Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 4/15 kr. 9-14
  • Ɔkwan Biako Pɛ a Wɔfa So Kɔ Daa Nkwa Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan Biako Pɛ a Wɔfa So Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dwuma a Yesu Kristo Di
  • Aseni a Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ No
  • Dwuma a Agyede no Di
  • Anidaso a Ɛyɛ Anigye
  • Onyankopɔn Ahwehwɛde Ho a Yebedu
  • Yesu Kristo​—Onyankopɔn Na Ɛsomaa No Anaa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Yesu Gye Nkwa—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nea Adiyifo no Nyinaa Dii Ne Ho Adanse No
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Nea Onyankopɔn Ayɛ A Ɔde Begye Adesamma
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 4/15 kr. 9-14

Ɔkwan Biako Pɛ a Wɔfa So Kɔ Daa Nkwa Mu

“Mene kwan ne nokware ne nkwa.”—YOHANE 14:6.

1, 2. Dɛn ho na Yesu de ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no totoe, na saa mfatoho yi ase ne dɛn?

WƆ Yesu Bepɔw so Asɛnka a agye din mu no, ɔde ɔkwan a wɔfa so kɔ daa nkwa mu no totoo ɔkwan a wɔfa ɔpon bi mu kɔ mu ho. Hyɛ no nsow sɛ Yesu sii so dua sɛ ɔkwan a wɔfa so kɔ nkwa mu yi so fa nna fam, na ɔkae sɛ: “Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii. Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa [daa nkwa] mu, na wɔn a wohu no sua.”—Mateo 7:13, 14.

2 So wote nea saa mfatoho yi kyerɛ no ase? So ɛnkyerɛ sɛ ɔkwan biako pɛ na ɛwɔ hɔ a wɔfa so kɔ nkwa mu, na gye sɛ yɛyere yɛn ho ansa na yɛahu, na afei yɛakɔ so anantew nkwa kwan no so a yɛremma biribiara nyi yɛn mfi so? Ɛnde, dɛn ne ɔkwan biako pɛ a wɔfa so kɔ daa nkwa mu no?

Dwuma a Yesu Kristo Di

3, 4. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible kyerɛ dwuma titiriw a Yesu di wɔ yɛn nkwagye mu? (b) Bere bɛn na Onyankopɔn dii kan daa no adi sɛ adesamma betumi anya daa nkwa?

3 Ɛda adi sɛ Yesu di dwuma titiriw bi wɔ saa kwan no ho, sɛnea ne somafo Petro kae no: “Nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase [ka Yesu ho] a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.” (Asomafo no Nnwuma 4:12) Saa ara na ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.” (Romafo 6:23) Yesu ankasa daa no adi sɛ ɔno ne ɔkwan biako pɛ a wɔfa so kɔ daa nkwa mu, efisɛ ɔkae sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa.”—Yohane 14:6.

4 Enti ɛho hia sɛ yehu dwuma a Yesu di a ɛbɛma yɛatumi anya daa nkwa no. Enti, momma yɛnhwehwɛ ne dwumadi no mu yiye. So wunim bere a Yehowa Nyankopɔn daa no adi sɛ adesamma betumi anya daa nkwa bio bere a Adam yɛɛ bɔne no? Ɛyɛ bere a Adam yɛɛ bɔne no akyi pɛɛ. Afei momma yɛnhwehwɛ sɛnea wodii kan daa Yesu Kristo adi sɛ adesamma Agyenkwa no mu.

Aseni a Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ No

5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu ɔwɔ no a ɔdaadaa Hawa no?

5 Yehowa Nyankopɔn nam sɛnkyerɛnne kwan so daa Agyenkwa a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no adi. Ɔyɛɛ eyi bere a obuu “ɔwɔ” no a ɔkasa kyerɛɛ Hawa na ɔma ɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden denam dua a wɔabara a ɔma odii bi no so atɛn no. (Genesis 3:1-5) Nokwarem no, na saa ɔwɔ no nyɛ ɔwɔ ankasa. Ná ɔyɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi a wɔda no adi wɔ Bible mu sɛ “ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan” no. (Adiyisɛm 12:9) Satan nam aboa a ɔba fam yi so kasae daadaa Hawa. Enti, bere a Onyankopɔn rebu Satan atɛn no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno [ɔbea no aseni] na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.”—Genesis 3:15.

6, 7. (a) Hena ne ɔbea a ɔwo “aseni” no? (b) Hena ne Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no, na dwuma bɛn na odi?

6 Hena ne “ɔbea” yi a Satan bɛtan no no? Sɛnea wɔakyerɛ onipa kõ a “ɔwɔ dedaw” no yɛ wɔ Adiyisɛm ti 12 no, saa ara na wɔakyerɛ ɔbea yi a Satan tan no no. Hyɛ no nsow sɛ wɔka ne ho asɛm wɔ nkyekyem 1 sɛ “ofura owia, na ɔsram wɔ ne nan ase, na nsoromma dumien abotiri bobɔ ne ti.” Ɔbea yi gyina hɔ ma Onyankopɔn soro ahyehyɛde a abɔfo anokwafo na wɔwom, na “ɔbabanin” a ɔwo no no gyina hɔ ma Onyankopɔn Ahenni a Yesu Kristo di so sɛ Ɔhene no.—Adiyisɛm 12:1-5, The Jerusalem Bible.

7 Ɛnde na hena ne ɔbea no “aseni” yi a wɔaka ne ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no a ɔbɛbɔ Satan “ti” awie no koraa no? Ɔne onii a Onyankopɔn somaa no fi soro ma ɔbaabun woo no anwonwakwan so no, yiw, ɔbarima Yesu. (Mateo 1:18-23; Yohane 6:38) Adiyisɛm ti 12 da no adi sɛ, sɛ́ ɔsoro Sodifo a wɔanyan no afi awufo mu no, Aseni yi, Yesu Kristo, bedi anim adi Satan so nkonim na ɛde nea Adiyisɛm 12:10 ka no aba sɛ, “ahenni ayɛ yɛn Nyankopɔn de, na ahoɔden ayɛ Kristo no dea.”

8. (a) Ade foforo bɛn na Onyankopɔn de kaa ne mfitiase atirimpɔw ho? (b) Henanom na wɔbom yɛ Onyankopɔn nniso foforo no?

8 Saa Ahenni yi a ɛwɔ Yesu Kristo nsam no ne ade foforo a Onyankopɔn de mae na ama ne mfitiase atirimpɔw a ɔnam so bɛma nnipa anya daa nkwa wɔ asase so no abam. Wɔ Satan atuatew no akyi no, Yehowa yɛɛ nhyehyɛe ntɛm ara sɛ ɔnam saa Ahenni nniso foforo yi so beyi nneɛma bɔne a amumɔyɛ de aba nyinaa afi hɔ. Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔdaa no adi sɛ ɛnyɛ ɔno nkutoo na obedi tumi wɔ nniso yi mu. (Luka 22:28-30) Ná wɔbɛpaw nnipa foforo afi adesamma mu ma wɔakɔka ne ho wɔ soro adi ade, na wɔnam saayɛ so abɛyɛ ɔbea no aseni no ahokafo. (Galatifo 3:16, 29) Wɔ Bible mu no, wɔkyerɛ sɛ nkurɔfo a wɔne Yesu bedi ade—a woyii wɔn nyinaa fii adesamma abɔnefo mu wɔ asase so—no dodow yɛ nnipa 144,000.—Adiyisɛm 14:1-3.

9. (a) Dɛn nti na na ɛho hia sɛ Yesu ba asase so sɛ onipa? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu sɛee Ɔbonsam nnwuma?

9 Nanso, ansa na saa Ahenni no betumi afi ase adi tumi no, na ɛho hia sɛ aseni titiriw no, Yesu Kristo, ba asase so. Dɛn ntia? Efisɛ na Yehowa Nyankopɔn apaw no sɛ ‘ɔmmɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.’ (1 Yohane 3:8) Satan nnwuma no bi ne Adam a ɔdaadaa no ma ɔyɛɛ bɔne, na ɛde bɔne ne owu afobu baa Adam asefo nyinaa so no. (Romafo 5:12) Yesu nam ne nkwa a ɔde mae sɛ agyede no so na ɛsɛee Ɔbonsam adwuma yi. Enti ɔde nea ɔnam so begye adesamma afi bɔne ne owu afobu ase no mae, na obuee kwan a yɛbɛfa so anya daa nkwa no.—Mateo 20:28; Romafo 3:24; Efesofo 1:7.

Dwuma a Agyede no Di

10. Ɔkwan bɛn so na na Yesu ne Adam di nsɛ?

10 Esiane sɛ woyii Yesu nkwa fii soro bɛhyɛɛ ɔbea awotwaa mu nti, wɔwoo no sɛ onipa a ɔyɛ pɛ, a Adam bɔne angu ne ho fĩ. Ná ɔwɔ tumi a ɔde bɛtra ase daa wɔ asase so. Saa ara na wɔbɔɔ Adam sɛ onipa a ɔyɛ pɛ, a na ɔwɔ hokwan sɛ ɔtra ase daa wɔ asase so. Ná sɛnea mmarima baanu yi di nsɛ no wɔ ɔsomafo Paulo adwene mu bere a ɔkyerɛw eyi no: “Adam, onipa a odi kan no, yɛɛ ɔkra teasefo. Adam a odi akyiri no [Yesu Kristo] yɛɛ honhom a ɔma nkwa. Onipa a odi kan no fi fam yɛ famni; onipa a otia abien no fi soro.”—1 Korintofo 15:45, 47.

11. (a) Nkɛntɛnso bɛn na Adam ne Yesu nyae wɔ adesamma so? (b) Ɛsɛ sɛ yebu Yesu agyede no dɛn?

11 Bible mu asɛm a ɛne sɛ Yesu “de ne ho mae sɛ agyede a ɛsɛ maa nnipa nyinaa” no si nsɛdi a ɛwɔ mmarima baanu yi—mmarima baanu pɛ a wɔyɛ pɛ a wɔatra asase so pɛn —ntam no so dua. (1 Timoteo 2:6) Hena na na ɔne Yesu sɛ? Ɛyɛ Adam, bere a na ɔda so yɛ onipa a ɔyɛ pɛ no! Adam a odi kan no bɔne na ɛde adesamma abusua nyinaa baa owu afobu ase. “Adam a odi akyiri” no afɔrebɔ na ɛma wonyaa nea wobegyina so agye nnipa afi bɔne ne owu mu, na ama yɛatumi atra ase daa. Hwɛ sɛnea Yesu afɔrebɔ no si som bo fa! Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Wɔamfa nneɛma a ɛporɔw, dwetɛ anaa sika, annye mo.” Mmom no, Petro kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔde Kristo a ɔte sɛ oguammaa a onni dɛm ne nkekae no mogya a ne bo yɛ den no na egyee mo.”—1 Petro 1:18, 19.

12. Ɔkwan bɛn so na Bible ka sɛnea wobeyi kumfɔ a wɔabu yɛn no afi hɔ no ho asɛm?

12 Bible ka ɔkwan a wɔbɛfa so ayi owu afobu a wɔde baa adesamma abusua so no afi hɔ ho asɛm dɛdɛɛdɛ sɛ: “Sɛnea afobu nam obiakofo mfomso [Adam de] so baa nnipa nyinaa so no, sɛ nso nkwa bembu nam obiakofo trenee [Yesu nokwaredi a odi kosii owu mu] so baa nnipa nyinaa so nen. Na sɛnea nnipa bebree no nam onipa biako no [Adam] asoɔden so bɛyɛɛ nnebɔneyɛfo no, sɛ nso bebree no nam obiakofo no [Yesu] setie so bɛyɛ atreneefo nen.”—Romafo 5:18, 19.

Anidaso a Ɛyɛ Anigye

13. Dɛn nti na nnipa pii te nka sɛnea wɔte wɔ ase a wɔbɛtra daa no ho?

13 Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nsiesiei yi ma yɛn ani gye kɛse! So ɛnyɛ wo anigye sɛ wɔama yɛn Agyenkwa? Bere a wobisae sɛ, “So w’ani gye anidaso a ɛwɔ hɔ sɛ wobɛtra ase daa no ho?” wɔ nhwehwɛmu bi a atesɛm krataa bi a ɛwɔ Amerika kurow kɛse bi mu yɛe bere bi no, ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 67.4 na wobuae sɛ, “Dabi.” Dɛn nti na wɔkae sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtra ase daa? Ɛda adi sɛ ɔhaw pii a ɛwɔ asase so asetra mu nnɛ no ntia. Obi kae sɛ: “Mempɛ sɛ menyin ayɛ sɛ obi a wadi mfe 200.”

14. Dɛn nti na tra a yɛbɛtra ase daa no bɛyɛ anigye koraa?

14 Nanso, ɛnyɛ wiase a nnipa yare, bɔ nkwakoraa ne mmerewa, na asiane foforo wom mu a yɛbɛtra daa ho asɛm na Bible reka. Dabi, efisɛ sɛ́ Onyankopɔn Ahenni Sodifo no, Yesu beyi ɔhaw a ɛtete saa a Satan de aba no nyinaa afi hɔ. Sɛnea Bible kyerɛ no, Onyankopɔn Ahenni ‘bebubu’ wiase yi mu nniso ahorow a ɛhyɛ nnipa so “no nyinaa ama asã.” (Daniel 2:44) Saa bere no, wobebua mpae a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no, na wɔbɛyɛ Onyankopɔn “apɛde wɔ asase so sɛnea wɔyɛ wɔ soro no.” (Mateo 6:9, 10, Today’s English Version) Wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu, bere a wɔapopa bɔne nyinaa afi asase so no, wɔde Yesu agyede no so mfaso bedi dwuma akosi ase. Yiw, wɔn a wɔfata nyinaa benya akwahosan a edi mũ!

15, 16. Tebea bɛn na ɛbɛkɔ so wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu?

15 Bible asɛm yi bɛbam wɔ nnipa a wɔwɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu so: “Ne honam yɛ fɔɔfɔɔ sɛ mmofra de, ɔsan kɔ ne mmerantebere mu.” (Hiob 33:25) Bible bɔhyɛ foforo nso benya mmamu sɛ: “Afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.”—Yesaia 35:5, 6.

16 Susuw ho hwɛ: Ɛmfa ho mfe a yɛadi, sɛ yɛadi mfe 80, 800, anaa nea ɛboro saa mpo no, yɛn nipadua benya ahoɔden a edi mũ. Ɛbɛyɛ sɛnea Bible hyɛ ho bɔ no: “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” Saa bere no bɔhyɛ yi nso bɛbam sɛ: ‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’—Yesaia 33:24; Adiyisɛm 21:3, 4.

17. Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ nnipa a wɔwɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no bɛyɛ?

17 Wɔ saa wiase foforo no mu no, yebetumi de yɛn amemene a ɛyɛ nwonwa no adi dwuma sɛnea yɛn Bɔfo no pɛe sɛ ɛyɛ bere a ɔyɛe ma yɛatumi de asua nneɛma a enni ano no. Wo de susuw nneɛma a ɛyɛ anigye a yebetumi ayɛ no ho hwɛ! Nnipa a wɔnyɛ pɛ mpo de asase mu nneɛma ayɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a yehu no—telefon, akasam, wɔɔkye, mfiri a ɛma wɔkyere nsɛm, kɔmputa, wimhyɛn, yiw, nneɛma pii ankasa. Emu biara nni hɔ a wɔkɔfaa ɛho biribi fii amansan yi mu akyirikyiri baabi na ɛbɛyɛe. Bere a daa nkwa da yɛn anim no, nneɛma a yebetumi ayɛ wɔ asase so Paradise a ɛreba mu no bɛyɛ nea enni ano!—Yesaia 65:21-25.

18. Dɛn nti na asetra renyɛ mfonoe da wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu?

18 Na asetra renyɛ mfonoe. Ɛnnɛ mpo, ɛwom sɛ ebia na yɛadidi mpɛn pii de, nanso yɛhwɛ aduan a edi hɔ a yebedi no kwan. Wɔ bere a yɛadu nnipa pɛyɛ mu no, yebedi Paradise asase so nnuan a ɛyɛ dɛ pii pa. (Yesaia 25:6) Na yebenya anigye a enni awiei wɔ asase so mmoa pii a yɛbɛhwɛ wɔn so ne owitɔe, mmepɔw, nsubɔnten, ne abon a ɛyɛ fɛ nso mu. Nokwarem no, asetra renyɛ mfonoe da wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu!—Dwom 145:16.

Onyankopɔn Ahwehwɛde Ho a Yebedu

19. Dɛn nti na ntease wom sɛ yebegye adi sɛ ahwehwɛde ahorow wɔ Onyankopɔn nkwa akyɛde a yɛn nsa bɛka no ho?

19 So wohwɛ kwan sɛ wo nsa bɛka Onyankopɔn daa nkwa akyɛde kɛse yi wɔ Paradise bere a worenyɛ ho hwee ansa na wo nsa aka? So ɛnyɛ nea ntease wom sɛ Onyankopɔn bɛhwehwɛ biribi afi yɛn hɔ? Akyinnye biara nni ho sɛ ntease wom. Sɛnea yɛbɛka no no, Onyankopɔn ntow akyɛde no mma yɛn kɛkɛ. Sɛ ɔde rema a, ɛsɛ sɛ yɛn yɛteɛ yɛn nsa gye. Yiw, adwuma wɔ ho. Ebia wubebisa asɛm a aberante sodifo bi a ɔyɛ ɔdefo bisaa Yesu no ara sɛ: “Adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?” Anaasɛ ebia wubebisa asɛm no wɔ ɔkwan a Filipini afiasehwɛfo bi bisaa ɔsomafo Paulo no: “Menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa?”—Mateo 19:16; Asomafo no Nnwuma 16:30.

20. Dɛn ne daa nkwa ho ahwehwɛde titiriw?

20 Anadwo a ade rebɛkye ma Yesu awu no, ɔkyerɛɛ ahwehwɛde titiriw bi bere a ɔkae wɔ mpae a ɔbɔɔ ne soro Agya mu sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, no ho nimdeɛ” no. (Yohane 17:3, NW) So ɛnyɛ ahwehwɛde a ntease wom sɛ yebenya Yehowa, a ɔyɛɛ daa nkwa ho nhyehyɛe, ne nea owu maa yɛn, Yesu Kristo, ho nimdeɛ? Nanso, pii ho hia sen saa nimdeɛ no kɛkɛ a wubenya no.

21. Ɔkwan bɛn so na yɛkyerɛ sɛ yɛredu gyidi a yɛbɛkyerɛ ho ahwehwɛde no ho?

21 Bible san ka sɛ: “Nea ogye ɔba no di no wɔ daa nkwa.” Afei ɛde ka ho sɛ: “Nea ontie ɔba no renhu nkwa, na Onyankopɔn abufuw da no so.” (Yohane 3:36) Wubetumi akyerɛ sɛ wowɔ Ɔba no mu gyidi denam nsakrae a wobɛyɛ wɔ w’asetram na ɛne Onyankopɔn apɛde ahyia no so. Ɛsɛ sɛ wokwati ɔkwammɔne biara a ebia na wonam so, na woyɛ ade a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ woyɛ nea ɔsomafo Petro hyɛe no: “Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne, na ɛyɛ a, ahodwo nna afi [Yehowa, NW] anim aba.”—Asomafo no Nnwuma 3:19.

22. Adeyɛ bɛn na Yesu anammɔn akyi a yebedi no hwehwɛ?

22 Mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ Yesu mu gyidi a yɛbɛkyerɛ nkutoo ne ɔkwan biako pɛ a yebetumi afa so anya daa nkwa. (Yohane 6:40; 14:6) Yɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yesu mu gyidi denam ‘n’anammɔn akyi a yebedi’ so. (1 Petro 2:21) Dɛn na saa a yɛbɛyɛ no hwehwɛ? Wiɛ, bere a Yesu rebɔ Onyankopɔn mpae no, ɔteɛɛm sɛ: ‘Hwɛ, maba sɛ merebɛyɛ nea wo, Onyankopɔn, wopɛ.’ (Hebrifo 10:7) Ɛho hia sɛ wusuasua Yesu na wopene so sɛ wobɛyɛ Onyankopɔn apɛde, na wuhyira wo nkwa so ma Yehowa. Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ wode nsu mu asubɔ yɛ w’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne; Yesu nso de ne ho mae ma wɔbɔɔ no asu. (Luka 3:21, 22) Anammɔn a ɛte saa a yebetu no yɛ nea ntease wom koraa. Ɔsomafo Paulo kae sɛ “Kristo dɔ no hyɛ yɛn.” (2 Korintofo 5:14, 15) Ɔkwan bɛn so? Yiw, ɔdɔ na ɛkaa Yesu ma ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn. So ɛnsɛ sɛ ɛno hyɛ yɛn ma yɛyɛ ho ade denam ne mu gyidi a yɛbɛkyerɛ so? Yiw, ɛsɛ sɛ ɛhyɛ yɛn ma yedi nhwɛso a ɔdɔ wom a ɛne ne ho a ɔde ma de boaa afoforo no a yebedi akyi no so. Kristo traa ase maa Onyankopɔn apɛdeyɛ; ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa ara, a yɛrentra ase mma yɛn ho bio.

23. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn a wɔn nsa ka nkwa no ka ho? (b) Dɛn na wɔhwehwɛ fi wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no hɔ?

23 Ɛnyɛ asɛm no awiei ara ne no. Bible ka sɛ bere a wɔbɔɔ nnipa 3,000 asu wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, ‘wɔde wɔn bɛkaa ho.’ Wɔde wɔn bɛkaa dɛn ho? Luka kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wokuraa asomafo no kyerɛ mu na wɔyɛɛ wɔn ade wɔ biakoyɛ mu.” (Asomafo no Nnwuma 2:41, 42, NW) Yiw, wohyiaam yɛɛ Bible adesua nyaa fekubɔ, na wɔnam so bɛkaa Kristofo asafo no ho, anaasɛ wɔbɛyɛɛ emufo. Ná tete Kristofo no kɔ nhyiam ahorow daa de nya honhom fam akwankyerɛ. (Hebrifo 10:25) Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso yɛ eyi, na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ wo nkuran na wo ne wɔn kɔ nhyiam ahorow yi.

24. Dɛn ne “nokware nkwa,” na ɔkwan bɛn so ne bere bɛn na yɛn nsa bɛka?

24 Nnipa ɔpepem pii na wɔnam ɔkwan hiahiaa a ɛkɔ nkwa mu no so. Egye mmɔdenbɔ ankasa na obi akɔ so anantew ɔkwan hiahiaa no so! (Mateo 7:13, 14) Ɔsomafo Paulo daa eyi adi wɔ n’asɛm a efi komam no mu: “Ko gyidi ko pa no, so daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ wo na wopaee mu kaa no yiye adansefo pii anim no mu.” Saa ɔko yi a yɛbɛko no ho hia na ‘yɛaso nokware nkwa no mu pintinn.’ (1 Timoteo 6:12, 19) Saa nkwa no nyɛ nkwa a yɛwɔ mprempren yi a ɛyaw ne amanehunu wom a Adam bɔne de baa yɛn so no. Mmom no, ɛyɛ Onyankopɔn wiase foforo no mu nkwa a ɛbɛba nnansa yi ara wɔ bere a wɔde Kristo agyede afɔrebɔ no bedi Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no adɔfo nyinaa ho dwuma bere a wɔayi nneɛma nhyehyɛe yi afi hɔ no. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛpaw nkwa—“nokware nkwa”—daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo a anuonyam wom no mu.

Wubebua Dɛn?

◻ Hena ne ɔwɔ no, ɔbea no, ne aseni no a Genesis 3:15 ka wɔn ho asɛm no?

◻ Ɔkwan bɛn so na na Yesu ne Adam sɛ, na dɛn na agyede no ma ɛyɛɛ yiye?

◻ Dɛn na wubetumi ahwɛ kwan sɛ ɛbɛma w’ani agye Onyankopɔn wiase foforo no mu kɛse?

◻ Ahwehwɛde ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yedu ho na ama yɛatra Onyankopɔn wiase foforo no mu?

[Kratafa 10 mfonini]

Yesu ne ɔkwan koro pɛ a mmofra ne mpanyin nyinaa bɛfa so anya daa nkwa

[Kratafa 11 mfonini]

Wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, nkwakoraa ne mmerewa bɛsan ayɛ mmerante ne mmabaa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena