Mommoa Mo Mma Nkumaa Ma Wɔmmɛn Onyankopɔn
ASƐMFUA a ne dodow nnu apem na Bible akyerɛwfo de ka Yesu asetra mu mfirihyia 30 a edi kan no ho asɛm. Nanso nsɛmfua mpem dudu pii na wɔde bɔ ne mfirihyia abiɛsa ne fã a etwa to no ho amanneɛ. Eyi te saa efisɛ Yesu Kristo baguam ɔsom adwuma no ne Asɛmpa no kyerɛwtohɔ ahorow no mu asɛntitiriw na ɛnyɛ n’awo, ne mmofraase ne ne mmeranteberem. Nanso Yesu mfe a edi kan ho asɛm tiawa a Bible ka no ma ɛda adi sɛ mmofra nso betumi abɛn Onyankopɔn.
Sɛ yebue yɛn Bible no wɔ Luka kyerɛwtohɔ no ti 2 a, yehu Yesu a wadi mfirihyia 12 no wɔ asɔrefi hɔ “sɛ ɔte [Onyankopɔn mmara] akyerɛkyerɛfo ntam.” Ná ‘ɔretie wɔn na obisabisaa wɔn nsɛm’ na ne “nyansa ne ne mmuae” no maa wɔn nso ho dwiriw wɔn. (Luka 2:46, 47) Bio nso, yɛkenkan sɛ bere a ɔrenyin wɔ nipadua mu no onyaa nyansa ne ntease kɛse.—Luka 2:40, 52.
Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛkyerɛ nea ɛmaa Yesu nyaa honhom mu nneɛma ho adwene yi mu? Anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ ɛho nkamfo no bi ka n’awofo. Sɛ́ Yudafo no, na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wobedi Yehowa afotu wɔ mmofra yɛn ho no akyi. Ná Onyankopɔn diyifo Mose aka sɛ: “Nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 6:6, 7) Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn hwɛe sɛ ɔbɛma ne Ba no aba abusua a wobedi afotu yi ho dwuma mu. Ɛsɛ sɛ awofo a wɔwɔ hɔ nnɛ kyerɛ wɔn mma ho anigye saa ara. So moreboa wɔn ma wɔahu Yehowa na wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛsom no?
‘Fi Mmofraase’
Honhom mu ntetee nyɛ biribi a ebetumi ayɛ yiye sɛ wɔbɛtwɛn akosi sɛ mmofra benyinyin ansa. Sɛ nhwɛso no, Timoteo nyin bɛyɛɛ Kristoni a ɔda nsow. Nanso na wɔakyerɛkyerɛ no Nkyerɛwee Kronkron no ‘fi mmofraase.’ (2 Timoteo 3:15) Nea ɛne eyi hyia no, wɔahu Kristofo ɛnanom binom a wɔate sɛ wɔresrɛ Yehowa nhyira ansa na wɔde wɔn nufu anaa ntoa mu aduan rema wɔn mma. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛnkyɛ na nkokoaa yi ka “amen” wɔ mpaebɔ ahorow a ɛte sɛɛ awiei! Eyi yɛ adeyɛ ketewaa a edi kan a wɔde boa wɔn ma wobenya honhom fam ne honam fam akyɛde horow a wɔn nsa ka fi Onyankopɔn hɔ no nyinaa ho anisɔ.
Michael ne Sephorah (Michael adi mfe ason na Sephorah adi mfe awotwe) daa nea efi awofo ntetee pa mu ba no adi. Bere bi, bere a wɔne wɔn awofo tuu kwan no, wɔn na wodii kan srɛɛ Onyankopɔn hɔ akwankyerɛ ne ahobammɔ. Na bere a woduu faako a wɔrekɔ no, mmofra no kae daa Yehowa ase sɛ wɔakodu asomdwoe mu.
Christian ne Eric (wɔadi mfirihyia abiɛsa ne asia) ne wɔn awofo pue kɔɔ agodibea bi. Sɛnea ɛtɔ bere bi a ɛto mmofra nkumaa no, wɔyerae. Bere bɛn na wɔn awofo huu wɔn? Bere a mmofra nkumaa no bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wɔn no ara mu!
Wobetumi de ntetee ahorow ahorow pii ama, bere a mmofra nnyinnii pii no ma ayɛ yiye. Wɔ Kristofo nhyiam kɛse bi ase wɔ Belgium no, wɔde Gino a wadi mfirihyia abiɛsa no baa asɛnka agua so na wɔde no traa akongua tenten bi so. Ɔkasafo no ka kyerɛɛ no sɛ ɔmmobɔ Bible mu nhoma ahorow 66 no nyinaa din nkyerɛ atiefo no. So wubetumi ayɛ eyi? Gino tumi yɛɛ saa! Ɔkɔɔ so ara dii yiye wɔ n’awofo ntetee ase na nnɛ ɔsom sɛ Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo. Ɛwom, ɛnyɛ mmofra nyinaa na wɔbɔ mmɔden saa a wobetumi asua, nanso eyi yɛ mfaso a ɛwɔ honhom fam nkyerɛkyerɛ a wɔde bɛma wɔn so no ho nhwɛso.
Wobetumi ama mmofra nkumaa anya Bible nkyerɛkyerɛ ahorow ho adwene mpo. Wɔ mmotafowa sukuu (nursery) bi mu wɔ Grand Duchy, Luxembourg no, Kai a wadi mfirihyia anan no powee sɛ ɔne mmofra afoforo no bɛbɔ mpae. Bere a wobisaa nea enti no, obuae sɛ: “Yennye onyame a ɔyɛ ahinasa nni!” Ebia na Kai adwene wɔ Katolekfo baasakoro nyame no ho no nyɛ nea edi mũ wie de, nanso ɛyɛ nea ɛdɔɔso a ɛma ohui sɛ ɛnsɛ sɛ ɔbɔ no mpae!—Marko 12:29.
Onyankopɔn a Mobɛma Wayɛ Wɔn Asetra Fã
Ɛtɔ bere bi a mmofra wɔ ɔhaw ahorow. Sɛ́ anka wɔde bɛhyɛ wɔn mu a wɔnka no, ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ wɔn awofonom mmom. Nanso ɛsɛ sɛ wɔhyɛ mmofra no nkuran sɛ ‘wɔnnan wɔn adesoa nto [Yehowa] so.’ (Dwom 55:22) Mubetumi aboa wɔn ma wɔahu sɛ Yehowa remmu wɔn adesrɛ ahorow no animtiaa, efisɛ ne Ba, Yesu Kristo, kae sɛ: “Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan.” (Marko 10:14) Na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra ma wɔbɔ Onyankopɔn mpae denam Yesu Kristo so.—Yohane 14:6.
Sɛ mmofra sua sɛ wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so ma waboa wɔn na wohu nea efi saa yɛ mu ba no a, mpɛn pii eyi nya wɔn gyidi so tumi kɛse. Jacquy a mprempren ɔresom wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow no biako mu no ka osuahu bi a esii bere a na wadi mfirihyia 14 no ho asɛm: “Saa afe no na wɔreyɛ yɛn ɔmansin nhyiam no wɔ dapɛn awiei a edi bere a yɛde bɛyɛ sɔhwɛ a etwa to anim no mu. Ná asɛm no ne sɛ, yɛn kyerɛkyerɛfo no amfa nneɛma ahorow a ɛsɛ sɛ yetĩ mu no amma yɛn kosi Fida. Bere a me ne m’awofo aka ho asɛm akyi no, yesii gyinae sɛ ɛnsɛ sɛ mema nhyiam no pa me ti so, ɛwom sɛ na bere kakraa bi na menya de asua ade de. [Hebrifo 10:24, 25] Mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me wɔ mmɔden a mɛbɔ de asiesie me ho sɛnea metumi de ama sɔhwɛ no mu.
“Dwoda anɔpa dui, na na sukuufo no nyinaa ayɛ basaa kɛse, efisɛ na ɛno ne nea edi kan a yɛrebɛyɛ sɔhwɛ a wɔde ano na ɛka. Mebɔɔ Yehowa mpae bio sɛ ɔnka me ho. Dɛn na ɛbae? Mebɔɔ mmɔden sen sukuufo no mu biara wɔ nea yɛyɛe saa da no mu no mu. Ɔkyerɛkyerɛfo biako a na ɔka wɔn a wɔreyɛ sɔhwɛ no ho kɔɔ so bisaa me nsɛm afoforo mpo, na ɔkae sɛ, ‘Mepɛ sɛ mihu faako a obetumi abua nsɛm no akodu.’ Nanso mitumi buaa ne nsemmisa no.”
Dɛn na Jacquy sua fii adepa a efii mu bae yi mu? “Yehowa mmoa a minyae no maa mekɔɔ so bɛn no kɛse. Misuae sɛ ɛnsɛ sɛ yɛda dwen biribiara ho na mmom ɛsɛ sɛ yɛde mpaebɔ ne ɔsrɛ dan kɔ Yehowa Nyankopɔn nkyɛn.”—Filipifo 4:6, 7.
Yiw, ɛho hia sɛ yɛbɛboa yɛn mma nkumaa no ma “wɔahu” Yehowa, na wɔama wayɛ wɔn da biara da asetra fã. Sɛ wobehu sɛ Yehowa ka wɔn ho wɔ nea wɔyɛ mu a, so ɛrenkanyan wɔn kɛse mma wɔnkɔ so nsom no nokwaredi mu sen sɛ anka wɔbɛte, akenkan ne ho nsɛm ara kwa no? Nanso, sɛ́ wobɛtete wɔn wɔ saa kwan yi so no renyɛ mmerɛw. Nanso mmofra rennyɛ ntɛm mma wɔn werɛ mfi anigye ne anidahɔ mu a wɔn awofo fi de wɔn honhom mu agyapade a ɛyɛ Yehowa ho nimdeɛ no maa wɔn no. Saa ara na Yehowa werɛ remfi mmɔdenbɔ a ɛte sɛɛ a efi nokwaredi mu no. (Hebrifo 6:10-12) Enti, yɛn a yɛyɛ awofo no, momma yɛmmoa yɛn mma nkumaa no ma wonnya akatua a yɛn soro Agya no de bɛma wɔn a wonim no na onim wɔn no—“daa nkwa.”—Yohane 17:3.
[Kratafa 7 adaka]
“Me ba, bu w’agya mmara nsɛm, na ntow wo na kyerɛ nkyene. Fa kyekyere wo koma ho daa yi, na fa bobare wo kɔn ho hyia. Wonam a, ma enkogya wo, woda a, ɛnhwɛ wo so, na wunyan a, ɛnyɛ wo sɛmɔdɛbɔ. Na mmara nsɛm no yɛ ɔkanea, na kyerɛ no yɛ hann, na nteɛso nkaanim yɛ nkwa kwan.”—Mmebusɛm 6:20-23.