Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 1/1 kr. 29-31
  • ‘Kura Nokwasɛm no Mu Pɛpɛɛpɛ’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Kura Nokwasɛm no Mu Pɛpɛɛpɛ’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Asɛm no Nufusu a Wɔde Ma
  • Dwuma a Wɔde Onyankopɔn Asɛm Mu Aduan a Ɛyɛ Den no Di
  • Nsu a Ɛma Abotɔyam ne Ahotew
  • Fa Onyankopɔn Asɛm Di Dwuma sɛ Ahwehwɛ
  • Onyankopɔn Asɛm sɛ Nkrante
  • Onyankopɔn Asɛm Mu A Yɛbɛpɛɛpɛe Akɔ Akyiri
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • So Wudidi Yiye Wɔ Honhom Fam?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • ‘Ma Wo Nkɔso Nna Adi’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • ‘Munkura Onyankopɔn Asɛm Mu Pɛpɛɛpɛ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 1/1 kr. 29-31

‘Kura Nokwasɛm no Mu Pɛpɛɛpɛ’

ONYANKOPƆN Asɛm no yɛ nnyinasosɛm a ɛho hia na ama obi adi yiye wɔ asetra mu fibea. Ebetumi aboa ɔsomfo ma wakyerɛkyerɛ, wayi ntɛn, na ɔde nteɛso ama. (2 Timoteo 3:16, 17) Nanso, sɛ yebetumi anya ɔsoro akwankyerɛ a wɔde ama yi mu mfaso akosi ase a, ɛsɛ sɛ yedi ɔsomafo Paulo afotu a ɔde kɔmaa Timoteo no akyi: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.”—2 Timoteo 2:15.

Nneɛma a wɔde Onyankopɔn Asɛm toto ho no bi ne nufusu a ahoɔden wom, aduan a ɛyɛ den, nsu a emu dwo na ɛma ahotew, ahwehwɛ, ne nkrante a ano yɛ nnam. Nea saa nsɛm yi kyerɛ ase a ɔsomfo bɛte no boa ma otumi de Bible no di dwuma ahokokwaw so.

Onyankopɔn Asɛm no Nufusu a Wɔde Ma

Nufusu ne aduan a nkokoaa a wɔawo wɔn foforo hia. Bere a akokoaa no nyin no, wofi ase de aduan a ɛyɛ den ka n’aduan ho nkakrankakra, nanso mfiase de, nufusu nkutoo na ne yafunu tumi yɛ ho adwuma. Wɔn a wonnim Onyankopɔn Asɛm ahe biara no te sɛ nkokoaa akwan pii so. Sɛ́ ebia afei na obi anya Onyankopɔn Asɛm ho anigye anaasɛ ɔde bere kakra na asua no, sɛ nea Bible ka no mu mfitiasesɛm nkutoo na ɔwɔ a, na ɔyɛ honhom fam akokoaa a ohia aduan a ɛyɛ mmerɛw sɛnea ne yafunu betumi ayɛ ho adwuma—honhom fam “nufusu.” Ɔnyɛ obi a ne yafunu tumi yɛ “aduan a ɛyɛ den,” Onyankopɔn Asɛm mu nneɛma a emu dɔ no ho adwuma.—Hebrifo 5:12.

Eyi ne tebea a na ɛwɔ asafo a wɔatew no foforo wɔ Korinto no mu bere a Paulo kyerɛw wɔn no: “Nufu na mede memaa mo numii, na ɛnyɛ aduan; efisɛ na muntumi nnye.” (1 Korintofo 3:2) Nea edi kan no, na ɛho hia sɛ Korintofo no sua “Onyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm.” (Hebrifo 5:12) Wɔ baabi a na wɔanyin adu no, na wontumi nni “Onyankopɔn ade a emu dɔ no.”—1 Korintofo 2:10.

Te sɛ Paulo no, nnɛyi Kristofo asomfo da no adi sɛ wodwen honhom fam nkokoaa ho denam “nufusu” a wɔde ma wɔn, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔboa wɔn ma wonya Kristofo mfitiase nkyerɛkyerɛ mu ntease a edi mũ, so. Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ foforo anaa wɔn ho nkokwawee nkuran sɛ ‘wɔmpɛ asɛm no nufusu kronkron.’ (1 Petro 2:2) Ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ na onim ahiade soronko a wɔn a wɔyɛ foforo no wɔ, bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Na obiara a onum nufu no nhuu trenee asɛm no mu ɛ, na ɔyɛ akokoaa.” (Hebrifo 5:13) Ehia sɛ Onyankopɔn asomfo nya boasetɔ, wodwen afoforo ho, wonya ntease, ne odwo, bere a wɔne wɔn a wɔyɛ foforo na wɔn ho nkokwawee rekyɛ Asɛm no nufusu kronkron wɔ ofie Bible adesua ne asafo no mu no.

Dwuma a Wɔde Onyankopɔn Asɛm Mu Aduan a Ɛyɛ Den no Di

Kristoni hia nea ɛsen “nufusu” na ama watumi anyin akɔ nkwagye mu. Sɛ onya nya Bible mu mfitiase nokware ahorow no mu ntease pefee na ogye tom pɛ a, na wayɛ krado sɛ ɔbɛkɔ ‘aduan a ɛyɛ den a ɛfata wɔn a wɔanyin’ no so. (Hebrifo 5:14) Ɔkwan bɛn so na obetumi ayɛ eyi? Ne titiriw no, denam kokoam adesua a ɔyɛ no daa ne fekubɔ a obenya mu kyɛfa wɔ Kristofo asafo nhyiam horow ase no so. Su pa a ɛtete saa bɛboa Kristoni ma wayɛ den, ne ho akokwaw, na watu mpɔn wɔ ɔsom adwuma no mu. (2 Petro 1:8) Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ wɔ nimdeɛ akyi no, Yehowa apɛdeyɛ nso yɛ honhom fam aduan.—Yohane 4:34.

Ɛnnɛ, wɔapaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” bi sɛ ɔmma Onyankopɔn nkoa aduan ɛbere a ɛsɛ mu na wɔmmoa wɔn ma wonnya “Onyankopɔn nyansa horow bebree no” mu ntease. Yehowa nam ne honhom so yi Kyerɛwnsɛm mu nokware ahorow a emu dɔ adi denam saa akoa nokwafo yi a ɔde nokwaredi tintim honhom fam “aduan ɛbere a ɛsɛ mu” no so. (Mateo 24:45-47; Efesofo 3:10, 11; fa toto Adiyisɛm 1:1, 2 ho.) Ɛyɛ Kristoni biara asɛyɛde sɛ ɔde nsiesiei ahorow a ɛte saa a wotintim no bedi dwuma akosi ase.—Adiyisɛm 1:3.

Nokwarem no, nneɛma ahorow bi wɔ Bible mu a “asete yɛ den” ma Kristofo a wɔn ho akokwaw mpo. (2 Petro 3:16, NW) Nsɛm, nkɔmhyɛ, ne mfatoho ahorow a ɛkyere adwene wɔ mu a egye adesua ne nsusuwho pii. Enti, Onyankopɔn Asɛm mu a wɔhwehwɛ ka kokoam adesua ho. (Mmebusɛm 1:5, 6; 2:1-5) Mpanyimfo titiriw na wɔwɔ asɛyɛde wɔ eyi mu, bere a wɔkyerɛkyerɛ asafo no. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hu wɔn asɛm a wɔredi ho dwuma no fefeefe, sɛ ebia wɔrehwɛ Asafo Nhoma Adesua anaa Ɔwɛn-Aban Adesua so, wɔrema baguam ɔkasa, anaasɛ wɔreyɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma biara no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ krado sɛ wɔde wɔn adwene besi wɔn “nkyerɛkyerɛ” so bere a wɔde honhom fam aduan a ɛyɛ den rema asafo no.—2 Timoteo 4:2.

Nsu a Ɛma Abotɔyam ne Ahotew

Yesu ka kyerɛɛ Samariani bea no wɔ abura no ho sɛ ɔbɛma no biribi anom a ɛbɛyɛ “nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu” wɔ no mu. (Yohane 4:13, 14; 17:3) Nea ɛka nsu a ɛma nkwa yi ho ne Onyankopɔn nsiesiei ahorow nyinaa a wayɛ denam Onyankopɔn Guammaa no so a ɛma wonya nkwagye, na wɔakyerɛkyerɛ nsiesiei yi mu wɔ Bible mu. Sɛ ankorankoro a saa “nsu” no ho kɔm de yɛn no, yegye nsa a honhom no ne Kristo ayeforo no to frɛ sɛ ‘yemmegye nkwa nsu kwa’ no so. (Adiyisɛm 22:17) Saa nsu yi a yɛbɛnom no betumi akyerɛ daa nkwa.

Afei nso, Bible no de abrabɔ ne honhom fam gyinapɛn ahorow asisi hɔ ama nokware Kristofo. Bere a yɛde saa ɔsoro gyinapɛn ahorow yi di dwuma no, Yehowa Asɛm no tew yɛn ho, “ɛhohoro” yɛn ho fi nneyɛe a Yehowa Nyankopɔn kyi nyinaa ho. (1 Korintofo 6:9-11, NW) Esiane eyi nti, wɔfrɛ nokware a ɛwɔ Asɛm a efi honhom mu no sɛ “nsu aguare.” (Efesofo 5:26) Sɛ yɛamma kwan ma Onyankopɔn nokware no antew yɛn ho wɔ saa kwan yi so a, yɛn som rensɔ n’ani.

Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, wɔde mpanyimfo a ‘wokura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ’ no toto nsu ho. Yesaia ka sɛ wɔte “sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa.” (Yesaia 32:1, 2) Mpanyimfo a wɔwɔ dɔ ma nea wɔaka yi bam bere a wɔkɔsra wɔn nuanom sɛ honhom fam nguanhwɛfo, na wɔde Onyankopɔn Asɛm a ɛma abotɔyam no di dwuma de honhom fam nsɛm a ɛhyɛ nkuran, awerɛkyekye wom, na ɛma denhyɛ ma no.—Fa toto Mateo 11:28, 29.a

Asafo no mufo hwɛ mpanyimfo no nsrahwɛ kwan. Bonnie ka sɛ: “Minim sɛnea mpanyimfo betumi ama me ho adwo me no, na ɛyɛ me anigye kɛse sɛ Yehowa ayɛ saa nsiesiei yi.” Lynda, ɛna bi a onni ɔhokafo, kyerɛw sɛ: “Mpanyimfo no nam Kyerɛwnsɛm mu nkuranhyɛ so boaa me ma mitumi gyinaa ano. Wotiee me, na wɔdaa mmɔborohunu adi.” Michael ka sɛ: “Wɔmaa metee nka sɛ meyɛ ahyehyɛde bi a edwen afoforo ho no muni.” Ɔfoforo ka sɛ: “Mpanyimfo nsrahwɛ boaa me ma mitumi gyinaa adwenemhaw ahorow a emu yɛ den no ano.” Ɔpanyin nsrahwɛ a ɛma honhom mu denhyɛ te sɛ nsuowini a ɛma abotɔyam. Nnipa a wɔwɔ nguanten su no nya awerɛkyekye bere a mpanyimfo a wɔwɔ dɔ boa wɔn ma wohu sɛnea Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm fa wɔn tebea ho no.—Romafo 1:11, 12; Yakobo 5:14.

Fa Onyankopɔn Asɛm Di Dwuma sɛ Ahwehwɛ

Sɛ obi di aduan a ɛyɛ den a, ɛnyɛ atirimpɔw no ne sɛ ɔbɛte ne dɛ ara kɛkɛ. Mmom, ɔhwɛ kwan sɛ obenya aduannuru a ɛbɛma watumi atra nkwa mu. Sɛ ɔyɛ abofra a, ɔhwɛ kwan sɛ aduan no bɛboa no ma wanyin abɛyɛ ɔpanyin. Ɛte saa ara wɔ honhom fam aduan ho. Kokoam Bible adesua betumi ayɛ anigye, nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo nti na wɔyɛ. Ɛsɛ sɛ honhom fam aduan tumi ma yɛsesa. Ɛboa yɛn ma yehu honhom aba no na yɛsow, na ɛma yɛhyɛ “onipa foforo a wɔyɛ no foforo kɔ nimdeɛ mu nea ɔbɔɔ no no suban so no.” (Kolosefo 3:10; Galatifo 5:22-24) Honhom fam aduan boa yɛn nso ma yenyin nya ahokokwaw, na ɛma yetumi de Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm di yɛn haw ahorow ho dwuma na yɛboa afoforo ma wɔyɛ saa wɔ wɔn de ho.

Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ ebia Bible no renya yɛn so nkɛntɛnso saa? Yɛde Bible no di dwuma te sɛ ahwehwɛ. Yakobo kae sɛ: “Monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko . . . Na sɛ obi yɛ asɛm no tiefo na ɔnyɛ ɔyɛfo a, ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim suban ahwehwɛ mu; na ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara na ne werɛ afi su ko a okurae. Na nea ɔkotow hwɛɛ adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no mu, na ɔtraa mu, na ɔnyɛ otiefo werɛfirifo, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfo no, onii no na wobehyira no n’adeyɛ no mu.”—Yakobo 1:22-25.

‘Yɛkotow’ hwɛ Onyankopɔn Asɛm mu bere a yɛhwehwɛ mu fefeefe na yɛde toto sɛnea yɛte ne sɛnea Onyankopɔn gyinapɛn ahorow kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ no ho no. Sɛ yɛyɛ eyi a, yɛbɛyɛ ‘asɛm no yɛfo, na yɛnyɛ atiefo nko.’ Bible no benya yɛn so nkɛntɛnso pa.

Onyankopɔn Asɛm sɛ Nkrante

Awiei koraa no, ɔsomafo Paulo boa yɛn ma yehu sɛnea yebetumi de Onyankopɔn Asɛm adi dwuma sɛ nkrante. Bere a ɔrebɔ yɛn kɔkɔ wɔ “mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom” ho no, ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ “momfa . . . honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm.” (Efesofo 6:12, 17) Onyankopɔn Asɛm yɛ akode a yentumi nkwati a yebetumi de ayi nsusuwii biara a ‘ɛne Nyankopɔn nimdeɛ di asi’ no afi hɔ.—2 Korintofo 10:3-5.

Akyinnye biara nni ho sɛ, “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Yehowa nam n’Asɛm a efi honhom mu no so kasa kyerɛ adesamma. Fa di dwuma yiye fa kyerɛkyerɛ afoforo, na fa pa atoro nkyerɛkyerɛ ho ntama. Fa di dwuma na fa hyɛ afoforo nkuran, hyɛ wɔn den, ma wonya abotɔyam, kyekye wɔn werɛ, kanyan wɔn honhom mu. Na Yehowa ‘nsiesie wo ade pa biara mu mma wonyɛ nea ɔpɛ,’ na ama woayɛ ‘ade a ɛsɔ n’ani’ daa.—Hebrifo 13:21.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ September 15, 1993, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 20-3 asɛm a wɔato din sɛ “Wofi Mmɔborohunu Mu Yɛn Nguan Nketewa No.”

[Kratafa 31 mfonini]

Mpanyimfo hyɛ afoforo nkuran, ‘wokura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena