Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mfaso a yebenya afi “Onyankopɔn ne Nnipa Ntam Gyinafo Koro” Nkyɛn
    Ɔwɛn-Aban—1980 | October 1
    • 16, 17. Wɔ 1 Timoteo 1:20 kosi 2:7 no, dɛn ho asɛm na Paulo kae a awiei koraa no ɔkaa Kristo Yesu ho asɛm sɛ ntamgyinafo?

      16 Bere a ɔrekyerɛw Timoteo tẽe no, Paulo kɔɔ so kaa ntamgyinafo a Yesu yɛ no ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Wɔn mu bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn mama Satan, sɛ wɔntwe wɔn aso na wɔanka abususɛm. Na afei, nea edi ne nyinaa kan no, mitu fo sɛ wɔnyɛ nkotɔsrɛ, mpaebɔ, odima ne aseda mma nnipa nyinaa [nanso Himeneo ne Aleksandro abususɛnkafo no nka ho], mma ahene ne wɔn a wodi tumi nyinaa, na yɛatra ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu.

  • Mfaso a yebenya afi “Onyankopɔn ne Nnipa Ntam Gyinafo Koro” Nkyɛn
    Ɔwɛn-Aban—1980 | October 1
    • 18. (a) So na Paulo nam eyi so retu Timoteo fo sɛ onni dwuma sɛ Onyankopɔn ne saa ɔman mpanyimfo no ntamgyinafo? (b) Ná henanom na wobenya saa adesrɛ a wɔde to Onyankopɔn anim wɔ ɔman mpanyimfo a wɔte saa ho no ho mfaso?

      18 Enti Paulo tuu fo sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ “nkotɔsrɛ, mpaebɔ, odima” ma “ahene ne wɔn a wodi tumi nyinaa.” Nanso wanka ankyerɛ Timoteo sɛ onni dwuma sɛ Onyankopɔn ne saa wiase mpanyimfo no ntam gyinafo. Na ɛnyɛ “nkotɔsrɛ, mpaebɔ, odima” no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛsakra saa ɔman mpanyimfo yi aba Kristosom mu. Ná henanom na wobenya abisade a wɔde to Onyankopɔn anim yi ho mfaso? Ná dɛn ne saa nkotɔsrɛ yi atirimpɔw? “Na yɛatra ase komm [yɛn Kristofo te sɛ Paulo ne Timoteo], na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho wɔ nyam nyinaa mu.”​—1 Tim. 2:2.

      19. Ná abrabɔ pa a ɛte saa mu a wobekura no bedi dwuma bɛn, na na eyi ‘ye na ɛsɔ hena ani’?

      19 Tra a wɔbɛtra ase komm, ɔsom pa mu ne abrabɔ a ɛho wɔ nyam mu no de nkwagye bɛbrɛ Kristofo a wɔbɔɔ amammui sodifo ho mpae a ɛte saa no. Kristofo a wɔn ho nni asɛm a wɔte saa no nkwagye ‘sɔ yɛn Agyenkwa, Onyankopɔn, ani.’ Dɛn ntia? Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ “sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.” Nea ɛne eyi hyia no, onii a wɔfrɛ no wɔ ha sɛ “yɛn Agyenkwa” no nyɛ Yesu Kristo, na mmom “Onyankopɔn.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena