Nnwuma Akɛse Mia Ne Mpokyerɛ Mu
Wiase Aguadi Sɔre Ne Asehwe—Ɔfã A Ɛto So 5
WIASE KO I akyi pɛɛ na ɛdaa adi sɛ Europa sikasɛm tebea a emu yɛ den no de ɔhaw foforo bɛba. Wɔ October 1929 awiei no, ɔhaw bi bae. New York nneɛma bo sɛee koraa. Nnipa bɔɔ hu. Nea edii akyi bae ne sɛ sikakorabea ɔhaha pii gui. Nnipa mpempem pii hweree dɔla ɔpepem bebree, na wɔn mu binom huruw fii aban atenten so kunkum wɔn ho.
Ahokyere Kɛse no de wiase mũ no nyinaa kɔɔ sikasɛm mu ɔsɛe mu, ɛdenam nea ɛde Wiase Ko II bae no a ɛhyɛɛ mu den so no ɛde amammui mu basabasayɛ bae. Abakɔsɛm mu ɔbenfo René Albrecht-Carrié kaa 1930 mfe no ho asɛm sɛ “amanehunu sisii mu wɔ ohia kɛse tebea mu.”
Enti, wɔ nea ennu 1914 akyi mfe 20 no, na ɛda adi sɛ wiase sikasɛm nhyehyɛe no nsõ afeha foforo no mu nnwuma. Eyi yɛ asɛntitiriw, efisɛ Bible mmerebu ne ɔsoro nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ, Onyankopɔn ho a na ɔmfa nnye adesamma tumidi ho nsɛm mu no baa awiei wɔ 1914 mu. Wɔ saa afe titiriw no mu no, Onyankopɔn de ɔsoro Ahenni a na ɛnam nneɛma a ebesisi a ani tuae so bɛkyerɛ sɛ aba a ani ntuae no sii hɔ. Wɔka adanse ahorow yi mu bi ho nsɛm wɔ Mateo ti 24, Luka ti 21, ne Adiyisɛm ti 6, na yɛhyɛ wo nkuran sɛ kenkan ti ahorow yi.
Adanse foforo a ɛda nsow kyerɛ sɛ wɔde Ahenni no asi hɔ ne sɛ asase sotefo resɛe no. (Adiyisɛm 11:18) Nokwasɛm a ɛne sɛ yehyia wiase nyinaa fĩ, mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a ɛresɛe, ne nneɛma a nkwa wom a ebetumi awu a wɔka sɛ ɔhyew a ebegyina asase no so na ɛde bɛba no nti, yɛwɔ ntease a emu yɛ den a yebetumi agyina so aka sɛ nkɔmhyɛ yi renya mmamu mprempren.
Nnwuma Akɛse—Ade Titiriw a Ɛde Efĩ Ba?
Mfiridwuma mu nsakrae no fii nkɔanim soronko bi ase—nkɔanim a ɛma nea nnipa hwehwɛ nya yɛ mmerɛw, ɛyɛ ntɛm, na ne bo nyɛ den nanso bere koro no ara mu no ɛma nsu yerɛdɛdɛ tɔ, nnurufĩ trɛw, na ɛsɛe asase no kwae ahorow; nkɔanim a ɛma akwantufo tumi de wimhyɛn kɔ asase no fã foforo kɔyɛ mmeae a anka ɛhɔ tew basaa na wɔsɛe hɔ; nkɔanim a ɛnam sɛe a ɛresɛe yɛn mframa, aduan, ne nsu no so kyerɛ yɛn sɛ yebewu ntɛm.
Nea ɛka mfiridwuma a aguadi de aba a ɛsɛe asase no ho ne sɛ ɛde nkanyan nso bae. Sɛnea Time nsɛmma nhoma kae no, “mfaso a wɔde ntɛmpɛ hwehwɛ wɔ nnwuma mu no ayɛ ade titiriw a ɛde efĩ ba fi bere tenten.” Amanaman Nkabom no kwae ho ɔdenimfo bi kae sɛ “[kwaem] nnua akɛse twa a mmara mma ho kwan” a wɔde di gua no fi adifudepɛ.”
Nniso horow a ɛnyɛ Kapitalist no nso di fɔ saa ara. Atesɛm kyerɛwfo Richard Hornik kyerɛw wɔ 1987 mu sɛ “bɛyɛ mfe aduasa a Komunist nniso traa Peking no, ɛkae sɛ sohyialistfo nkɔso nnwuma rensɛe hɔ.” Nanso mprempren akontaabu bere no aba, na na China mpo rehu “sɛnea sikasɛm mu nkɔanim de ɔsɛe aba nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no so no.”
Sɛnkyerɛwfo foforo frɛɛ efĩ a ɛbae wɔ mfe 40 a ɔsɛe kɔɔ so wɔ Europa Apuei Fam no sɛ “komunist nniso no ahintasɛm a ɛyɛ fĩ sen biara.” Mprempren yi ansa na ɔsɛe no kɛse reda adi na ama Bitterfeld a ɛwɔ Leipzig kusuu fam kilomita 50 no da agye dimmɔne so sɛ ɛne kuropɔn a efĩ wom kyɛn so wɔ nea ɛbɛyɛ sɛ ɔmansin a efĩ wom sen biara mu wɔ wiase no mu.
Nea Afi Atirimɔden Akansi Mu Aba
Sɛnea nyamesom ne amammuisɛm tumi nya yɛn meyɛe ahorow so nkɛntɛnso pii no, saa ara na aguadi nso wɔ yɛn so nkɛntɛnso kɛse. Nokwarem no, ebia sɛnea ɛma wonya nipasu ahorow no betumi ama yɛahu mpokyerɛ a emu yɛ den a ato adesamma no.
Wohu kapitalist aguadi wiase no nnyinaso, a ɛne atirimɔden akansi honhom no wɔ baabiara—wɔ sukuu, wɔ adwumam, wɔ anigyede ne agodi wiase no mu, ne ɛtɔ mmere bi mpo a wɔ abusuam. Wɔkyerɛ mmofra akansi fi mmofraase, sɛ wɔbɛyɛ nea ɔsen biara, nea odi kan. Wobu nkɔso a wobenya wɔ sikasɛm mu no sɛ nea ɛho hia sen biara, na wɔto ɔkwan a wɔfa so yɛ saa no ano hye ketewaa bi. Esiane sɛ nnipa hwehwɛ sɛ wodi yiye nti, wɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa botae akɛse nsisi wɔn ani so, sɛ ɛho hia a wɔnyɛ basabasa mpo
Wɔkyerɛ aguadifo sɛ wɔnna adamfofa su ne ɔpɔw adi. Nanso so saa nneyɛe yi yɛ wɔn nipasu ankasa, anaasɛ ɛkyerɛ nkatanim a wɔhyehyɛe de yɛ wɔn adwuma ara kwa? Wɔ 1911 mu no, Edgar Watson Howe, Amerikani sɛnkyerɛwfo bi, de afotu yi mae sɛ: “Sɛ obi rebɔ mmɔden atɔn biribi ama wo a, nsusuw sɛ wapɔw bere nyinaa.”
Akansi de anibere, ninkutwe, ne adifudepɛ ba. Nnipa a wɔbɔ mmɔden befi ase asusuw sɛ wɔsen afoforo na ɛma wɔyɛ ahantan ne nhyɛso. Wɔn a wodi nkogu daa nso remmu wɔn ho, na wobedi awerɛhow. Esiane sɛ wontumi nnyina akansi mu nhyɛso ano nti, ebia wɔbɛpa abaw, su a ɛboa ma yehu nea enti a mmofra pii di wɔn ho dɔm wɔ aman binom so no.
Esiane sɛ sikasɛm nhyehyɛe a ennye ntumi mma obiara nnya asetram nneɛma atitiriw a ehia no pɛpɛɛpɛ nti, ebetumi asɛe nkurɔfo nipasu ahorow ma wɔayɛ wɔn a wonni anisɔ, wɔyɛ pɛsɛmenkominya, ne atirimɔdenfo anaasɛ wɔbɛyɛ wɔn a wodi yaw, wɔyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, ne nnaadaafo wɔ ɔkwan foforo so. Na ɛdenam sika ne ahonyade a aguadi ma ɛyɛ sɛ onyame no nti, etumi ma nnipa hwere wɔn honhom fam nkɔso.
Sika Nnaadaa Tumi N
Wofii ase de sika baa nnipa asetram ara pɛ no, efii ase trɛwee wɔ adesamma abusua no nyinaa mu ma enyaa nnipa ntam abusuabɔ ahorow so nkɛntɛnso. Nhyehyɛe a ɛkyerɛ nneɛma bo kyerɛɛ sika a ɛfata ma nneɛma ne nnwuma horow. Ankyɛ na biribiara bɛyɛɛ sikasɛm, ɛbɛyɛɛ gyinapɛn a wɔde bu ade biara ho akontaa de kyerɛ sɛnea ɛho hia. Nanso, eyi maa nokware a dwom yi ka ho asɛm fɛfɛ no so katae, sɛ “asetram nneɛma a eye kyɛn so no, wɔfa no kwa.”
Wofii ase de sika buu nnipa ho nkontaa mpo, wɔde akatua anaasɛ ahode na ɛkyerɛ nea obi yɛ. Sɛnkyerɛwfo Max Lerner huu eyi wɔ 1949 mu bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔ yɛn amammerɛ yi mu no yɛde nnipa a wɔtete sika so na ayɛ akatakyie, na ɛnyɛ sɛ yetie nea wofi wɔn tumi mu ka no nko, na mmom wɔn nyansa wɔ wiase mu asɛm foforo biara ho nso.” Nnansa yi ara, ɔkyerɛwfo bi gyee U.S. ɔmanpanyin adwene a emu yɛ den a ɛne sɛ ahonya na ɛkyerɛ sɛnea onipa som bo no ho akyinnye. Ɔkyerɛwfo no kae sɛ ɛyɛ “honam fam ade dodowpɛ ho anigye mmoroso nkate a ama 1980 mfe no ayɛ ‘Me na midi kan mfe ho sɛnkyerɛnne,’ bere bi a obi ahonyade na wɔde hu no na wobu no atɛn.”
Sika ne nea etumi tɔ ho anigye mmoroso tumi brɛ nnipa ntam abusuabɔ ahorow ase. Asɛm a abrantewa bi a on Bangladesh, a otu kɔtraa kapitalist Europa kae no yɛ nokware sɛ: “Nnipa a wɔwɔ ha no ani gye nneɛma ho; efie de, yɛn ani gye nnipa ho.
Sika so nkutoo a wɔde adwene si no brɛ adwumayɛ ase nso, ɛma ɛyɛ ɔkwan a wɔnam so nya biribi a wɔhwehwɛ ara kwa, adesoa a ɛnyɛ anigye bio. Ɛnyɛ nea obi atumi ayɛ mu anigye a obenya, anaasɛ anigye a obenya sɛ wama afoforo anya nneɛma a wohia nti na ɔyɛ adwuma, na mmom sika a obenya ara kwa nti. Su yi mma onipa no nnya anigye efisɛ “ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35.
So Wopɛ Sɛ Nnwuma Akɛse Ma Wunya Nnipasu?
Nyansahu ne mfiridwuma mu nkɔanim a abɔde mmara a efi Onyankopɔn hɔ a wohui na wɔde dii dwuma ma ɛbae no ayɛ mfaso ama adesamma mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo wɔ nkɔanim a aba wɔ akwan a wɔfa so tintim nhoma wɔ nnɛ bere mu ne akwantu ne nkitahodi akwan mu nkɔanim ahorow a ɛma wotumi di wɔn asɛnka ahyɛde no ho dwuma wɔ ɔkwan a anka wontumi nyɛ so no ho anisɔ.—Mateo 24:14.
Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ nnipa a wɔama kwan ma atoro som, amammuisɛm a aporɔw, ne sikasɛm nhyehyɛe a ɛtɔ sin ama wɔanya nipasu bɔne no asɛe papayɛ a anka nkɔanim yi betumi ama aba no.
So wopɛ sɛ nipasu bɔne—w’ankasa de, sɛe papa a wubedi no? So wobɛma kwan na pɛsɛmenkominya aguadi agyina sika nkutoo so akyerɛ nneɛma a ɛsom bo ma wo? na wama kwan ma sika ne ade dodowpɛ ayɛ ade titiriw wɔ w’asetram asen nnipa ntam abusuabɔ ahorow? na wama kwan ma asɛe wo honhom fam nkɔso?
Esiane sɛ aguadi amia ne mpokyerɛ mu wɔ adesamma so fi 1914 mu nti, so ɔkwan bi wɔ hɔ a yɛbɛfa so akwati nipasu a ɛbɛma yɛanya no? Yiw, ebi wɔ hɔ! Asɛm a ɛtoatoa so yi mu nea etwa to no bɛkyerɛ yɛn nea ɛyɛ na akyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi atra ase ahu bere a adesamma betumi de ahotɔ aka sɛ: “Sika Ho Dadwen—Enni Hɔ Bio!”
[Kratafa 24 adaka]
Nnwuma Akɛse Boa Ma Yehu “Nna a Edi Akyiri” No
Esiane nipasu a aguadi ma nkurɔfo nya nti, ɛboa ma “nna a edi akyiri” ho adanse ahorow no da adi, sɛnea yehu wɔ 2 Timoteo 3:1-4 no: Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den [a nea ɛka ho ne sɛnea ɛyɛ den sɛ wobegyina sikasɛm ho dadwen ano no] bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ . . .
Ahopɛfo: Wɔn a wodi honam fam ade dodowpɛ akyi no susuw wɔn nkutoo ho, su a aguadi mu dawurubɔ hyɛ ho nkuran sɛ: ‘Nea eye kyɛn so na ɛfata wo. Yɛ yiye ma wo ho. Di kan hwehwɛ nea wopɛ ansa’
Sikapɛfo: Amerikani aseresɛm yifo Mark Twain kae bere bi sɛ: “Nnipa mu binom som dibea, ebinom som akatakyie, ebinom som tumi, ebinom som Onyankopɔn, . . . nanso wɔn nyinaa som sika”
Ahohoahoafo, Ahantanfo: Germanni amansɛmdifo bi kaa nnuruyɛ nnwuma horow a wɔaka sɛ wonyae mframa sɛe nanso wɔtwentwɛn wɔn nan ase no ho asɛm se: “Mihu su titiriw no sɛ ennye koraa. Ɛyɛ tumi mu ahomaso”
Bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn: Engiresini ɔkyerɛwfo Thomas Fuller kae sɛ: “Ahonya ma akɔnnɔ yɛ kɛse sen sɛ ɛbɛma ɔmee” na, “Aguadi titiriw no ne sɛ wɔpene so ma wosisi obiara”
Wɔn a wonni dɔ: Nnwuma a esiane mfaso nti wɔtɔn nneɛma a wɔabara wɔ mmeae bi ma aman a afei na wɔrenya nkɔanim anaasɛ wosisi adwumayɛbea ahorow a ɛde asiane ba wɔ aman a yiyedi ho mmara mu nyɛ den pii no nni obu ma afoforo nkwa ahe biara
Apamsɛefo, ntwirifo: Sikasɛm ho ɔbenfo Adam Smith kae sɛ “aguadi a anka ɛsɛ sɛ ɛtra aman ntam, te sɛ nea ɛwɔ ankorankoro ntam sɛ biakoyɛ ne adamfofa hama no, abɛyɛ nea ɛde basabasayɛ ne ɔtan ba sen biara”
Wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a woyɛ keka: Ade a wɔtɔ na wotua no nkakrankakra, adefiri a abu so, ne “tɔ mprempren, na tua akyiri yi” adwene a aguadi ama aba esiane mfaso a obi ankasa benya nti no kyerɛ wɔn akɔnnɔ so a wontumi nhyɛ; aguadi akwan no bi hyɛ ɔdesani mmerɛwyɛ ho nkuran na enya sika fi nnubɔne, ɔbrasɛe, ne kyakyatow mu
Wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo: Atesɛm krataa The German Tribune no se: “Ɛdefa ka pii a wɔbɔ wɔ efĩ ho no, abrabɔ gyinapɛn taa yɛ nea asɛe.” Ɛnyɛ den sɛ nnipa a wonni abrabɔ pa gyinapɛn beyi afoforo ama esiane mfaso nti
Anuɔdenfo: Akuw horow a ɛyɛ den, te sɛ atuo ne tawatɔnfo, de anuɔden sɛe ahonyade pii de bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ amammui mu mmara horow a ɛbɛma wɔatɔn nneɛma pii, ɛwom sɛ wɔn aguade no yɛ asiane ma akwahosan ne ɔmanfo yiyedi de
Wɔn a wɔhoman: Wɔ nea honam fam ade dodowpɛfo ka nyinaa akyi no, ɛnsɛ sɛ ahonyade ma obi hoahoa ne ho. Helani ayɛsɛm kyerɛwfo Aesop kae sɛ: “Ahohoahoa nyɛ ɔkwampa a ɛsɛ sɛ obi fa so kyerɛ nea ɔte”
Wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn: Anigyede a wɔde di gua no si sɛnea wobegye wɔn ani na wɔabu wɔn ani agu honhom mu nneɛma so so dua, na ɛde awo ntoatoaso a wontumi nkwati anigyede aba
[Picture on page on 27]
Aguadi aboa ma ɛkame ayɛ sɛ Europa ayɛ asasepɔn a efĩ asɛe ho sen biara wɔ wiase