Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 6/1 kr. 25-31
  • “Wie Wo Som No Koraa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Wie Wo Som No Koraa”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwan A Wobɛfa So Awie Ɔsom Adwuma No Koraa
  • Afotu Ho Hia
  • Twe Wo Ho Fi Wɔn A Wɔawae Ho
  • Nhyira Horow A Efi Kristofo Fekubɔ Mu Ba
  • Ɔsɛmpakafo Adwuma
  • Adwuma No A Yebewie
  • Dɛn Na Ebetumi Aboa Yɛn Ma Yɛakura Nokwasɛm No mu Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Timoteo—‘Gyidi Mu Ɔba Nokwafo’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • “Me Ba Dɔfo ne Ɔnokwafoɔ Awurade Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Henanom Ne Onyankopɔn Asomfo Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 6/1 kr. 25-31

“Wie Wo Som No Koraa”

“Midi wo adanse Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo atɛn. . . no anim. . . . wie wo som no koraa.”​—2 TIMOTEO 4:1, 5.

1. Abusuabɔ bɛn na na ɛda Paulo ne Timoteo ntam?

BERE a ɔsomafo Paulo kyerɛw ne krataa a ɛto so abien no kɔmaa Timoteo no, na Paulo de mfirihyia bɛyɛ 30 apere sɛ obedu ne botae sɛ Onyankopɔn somfo no ho. Ná wanya nhyira ahorow pii afi Yehowa hɔ. (2 Timoteo 1:2) Ná Paulo apaw Timoteo sɛ obi a ɔne no bɛbom ayɛ adwuma wɔ akwantu adwuma a wɔde som asafo ahorow no mu. Wɔboom nyaa mfe pii a aba sow wom mu anigye.​—Asomafo no Nnwuma 16:1-5

2. Dɛn na Paulo asɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 4:6-8 no kyerɛ?

2 Afei na bere a Paulo som adwuma no bɛba awiei no rebɛn. Ɔkyerɛwee sɛ: “Me de, wɔanya rehwie me ayɛ ahwiesa, ne me bere a mede mɛsɔre ha ahi. Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie. Nea aka a ɛda me ho ne trenee abotiri a Awurade, ɔtemmufo trenee no, de bɛma me ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyi no nyinaa nso bi.” (2 Timoteo 4:6-8) Ná eyi kyerɛ sɛ Paulo wu abɛn. Wɔkyerɛ sɛ wokum Paulo wɔ Nero ɔtaa no mu wɔ 66 Y.B. mu. Bere a na Paulo rebewu no, nsusuwii bɛn na ɛbɛba ne tirim? Ebia eyi: So meyɛɛ m’adwuma no yiye? So miwiee me som adwuma no nkonimdi mu? Yiw, na Paulo betumi aka sɛ ogye di sɛ ɛte saa! Ná ne gyidi yɛ den yiye, na na ɔwɔ ahotoso sɛ obenya nkonimbo a ɛne ɔsoro frɛ no. Hwɛ anigye ara a ebia onyae esiane sɛ wamfom amfi n’adwuma a wɔde maa no no ho nti!

3. Nneɛma pa bɛn na na Paulo betumi ayɛ ama Timoteo ansa na wawu?

3 Ná Paulo da so ara wɔ bere kakra a ɔde bɛyɛ biribi pa. Ansa na Paulo rebewu no, na ade pa bɛn na obetumi ayɛ ama Timoteo? Wɔ honhom akwankyerɛ ase no, ɔde afotu a ɛho hia mae. Yɛkenkan n’asɛm no wɔ Timoteo Nhoma a Ɛto so Abien no mu. Eyi ne ne nkyerɛwee a etwa to wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ɛho wɔ yɛn mfaso nso.

4. Afotu bɛn na Paulo de maa Timoteo?

4 Ná Timoteo nwiee ne dwumadi wɔ ɔsom adwuma no mu ɛ, enti Paulo kyerɛwee sɛ: “Midi wo adanse Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo atɛn n’ahoyi ne n’ahenni mu no anim. Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛbere a eye ne nea enye mu, yi ntɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne ɔkyerɛkyerɛ nyinaa mu. Na ɛbere bi bɛba a wɔrentie ɔkyerɛ pa a eye no, na sɛ wɔn asom yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfo aboa wɔn ho so, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te. Na wobeyi wɔn aso afi nokware ho, na wɔadan akotie anansesɛm. Na wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, mia w’ani hu amane, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.”​—2 Timoteo 4:1-5.

5. Dɛn nti na yɛn ani gye Paulo afotu no ho titiriw?

5 Ebia saa afotu pa no boaa Timoteo kɛse, nanso so ɛbɛboa yɛn nso? Yɛte “nna a edi akyiri” a Paulo kyerɛw ho asɛm no mu. Ɛnnɛ nnipa pii ‘katere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden.’ (2 Timoteo 3:1-5) Nnipa a wɔte sɛɛ tie “akyerɛkyerɛfo” a wobenunu wɔn asom nkutoo. Nanso, sɛ́ nea ɛka asɛm no a wɔbɛka wɔ asafo mu ho no, nokware Kristofo wɔ asɛyɛde sɛ wɔbɛkasa akyerɛ nnipa nyinaa wɔ baguam, ahwehwɛ wɔn a wobetie “asɛm no.” Enti afotu yi fa Yehowa Adansefo Kristofo ho nnɛ.

Ɔkwan A Wobɛfa So Awie Ɔsom Adwuma No Koraa

6. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛka asɛm no’? (b) Mfaso ahorow bɛn na efi yɛn ani a yɛbɛma akũ sɛnea yɛyɛ yɛn som adwuma no ho mu ba?

6 Ɔsom adwuma no wɔ afã ahorow; nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔsomfo no yɛ. Nea edi kan no, Paulo bɔɔ ‘asɛm no a wɔbɛka’ din. Eyi ne asɛm a Yehowa apaw sɛ obeyi no adi akyerɛ n’asomfo no. Ɛno ne nokware a Yesu kaa ho asɛm no. Yehowa ma wohu nea ɛyɛ n’asɛm ma adesamma wɔ bere bi mu, na ɔma n’adansefo a wɔwɔ asase so da ɔsɛmpɔw no fã a ɛyɛ ne de adi. Yehowa akwan ne sɛ ɔbɛma wɔde kɔkɔbɔ ama ansa na wayɛ biribi. (2 Beresosɛm 36:15, 16; Yesaia 42:9; 43:12; Yona 3:2-4) Nneɛma pa befi n’asɛm no mu aba ama wɔn a wotie; wobetumi anya beae a ahobammɔ wɔ. Ɛsɛ sɛ wɔn a wontie no nya wɔn akatua bere a Yehowa bu atɛn no. Ɛsɛ sɛ wɔn ankasa soa wɔn adesoa. (Asomafo no Nnwuma 20:20, 21, 26, 27) Nanso, adeyɛ a nyansa wom ma Onyankopɔn somfo ne sɛ: “Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so na tra mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.”​—1 Timoteo 4:16

7. Dɛn nti na ɛyɛ adwuma a egye ntɛmpɛ, sɛ bere a yɛwom no nye mpo a?

7 Wɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ tebea ahorow ahorow mu, nanso ɛsɛ sɛ ɛkɔ n’anim. Paulo kyerɛwee sɛ: “Gyina mu ɛbere a eye ne nea enye mu.” Asɛm no betumi akyerɛ nkwa ama nkurɔfo. Enti, wɔ tebea horow biara a ɔsomfo nokwafo wom mu no, obu asɛm no sɛ egye ntɛmpɛ na ɔhwehwɛ akwan horow a ɔbɛfa so ama wɔate asɛm no, sɛ asɛnka adwuma no ho ɔsɔretia bi ba mpo a. Yebetumi ahu eyi pefee denam Yesu nhwɛso no ne kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible mu nhoma a ɛne Asomafo no Nnwuma no so.

8. (a) Dɛn na ebetumi aboa ɔsomfo ma waka asɛm no? (b) Dɛn nti na afotu betumi ayɛ ɔsom adwuma no fã?

8 Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka asɛm no wɔ asafo no mu anaa asafo no akyi no, ɛsɛ sɛ ɔsomfo no yɛ obi a onim Onyankopɔn Asɛm no, ɔyɛ ne suani. Ɛsɛ sɛ onya bere sua na osusuw ho na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛte ase yiye. Ɛsɛ sɛ asɛnka no yɛ nea egyina nokware ho nkyerɛkyerɛ ahorow a wonim so. Paulo ka kyerɛɛ Tito sɛ, ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo ‘so nokwasɛm no mu sɛnea wɔkyerɛɛ no no, na watumi de kyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefo atɛn.’ (Tito 1:9) Wɔnam Onyankopɔn Asɛm no so de afotu ma wɔn a wɔafom afi nea Yehowa hwehwɛ ho no, na wɔteɛ ɔbɔnefo no so esiane ɔno ankasa yiyedi nti. Eyinom nyinaa yɛ ɔsom adwuma no a yebewie koraa no fã.

Afotu Ho Hia

9. Dɛn nti na Kristofo afotu ho hia?

9 Ɛtɔ bere bi a ɛho hia sɛ wɔkae wɔn a ebia wɔnnyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ nyinaa anaa wonni anisɔ na wɔnnyɛ nnam wɔ Yehowa som mu no nneɛma ahorow bi. Wɔn a wɔwɔ ɔdɔ ma Yehowa no ani sɔ Kristofo afotu kɛse. Ɛyɛ wɔn anigye sɛ wobetie nea Yehowa ka na wobu no sɛ ɛyɛ honhom mu aduan a ɛyɛ dɛ. (Yesaia 55:3; Hebrifo 12:5, 6) Enti ɛyɛ adwuma pa a yɛyɛ ma yɛn mfɛfo adwumayɛfo​—ne nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa nso​—sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm no betu wɔn fo. Paulo ankasa de afotu pii mae.​—Romafo 15:30; 16:17; 1 Korintofo 1:10, 11; 1 Timoteo 4:13; 6:11, 12; Hebrifo 10:24.

10. Dɛn nti na abodwokyɛre ho hia wɔ afotu a wode ma mu?

10 Ɛsɛ sɛ ɔsomfo a wahyira ne ho so no hu ɔkwan a ɔbɛfa so asow Onyankopɔn honhom aba no nso. Ebia ebegye abotare anaa boasetɔ pii bere a wobɔ mmɔden sɛ wubetu wɔn a wonnye nsɛm ntom ntɛm ara no fo no. Ebinom mpo betumi ama ada adi sɛ wɔn ani nsɔ mmɔden a wobɔe sɛ wode afotu ne nkuranhyɛ bɛma wɔn no. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so de ma ara, ne titiriw no, Kristofo a wɔyɛ mpanyimfo nyinaa. Ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ ba bɛyɛ nea ɛho hia wɔ ha. Dodow a obi de Yehowa Asɛm no di dwuma no, dodow no ara na ne ho kokwaw wɔ di a ɔde di dwuma no mu. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo ba behu osuani bi a, ɛsɛ sɛ otumi da nsɛm adi yiye kyerɛ osuani no. Paulo ka ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wɔfa so no ho asɛm wɔ 1 Tesalonikafo 5:14: “Yetu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.”

Twe Wo Ho Fi Wɔn A Wɔawae Ho

11. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ wɔn a wɔawae no ho?

11 Ná Paulo pɛ sɛ Timoteo tumi kari pɛ, anaasɛ ɔma n’adwene mu da hɔ wɔ nneɛma nyinaa mu. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ sɛ wɔn a wontumi nkura ɔkyerɛ pa no mu na wɔdan wɔn aso fi nokware no ho no. Onyankopɔn nokware somfo a ɔwɔ hɔ nnɛ nyɛ obi a wahaw wɔ ne dwumadi ahorow mu bere a ohu sɛ ebinom dan fi Onyankopɔn Asɛm no ne nkyerɛkyerɛ pa no ho no. Wɔadi kan abɔ yɛn kɔkɔ sɛ nnipa a wɔawae ne wɔn a wɔpɛ sɛ wonunu wɔn asom ara kwa bɛba. Afotu ahorow te sɛ nea ɛwɔ 2 Yohane 9-11, 1 Korintofo 5:11-13 ne 2 Timoteo 3:5 mma kwan mma yɛmfa yɛn ho mmɔ wɔn a wɔdan fi nokware no ho no. Saa ara na yɛntɔ anaa yɛnkenkan wɔn nhoma ahorow. Afoforo pii a wɔpɛ sɛ wotie nokware no wɔ hɔ, na eyinom na yɛne wɔn bɔ Kristofo fekuw.​—1 Timoteo 6:20, 21.

12. Dɛn nti na Kristoni somfo paw gyinabea a emu yɛ den yi?

12 Paulo tuu fo sɛ: “Nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa, na wɔdaadaa wɔn.” (2 Timoteo 3:13) Esiane saa kɔkɔ a wɔadi kan abɔ no nti, Kristoni somfo ne saafo no mmɔ. Otie ɔsomafo Paulo afotu pa no: “Na wo de, tra nea woasua na woahu mu nokware no mu. Wunim onii ko a wusuae ne nkyɛn no, na wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu. Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.” (2 Timoteo 3:14-17) Onyankopɔn Asɛm a wosua daa yɛ mmoa ma wɔn a wɔpɛ sɛ wowie wɔn som no.

Nhyira Horow A Efi Kristofo Fekubɔ Mu Ba

13. Ɔkwan bɛn so na ɔsom adwuma a Timoteo ne Paulo yɛe no boaa Timoteo, na ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa yɛn?

13 Ná ɛyɛ nhyira ankasa ma Timoteo sɛ ɔne Paulo bɔe mfe pii na otumi huu sɛnea Onyankopɔn somfo nokwafo a ne ho akokwaw yɛ n’ade. Paulo de wɔn osuahu ahorow no dii dwuma sɛ nkaesɛm a eye ma Timoteo: “Woadi me kyerɛ, me bra, me tirimbɔ, me gyidi, m’abodwokyɛre, me dɔ, me boasetɔ, me taa a wɔanya me ntaae, m’amanehunu a ɛbaa me so Antiokia, Ikonio ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi migyinaa mu, na Awurade gyee me fii ne nyinaa mu. Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.” (2 Timoteo 3:10-12) Ɛwom sɛ yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no ne Paulo anni nkitaho tẽe de, nanso ɔkwan a ɔfaa so ho nsɛm pii a yehu wɔ Bible mu no betumi aboa yɛn.

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yebehu amane?

14 Paulo kaa ne taa ne amanehunu ahorow ho asɛm, na afotu a ɔde ma Kristoni somfo no ne sɛ onnya ɔpɛ sɛ obehu amane. (2 Timoteo 4:5) Ɛyɛ nea ɛho hia mpɛn pii sɛ yɛfa ɔtaa bi mu wɔ yɛn som a yebewie koraa no mu. Ɛyɛ hokwan a yenya sɛ yebekura yɛn mudi mu wɔ sɔhwɛ mu na yɛama Yehowa koma ani agye. (Mmebusɛm 27:11) Ebetumi ayɛ adansedi a ɛde ayeyi brɛ Yehowa!

Ɔsɛmpakafo Adwuma

15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa bere a yewie yɛn som no koraa no?

15 Asɛmpaka adwuma no gye Kristoni somfo nokwafo no bere fã kɛse. Yesu kae sɛ: “Etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.” (Marko 13:10) Ɔmaa emu daa hɔ pefee sɛ gye sɛ wɔaka asɛmpa no sɛnea ɛsɛ ansa na awiei no bɛba. Paulo nyaa hokwan ne gyidifo pii kyɛɛ asɛmpa no wɔ Roma Ahemman no mu nyinaa. Eyi ma wɔhyehyɛɛ asafo afoforo na wɔpaw ahwɛfo. Wɔn nso​—ne wɔn Kristofo nuanom mmarima ne mmea nyaa kyɛfa wɔ asɛmpaka adwuma no mu ma enti adwuma no mu trɛwee kɛse. Wɔyɛ adwuma no fã kɛse no ara sɛnea Paulo kyerɛe no, ‘sɛ́ wɔbɛkyerɛkyerɛ gua so ne afi mu.’ (Asomafo no Nnwuma 20:20) Nneɛma pa fii mu bae saa bere no, na bere a wɔreyɛ Kristofo asɛnka adwuma no wɔ wiase nyinaa no, nneɛma pa fi mu ba nnɛ nso.​—Yohane 14:12.

16. Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ pii de Paulo afotu a ɛwɔ 2 Timoteo 4:5 no redi dwuma?

16 Ɛdenam gyidi so no, pii de hokwan ahorow redi dwuma atrɛw wɔn som mu wɔ asɛmpaka adwuma no mu. Mpempem pii de wɔn ho ahyɛ asɛmpatrɛw adwuma no mu, na mpem ɔhaha pii nya akwampae adwuma no afã horow mu kyɛfa. Wɔ nsase 203 so no, nnipa a wɔn dodow boro 2,842,000 resom sɛ asɛmpakafo wɔ asafo ahorow bɛboro 47,000 mu, na ne dodow no rekɔ anim. Nneɛma a ɛyɛ nwonwa,yi di adanse sɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so tie ɔsoro ahyɛde a wɔde ama wɔn no na ‘wowie’ wɔn som no ‘koraa.’

Adwuma No A Yebewie

17. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ ohu sɛ n’asomfo yɛ wɔ adwuma a ɔde ahyɛ wɔn nsa nnɛ no ho?

17 Yehowa de ɔsom adwuma bi ahyɛ ne nkurɔfo a wasra wɔn no nsa, na “nnipakuw kɛse” no ne wɔn bom yɛ adwuma. Nkɔmhyɛ kwan so no, wɔde adwuma no toto wɔn a wosi apini na wodi nkɔmmɔ no momaso agyirae a wɔhyɛ ho wɔ Hesekiel ti 9. Yɛahu fi saa nkɔmhyɛ no mu sɛ bere bi bɛba a ɔbarima a okura ɔkyerɛwfo toaa no bɛka sɛ: “Mayɛ sɛnea wohyɛɛ me no.” Sɛ Yehowa asomfo yɛ sɛnea ɔhyɛ wɔn no a, n’ani sɔ wɔn.​—Hesekiel 9:4, 11; Genesis 6:22; 1 Korintofo 4:2.

18, 19. Akwan horow a wubetumi afa so de Paulo afotu a ɛwɔ 2 Timoteo 4:1-5 adi dwuma mprempren no bi ne nea ɛwɔ he?

18 Bere a yehu sɛ wiase nsɛm tebea kɔ so ma ɛne nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa nna a edi akyiri ho no hyia no, ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛ asɛnka adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no gye ntɛmpɛ. Nkwa ho asɛm wom. Anoboaboa no rekɔ so na Yehowa reyɛ no ntɛm wɔ ne bere mu. (Yesaia 60:22) Enti asɛyɛde biara a wowɔ sɛ Yehowa somfo a wahyira ne ho so no, di ho dwuma fa sɔ n’ani koraa (Kolosefo 1:10; 3:23, 24) Ma adwuma a wɔde ama wo sɛ yɛ no ntra w’adwene mu na bɔ mmɔden sɛ wubewie koraa. Sɛ wɔde dwumadi ahorow bi ahyɛ wo nsa wɔ Ahenni Asa so a, yɛ no yiye. Sɛ wɔde dwumadi ahorow bi ahyɛ wo nsa wɔ Asafo Nhoma Adesua kuw bi mu a, yɛ ho adwuma yiye na muntutu mo ho mo ho fo nhyehyɛ mo ho mo ho nkuran. Sɛ woyɛ ɔkwampaefo anaa ɔsɛmpatrɛwfo a, hwɛ sɛ wobɛyɛ adwumaden adu wo ɔsom adwuma botae ahorow no ho.​—Romafo 12:6-9.

19 Wubetumi abisa wo ho nso sɛ, So metumi ayɛ biribi foforo de aboa Kristofo afoforo, ne titiriw no, afoforofo a wɔwɔ asafo no mu, de ahyɛ wɔn den? Sɛ wo som adwuma no fã ne sɛ woyɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu a, hu sɛnea “nguankuw” no te na hwɛ wɔn a wɔwom no nyinaa so yiye. Ma w’ani nkũ wɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu biara renyɛ mmerɛw anaa nea ɔnsow aba wɔ nokware nimdeɛ a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ho no mu. (2 Petro 1:5-8) Nea ɛsen ne nyinaa no, ma w’ani nna hɔ wɔ nea woreyɛ wɔ asɛmpaka adwuma no mu no ho sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wubewie wo som no koraa.’

So Wokae?

◻ Ná dɛn ne Paulo tebea bere a ɔkyerɛw Timoteo Nhoma a Ɛto so Abien no?

◻ Dɛn nti na ɛho hia sɛ wobɛka asɛm no?

◻ Dɛn nti na afotu ho hia?

◻ Ɛsɛ sɛ wɔne atoro akyerɛkyerɛfo no di wɔ ɔkwan bɛn so?

◻ Dɛn nti na asɛmpaka adwuma no ho hia kɛse nnɛ?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]

“Na yɛwowɔ ɔdom akyɛde a ɛsonsonoe, sɛnea ɔdom a wɔde adom yɛm no te. Sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, ma ɛmfata gyidi nsusuwii. Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔntra ɔsom no mu. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a, ma ɔntra kyerɛkyerɛ no mu. Sɛ ɔfotufo a, ma ɔntra n’afotu mu. Sɛ ade mu kyɛfo a, ma onyi ne yam nyɛ. Sɛ ɔhwɛfo a, ma ɔmmɔ ho mmɔden. Sɛ mmɔborohunufo a, ma ɔmfa animtew nyɛ. Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Munkyi bɔne, mommata papa ho!”​—Romafo 12:6-9.

[Kratafa 27, 28 mfoni]

Paulo krataa a ɛto so abien ma Timoteo no boaa no ma ‘owiee ne som no koraa’

July Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena