Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
◻ Yesu yɛ Ntamgyinafo ma Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no nkutoo anaa adesamma nyinaa, esiane sɛ 1 Timoteo 2:5, 6 ka ne ho asɛm sɛ “ntam gyinafo” a “ɔde ne ho mae sɛ nnwensa maa nnipa nyinaa” no nti?
Bible no kura mfitiase nkyerɛkyerɛ ne nokware ahorow a emu dɔ a ɛyɛ aduan a ɛyɛ den ma nhwehwɛmu. Nhwehwɛmu a ɛte saa no mu biako fa Kristo afã sɛ Ntamgyinafo no ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn ne nnipa ntam gyinafo koro, ɔne onipa Kristo Yesu a ɔde ne ho mae sɛ nnwensa maa nnipa nyinaa sɛ ɛnyɛ adanse ɛbere a wɔahyɛ mu.”—1 Timoteo 2:5, 6.
Sɛ yɛbɛte nea Paulo reka no ase a, nea edi kan no ɛsɛ sɛ yehu sɛ Bible no kyerɛ sɛ hyɛbea ahorow abien na ɛwɔ hɔ ma adesamma anokwafo: (1) nkwa a ɛyɛ pɛ wɔ asase so paradise a wɔasan de asi hɔ mu ne (2) ɔsoro asetra ma Kristo “kuw ketewa” a wɔn dodow yɛ 144,000 no. (Luka 12:32; Adiyisɛm 5:10; 14:1-3) Kristoman kyerɛkyerɛ sɛ nnipa pa nyinaa kɔ soro, na saa gyinabea a ennyina kyerɛwsɛm so no afura pii nsusuwii ani, ma enti wobu Yesu sɛ ɔyɛ ntam gyinafo ma nnipa a wɔte saa nyinaa. Nanso, dɛn na Bible no da no adi?
Hela asɛmfua me·siʹtes a wɔde di dwuma ma “ntam gyinafo” no kyerɛ ‘obi a ogyina akuw abien ntam.’ Ná ɛyɛ ‘Helafo mmara kasa mu asɛm a ɛkyerɛ nneɛma pii.’ Nhomanimfo Albercht Oepke (Theological Dictionary of the New Testament) se na me·siʹtes yɛ “Helafo kasa mu mmara kasa mu nsɛm a ɛsonsonoe kɛse no mu biako.”
Nanso dɛn nti na Bible no de mmara kasa mu asɛm di dwumadi de ka Yesu afã sɛ ntamgyinafo no ho asɛm? Sɛ́ nea ɛbɛma yɛate ase no, susuw nea Paulo kyerɛw faa Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo a na wɔaboa wɔn ho ano wɔ Bepɔw Sinai anim ho no ho: “Wɔnam abɔfo so na ɛhyehyɛe wɔ ntamgyinafo bi nsam.” (Galatifo 3:19, 20) Ná saa ntamgyinafo no ne Mose. Ná ɔne Yehowa ne honam fam Israel man no ntamgyinafo kwan so ɔyɛmafo. Ɔyɛmafo ma dɛn? Ma Onyankopɔn ne ɔman no ntam apam, anaa mmara mu nhyehyɛe, a wɔde asi hɔa.
So eyi kyerɛ sɛ mmara mu ntease pɔtee bi wɔ Yesu afã sɛ Ntamgyinafo no mu anaa? Yiw. Hyɛ nea Paulo ka wɔ Hebrifo 8:6 no nsow. Bere a waka ahyiae ntamadan no ne nneɛma afoforo a na egyina hɔ ma biribi wɔ Mmara apam no ase ho asɛm akyi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yesu nsa aka asɔfodwuma a ɛkyɛn so sɛ wayɛ apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛɛ ho mmara no ntamgyinafo.” Ná “apam a ɛkyɛn so” no ne apam foforo a ebesii apam a Mose yɛɛ ne ntamgyinafo no ananmu no. (Hebrifo 8:7-13) ‘Wɔhyɛɛ apam foforo no ho mmara.’ Ɛtoo fapem maa Kristo akyidifo binom, efi asomafo no so, tumi ‘hyɛnee kronkronbea,’ ɔsoro ankasa.—Hebrifo 9:24; 10:16-19.
