Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 9/15 kr. 3-7
  • Mpanyimfo​—Mommɔ Nea Wɔde Ahyɛ Mo Nsa No Ho Ban

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mpanyimfo​—Mommɔ Nea Wɔde Ahyɛ Mo Nsa No Ho Ban
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Wɔde Hyɛɛ Wo Nsa?
  • Sɛnea Wobɛbɔ Nea Wɔde Ahyɛ Wo Nsa no ho Ban
  • Kwati Mfiri Ahorow
  • “Monhwɛ Mo Ho”
  • Anigye Fi Nea Wɔde Ahyɛ Wo Nsa no a Wobɛbɔ ho Ban no mu Ba
  • ‘Monkae Wɔn A Wodi Mo Anim No’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Ahwɛfo, Munsuasua Ahwɛfo Kunini No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Muntie Mo Mpanyimfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • So Wofata Sɛ Wosom?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 9/15 kr. 3-7

Mpanyimfo​—Mommɔ Nea Wɔde Ahyɛ Mo Nsa No Ho Ban

“Monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a honhom kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa Ba mogya atɔ wɔn no yiye.”​—ASOMAFO NO NNWUMA 20:28, NEW WORLD TRANSLATION.

1. Dɛn na ɛka nea wɔde ahyɛ Kristofo nsa no ho?

YEHOWA NYANKOPƆN de biribi a ɛyɛ nwonwa ahyɛ wɔn a wɔwɔ n’asase so ahyehyɛde no mu no nsa. Nanso dɛn ne biribi a wɔde hyɛ obi nsa? Ɛyɛ biribi a ɛsom bo a wɔde ma obi a obebu ho akontaa. Nea wɔde ahyɛ Kristofo nsa no bi ne “nsɛm pa a eye,” nokware a wɔnam Kyerɛwnsɛm so de ma a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma sɛ “aduan ɛbere a ɛsɛ mu” no. (2 Timoteo 1:13, 14; Mateo 24:45-47) Nea ɛka nea wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho ne ɔsom adwuma a ɛfa nokware no ho a ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ wɔ asafo no mu ne akyi nyinaa. (2 Timoteo 4:1-5) Ɛsɛ sɛ Ahenni adawurubɔfo, a mpanyimfo a wɔde honhom apaw wɔn ka ho, bu eyi a wɔde ahyɛ wɔn nsa no sɛ ɛsom bo sen biribiara.

2. Dɛn na wɔde ahyɛ mpanyimfo nsa aka ho, na dɛn na Petro ka faa ho?

2 Kristofo mpanyimfo wɔ biribi foforo a wɔde ahyɛ wɔn nsa​—asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛyɛn Onyankopɔn nguankuw. Ɛdefa eyi ho no, ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Me a meyɛ ɔpanyin ne Kristo amanehunu ho dansefo ne anuonyam a wɔrebeyi adi no fafafo nso, mitu mpanyimfo a ɛwɔ mo mu no fo sɛ: Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so na mmom ɔdɔ so, sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti; ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no. Na oguanhwɛfo panyin no yi ne ho adi a, moanya anuonyam abotiri a ɛrensɛe da no.”​—1 Peter 5:1-4.

3. Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo yɛ dɛn fibea?

3 Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo yɛ “sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.” (Yesaia 32:1, 2) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ ahotɔ, asomdwoe ne pintinnyɛ fibea ma Onyankopɔn nkoa a wɔte sɛ nguan no. Wɔhwehwɛ “nea ɛboro so” afi mpanyimfo, anaa nguanhwɛfo nkumaa no nkyɛn efisɛ “wɔde pii ahyɛ wɔn nsa.” (Luka 12:48) Na akyinnye biara nni ho sɛ wɔde biribi a ɛsom bo ahyɛ wɔn nsa a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ho ban.

Dɛn Nti na Wɔde Hyɛɛ Wo Nsa?

4. Dɛn nti na wohia mpanyimfo pii?

4 Wɔ a Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 57,000 wɔ hɔ wiase nyinaa no hwehwɛ sɛ wonya mmarima a wɔfata honhom mu ɔpepem pii a wɔbɛhwɛ Onyankopɔn nguankuw no. Mpanyimfo pii wɔ ɔman biara mu, na eyi yɛ ade a ɛma yɛn ani gye. Wiase nyinaa no, sɛ wɔkyekyem a, Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 60 na wɔwɔ asafo biara mu. Enti, nnwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ.​—1 Korintofo 15:58.

5. Dɛn so na wogyina de hokwan a ɛbɛma obi asom sɛ ɔpanyin no ma?

5 Sɛ woyɛ ɔpanyin a, dɛn nti na wɔde hokwan a nhyira wom yi maa wo? Efisɛ woayɛ nneɛma ahorow bi, na wofata honhom mu. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ nea wode nsiyɛ asua Onyankopɔn Asɛm no. (Yosua 1:7, 8) Ɛyɛ nea wode mmɔdenbɔ anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa, na wo nso woreboa afoforo ma wɔabɛyɛ Ahenni adawurubɔfo. Bere a ‘wɔasɔ wo ahwɛ kan’ no, wode nokwaredi somee sɛ asafo mu ɔsomfo. ‘Wopɛe sɛ,’ anaasɛ wohwehwɛe sɛ wobɛfata sɛ ɔpanyin, na wuhui sɛ ɔhwɛfo a wobɛyɛ no yɛ “adwuma pa.” (1 Timoteo 3:1, 10) Te sɛ Timoteo no ‘anuanom bɔɔ wo din pa.’ (Asomafo no Nnwuma 16:2) Bere a wɔkamfoo wo kyerɛe sɛ ɔpanyin no, ebia na wowɔ wo mfe 20 awiei mu hɔ anaasɛ na woanyin sen saa na na woanya asetra mu osuahu. Asafo no abenya obu ama wo sɛ onua a wanyin honhom mu, wotumi bɛn no a otumi de Kyerɛwnsɛm mu afotu a etu mpɔn ma na ɔkora kokoam nsɛm so.​—Mmebusɛm 25:9, 10.

Sɛnea Wobɛbɔ Nea Wɔde Ahyɛ Wo Nsa no ho Ban

6, 7. Timoteo nhoma a Edi kan 4:13-15 de afotu bɛn a ɛbɛboa obi ma wabɔ nea wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɔpanyin no ho ban na ɛma?

6 Yiw, sɛ woyɛ ɔpanyin a, ntease pa nti na wɔde Kristofo ɔhwɛ adwuma hyɛɛ wo nsa no. Na woate nka sɛ woanya hokwan dɛn ara! Nanso ɔkwan bɛn so na wubetumi abɔ nea wɔde ahyɛ wo nsa no ho ban?

7 Ɔkwan biako a wobɛfa so abɔ nea wɔde ahyɛ wo nsa sɛ ɔpanyin no ho ban ne sɛ wubenya adwenpa na woayɛ nsi wɔ wo nnwuma no yɛ no mu. Yɛn nyinaa wɔ dwumadi ahorow a ɛsonsonoe wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu. Enti, tra faako a wɔde wo asi no, na ma ɛnnɔɔ wo so sɛ ‘wobɛyɛ wo ho akumaa.’ (Luka 9: 46-48; fa toto Atemmufo 7:21 ho.) Ma wani nnye hokwan ahorow a wowɔ no ho, na ‘ntwentwɛn wo nan ase’ da. (Mmebusɛm 10:4) Nnyina faako, na mmom ɛdenam Yehowa mmoa so no, nya nkɔanim wɔ ɔsom adwuma no afã horow nyinaa mu. Ampa ara, di afotu a Paulo de maa Timoteo yi akyi: “Bata baguam akenkan, afotu ne ɔkyerɛkyerɛ ho. Mma wo mu dom akyɛde a wɔnam nkɔmhyɛ ne mpanyimfo nsa a wɔde guu wo so no de maa wo no nna hɔ kwa. Dwen nneɛma yi ho, fa wo ho hyem koraa, na wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.”​—1 Timoteo 4:13-15, New World Translation.

8. Dɛn na ɛbɛboa ɔpanyin ma wɔde afotu pa ama na ɔde biribi a ɛho wɔ mfaso honhom mu ama wɔ nhyiam horow ase?

8 Hwɛ hu sɛ wukura kokoam adesua nhyehyɛe a eye na ɛsow aba mu. Sɛ́ ɔpanyin no, wɔhwɛ kwan ma ɛfata sɛ wode Kyerɛwnsɛm mu afotu pa bɛma. Sɛ́ nea ebesiesie wo ama saa asɛyɛde yi no, so woakenkan Bible mũ no nyinaa adwendwen ho, ebia mpɛn pii anaa? (Mmebusɛm 15:28) Na w’asɛnka agua so dwumadi ahorow nso ɛ? Siesie no yiye, na fa mpaebɔ bisa Yehowa mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de biribi a ɛho wɔ mfaso honhom mu ama wɔ yɛn nhyiam ahorow no ase. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo titiriw ‘ma nsɛm a eye na ɛma nkɔso a wɔde dom wɔn a wɔte no fi wɔn anom.’​—Efesofo 4:29; Romafo 1:11.

9. Sɛnea 2 Timoteo 4:2 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔpanyin yɛ?

9 Sɛ́ ɔpanyin no, tie Paulo afotu yi: “Pae mu ka asɛm no, gyina mu bere a eye ne nea enye mu, yi ntɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne ɔkyerɛkyerɛ nyinaa mu.” (2 Timoteo 4:2) Ná Paulo dwen ɔwae ho efisɛ na ebinom a wɔwɔ asafo no mu no ‘twa ɔnoko,’ wogye ‘nkwasea akyinnye,’ na ‘woyi wɔn aso fi nokware no ho.’ (2 Timoteo 2:14-18, 23-25; 3:8-13; 4:3, 4) Nanso, sɛ́ na asafo no rehyia mmere a eye anaa nea enye no, na ɛsɛ sɛ Timoteo “pae mu ka asɛm no.” Ná eyi bɛhyɛ mfɛfo gyidifo den ma wɔako atia ɔwae. Saa ara nso na ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no pae mu ka Onyankopɔn Asɛm anaa nkrasɛm a ehwirowhwirow ade mu a edu komam na ɛhyɛ Yehowa gyinapɛn a wɔbɛbata ho no ho nkuran no.​—Hebrifo 4:12.

10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔpanyin ne n’abusua ne afoforo yɛ adwuma wɔ asɛnka mu daa?

10 Sɛ ɔpanyin betumi akasa tumi so a, ɛsɛ sɛ ɔtra ase ma ɛne Onyankopɔn Asɛm hyia. Nanso sɛ asafo no mu asɛnka agua so nkutoo na ‘ɔpae mu ka asɛm no’ a, na ɛnyɛ nea ɔrebɔ nea wɔde ahyɛ ne nsa no ho ban awie. Wɔ asɛm afoforo a edi hɔ no mu no, Paulo hyɛɛ Timoteo sɛ: “Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma.” Sɛ ‘wobetumi awie wo som koraa’ sɛ ɔpanyin a, ɛsɛ sɛ woka Onyankopɔn Asɛm no “gua so ne afi mu.” (2 Timoteo 4:5; Asomafo no Nnwuma 20:20, 21) Enti, wo ne w’abusua mufo nyɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Eyi betumi aboa wo ne wo yere ntam honhom mu abusuabɔ no na ɛho bɛba mfaso kɛse ama mo mma. Gye bere nso na wo ne asafo no mufo afoforo nnya asɛnka mu kyɛfa. Eyi ma honhom mu abusuabɔ mu yɛ den na ɛma onuadɔ nya nkɔanim. (Yohane 13:34, 35) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɔpanyin bɔ mmɔden sɛ ɔbɛkari pɛ wɔ ne bere a ɛsom bo a ɔbɛkyekyem ama n’abusua ne asafo no mu. Nhumu a ɔde bedi dwuma no remma ɔmmfa bere pii mma biako na ommu n’ani ngu foforo no so nsɛe no.

11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔpanyin yɛ adwuma dennen de ma ne nkyerɛkyerɛ nya nkɔanim?

11 Sɛ wubetumi abɔ nea wɔde ahyɛ wo nsa sɛ ɔpanyin no ho ban a, yɛ adwuma dennen fa nya nkɔanim sɛ ɔkyerɛkyerɛfo nso. Paulo kae sɛ: “Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a, ma ɔntra kyerɛkyerɛ no mu. Sɛ ɔfotufo a, ma ɔntra n’afotu mu.” (Romafo 12:7, 8) Esiane sɛ ɔkyerɛkyerɛfo gyina afoforo anim kyerɛkyerɛ nti, wɔwɔ hokwan sɛ wɔbɛhwɛ pii kwan afi ne hɔ. Sɛ ɛba sɛ ɔpanyin di mfomso a anibere wom wɔ ne kyerɛkyerɛ mu na eyi de nsɛnnennen brɛ ne mfɛfo gyidifo a, Onyankopɔn bebu no ntɛn. Yiw, akyerɛkyerɛfo ‘benya afobu kɛse.’ (Yakobo 3:1, 2; Mateo 12:36, 37) Enti ɛho hia sɛ mpanyimfo yɛ Onyankopɔn Asɛm no asuafo anibere so na wɔde di dwuma wɔ asetra mu. Ɛno na mfɛfo gyidifo bɛkyerɛ wɔn Kyerɛwnsɛm mu kyerɛkyerɛ a wɔde dwuma a wɔn ankasa de di taa akyi no ho anisɔ kɛse. Ɛbɛbɔ asafo no ho ban afi nkɛntɛnso bɔne a ɔwae ka ho ho nso.

Kwati Mfiri Ahorow

12. Afotu bɛn a bere bi wotintimii wɔ nsɛmma nhoma yi mu na ɛbɛboa ɔpanyin ma wakwati ne tɛkrɛma a ɔde bedi dwuma ɔkwammɔne so?

12 Bɔ nea wɔde ahyɛ wo nsa sɛ ɔpanyin no ho ban denam mfiri ahorow a wubekwati so nso. Eyinom mu biako ne wo tɛkrɛma a wode bedi dwuma ɔkwammɔne so sɛ ɔkyerɛkyerɛfo. Yehowa ahyehyɛde no asi hia a eyi ho hia no so dua bere tenten. Sɛ nhwɛso no, nsɛmma nhoma yi nea ɛbae May 15, 1897 mu no kaa Yakobo 3:1-13 ho asɛm na ɔka faa mpanyimfo ho titiriw sɛ: “Sɛ wɔn ano atew a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ adwinnade a ɛde nhyira kɛse ba, ɛdan nnipa pii ba Awurade, nokware no ne akwantrenee ho; anaasɛ, ɔkwan foforo so no, sɛ mfomso asɛe tɛkrɛma no a, ebetumi asɛe ade ɔkwan a enni kabea so​—ebepira gyidi, abrabɔ, nnwuma pa. Ɛyɛ nokware ampa sɛ obiara a ɔde ɔkyerɛkyerɛ akyɛde no di dwuma no benya asɛyɛde kɛse wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim. . . . Ɛsɛ sɛ obiara a ɔba bɛyɛ asuti a ɔsoro Asɛm a ekura nhyira ne ɔhome ne ahoɔden no fi mu sen no hwɛ hu sɛ ɛnsɛ sɛ ɔma nsu nwenenwene, atoro nkyerɛkyerɛ a ɛde nnome, opira​—ebu Onyankopɔn animtiaa na ɛkyea n’Asɛm​—bɛba no fi n’anom. Wɔ wɔn a wobedi anim wɔ nhyiam horow ase paw mu no, ɛnsɛ sɛ wobu ani gu ‘tɛkrɛma’ ho fata a wɔfata sɛnea wɔada no adi no so. Ɛnsɛ sɛ wɔpaw obi a ɔwɔ ogya tɛkrɛma, na mmom nea odwo, n’ani so da hɔ, a ‘ɔto’ ne tɛkrɛma ‘nnareka’ na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde ahwɛyiye ‘bɛkasa sɛ Onyankopɔn diyifo’ nkutoo.” Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ ɔpanyin de ne tɛkrɛma di dwuma ɔkwampa so!

13. Ahwɛyiye bɛn na ɛho hia sɛ mpanyimfo nya wɔ ahomegye ho?

13 Ahomegye mmoroso nso yɛ afiri foforo a ɛsɛ sɛ wukwati. Ɛsɛ sɛ ahomegye ma Kristoni ɔhome na ɛhyɛ no den, ɛnyɛ sɛ ɛbɛma wabrɛ na atwe n’adwene afi nneɛma afoforo so. Bio nso, ɛsɛ sɛ ahwɛfo ‘ani so da hɔ.’ (1 Timoteo 3:2) Sɛ anidahɔ di nea woyɛ wɔ ahomegye mu so a, eyi bɛbɔ wo ne w’abusua ho ban na ɛbɛyɛ nhwɛso pa ama asafo no. Sɛ bere ne bere mu wutu kwan dapɛn awiei kogye w’ahome bere a wo mfɛfo gyidifo de nsiyɛ hyɛ asɛnka adwuma no mu a, ɛbɛyɛ den sɛ wobɛyɛ nhwɛso pa. Ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no, na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no di saa adwuma yi anim sɛ Ahenni adawurubɔfo mmɔdenbɔfo.​—Marko 13:10; Tito 2:14.

14. (a) Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso horow bɛn na esi so hia a ɛho hia sɛ mpanyimfo bɔ wɔn ho ban fi nna mu ɔbrasɛe ho no so dua? (b) Mmoa a wɔde ma honhom mu anuanom mmea ho afotu bɛn na ɛnsɛ sɛ mpanyimfo bu wɔn ani gu so?

14 Ɔbarima ne ɔbea nna mu ɔbrasɛe nso yɛ afiri foforo a ɛsɛ sɛ wokwati. Sɛ ɔpanyin anko antia sɔhwɛ ahorow a Satan de di dwuma wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛsɛe Onyankopɔn nkurɔfo mudi mu kura mu no a, wiase no abrabɔ a aporɔw no betumi anya ɔno mpo so nkɛntɛnso. (Fa toto Mateo 4:1-11; 6:9,13 ho. ) Kae sɛ bere a odiyifo Baleam mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛdome Israelfo no anyɛ yiye no, osusuwii sɛ sɛ wotumi daadaa wɔn ma wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna som mu a, Yehowa ankasa bɛdome wɔn. Enti Bileam kyerɛɛ Moab hene Balak sɛ “ɔnto Israel mma hintidua na wonni nam a wɔakum ama abosom na wɔmmɔ aguaman.” So wokwatii saa afiri no? Dabi, efisɛ owuyare a efi Yehowa hɔ kunkum Israelfo 24,000 esiane sɛ wɔne Moabfo mmea bɔɔ aguaman na wɔbɔɔ wɔn mu ase maa wɔn anyame nti. (Adiyisɛm 2:14; Numeri 25:1-9) Kae nso sɛ Dawid a na ɔyɛ ‘ɔbarima a Onyankopɔn koma pene no so’ no mpo hintiw tɔɔ nna mu ɔbrasɛe mu. (1 Samuel 13:14; 2 Samuel 11:2-4) Ɛnde, sɛ́ ɔpanyin no, tie “akoa nokwafo” no afotu a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ wo nkutoo kɔboa honhom mu onuawa bi kokoam da na mmom fa ɔpanyin foforo ka wo ho bere a wudi asɛyɛde yi no dwuma no.​—Luka 12:42.

15. Ɔkwan bɛn so na ɔpanyin abusua betumi aboa no ma wakwati honam fam ade dodowpɛ afiri?

15 Honam fam ade dodowpɛ yɛ afiri foforo a ɛsɛ sɛ ɔpanyin kwati. Ma nea ehia no ara nnɔɔ wo so bere a wunim sɛ Yehowa de nea ɛfata bɛma wo no. (Mateo 6:25- 33; Hebrifo 13:5) Tete w’abusua ma wonhu sɛnea wɔhwɛ ade yiye efisɛ adesɛe yɛ bere ne nneɛma a anka wubetumi de aboa abusua no na wode wo ho ahyɛ asɛnka adwuma mu; ahyɛ asafo no den na woama Ahenni nneɛma anya nkɔanim owifo. Ɔpanyin nya mfaso fi n’abusua no biakoyɛ wɔ eyi mu no mu na ɔde aseda ma sɛ wɔnhyɛ no nnye nneɛma a wonhia ankasa. Nokwarem no, “[Yehowa] suro mu ade ketewa ye sen ahode pii a ɔhaw wɔ mu.”​—Mmebusɛm 15:16.

“Monhwɛ Mo Ho”

16. Afotu bɛn na Paulo de maa Efesofo ahwɛfo no?

16 Sɛ mpanyimfo betumi abɔ nea wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho ban a, ɛsɛ sɛ wɔde Paulo afotu a ɔde maa Efesofo ahwɛfo no di dwuma. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a honhom konkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa Ba mogya atɔ wɔn no yiye. Na minim sɛ me kɔ akyi no, mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenkyɛe nguankuw no so, nso mo ankasa mu nnipa bɛsɔre na wɔaka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi. Enti monwɛn, na monkae sɛ mfirihyia abiɛsa ni, anadwo ne awia, minnyaee mo mu biara afotu wɔ nusu mu da.”​—Asomafo no Nnwuma 20:28-31, New World Translation.

17, 18. Afotu bɛn a wotintimii wɔ nsɛmma nhoma yi mu bɛboro mfirihyia 80 ni na ɛda so ara fa Kristofo mpanyimfo ho?

17 Bɛboro mfirihyia 80 ni no, Watch Tower (March 1, 1909) no faa Paulo afotu a ɔde maa mfɛfo mpanyimfo a yɛaka ho asɛm no kae na ɛkae sɛ: “Ɛho hia sɛ Mpanyimfo a wɔwɔ mmaa nyinaa tie titiriw; efisɛ sɔhwɛ biara mu no, wɔn a wɔwɔ ɔdom kɛse na wɔyɛ titiriw; efisɛ sɔhwɛ biara mu no, wɔn a wɔwɔ ɔdom kɛse na wɔyɛ atitiriw no na wohyia ɔhaw ne sɔhwɛ ahoow a emu yɛ den sen biara. Enti [Yakobo] tu fo sɛ, ‘Me nuanom, monnyɛ akyerɛkyerɛfo bebree, na munim sɛ onipa benya sɔhwɛ kɛse mmom.’ Saa ara na yetu Mpanyimfo a wɔn koma mu tew, wɔnyɛ pɛsɛmenkominya no fo sɛ wonnnya biribiara mma adesamma nyinaa sɛ ɔdɔ ne yiyedi a wɔhwehwɛ ma wɔn, ne sɛ ɔdom aba ne Honhom kronkron nyɛ wɔn ma, na wɔnhwɛ nguankuw no nso. Monkae sɛ nguankuw no yɛ Awurade dea ne sɛ mowɔ asɛyɛde wɔ Awurade anim, ne wɔn nso. Monkae sɛ ɛsɛ sɛ mohwɛ wɔn kra (wɔn nneɛma) so sɛ wɔn a wobebu ho akontaa akyerɛ Oguanhwɛfo Panyin Kɛse no. Monkae sɛ ade titiriw no ne ɔdɔ, ne nyinaa mu; na, bere a mummu mo ani ngu nkyerɛkyerɛ so no, momma mo ani mmra Awurade Honhom no nkɔso wɔ ne Nipadua no akwaa horow mu no so, na saayɛ mu no, wɔabɛyɛ ‘ahotefo agyapade nhyiam wɔ hann mu,’ na, sɛnea Ɔsoro pɛ te no, wɔanhintiw ɛda bɔne yi mu, na mmom, sɛ wɔyɛ nneɛma nyinaa wie a, wɔagyina koraa Kristo mu, ne Nipadua, n’Akwaa, ne Mfɛfo-Afɔrebɔfo, ne Mfɛfo- Adedifo.”

18 Wɔde saa nsɛm no maa mpanyimfo ne mfɛfo gyidifo a na wɔde honhom asra wɔn no sɛnea na Yehowa ahyehyɛde no ntease ne nsɛm tebea wɔ saa nna a edi kan no mu no te. Nanso, saa afotu no di dwuma yiye nnɛ dɛn ara! Sɛ́ Kristofo mpanyimfo anidaso yɛ ɔsoro de anaasɛ asase so de no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ nea wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho ban, na wofi ɔdɔ mu hwɛ Onyankopɔn nguankuw no nneɛma so.

Anigye Fi Nea Wɔde Ahyɛ Wo Nsa no a Wobɛbɔ ho Ban no mu Ba

19, 20. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ sɛ mpanyimfo bɔ nea wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho ban a, anigye fi mu ba?

19 Anigye​—nokwarem no komam anigye​—fi nea wɔde ahyɛ wɔ nsa no a wobɛbɔ ho ban no mu ba. Anigye wɔ asɛyɛde a anibere wom a woyɛ no yiye no mu. Enti yɛ anifere, bɔ mpae yɛ nsi. Bɔ nea wɔde ahyɛ wo nsa sɛ ɔpanyin no ho ban na hwɛ bere a wubetumi aka sɛnea ɔbarima a na okura ɔkyerɛwfo toaa no kae no kwan: “Mayɛ sɛnea wohyɛɛ me no.”​—Hesekiel 9:3, 4, 11.

20 Yiw, fa nokwaredi yɛ adwuma sɛ ɔpanyin sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka afa wo ho sɛnea wɔkae wɔ Noa ho no. “Saa ara na ɔyɛe.” (Genesis 6:22) Asafo no nya mfaso fi ɔsom a nsiyɛ wom saa no mu akwan pii so. Nea ɛkyɛn ne nyinaa no, asafo ahorow a ɛyɛ den a mpanyimfo anokwafo a wɔbɔ nea wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho ban som wom no di Yehowa ni. Nanso sɛ wobetumi aka akyerɛ wo sɛ, “Mo, akoa pa!” a, wɔhwehwɛ pii. (Luka 19:17, New World Translation) Sɛ́ ɔpanyin no, ɛsɛ sɛ wo ne Onyankopɔn nguankuw no di no ɔdɔ mu nso.

Dɛn na Wobɛka?

◻ Ade foforo bɛn na wɔde ahyɛ Kristofo mpanyimfo nsa?

◻ Nnepa bɛn na ɔpanyin betumi ayɛ de abɔ nea wɔde ahyɛ ne nsa no ho ban?

◻ Sɛ ɔpanyin betumi abɔ nea wɔde ahyɛ ne nsa no ho ban a, mfiri bɛn na ɛsɛ sɛ ɔkwati?

◻ Sɛ mpanyimfo bɔ nea wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho ban a, dɛn nti na anigye fi mu ba?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena