Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g21 nɔma 1 kr. 15
  • Nyansa a Efi Onyankopɔn Hɔ No, Wo Nsa Betumi Aka Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyansa a Efi Onyankopɔn Hɔ No, Wo Nsa Betumi Aka Bi
  • Nyan!—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Reto Nsa Afrɛ Wo Sɛ Besua Ne Ho Ade Na Nya Ne Nyansa No Bi
  • Wo Nsa Betumi Aka Nyansa a Efi Onyankopɔn Hɔ No Bi
  • Yɛyɛ Dɛn Tie Onyankopɔn?
    Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa
  • Onyankopɔn Wɔ Hɔ? Adɛn Nti na Ɛhia Sɛ Yɛhu?
    Nyan!—2015
  • Papa Ne Bɔne: Hena Akwankyerɛ Na Wopɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2024
  • Nokware Nkyerɛkyerɛ a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2021
g21 nɔma 1 kr. 15

Nyansa a Efi Onyankopɔn Hɔ No, Wo Nsa Betumi Aka Bi

“Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.” (2 Timoteo 3:16) Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn de ne nsusuwii hyɛɛ wɔn a wɔkyerɛw Bible no adwene mu na wɔkyerɛwee.

BIBLE NO HO NSƐM BI

  • Ɔfã ahorow a ɛwɔ nhoma bi mu.

    Nhoma a ɛka bom yɛ Bible

    66

  • Obi rekyerɛw ade, na hann bi a efi soro atɔ ne so.

    Nnipa dodow a Onyankopɔn ma wɔkyerɛw Bible no

    40

  • Toa bi a biribi gu mu.

    Wɔkyerɛw Bible no, bɛboro mfe 3,500 ni! Wofii ase afe

    1513 A.Y.B.

  • Nkyerɛwee a ɛwɔ kasa ahorow-ahorow mu.

    Kasa ahorow a wubenya Bible no nyinaa anaa ne fã bi wom no boro

    3,000

Onyankopɔn Reto Nsa Afrɛ Wo Sɛ Besua Ne Ho Ade Na Nya Ne Nyansa No Bi

“Me, Yehowa, mene . . . nea ɔkyerɛkyerɛ wo ma esi wo yiye, nea ɔkyerɛ wo ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no. Sɛ wubetie me mmara nsɛm a, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”​—YESAIA 48:17, 18.

Fa no sɛ Onyankopɔn ankasa na ɔreka saa asɛm yi akyerɛ wo. Ɔpɛ sɛ w’asom dwo wo, na w’ani gye afebɔɔ. Obetumi aboa wo ama woahu nea woyɛ a ɛbɛma w’ani agye.

Wo Nsa Betumi Aka Nyansa a Efi Onyankopɔn Hɔ No Bi

‘Ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no wɔ amanaman nyinaa mu.’​—MARKO 13:10.

“Asɛmpa” a Bible ka ho asɛm no, ebi ne sɛ, Yehowa beyi amanehunu nyinaa afi hɔ, obesiesie asaase no ama adan paradise, na obenyan yɛn adɔfo a wɔawuwu no aba nkwa mu bio. Yehowa Adansefo rebɔ saa asɛmpa yi dawuru wɔ wiase nyinaa.

Nsɛm a Na Ɛkyere M’adwene No, Bible Ma Minyaa Ho Mmuae

“Meyɛ abofra no, na ɛyɛ me sɛ ɔman biara wɔ ne nyame. Nanso na mibisa me ho sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ yiye?’ Bere a mekan Bible na mihuu asɛm a ɛwɔ Romafo 3:29 no, m’ani gyei paa. Mibehuu sɛ, nokware Nyankopɔn no yɛ ‘amanaman mufo nyinaa Nyankopɔn.’ Afei nso mibehuu sɛ ne din de Yehowa, na ɔpɛ sɛ yɛfa no adamfo.”—Rakesh.

Rakesh.
    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena