Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Monkɔ So Mfa Nea Moasua No Nyɛ Adwuma
    Ɔwɛn-Aban—2002 | September 15
    • Po “Anansesɛm”

      8. (a) Ɔkwan bɛn so na Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe yɛn gyidi nnɛ? (b) Paulo kɔkɔbɔ bɛn na ɛwɔ 2 Timoteo 4:3, 4 no?

      8 Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛn adwenem ayɛ yɛn nãã wɔ nea wɔakyerɛkyerɛ yɛn no ho na ɔnam so ama yɛagyae yɛn mudi mu kura. Ɛnnɛ, sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, awaefo ne afoforo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe wɔn a wɔn ho nni asɛm no gyidi. (Galatifo 2:4; 5:7, 8) Ɛtɔ bere bi a wɔnam nsɛm ho amanneɛbɔ so keka akwan a Yehowa nkurɔfo fa so yɛ wɔn ade ne adwene a wokura ho nsɛm kyinkyim no anaasɛ wotwa atoro to wɔn so ankasa mpo. Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ ebinom bɛtwe wɔn ho afi nokware no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛbere bi bɛba a wɔrentie ɔkyerɛ pa a eye no, na sɛ wɔn asom yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfo aboa wɔn ho so, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te. Na wobeyi wɔn aso afi nokware ho, na wɔadan akotie anansesɛm.”—2 Timoteo 4:3, 4.

      9. Bere a Paulo kaa “anansesɛm” ho asɛm no, na dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛwɔ n’adwenem?

      9 Sɛ́ anka ebinom beso nsɛm pa a eye nhwɛso no mu no, wɔmaa wɔn ho dwiriw wɔn “anansesɛm” ho. Na dɛn ne saa anansesɛm yi? Ebia na atosɛm a wɔbɔ tirim ka te sɛ nea ɛwɔ apokrifa nhoma a ɛne Tobit mu no ho asɛm na na ɛwɔ Paulo adwenem.a Ebetumi aba sɛ na nsɛm a ɛkanyan adwene ne atesɛm a wɔbɔ tirim ka nso ka anansesɛm no ho. Afei nso, ebia—‘sɛnea ebinom ankasa akɔnnɔ te’ nti—wɔmaa nkurɔfo a na wɔpene so ma wobu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow animtiaa anaa wɔn a na wɔkasa tia wɔn a na wodi asafo no anim no nam nyansakwan so daadaa wɔn. (3 Yohane 9, 10; Yuda 4) Ɛmfa ho akwanside biara a na ɛwom no, ebinom ani gyee atosɛm ho sen Onyankopɔn Asɛm mu nokware ahorow no. Ankyɛ na wogyaee nneɛma a na wɔasua no akyi di, na eyi de wɔn ankasa honhom fam yiyedi too asiane mu.—2 Petro 3:15, 16.

      10. Dɛn ne nnɛyi anansesɛm no bi, na ɔkwan bɛn so na Yohane sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye?

      10 Sɛ yɛyɛ nea yetie ne nea yɛkenkan mu nhwehwɛmu na yeyiyi mu a, yebetumi akwati anansesɛm a yebetie no. Sɛ nhwɛso no, nsɛm ho amanneɛbɔfo taa hyɛ ɔbrasɛe ho nkuran. Nnipa pii hyɛ Onyankopɔn a wontumi nhu sɛ ɔwɔ hɔ anaa onni hɔ anaa gyidi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bi nni hɔ ankasa ho nkuran. Akasatiafo di ka a Bible ka sɛ efi Onyankopɔn home mu no ho fɛw. Na nnɛyi awaefo kɔ so bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma afoforo adwenem ayɛ wɔn nãã sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛsɛe Kristofo gyidi. Ɛdefa asiane a ɛte saa a atoro adiyifo de bae wɔ afeha a edi kan no mu ho no, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa? Efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.” (1 Yohane 4:1) Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye.

      11. Dɛn ne ɔkwan biako a yebetumi afa so asɔ yɛn ho ahwɛ sɛ yɛwɔ gyidi no mu?

      11 Eyi mu no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa?” (2 Korintofo 13:5) Ɔsomafo Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so nsɔ yɛn ho nhwɛ sɛ ebia yekura Kristofo gyidi ahorow no nyinaa mu anaa. Sɛ yɛbrɛ yɛn aso ase tie nnipa a wɔahaw nsɛnkeka a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛde mpaebɔ hwehwɛ yɛn ho mu hwɛ. (Dwom 139:23, 24) So yɛtaa hwehwɛ Yehowa nkurɔfo ho mfomso? Sɛ ɛte saa a, dɛn ntia? So obi akeka nsɛm bi anaasɛ wayɛ biribi ma ahaw yɛn? Sɛ ɛte saa a, so yɛredi nneɛma ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so? Amanehunu biara a yehyia wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no yɛ bere tiaa mu de. (2 Korintofo 4:17) Sɛ yehyia sɔhwɛ bi mpo wɔ asafo no mu a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegyae Onyankopɔn som? Sɛ biribi haw yɛn a, so ɛnyɛ papa koraa sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa de adi asɛm no ho dwuma na afei yɛagyae ama Yehowa?—Dwom 4:4; Mmebusɛm 3:5, 6; Efesofo 4:26.

      12. Ɔkwan bɛn so na Beroiafo no yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn?

      12 Sɛ́ anka yɛbɛyɛ akasatiafo no, momma yennya nsɛm a yɛnam kokoam adesua ne asafo nhyiam ahorow so nya no ho adwene a ɛfata wɔ honhom fam. (1 Korintofo 2:14, 15) Na sɛ anka yebegye Onyankopɔn Asɛm ho akyinnye no, hwɛ sɛnea nyansa wom kɛse sɛ yebenya afeha a edi kan no mu Beroiafo a wɔhwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye no su no bi! (Asomafo no Nnwuma 17:10, 11) Na afei, momma yɛmfa nea yɛasua no nni dwuma, na yɛmpo anansesɛm ahorow na yɛmmata nokware no ho.

      13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi atrɛw atosɛm mu a yɛn ani nni so?

      13 Atosɛm foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛko tia. Nsɛm pii a ɛkanyan adwene kyinkyin, na mpɛn pii no, wɔde fa kɔmputa so. Nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ ahwɛyiye wɔ nsɛm a ɛtete saa ho, titiriw bere a yennim baabi a nsɛm no fi no. Sɛ Kristoni bi a ɔwɔ din pa mpo de osuahu anaa asɛm bi brɛ wo a, ebetumi aba sɛ onii no nnim nokwasɛm a ɛwɔ asɛm no mu nyinaa ankasa. Ɛno nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ asɛm a yɛnyɛɛ mu nhwehwɛmu a yebetĩ mu aka anaasɛ yɛde bɛkɔ akɔma afoforo ho no. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛrempɛ sɛ yebetĩ “atosɛm a ɛne Onyankopɔn asɛm nhyia,” anaa “anansesɛm huhuw” mu aka. (1 Timoteo 4:7) Esiane sɛ yɛn nso yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛka nokware kyerɛ yɛn ho yɛn ho nti, sɛ yɛkwati biribiara a ɛbɛma yɛatrɛw atosɛm mu bere a yɛn ani nni so a, na yɛreyɛ yɛn ade nyansa mu.—Efesofo 4:25.

  • Monkɔ So Mfa Nea Moasua No Nyɛ Adwuma
    Ɔwɛn-Aban—2002 | September 15
    • a Ná Yudani bi a ne din de Tobias anansesɛm a egyina gyidihunu so ahyɛ Tobit a ebetumi aba sɛ wɔkyerɛw no afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. no mu ma. Wɔkyerɛ sɛ na ɔwɔ tumi a ɔde sa yare ne nea ɔde tu ahonhommɔne denam apataa nwonwaso bi koma, bɔnwoma, ne ne berɛbo a ɔde yɛ aduru so.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena