Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 8/8 kr. 27
  • Mmea Ahobrɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmea Ahobrɛase
  • Nyan!—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • W’ahosiesie Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Ntadehyɛ ne Ahosiesie a Ɛfata
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Yɛn Ntaadehyɛ Ne Yɛn Ahosiesie Yiye
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Dɛn Nti na Yesiesie Yɛn Ho Kama Kɔ Yɛn Asafo Nhyiam Ahorow?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 8/8 kr. 27

Mmea Ahobrɛase

SO ahobrɛase yɛ su a ɛda adi wɔ sɛnea wɔpompam nnɛyi mmea ntade pii no mu wɔ faako a wote? Wɔ asase so nyinaa no, mmarima ne mmea pii bebua sɛ dabi! Mpo bere a ntade a ɛwowaree yɛ nea aba so no, ntade a wɔhyɛ no taa yɛ nea ɛma wutumi hu wɔn honam anaasɛ ɛnkyerɛ ahobrɛase.

Afei, so ɛsɛ sɛ Kristofo mmea bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔ anaasɛ wɔbɛpam ntade a ɛkyerɛ sɛ wɔda ahobrɛase su adi? Yehowa Adansefo Kristofo mmea mpempem pii a wɔwɔ aman horow pii mu hu sɛ eyi ne nyansa kwan. Bere a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛma wɔn ho atew na wɔn ho ayɛ fɛ wɔ wɔn ahosiesie mu no, wɔde afotu a efi honhom mu a ese, ɛsɛ sɛ Kristofo mmea “hyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade [anaasɛ ahobrɛase] ne adwenemtew nkeka wɔn ho” no kyerɛ wɔn nsusuwii kwan.​—1 Timoteo 2:9.

Ɔwɛn Aban Asafo baa dwumadibea a ɛwɔ Puerto Rico no nsa kaa krataa a emu nsɛm yɛ anigye a ɛfa eyi ho fii ɔdansefo kumaa bi hɔ. Ɛkenkan sɛ: “Yenyaa osuahu bi a ɛmaa yɛn ani gyei ankasa nnaano, na mepɛ sɛ meka kyerɛ mo. Na me ne Adansefo mmeawa baanu afoforo nam borɔn no so a yɛrekɔyɛ afie afie asɛnka adwuma bere a ɔbarima bi frɛɛ yɛn sɛ yennyina hɔ. Mfiase no na yɛmpɛ sɛ yɛyɛ saa, efisɛ na yennim adwene a okura ankasa, nanso esiane sɛ ɔhyɛɛ yɛn sɛ yennyina nti, yegyinae sɛ yebebisa no nea ɔpɛ. Ɔkae sɛ: ‘Mepɛ sɛ mekamfo mo wɔ ɔkwan a moafa so asiesie mo ho no ho!’ Yɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, yɛyɛ Yehowa Adansefo na Bible no ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛde ani a ewu ade siesie yɛn ho, na ɛno nti na yɛayɛ saa. Ɔbarima no kae sɛ, ‘Ɛno nti na mepɛ sɛ mekamfo mo no, efisɛ mekɔ Evangelist asɔre, nanso mitumi hu sɛ mo nkutoo ne nnipa a mosiesie mo ho ma ɛfata sɛnea Bible no kyerɛ no.’ Enti yɛpɛ sɛ yɛka sɛnea yɛn ani agye ne yɛn ani a asɔ Bible mu afotu pa a ɛfa sɛnea ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ho no kyerɛ.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena