Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 7/8 kr. 7-9
  • Nsonsonee A Nokware De Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsonsonee A Nokware De Ba
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anidaso a Ɛhyɛ Den anaa Ɛwowaw
  • Mmoa Foforo a Ɛwɔ Tumi Kɛse
  • Sɛnea Wusua Sɛ Wobɛtra Ase A Nea Wodɔ No No Nka Ho
    Nyan!—1981
  • Owusɔre Anidaso No Bɛbam Ɔkwan Biara So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Atreneefo Wusɔre Ɛba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Owusɔre No—Wugye Di Sɛ Ɛbɛba?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 7/8 kr. 7-9

Ɔfa 2

Nsonsonee A Nokware De Ba

‘ƐBƐYƐ wo nwonwa. Na onim nea ɔreyɛ na ɔwɔ anigye de kosii awiei.’ Eyi ne nea waka faa Anita Brown ho bere a samee anaa akisikuru kum no bere a ɔwoo ɔbabarima akyi.

Ayaresafo a wɔhwɛɛ no wɔ Esperanza ayaresabea no mu biako, Dr. Ron Lapin kae sɛ: “Ɔbea a ne mu duru yɛ nkaribo 80 a wayɛ mmerɛw yi gyidi ne nea Yehowa Adansefo gyina hɔ ma no asɔ m’ani yiye. Wahyɛ adwumayɛfo a wɔwɔ ayaresabea hɔ nyinaa nkuran​—ɔyɛ nkuranhyɛ kɛse.”

Ɛhefa na akokoduru ne adwene pa yi fi ba bere a obi rewu no? Eyi fa Anita gyidi a ɔyaresafo no bɔɔ din no ho dɛn?

Nea wɔn a wɔhwɛ ayarefo no mu biako, Cheryl Douglas kae no ma asɛm no mu da hɔ pefee. Ɔkae sɛ ɛyɛ den ma no sɛ obetumi agyina Anita wu no ano kyɛn Anita abusua no. Dɛn ntia? Ɔbea yi maa mmuae: “Wɔde boasetɔ penee nea aba no so kyɛn sɛnea meyɛe efisɛ wɔn nyinaa yɛ Yehowa Adansefo na menyɛ bi. Wɔn gyidi no reboa kɛse.”

Anidaso a Ɛhyɛ Den anaa Ɛwowaw

Dɛn na ɛwɔ Anita ne n’abusua no gyidi ho a ɛwɔ tumi a ɛhyɛ den kɛse saa wɔ bere a ahia mu no? Ɛno ne sɛ, nea ɛka wɔn gyidi no ho ne anidaso a wɔwɔ sɛ da bi wɔbɛtra nhyehyɛe foforo bi a Onyankopɔn bɛyɛ a emu no ɔyare, awerɛhow, ɛyaw ne owu ankasa nni mu bio mu. Awufo mpo bɛsan aba nkwa mu denam owusɔre so wɔ saa nhyehyɛe foforo no mu.

Eyinom ne bɔhyɛ horow a ɛyɛ nwonwa a Onyankopɔn ama wɔakyerɛw wɔ n’Asɛm a efi honhom mu, Bible no mu no mu binom. Esiane sɛ ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ horow renyɛ kwa da nti, Bible no pae mu ka pefee sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ no bɛsɔre no bɛba.” (Aso. 24:15) Anita nim sɛ Bible no de owu to nnahɔɔ a ɛrenkyɛ obenyan wɔ Onyankopɔn bere mu no ho.​—Ɔsɛnk. 9:5; Yoh. 11:11-14.

Yesu Kristo kaa owusɔre no ho asɛm bere a ɔwɔ asase so. Wɔ nokware mu no ɔyɛɛ eyi ho ɔyɛkyerɛ denam nkwa mu a ɔde nnipa a wɔawuwu bae so! Sɛ nhwɛso no, bere a onyan okunafo no babarima biako pɛ a owui no, Bible no ka faa Yesu ho sɛ “na ɔde no maa ne na.” (Luka 7:11-17) Anita nso nim sɛ da koro bi ɔno nso benya ho kwan ahu ne babarima no bio, ne babarima a ɔne no dii nnɔnhwere kakraa bi pɛ ansa na ɔrewu no.

Yesu nyan abeawa bi nso wɔ bere foforo mu. Ade biako a efii mu bae ne sɛ abeawa no agya ne ne na, ne afoforo a wɔahyiam wɔ hɔ no “ho dwiriw wɔn kɛse.” (Marko 5:42) Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so na nnipa ho bedwiriw wɔn kɛse bere a wohu sɛ wɔn adɔfo fi ɔdamoa mu ba wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu no.​—Yoh. 11:1-45.

Wɔ saa nhyehyɛe foforo a ɛwɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase no mu no, adesamma abusua foforo befi ase a wobenya asomdwoe, akomatɔyam ne anigye a ɛsen biara a ɔdesani a ɔte nkwa mu mprempren ahu pɛn. Bɔhyɛ no ne sɛ: “Na [Onyankopɔn] ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma [bɔne] no atwam.”​—Adi. 21:3, 4.

Esiane sɛ wobeyi nnɛ bere mu nneɛma a ɛde awerɛhow ba no nyinaa nti na ɛmaa Onyankopɔn Asɛm no tumi hyɛɛ bɔ sɛ: “Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Na saa anigye yi renyɛ nea ɛbɛtra ho bere tiaa bi, efisɛ Bible no de kaa ho sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”​—Dw. 37:11, 29.

Saa anidaso a ɛyɛ nokware a ɛfa nhyehyɛe foforo no mu a wɔbɛtra wɔ asase so ha, a owusɔre no ho anidaso ka ho no yɛ tumi kɛse a ɛboa wowaw anaa ɛhyɛ wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi a ɛteɛ no den. Na nea ɛhyɛ wɔn den bio ne hu a wohu sɛ saa nhyehyɛe foforo yi nni akyirikyiri. Dɛn nti na eyi te saa? Efisɛ Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ saa mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi wɔ ne “nna a edi akyiri” no mu, na ɛrenkyɛ Onyankopɔn bebubu no koraa w] daakye a abɛn pɛɛ no mu.​—2 Tim. 3:1-5; Dan. 2:44.

Enti saa anidaso yi boa afoforo ma wonya adwene pa ne ahoɔden wɔ asiane bere mu. Ɛno nti na Bible no ka sɛ: “Na, anuanom, wɔn a, wɔadeda no ho de, mempɛ sɛ mekora mo so, na mo werɛ anhow sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no.” (1 Tes. 4:13) Enti wɔn a wɔwɔ anidaso a ɛyɛ nokware yi, a owu ma wodi awerɛhow no, nni awerɛhow ntra so. Wonhu sɛ anigye a wɔwɔ nyinaa asɛe wɔ wɔn asetra mu. Wonim sɛ owu yɛ “nna” a obi betumi asan afi mu aba nkwa mu bio na wabenya Onyankopɔn bɔhyɛ horow no mu kyɛfa.

Mmoa Foforo a Ɛwɔ Tumi Kɛse

Nea ɛka ho bio no, nea ɔwɔ nokware gyidi no nim sɛ Onyankopɔn a ɔde nkwa bɛba no nso betumi de mmoa kɛse ama wɔn a wɔde wɔn ani to no so no. Wɔ ɔkwan bɛn so? Denam ne tumi, ne honhom kronkron no so. Akyinnye biara nni ho sɛ saa honhom kronkron no ne tumi a ɛsen biara wɔ amansan nyinaa mu.​—Gen. 1:2; Yes. 40:28, 29.

Bible no kyerɛ sɛ nnipa nokwaredifo betumi “atwetwe” saa tumi yi wɔ bere a ahia wɔn no mu. Sɛ nhwɛso no Yesu kae sɛ Onyankopɔn de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no no.’ (Luka 11:13) Saa honhom no boa Onyankopɔn nokware asɔrefo ma wɔyɛ nneɛma a afoforo ntumi nyɛ. Ɛno nti na Bible no frɛ nea Onyankopɔn tumi no yɛ wɔ obi mu no sɛ ɛyɛ “tumi a ɛboro so.” (2 Kor. 4:7) Ɛno ne tumi kɛse a ɛboaa Anita Brown ne n’abusua no.​—1 Yoh. 5:14.

Enti obi a ɔwɔ nhyehyɛe foforo no ne owusɔre no ho anidaso a egyina hɔ pintinn no de nsonsonee kɛse ba wɔ ɔkwan a ɔfa so gyina owu ano no mu. Na Onyankopɔn adeyɛ tumi kɛse no boa yiye wɔ wɔn a wɔaka wɔ akyi a ɛhyɛ wɔn den no mu. Eyinom ahu na wɔanya Bible mu afotusɛm yi mu osuahu ankasa: “Dan w’adesoa to Awurade [Yehowa] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.”​—Dw. 55:22.

[Kratafa 8 mfoni]

Bible mu nsɛm a ɛfa sɛnea Yesu nyan owufo de wɔn baa nkwa mu no ho a yɛbɛkenkan no hyɛ yɛn anidaso a yɛwɔ wɔ owusɔre a ɛreba no mu den, na ɛboa yɛn ma yetumi gyina owu a ɛba mprempren no ano

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena