Sɛnea Wubetumi Ayɛ Ɔwofo A Odi Nkonim
RAYMOND a ɔyɛ agya a ɔwɔ mma baanum no ka sɛ “Mɛka nea egye ansa na woatumi ayɛ ɔwofo a odi nkonim no akyerɛ wo. Mogya, adwumaden, nusu, ne fifiri.”
Raymond yere fi koma nyinaa mu gye tom. Nanso ɔde ka ho sɛ: “Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛtete mmofra nnɛ, nanso bere a wuhu sɛ wɔrenyin ayɛ mpanyimfo pa no, ɛma mmɔdenbɔ no fata yiye.
Mmofra ntetee yɛ nea dadwen wom bere nyinaa. Nanso ɛte sɛ nea mmofra ntetee abɛyɛ ɔhaw kɛse ama awofo pii nnɛ. Elaine a wadi mfe 40 a ɔyɛ abarimaa bi a onnii mfe aduonu maame no ka sɛ, “Misusuw sɛ ɔwofo a obi yɛ nnɛ no yɛ den kɛse sen sɛnea na ɛte wɔ m’awofo bere so efisɛ asetra abɛyɛ hwanyann kɛse. Wuntumi nhu bere a ɛsɛ sɛ woyɛ katee ne bere a ɛsɛ sɛ woda ahummɔbɔ adi kyerɛ.”
Hena ne Ɔwofo a Odi Nkonim?
Ɔwofo a odi nkonim ne obi a ɔtete ne ba wɔ ɔkwan a ɛma abofra no nya hokwan biara a ɛbɛma wanyin ayɛ ɔpanyin pa a ɔbɛkɔ so de nnamyɛ asom Yehowa na wada ɔdɔ a ɔwɔ ma ne yɔnko nnipa adi akyerɛ. (Mateo 22:37, 39) Nanso nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛnyɛ mmofra nyinaa na wɔba bɛyɛ mpanyin pa. Dɛn ntia? So mfomso no fi awofo no bere nyinaa?
Susuw mfatoho yi ho hwɛ. Ebia ɔdansifo bi wɔ ɔdan nsusuwso a wɔhwɛ so si dan ne adansi nneɛma a eye sen biara. Nanso sɛ ɔdansifo no ampene so sɛ ɔbɛhwɛ ɔdan no nsusuwso no so na ebia ɔma kwan ma wɔfa ɔkwantiaa bi a nyansa nnim so anaasɛ ɔma kwan ma wɔde nneɛma a enye si nea eye no ananmu a, dɛn na ɛbɛba? So mfomso bi remma ɔdan a wɔasi awie no ho anaa ɛrenyɛ nea asiane wom sɛ wɔbɛtra mu? Nanso fa no sɛ na ɔdansifo no yɛ mmɔdenbɔfo na ɔyɛ nea obetumi nyinaa de dii ɔdan no nsusuwso no akyi na ɔde nneɛma a eye dii dwuma. So ɛrenyɛ onii a ɔyɛ ɔdan a wɔasi awie no wura no asɛyɛde sɛ ɔbɛhwɛ so yiye? So ɛnyɛ n’asɛyɛde sɛ ɛnsɛ sɛ oyiyi adansi nneɛma a eye no na ɔde nea enye si ananmu?
Awofo resi ɔdan wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Wɔpɛ sɛ wɔto nipasu pa wɔ wɔn mma mu. Bible no de eyi ho akwankyerɛ a eye sen biara ma. Wɔde nneɛma a ɛsom bo, “sika, dwetɛ, abo pa” toto su te sɛ gyidi a ɛyɛ den, ɔsoro nyansa, honhom mu nhumu, nokwaredi, ne ɔdɔ mu a wofi kyerɛ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no ne ne mmara ho anisɔ no ho wɔ Kyerɛwnsɛm mu.—1 Korintofo 3:10-13; fa toto Dwom 19:7-11; Mmebusɛm 2:1-6; 1 Petro 1:6, 7 ho.
Bere a abofra no nso nyin no, obenya asɛyɛde kɛse a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ ɔto nipasu pa wɔ ne mu. Ɛsɛ sɛ onya ɔpɛ sɛ obedi akwankyerɛ koro no ara, Onyankopɔn Asɛm, akyi na ɔde nneɛma koro no ara a ɛsom bo no di dwuma te sɛ nea n’awofo yɛe no. Sɛ abofra no nyin yɛ ɔpanyin na ɔpow sɛ ɔbɛyɛ eyi anaasɛ odwiriw adansi adwuma pa yi gu a, ɛnde ɔno na ɛsɛ sɛ wɔde asiane a ebefi mu aba no ho asodi to no so.—Deuteronomium 32:5.
Dɛn Nti na Ɛyɛ Den?
Nkonim a obi bedi sɛ ɔwofo no yɛ den anyɛ yiye koraa no esiane nneɛma abien nti. Nea edi kan no, awofo no ne mmofra no nyinaa nyɛ pɛ na wɔyɛ mfomso. Mpɛn pii eyi ka nea Bible frɛ no bɔne no ho, na su a ɛma wɔyɛ bɔne no yɛ nea wonya fi awo mu.—Romafo 5:12.
Nea ɛto so abien ne eyi: Ɛnyɛ mmofra a wɔrenyin no awofo nkutoo na wonya mmofra no so tumi. Faako a abofra no te no nya ne gyinapɛn ne adwene a ɔwɔ wɔ asetra ho no so tumi. Esiane eyi nti, ɛsɛ sɛ awofo susuw Paulo nkɔmhyɛ a ɛfa yɛn bere yi ho no ho: “Ɛsɛ sɛ wogye nokwasɛm no tom: wiase yi awiei bere bɛyɛ ɔhaw bere. Nnipa benya ɔdɔ ama wɔn ho ne sika nkutoo; wɔbɛyɛ ahantan, ahohoahoafo, na wɔayeyaw afoforo; wɔrennya obu mma wɔn awofo, bonniayɛfo, atirimɔdenfo, wɔn a wonni dɔ; apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman. Wɔbɛyɛ nnipa a wɔde anigyede si Onyankopɔn ananmu, nnipa a wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi dan wo ho fi wɔn ho.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.)—2 Timoteo 3:1-5, New English Bible.
Esiane sɛ wɔde su a enye na ahyehyɛ nnɛyi adesamma abusua no nti, so ɛyɛ nwonwa sɛ awofo bi ayɛ basaa na wɔapa abaw wɔ mmofra a wɔtete wɔn no ho? Bu kɔmpɔw hwɛ afe 1914. Nsakrae titiriw bi baa adesamma abusua no mu wɔ saa afe titiriw no mu, na na ɛnyɛ nsakrae a eye. Ɛnyɛ asomdwoe nko na wiase nyinaa ko abien a aba fi saa bere no ama afi asase so. Adesamma abusua a ɛwɔ hɔ nnɛ no nni abrabɔ pa ho nnyinasosɛm a ɛho hia na ama wɔasiesie mmofra ma wɔabɛyɛ mpanyin pa no. Nokwarem no, awofo komapafo hyia asetra mu tebea a ɛsɛe gyinapɛn ahorow a wɔpɛ sɛ wɔde kyerɛkyerɛ wɔn mma no.
Enti awofo nni aboafo pii. Tete no na wɔde wɔn ho to sukuu ahorow so sɛ ɛmmoa wɔn ma wɔmfa nnyinasosɛm atitiriw koro no ara a wɔn sɛ awofo no bu no sɛ ɛsom bo wɔ wɔn fi no nkyerɛkyerɛ wɔn mma. Nanso ɛnte saa bio.
Shirley a owiee ntoaso sukuu wɔ 1960 mu no ka sɛ: “Nhyɛso ahorow a ɛba mmofra so nnɛ no yɛ soronko. Yɛannom nnubɔne anaasɛ yɛammɔ aguaman bere a na mekɔ ntoaso sukuu no. Na wobu sigaret a wɔbɛtwe biako no sɛ enye wɔ mfe 30 a atwam no mu. Bere a me babea panyin kɔɔ ntoaso sukuu fi 1977 kosi 1981 no na nnubɔne a wɔde di dwuma yɛ ɔhaw kɛse. Mprempren nnubɔne adu mfitiase sukuu mu. Na ɛsɛ sɛ me babea kumaa a wadi mfe 13 no gyina nnubɔne ho nhyɛso ano da biara wɔ sukuu wɔ mfe abien a atwam no mu.”
Afei nso, tete no na awofo tumi de wɔn ho to nananom, abusuafo, ne afipamfo so sɛ wɔmmoa wɔn mma wɔnhwɛ “Kwabena” abrabɔ so. Nanso, ɛno asakra. Nea ɛyɛ awerɛhow sɛ wɔbɛka ho asɛm no, yenni awofo baanu wɔ mmusua a ɛredɔɔso pii mu; abofra ntetee ho adesoa no nyinaa da ɔwofo biako so.
Akwankyerɛ a Eye ma Awofo
Ɛwom sɛ mmofra ntetee yɛ den kɛse nnɛ de, nanso awofo betumi adi nkonim sɛ wɔde mmoa a akyɛ—Bible no—di dwuma a. Onyankopɔn Asɛm betumi ayɛ akwankyerɛ anaasɛ wo dwumadi ho akwankyerɛ a wode bedi dwuma sɛ ɔwofo. Te sɛ nea ɔdansifo nyansafo de ɔdan nsusuwso di dwuma de kyerɛ adansi no kwan na ama wɔasi awie no, saa ara nso na wubetumi de Bible no adi dwuma sɛ akwankyerɛ a wonam so tete wo mma ma wɔabɛyɛ mpanyin pa. Ampa, wɔanyɛ Bible no sɛ nkonim a obi betumi adi sɛ ɔwofo ho nhoma nko na mmom ekura afotu a ɛyɛ tee ma awofo ne mmofra nso. Ɛyɛ nnyinasosɛm a ɛsom bo nso a sɛ ɔwofo de di dwuma a, ɛho bɛba no mfaso.—Deuteronomium 6:4-9.
Sɛ nhwɛso no, susuw Diane ho. Ɔka sɛ bere a na ne babarima Eric a wadi mfe 14 no yɛ abofra no na “n’asɛm yɛ den na na ɛyɛ den sɛ wone no bɛkasa.” Saa bere yi mu na ohuu nyansa a ɛwɔ Bible abebusɛm yi mu no: “Ɔbarima komam agyinatu [obi atirimpɔw anaa nsusuwii] te sɛ nsu a emu dɔ, nanso nea ɔwɔ nhumu bɛsaw.” (Mmebusɛm 20:5) Wɔ mmofra binom fam no, wɔn nkate ne wɔn nsusuwii horow—nneɛma a wodwen ho ankasa—wɔ wɔn komam te sɛ nsu a ɛwɔ abura a emu dɔ ase. Na Eric te saa. Ɛsɛ sɛ ɔwofo no yɛ adwumaden na wama saa nsusuwii no ada adi. Diane kae sɛ: “Sɛ ofi sukuu ba fie a, n’ani nnye sɛ ɔbɛka nneɛma ho asɛm. Enti migyee bere de hwehwɛɛ nea na ɔrehyia wɔ sukuu no mu. Ɛtɔ bere bi a me ne Eric kasa nnɔnhwerew pii ansa na wada nea ɔredwen ho wɔ ne komam mu tɔnn no adi.”
Nea enti a Bible no som bo kɛse no yɛ asɛm tiawa: Yehowa Nyankopɔn ne ne Kyerɛwfo. Ɔne yɛn Bɔfo nso. (Adiyisɛm 4:11) Onim yɛn su na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ‘ɔbɛkyerɛ yɛn nea eye ma yɛn na wama yɛafa ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so so.’ Eyi yɛ nokware sɛ ebia obi yɛ ɔwofo anaasɛ abofra no. (Yesaia 48:17; Dwom 103:14) Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ nnipa binom yɛ adwuma kɛse sen afoforo na ama wɔabɛyɛ awofo a woye de, nanso yɛn nyinaa betumi abɛyɛ awofo a woye denam akwankyerɛ ahorow a wɔde ama wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a yebedi akyi no so.
Wone Obiara Nni sɛ Onipa
Wɔrentumi nnya mmofra pa denam adesamma ahyɛde horow bi a wobedi akyi so te sɛ nea wɔrentumi mma ɔpanyin biara mmɛyɛ ɔwofo a “ɔyɛ pɛ” no. Abofra biara wɔ ne nipasu na ɛsɛ sɛ wɔne abofra biara di sɛ onipa. Bible no gye eyi tom. Sɛnea wɔbɛboa awofo ma wɔakwati abofra bi a wɔde no bɛtoto ɔfoforo ho wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so no, nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible afotu yi mu a wobedi akyi no fata: “Na ma obiara nsɔ n’ankasa adwuma nhwɛ, ɛno na obenya n’ankasa ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho.”—Galatifo 5:26; 6:4.
John a ɔwɔ mma baanu no hu sɛ Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛwɔ atifi hɔ no boa no ma ɔma ne mma no adwene a wokura wɔ wɔn ho wɔn ho ho ne mmusua afoforo ho no kari pɛ. John kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mehyɛ me mma no nkuran sɛ mma wɔnnhwɛ nea mmusua afoforo wɔ anaasɛ wɔyɛ. Yɛwɔ yɛn ankasa abusua gyinapɛn a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di so.”
Tete Wɔn ‘Fi Mmofraase’
Bere bɛn na ɛsɛ sɛ nyamesom ba bɛyɛ ɔwofoyɛ a edi nkonim no fã? Gary a ne babarima afi mmotafowa sukuu ase nkyɛe no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ wufi ase ntɛm ara.” Gary gye di sɛ ɛsɛ sɛ mmofra nya nnamfo ankasa wɔ Kristofo asafo a wɔwom no mu ansa na wɔafi sukuu ase mpo. Ɛne ade biako nti a ɛkame ayɛ sɛ Gary ne ne yere de Evan kɔ Kristofo nhyiam horow ase fi da a wɔwoo no no. Gary resuasua nea Eunike a ɔyɛ ɔwofo a wɔakamfo no wɔ Bible no mu no yɛɛ ne ba Timoteo no. Timoteo suaa Kyerɛwnsɛm no mu nkyerɛkyerɛ no mfitiasesɛm fii ne “mmofraase.”—2 Timoteo 1:5; 3:15.
Ɛda adi sɛ Timoteo maame ne ne nanabea Lois hwɛ hui sɛ na ɛnyɛ wɔn ankasa nsusuwii horow na Timoteo ani gyee ho fi ne mmofraase; mmom no, na wonim sɛ Yehowa nkyerɛkyerɛ na ɛbɛma wahu nyansa na ama wanya nkwagye. Krataa a Kristoni ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo no ka sɛ: “Na wo de, tra nea woasua na woahu mu nokware no mu. Wunim onii ko a wusuae ne nkyɛn no, na wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.”—2 Timoteo 3:14, 15.
Enti Lois ne Eunike boaa Timoteo ma osusuw Asɛm no ho na ɔde ne gyidi sii nea Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no kae no so. Wɔ ɔkwan yi so no, na ɛnyɛ nea ne gyidi gyina n’awofo nkutoo so, na mmom ɔsoro nyansa a ɛwɔ Yehowa Asɛm mu no nso so. Wanni Kristosom mu nokware no akyi esiane sɛ na ne maame ne ne nanabea yɛ Yehowa asomfo nti, na mmom na ogye di sɛ nea wɔde kyerɛkyerɛɛ no no ne nokware no ampa.
Akyinnye biara nni ho sɛ Timoteo susuw nnipa ko a na ne maame ne ne nanabea yɛ no nso ho—honhom mu nnipa ampa. Wɔannaadaa no na saa ara nso na wɔankyinkyim nokware no na ama wɔadu pɛsɛmenkominya botae bi ho; saa ara nso na na wɔnyɛ nyaatwomfo. Enti Timoteo adwenem mu anyɛ no naa wɔ nneɛma a osuae no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ n’asetra sɛ ɔpanyin ne Kristoni a ɔyɛ nnam no maa ne maame a ɔyɛ ɔnokwafo no ani gyei.
Yiw, ɔwofoyɛ a obi betumi adi nkonim wom no yɛ adwumaden, nanso sɛnea ɛna bi a yɛafa n’asɛm aka dedaw no kae no: “Mmɔdenbɔ no fata.” Eyi yɛ nokware titiriw bere a awofo betumi aka nea ɔsomafo Yohane kyerɛw kɔmaa ne honhom mu mma no wɔ wɔn mma ho no: “Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.”—3 Yohane 4.
[Adaka wɔ kratafa 6]
Nkyerɛkyerɛ Nhyehyɛe a Awofo Dii Akyi wɔ Israel
Wɔ tete Israel no, na ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma nkumaa na wɔatete wɔn. Wɔbɛyɛɛ wɔn mma akyerɛkyerɛfo ne akwankyerɛfo. Mfaso bɛba nnɛyi ɔwofoyɛ so denam nhyehyɛe a ɛte saa ara a wobedi akyi no so. Yebetumi aka nkyerɛkyerɛ nhyehyɛe a na ɛwɔ Israel no ho asɛm tiawa sɛnea edidi so yi:
1. Wɔkyerɛkyerɛɛ Yehowa suro.—Dwom 34:11.
2. Wɔde afotu mae sɛ wonni wɔn agya ne wɔn na ni.—Exodus 20:12.
3. Wɔde Mmara no ne Yehowa dwumadi ahorow nso hyɛɛ wɔn mu.—Deuteronomium 6:7-21.
4. Wosii obu ma mpanyimfo so dua.—Leviticus 19:32.
5. Wosii osetie so dua.—Mmebusɛm 23:22-25.
6. Wɔde asetra ho ntetee pa mae.—Marko 6:3.
7. Wɔkyerɛkyerɛɛ akenkan ne akyerɛw.—Yohane 7:15.
[Mfonini wɔ kratafa 5]
Onyankopɔn Asɛm yɛ akwankyerɛ anaa dwumadi ho nhyehyɛe ma ɔwofoyɛ