Bere A Kasa-Fĩ Abu So
WƆ FAAKO a na Inez yɛ adwuma wɔ Cleveland, Ohio, U.S.A. no, na ɔno ne kasa-fi hemmaa a akyinnye biara nni ho. Da koro, Alice ne Inez hyiaam mpofirim. Wɔ akasakasa a ɛbae no mu no, Alice yaw Inez. Wɔn a wɔwɔ ho no ho dwiriw wɔn.
Inez nso fii ase de nsɛm-fĩ yeyaw no. Nsɛmfĩ a wɔkekae no ano yɛɛ den, a na wɔte wɔ ɔdan no mu nyinaa, na mfɛfo adwumayɛfo no mu biara de mmirika begyinaa nea ɔpɛ n’asɛm no akyi. Mfiase no ɛyɛɛ sɛnea obiara nsen ne yɔnko bere a ɔyaw no kɔɔ so no.
Awiei koraa no Inez a na ne ho akokwaw wɔ kasa-fĩ kã mu no ano fii ase yɛɛ den. Ofi nea ɛte sɛ ɔyaw ahorow a wɔahyehyɛ a ɔka a ɛnsa da no mu dii Alice so nkonim, na ɔde aniwu ne awerɛhow dan ne ho fii hɔ bɔkɔɔ. Wɔtee anigye nteɛteɛm bere a adwumayɛfo no san kɔɔ wɔn mfiri ahorow ho no. Inez a na obu eyi sɛ da biara da adeyɛ ara kwa no san kofii n’adwuma ase.
Nsɛm a ɛtete sɛɛ nyɛ nwonwa nnɛ. Kasa a na anka wobu sɛ ɛyɛ buru-kasa abɛyɛ nea wɔka no daa. Kasa-fĩ a mmea ne mmofra mpo ka yɛ nea “wogye tom” nnɛ. Mmofra keka nsɛm nnɛ a bere bi a atwam no na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ obi a ɔka no de samina hohoro n’anom. Na, bere a bere bi a atwam no na wɔnkyerɛw nsɛm a na wobu sɛ ɛyɛ nsɛm fĩ no, ɛnnɛ de wɔhyɛ da kyerɛw ma akenkanfo.
Nsakrae a aba wɔ kasa-fĩ a wɔka ho no nso da adi wɔ sini ahorow mu. Eyinom yɛ nea ahuhusɛm ne nsɛm fĩ ayɛ no ma nnɛ. Wɔn a wɔyɛ sini ahorow no taa de nsɛm a ɛtete saa hyehyem sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabu sini no sɛ ɛyɛ mpanyimfo de. Sɛ nhwɛso no, mfiase no na sini bi a wɔfrɛ no Annie yɛ nea na nnipa nyinaa tumi hwɛ, nanso wɔn a wɔyɛe no suroe sɛ sɛ ɛba saa a amanfo ani rennye ho. Enti wɔde ahuhusɛm bi hyehyɛɛ sini no mu.
Kasa-Fĩ Nkɔanim
Abakɔsɛm nyinaa mu no kasa-fĩ ayɛ nea wɔtaa ka. Ɛkyerɛ kasa biara a ɛho ntew. Kasa a ɛte saa nkyerɛ obu mma nneɛma a ɛyɛ kronkron, a Onyankopɔn ne biribiara a ɛfa ne su horow ne n’akwan ho nyinaa ka ho. Mpɛn pii no ɛyɛ ka a wɔka kyerɛ onyame bi sɛ ‘ɔnnome’ obi. Anaasɛ ebia obi nam kasa-fĩ so bɛkasa atia nnipa anaa nneɛma a Onyankopɔn bu sɛ ɛho tew. Nanso Bible se: “[Yehowa] remma nea ɔbɔ ne din ahuhude mu ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.”—Exodus 20:7.
Nanso, mfe kakraa yi mu no, nsakrae kɛse aba wɔ ahuhusɛm a wɔka mu. Kasa-fĩ abɛyɛ nea wɔka no pen pen, keka nsɛm a ɛfa ɔbarima ne ɔbea ho a na anka wɔnka wɔ baguam. Wɔtaa bu aware kronnyɛ ne awofoyɛ animtiaa. U.S. News & World Report kyerɛkyerɛ mu sɛ “Osebɔ wɔ agodi ase mpo asakra koraa abɛyɛ kasa-fĩ a wɔde yaw wɔn a wɔne wɔn si akane no.”
Saa nsɛm fi a wɔkeka yi yɛ nguamansɛm ankasa. Kasa-fi a ɛte saa ahyɛ mframa no ma nnɛ. Sɛnea Time nsɛmma nhoma kyerɛ no, bɔɔlbɔ kuw bi sohwɛfo Tommy Lasorda “kekaa nsɛm a ɛmfata 144 wɔ nkuranhyɛsɛm kakraa a ɔka kyerɛɛ ne kuw no mufo no mu.” Wiase mpanyimfo pii nso keka nsɛm fĩ. Nokwarem no, bere a wɔdaa nsɛm a wɔakyere agu nhama so wɔ White House hɔ adi no, wɔtee nsɛm bi a Richard Nixon kekae a na “ɛmfata koraa.” Na Jimmy Carter a na anka ɔyɛ Amerika ɔmampanyin no, ɛwom sɛ na obiara nim sɛ ɔpɛ nyamesom yiye de, nanso ɔde asɛmfua bi a wobu sɛ ɛyɛ ahuhusɛm dii dwuma a The New York Times ampɛ sɛ wɔkyerɛw. Nea ɛkae ara ne sɛ ɛyɛ “Amerika buru-kasa.”
Ebia ebinom bɛkae bere a na nnipa a wɔn asɛm yɛ den keka nsɛm te sɛ “wonntwa wo ti,” “abu mmu wo,” “ɔkwasea,” ne “ɔbɔdamfo” no. Nanso eyinom ananmu no, ahuhusɛm a wɔkyerɛw abɛyɛ nea abu so nnɛ, na atwa yɛn ho nyinaa ahyia. Mfe bi a atwam no ɔkyerɛwfo bi kyerɛɛ akwan horow 14 a wɔnam so tumi de Engiresi asɛmfua “hell” no di dwuma ɔkwan a ɛmfata so. Nanso mprempren ɛkame ayɛ sɛ nnipa pii de ahuhusɛm a ɛfa ɔbarima ne ɔbea ho wie asɛm biara a wɔka, na ɛkame ayɛ sɛ wɔde ka biribiara ho asɛm. Na mpɛn pii no ɛnyɛ abufuw so na wɔka eyi, na mmom wɔka, efisɛ wɔpɛ sɛ wɔka ara kwa.
Efi nkratasin a wɔakyerɛw nkyia agu so so kosi mfonini ahorow a wɔyɛ gu ban ho so no, ahuhusɛm trɛw a atrɛw no da adi. Yetumi hu ahuhusɛm a wɔkyerɛw gu ntade mu, ɛban ho, kar ho ne nneɛma afoforo so no wɔ baabiara. Kasa a ɛte saa ne nea “aba so” ama nnipa pii. U.S. News & World Report se, “Ahuhusɛm a wɔka wɔ baguam abɛyɛ nea wogye tom wɔ baabiara, na sakra a wɔbɛsakra no no bɛyɛ nea ɛyɛ den, sɛ ɛnyɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye a.” Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛn bere yi yɛ nea wɔfrɛ no “Bere a Kasa-Fĩ Abu So”!
Dɛn Ntia?
Ahuhusɛm a abu so no yɛ nea efi nhyehyɛe horow ne abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a asɛe no. “Ɛyɛ mmere no ho sɛnkyerɛnne,” ne asɛm a nyamesom mu kasamafo bi kae. Abusua nhyehyɛe no sɛe a asɛe, obu a wonni mma tumidi ne abrabɔ foforo a wɔkyerɛ sɛ onipa betumi ‘ayɛ nea ɔpɛ biara’ no nyinaa aboa ma kasa-fĩ a wɔka no akɔ so kɛse. Kasa a ɛte sɛɛ da nnɛyi abrabɔ bɔne a ɛkɔ so daa no adi.
Thomas Cottle a ɔkyerɛ adwene ho ade wɔ Harvard sukuupɔn mu no kae sɛ: “Nkurɔfo rehu sɛ wɔn asetra yɛ awerɛhow, nea anigye nni mu, na wɔn bo afuw. . . . Nea ɛhyɛ wɔn abufuw no akyi ne basabasayɛ.” Wɔkyerɛ sɛ kasa-fĩ a wɔka no yɛ ɔkwan a wɔnam so ma wɔn abufuw ne ahoyeraw no bi sen. Adwene ho nimdefo, Chaytor Mason, se, “Sɛ obi de ne kar twa me de anim sɛnea ɛnsɛ wɔ ɔtempɔn so na meyaw no a, ɛma mete nka sɛ miye sen no, na ɛma m’ani gye.”
Nea yehu sɛ ɛrekɔ so wɔ ɔkwan a nkurɔfo nam so yaw wɔn ho wɔn ho no kyerɛ biribi. Bible no kyerɛ sɛ ɛyɛ nea edi adanse sɛ nhyehyɛe bɔne yi awiei abɛn. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo . . . abususɛnkafo, . . . ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so.”—2 Timoteo 3:1-5.