1 Tesalonikafo 4:3-8; Yohane 17:3; 1 Korintofo 10:12, 13; Efesofo 4:30.
8, 9. (a) Dɛn ne “onuadɔ”? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya saa ɔdɔ yi, na mfaso bɛn na ebefi mu aba?
8 Paulo “ahyɛde” a edi hɔ no fa phil·a·del·phiʹa, “onuadɔ” ho. (1 Tesalonikafo 4:9, 10) Eyi yɛ ɔkwan titiriw a wɔfa so da nnyinasosɛm dɔ a ɛne a·gaʹpe adi a Paulo kamfo kyerɛe kɛse wɔ nkyekyem 9 ha, ne afei nso ti 3, nkyekyem 6 ne 12 no. Phil·a·del·phiʹa, yɛ ɔdɔ a emu yɛ den kɛse, te sɛ nea ɛda adi sɛ na Yesu ne Petro, ne Dawid ne Yonatan, wɔ ma wɔn ho no. (Yohane 21:15-17; 1 Samuel 20:17; 2 Samuel 1:26) Wobetumi de aka a·gaʹpe ho de anya ayɔnkofa a emu yɛ den, sɛ nhwɛso no, te sɛ nea wohu wɔ fekubɔ a anigye wom a Yehowa Adansefo pii bom nya wɔ akwampae adwuma no ne teokrase dwumadi afoforo mu no.
9 Paulo se: “Monkɔ so nyɛ mmoro sa.” Yebetumi atrɛw yɛn onuadɔ no mu bere nyinaa. Su pa yi da adi ma ebu so titiriw bere a mpanyimfo ne asafo mu asomfo di anim wɔ Ahenni adwuma a wɔyɛ no nnam so mu no. Sɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu nyinaa nni adagyew a ‘wɔrehwehwɛ Ahenni no kan’ a, adwene a enhyia esiane ɔdesani sintɔ nti, akasakasa, ne ɔhaw ahorow a ɛte saa ba bɛyɛ nea wonsusuw ho titiriw biara. Momma yɛmfa yɛn ani nsi botae no so bere nyinaa!—Mateo 6:20, 21, 33; 2 Korintofo 4:18.
10. Sɛ́ Kristofo no, ɔkwan bɛn so na yebetumi ‘anantew sɛnea ɛfata’?
10 Paulo de “ahyɛde” foforo tõam wɔ ha—sɛ́ yɛde bɛyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛtra ase komm, ayɛ yɛn ankasa ade, na yɛde yɛn nsa ayɛ adwuma. Enti bere a yɛnantew sɛnea ɛfata wɔ yɛn da biara da asetra mu, na yeyi nnyinasosɛm dɔ ne onuadɔ adi no, ɔbɛma yɛn nsa aka nea yehia nyinaa.—1 Tesalonikafo 4:11, 12; Yohane 13:35; Romafo 12:10-12.
Owusɔre Anidaso No Kyekye Wɔn Werɛ
11. (a) Dɛn nti na afei Paulo ka owusɔre no ho asɛm? (b) Ɛsɛ sɛ Paulo afotu yi ka yɛn dɛn?
11 Afei ɔsomafo no ka owusɔre anidaso kɛse no ho asɛm. Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ Paulo kɔfa eyi ho asɛm ba? Ná ɔpɛ sɛ ɔhyɛ ne nuanom no den ma wogyina ɔtaa ahorow a wɔrehyia no ano. Na ɛyɛ nea wobetumi ahwere wɔn nkwa. Ɛte sɛ nea na ebinom adeda wɔ owu mu saa bere no. Ná mfɛfo gyidifo no hia awerɛkyekye (1 Tesalonikafo 2:14-20) Bere a wɔresusuw Kristo “ba” no bɛn a abɛn ho no, wɔn adwenem yɛɛ wɔn naa wɔ nea ɛbɛba wɔn a wɔawuwu dedaw no so ho. Ɛnyɛ awerɛkyekye nko na nea Paulo kyerɛw afei no de ma wɔn a wɔahwere wɔn Kristofo adɔfo no na mmom ɛyɛ nkuranhyɛ a ɛbɛma wɔagyina akosi bere a Yehowa “da” no bɛba no. Ɛsɛ sɛ Paulo afotu no boa yɛn nyinaa ma yegyina pintinn wɔ honhom mu bere a yɛkɔ so ka asɛmpa no de hwɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei koraa kwan no.—2 Tesalonikafo 1:6-10.
12. Awerɛkyekye ankasa bɛn na yebetumi anya bere a yɛn dɔfo bi wu no, na ɛhe na yebenya afi?
12 Paulo se: “Anuanom, wɔn a wɔadeda no ho de, mempɛ sɛ mekora mo so, na mo werɛ anhow sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no.” (1 Tesalonikafo 4:13) Awerɛkyekye ne asomdwoe bɛn ara na wonya wɔ owusɔre anidaso no mu sɛɛ yi! Mfe anum bi akyi no, Paulo fii ne krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Korinto no ase sɛ: “Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’agya a ɔyɛ mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekye a Onyankopɔn de kyekye yɛn werɛ no so akyekye wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ.”—2 Korintofo 1:2-4.
13, 14. (a) Dɛn nti na na Paulo pɛ sɛ kristofo te nea owu kyerɛ no ase? (b) Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ awufo tebea te dɛn?
13 Ɔsomafo no ampɛ sɛ ɔkora yɛn so wɔ awufo tebea ho. Wɔ bere bi akyi no, ɔwae kɛse bi bɛba wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no mu a ɛbɛma wɔasan adan akɔ Babilonfo ne Helafo nyansapɛ so bio. Awaefo yi begye Plato nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ wonya ɔkra a enwu da fi awo mu—nea mprempren abɛyɛ nkyerɛkyerɛ titiriw wɔ wiase atoro som ahemman no nyinaa mu—no atom. Ahintasɛm kɛse a ɛfa “asetra yi akyi” ho, sɛ́ ɛyɛ nea wose ɛwɔ soro, anaa ahodwiragya bi mu, anaa baabi a wɔyɛ ayayade daa no, nyɛ nea ɛde awerɛkyekye a ɛyɛ nokware ma. Bio nso, ɔkra a enwu da a wonya fi awo mu nkyerɛkyerɛ no ne owusɔre nkyerɛkyerɛ no bɔ abira, efisɛ ɔkwan bɛn so na wobetumi anyan obi aba nkwa mu bio bere a ɔkra no nwui no?
14 Paulo kyerɛw fa “wɔn a wɔadeda [wɔ owu mu] no ho” wɔ ha. Yiw, “wɔadeda.” Onipa a wada nnim hwee na ontumi nyɛ adwuma biara. (Fa toto Ɔsɛnkafo 9:5, 10 ho.) Wɔ Yesu som adwuma no mu no, ɔkae bere bi sɛ Lasaro “ada” na ɔno, Yesu, ‘rekɔ akonyan no.’ Bere a n’asuafo no ante ɛno a ɔkae no ase no, “Yesu see wɔn pefee sɛ: Lasaro awu.” Owusɔre anidaso no maa Lasaro nuanom mmea, Marta ne Maria, nyaa awerɛkyekye, na Yesu ma wonyaa awerɛkyekye foforo. Nanso hwɛ sɛnea ebia wɔn gyidi yɛɛ den bere a Yesu nyan n’adamfo a na wawu nnanan no fii owu mu no!—Yohane 11:11-14, 21-25, 43-45.
15. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛn anidaso wɔ owusɔre no mu no mu yɛ den? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa yɛn ma yɛatumi agyina ɔdɔfo wu mu nsɛnnennen no ano?
15 Saa anwonwade no ‘a nnwuma afoforo a Yesu yɛe de nyan awufo no ka ho a emu titiriw ne Yesu ankasa a Yehowa nyan no no—nyinaa yɛ nsɛm a esisii a wɔakyerɛw ato hɔ a ɛhyɛ yɛn gyidi wɔ owusɔre anidaso a ɛyɛ nwonwa no mu den. (Luka 7:11-17; 8:49-56; 1 Korintofo 15:3-8) Ampa, owu de awerɛhow ne nusu ba, na ɛyɛ asɛm a ɛyɛ den bere a obi ahwere ne dɔfo no. Nanso hwɛ awerɛkyekye ne denhyɛ ara a yenya wɔ bɔhyɛ a ɛne sɛ Amansan Hene, Yehowa, ‘bɛmene owu akosi daa, na . . . wapopa ani nyinaa so nusu’ no mu! (Yesaia 25:8; Adiyisɛm 21:4) Awerɛhowdi ano aduru a ɛsen biara no mu biako ne sɛ wode wo ho bɛhyɛ asomdwoe Nyankopɔn no adwuma mu kɛse, na wode Ahenni anidaso ho asɛm a ɛka koma a yɛn ankasa de aseda kɛse agye no akɔma afoforo.—Asomafo no Nnwuma 20:35.
Sɛnea Owusɔre No Didi So
16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na wobetu “ɔtamfo a odi akyiri” no agu? (b) Owusɔre a edidi so bɛn na Paulo kyerɛkyerɛ mu afei?
16 Yɛwɔ gyidi a emu yɛ den sɛ Kristo a ɔyɛ owusɔre no mu “aba a edi kan” a mprempren wɔde no asi ahengua so wɔ Onyankopɔn nsa nifa wɔ soro no bedi Yehowa anuonyam atirimpɔw no ho dwuma awie. (Hebrifo 6:17, 18, 10:12, 13) Sɛnea Paulo ka wɔ krataa foforo mu no: “Etwa sɛ [Yesu Kristo di] hene kosi sɛ ɔde atamfo no nyinaa begu ne nan ase. Ɔtamfo a odi akyiri a obetu nɔ agu ne owu.” Ɔkwan bɛn so? Ne fã bi nam owusɔre no ne nea owu a efi Adam no de aba no a wobeyi afi hɔ no so. Ná ɔsomafo no akyerɛkyerɛ mu sɛɛ se: “Na sɛnea ɛnam onipa so na owu bae no, sɛ nso awufo sɔre nam onipa so bae ne no. Na sɛnea wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa benya nkwa Kristo mu ne no. Na obiara wɔ ne dibea: Kristo ne aba a edi kan, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea ne ba mu no di hɔ.” (1 Korintofo 15:20-26) Ɛyɛ sɛnea owusɔre no didi so yi na Paulo ka ho asɛm afei wɔ ne krataa a edi kan a ɔde kɔmaa Tesalonikafo no mu no, sɛ:
17 “Sɛ yegye di sɛ Yesu wui na wasɔre bio a, saa ara nso na Onyankopɔn de wɔn a wɔadeda no nam Yesu so bɛka ne ho aba. Na eyi de, yɛnam [Yehowa] asɛm mu na yɛka kyerɛ mo sɛ, yɛn a yɛtete ase na yɛreka akosi Awurade ba mu no rentwa wɔn a wɔadeda no ho, efisɛ Awurade ankasa de osebɔ, ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto fi soro besian, na Kristo mu awufo bɛsɔre kan.”—1 Tesalonikafo 4:14-16.
18. Bere bɛn na wonyan wɔn a wɔasra wɔn a “wɔadeda” wɔ owu mu no?
18 Wɔ 1914 akyi, bere a Yesu “ba” Ahenni tumi mu no, ɔde ɔsoro ahyɛde no ma sɛ́ ɔbɔfo panyin ma “wɔn a wɔyɛ Kristo dea” no behyiam. Ɛdefa wɔn a wɔasra wɔn a “wɔadeda” yi ho de, saa torobɛnto ɔfrɛ yi ma wonya honhom mu owusɔre kɔ soro. Ɔwɛn-Aban no ada no adi fi bere tenten ni sɛ Kristofo a wɔasra wɔn yi owusɔre no fii ase afe 1918 mu.
19. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na ‘wɔbɛba abɛfa wɔn a wɔaka no amununkum mu’ no, na atirimpɔw bɛn ntia?
19 Na Kristofo a wɔasra wɔn a wɔaka a wɔwɔ asase so a mprempren wɔn dodow nnu 10,000 no nso ɛ? Ɛsɛ sɛ eyinom nso wie wɔn asase so adwuma wɔ nokwaredi mu. Te sɛ nea na Paulo ka wɔn ho wɔ Kristo ba no mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ansa na wɔaba abɛfa yɛn a yɛtete ase na yɛaka yi ne wɔn nyinaa amununkum mu sɛ yenkohyia Awurade ewim, na saa na yɛne Awurade bɛtra daa.” (1 Tesalonikafo 4:17; fa toto Adiyisɛm 1:10 ho.) Enti wɔ bere a ɛsɛ mu no wobenyan 144,000 no nyinaa ma wɔne Oguammaa, Yesu Kristo, akɔsom sɛ asɔfo ne ahene wɔ ɔsoro Sion Bepɔw no so. “Owusɔre a edi kan ne no.” (Adiyisɛm 14:1, 4; 20:4, 5) Nanso dɛn na ɛwɔ hɔ ma adesamma ɔpepepem pii a mprempren wɔretwɛn wɔ wɔn adamoa mu no?
20, 21. (a) Dɛn na ɛretwɛn adesamma ɔpepem pii a wɔdeda wɔn adamoa mu no? (b) Kuw bɛn na ɛho nhia sɛ wobewu afi asase so no, na dɛn ntia? (d) Sɛ ɛba sɛ ankorankoro bi a wɔwɔ kuw yi mu wu a, akwanhwɛ a ɛyɛ anigye bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn?
20 Ɛwom sɛ Paulo nhyɛ da nka eyi ho asɛm wɔ ne krataa a edi kan a ɔde kɔmaa Tesalonikafo no mu de, nanso Adiyisɛm 20:12 ma yɛn awerɛhyem sɛ wobenyan “awufo, nketewa ne akɛse” ma wɔabegyina Onyankopɔn atemmu agua no anim. (Hwɛ Yohane 5:28, 29 nso.) Nanso, ɛnnɛ wɔaboaboa “nnipakuw kɛse” a wɔn dodow yɛ ɔpepem pii ano wɔ saa ahengua no anim dedaw. Sɛ́ kuw no, eyinom na wobegye wɔn nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu no. Oguammaa no yɛn wɔn na ɔde wɔn kɔ “nkwa asuti ho” sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenwu mfi asase so. Nanso esiane onyin anaasɛ akwanhyia nti, ebia wɔn mu binom bewu wɔ Awurade “ba” no mu. (Adiyisɛm 7:9, 14, 17; Ɔsɛnkafo 9:11) Na wɔn nso ɛ?
21 Anidaso a ɛyɛ anigye a ɛne owusɔre a ɛba ntɛm no retwɛn “nguan foforo” a wɔte sɛɛ nyinaa (Yohane 11:16) Wɔn gyidi ne wɔn nnwuma a ɛte sɛ Abraham a ɔtraa ase tete de no ama wɔne Onyankopɔn anya adamfofa dedaw. Te sɛ mmarima ne mmea gyidifo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Hebrifo ti 11 no, nnɛyi “nguan foforo” no gyina sɔhwɛ ahorow ano, Ntease mu no, wɔn nso benya “owusɔre a eye kyɛn so” a akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ nea ɛba ntɛm wɔ Harmagedon akyi. (Hebrifo 11:35; Yakobo 2:23) Ampa, obiara a ofi gyidi mu ‘adi Yesu honam na wanom ne mogya’ no benya ne bɔhyɛ yi mmamu mu kyɛfa: ‘ɔwɔ daa nkwa, na menyan no ɛda a edi akyiri no.’—Yohane 6:54; Romafo 5:18, 21; 6:23.
22. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyekyekyekye yɛn ho werɛ?
22 Bere a Paulo aka owusɔre anidaso kɛse no ho asɛm akyi no, ɔde afotu yi ma sɛ: “Enti momfa nsɛm yi nkyekyekyekye mo ho werɛ.” (1 Tesalonikafo 4:18) Afei ɔka biribi foforo a. ɛho hia kɛse a ɛfa “yɛn Awurade Yesu Kristo ba” no ho asɛm. (1 Tesalonikafo 5:23) Ɛne dɛn? Hwɛ asɛm a ɛne “Asomdwoe a Efi Onyankopɔn Hɔ—Bere Bɛn?” no.
Wɔ Ntĩmu Mu—
◻ Dɛn na Paulo srɛ maa Kristofo?
◻ ‘Ahyɛde ahorow’ bɛn na ɔsomafo no de mae a ɛyɛ yɛn yiyedi?
◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm no kyekye yɛn werɛ wɔ awufo ho?
◻ Ɔkwan a owusɔre no didi so ho asɛm bɛn na Paulo ka?