Nneɛma afoforo a ɛda Yesu afã sɛ́ “apam foforo” no Ntamgyinafo wɔ mmara kwan so no adi nso wɔ ho. Paulo reka Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ Dwom 110:4 no ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛnea apam a Yesu adi mu agyinam [enʹgy·os] yi ye kyɛn so ne no.” (Hebrifo 7:22) Ɛha nkutoo na Bible no de asɛmfua enʹgy·os no di dwuma. The New International Dictionary of New Testament Theology se: “Engyos no kyerɛ sɛ na wobedi mmara kwan so asɛyɛde bi ho dwuma.” Enti sɛ́ apam foforo no Ntamgyinafo no, Yesu som sɛ mmara kwan so agyinamdifo sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya “anidaso a eye kyɛn so.”—Hebrifo 7:19.
Paulo de asɛmfua foforo a ɛwɔ mmara mu ntease, ar·ra·bonʹ, a wɔkyerɛ ase “guaha” dii dwuma wo baabi foforo. Nsɛm asekyerɛ nhoma koro no ara kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Hela asɛmfua arrabōn . . . yɛ mmara mu nsusuwii a efi adwuma ne aguadi kasa mu.” Hyɛ sɛnea Paulo de saa mmara kasa yi dii dwuma no nsow: “Nea . . . wasra yɛn no ne Nyankopɔn; ɔno nso na wasɔ yɛn ano, na wama yɛn nea ɛbɛba a ɛne honhom no guaha wɔ yɛn komam.” (2 Korintofo 1:21, 22, New World Translation) Mpɛn afoforo abien a ar·ra·bonʹ pue no nso ka honhom a Onyankopɔn de sra Kristofo na ɔma wɔn ‘daa akatua anaa apɛgyade ɔsoro’ sɛ Onyankopɔn honhom mu mma no ho asɛm.—2 Korintofo 5:1, 5 Efesofo 1:13, 14; hwɛ Kingdom Interlinear Translation of the Greek Scriptures.
Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ apam foforo no nyɛ nhyehyɛe bi a ɛho wɔ kwan pii a ɛwɔ hɔ ma adesamma nyinaa. Ɛyɛ mmara kwan so nsiesiei a wɔahyehyɛ no yiye a ɛfa Onyankopɔn ne Kristofo a wɔasra wɔn no ho.
Ɛsɛ sɛ eyi boa yɛn ma yɛte 1 Timoteo 2:5, 6 ase. Wɔbɔɔ “ntam gyinafo” din wɔ ha bere a na asɛmfua no apue mpɛn anum foforo wɔ nkrataa ahorow a wodii kan kyerɛwee mu no. Enti na Timoteo bɛte ntamgyinafo a Yesu yɛ no ase sɛ ɛfa Ne mmara kwan so afã a ɔwɔ wɔ apam foforo no mu no ho. The Pastoral Epistles a Dibelius ne Conzelmann kyerɛwee no gye tom sɛ wo 1 Timoteo 2:5 no, ‘asɛm “ntam gyinafo” no wɔ mmara mu ntease,’ na “ɛwom sɛ nea ɛbɔ Hebrifo 8:6 abira no, wɔammɔ apam] no din wɔ saa asɛm yi mu de, nanso ne nyinaa akyi no ɛsɛ sɛ obi tumi te nea ‘apam no ntam gyinafo’ kyerɛ no ase, sɛnea emu nsɛm no kyerɛ no.” Nhomanimfo Oepke kyerɛ sɛ 1 Timoteo 2:5 da Yesu adi sɛ “mmara kwan so ɔnanmusifo ne nhyehyɛeyɛfo.”
Ebia nnɛyi mfatoho bi bɛboa ama eyi mu ada hɔ, titiriw no sɛ wonka Kristofo a wɔasra wɔn no ho a. Susuw asɛm bi a mmara kwan so ɔnanmusifo bi na odi ho. Ebia n’afã no renyɛ te sɛ mmaranimfo bi a ɔkasa hwehwɛ atɛntrenee pii na mmom sɛ obi a ogyina ntam anaasɛ ɔyɛ mmara mu nhyehyɛe a afanu no nyinaa pene so na ɛho bɛba wɔn mfaso. Nokwarem no, wo ho nni saa mmara mu asɛm no mu, enti wɔ saa kwan no so no, ɔnyɛ wo mmara kwan so ɔnanmusifo. Nanso ebia na ɔyɛ w’adamfo paa a ɔma wo mmoa a ɛsom bo wɔ akwan afoforo so.
Ɛtɔ mmere bi a mmara kwan so ɔnanmusifo adwuma wɔ mmara mu asɛm a ɛte saa mu no de nneɛma a ɛho ba afoforo pii mfaso ba. Saa na na ɛte wɔ nea Yesu yɛe wɔ mmara kwan so sɛ apam foforo no Ntamgyinafo no mu. Ɛde nea Mmara apam no amfa amma ba, ɔsoro “ahene asɔfokuw.” (Exodus 19:6; 1 Petro 2:9) Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ Ahenni no mu no ne Kristo bɛyɛ adwuma afi soro de nhyira abrɛ “asase so amanaman nyinaa.”—Genesis 22:18.
Nnipa a wofi amanaman nyinaa mu a wɔwɔ daa nkwa wɔ asase so ho anidaso no nya Kristo som no mu mfaso mprempren mpo. Ɛwom sɛ ɔnyɛ wɔn mmara kwan so Ntamgyinafo, efisɛ wonni apam foforo no mu, de, nanso ɔne nea wɔnam no so bɛn Yehowa, Kristo kae sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) Ɛsɛ sɛ wɔn a wobenya nkwa wɔ asase so no nyinaa de wɔn mpaebɔ fa Yesu so kɔma Yehowa. (Yohane 14:13, 23, 24) Yesu som sɛ Ɔsɔfo Panyin a ɔwɔ ayamhyehye a otumi de n’afɔre no mu mfaso horow di wɔn ho dwuma, na ɛma wotumi nya bɔne fafiri ne awiei no nkwagye nso.—Asomafo no Nnwuma 4:12; Hebrifo 4:15.
Ne saa nti, ɛnyɛ nea 1 Timoteo 2:5, 6 de “ntam gyinafo” redi dwuma ɔkwan a emu trɛw a abu so wɔ kasa horow mu no so. Ɛnkyerɛ sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn ne adesamma nyinaa ntamgyinafo. Mmom no, ɛka Kristo ho asɛm sɛ apam foforo no mmara mu Ntamgyinafo (anaa “mmara kwan so ɔnanmusifo”) a eyi yɛ ɔkwan a wɔntrɛw mu a Bible no fa so de asɛm no di dwuma. Yesu yɛ nnwensa nso ma wɔn a wɔwɔ saa apam no mu, Yudafo ne Amanaman mufo nyinaa, a wobenya nkwa a owu nnim wɔ soro no. Ɔsomafo Yohane kaa eyinom ho asɛm wɔ 1 Yohane 2:2. Nanso ɔdaa no adi sɛ afoforo nso benya Kristo afɔrebɔ no mu mfaso: “Ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.”
‘Wiase’ no ne wɔn a wobenya daa nkwa wɔ asase so paradise a wɔasan de asi hɔ no mu no nyinaa. Saa Onyankopɔn nkoa a wɔapene wɔn so no mu ɔpepem pii wɔ saa asase so anidaso no nnɛ. Wobu Yesu sɛ wɔn Sɔfo Panyin ne wɔn Hene a wɔnam no so betumi abɛn Yehowa daa. Wɔde wɔn ho to Yesu ogye afɔre a ɛwɔ hɔ ma wɔn no so, sɛnea ɛbɛyɛ ama nnipa te sɛ Abraham, Dawid, ne Osuboni Yohane bere a wɔanyan wɔn afi awufo mu ara pɛ no. (Mateo 20:28) Enti, Kristo afɔrebɔ no bɛma adesamma mu asoɔmmerɛwfo anya daa nkwa.
[Ase hɔ asɛm]
a Apam ahorow ho nsɛm pue wɔ February 1, 1989 Ɔwɛn-Aban no nkratafa 10-20.
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Ɛha wɔ Bepɔw Sinai ho na Mose somee sɛ Mmara apam no ntamgyinafo