‘Mommma Wɔnnnan Mo Adwene Ntɛm’
“Nso yɛsrɛ mo, . . . sɛ mommma wɔnnnan mo adwene ntɛm, no wonntu mo bo honhom anaa asɛm anaa nhoma a wose efi yɛn nkyɛn ho.”—2 TESALONIKAFO 2:1, 2
1. Nsɛm a ɛyɛ anigye bɛn na ɛba yɛn adwene mu bere a yɛkaakae bere a edi kan a yehuu nokware no?
AKYINNYE biara nni ho sɛ nsɛm ahorow a ɛyɛ anigye ba yɛn adwene mu bere a sɛ́ Kristofo no, yɛkaakae bere a edi kan a yehuu nokware a efi Onyankopon Asɛm mu no. Ná ɛyɛ anigye, ntease wom, ɛma akomatɔyam. Hwɛ sɛnea anisɔ hyɛɛ yɛn koma ma bere a yesuaa Yehowa ne ne su horow a ɛkorɔn a ne dɔ ne ne mmɔborohunu kɛse ka ho no ho ade no! Yɛn ani gyei bere a yɛne mfɛfo gyidifo a woyi Kristofo dɔ ankasa adi na wode Bible nnyinasosɛm ahorow tra ase fii ase bɔɔ fekuw no. ‘
2. Sɛ́ Yehowa nkoa no, anidaso bɛn na yɛwɔ, na honhom mu tebea bɛn mu na yɛwɔ?
2 Hwɛ aseda ara a yɛde mae sɛ yehui sɛ ɛrenkyɛ Yehowa beyi ɛyaw, awerɛhow, ne owu mpo afi hɔ. (Adiyisɛm 21:3, 4) Susuw sɛnea wobɛtra ase daa wo paradise asase so wɔ akwahosan ne anigye a edi mu no ho! Ɛkame ayɛ sɛ na ɛyɛ nea ɛyɛ dɛ dodo sɛ yebegye adi. Nanso na ɛyɛ nokware. Na ɛyɛ nea egyina Onyankopɔn Asɛm no so. Ná ɛyɛ anigye! Akyinnye biara nni ho sɛ yɛtee nka te sɛ Yesu asuafo no bere a oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ ne wusɔre no akyi no. Wosisee wɔn ho sɛ: “Ɔne yɛn rekasa ɔkwan mu na obuee kyerɛwsɛm no mu kyerɛɛ yɛn no, yɛn koma anhyehye yɛn wɔ yɛn mu anaa?(Luka 24:32) Yiw, bere a yehuu nokware no na yehyiraa yɛn nkwa so maa Yehowa no, yehui sɛ yɛwɔ honhom mu paradise bi mu. Nhyira bɛn ara ni!
3. Ɔkwan bɛn so na Ɔbonsam ne asɔretiafo afoforo pɛ sɛ Yehowa honhom mu paradise no mu mfaso ahorow no bɔ yɛn?
3 Nanso Yehowa honhom mu paradise no mu a yɛwɔ no nyɛ biribi a yebetumi de adi agoru. Yɛn ankasa na yefii yɛn pɛ mu baa paradise yi mu; yebetumi atwe yɛn ho afi mu (anaasɛ wobeyi yɛn afi mu) , sɛ yɛbɛyɛ wɔn a wonnye nni anaasɛ wofi wɔn pɛ mu bu Yehowa trenee mmara ahorow so a. Ɛwom, sɛ yɛma ‘yɛn kan dɔ’ no mu kɔ so yɛ den, sɛ yɛkɔ so kyerɛ nsiesiei ahorow nyinaa a Yehowa ayɛ na ama yɛakɔ so ayɛ den honhom mu no ho anisɔ a, eyi remma. (Adiyisɛm 2:4) Nanso ɔbonsam ne afoforo a wɔsɔre tia nokware som no ho akokwaw wɔ nnaadaa mu. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi sɛ wɔasiesie wɔn ho bere nyinaa sɛ, sɛ ebetumi a, wɔbɛma yɛagyaa yɛn mudi mu. Wɔasiesie wɔn nnaadaasɛm no na ama yɛn gyidi ayɛ mmerɛw, ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no ano adwo, na ama yɛn adwenem ayɛ yɛn naa—yiw, na ama honhom mu paradise no ayɛ te sɛ nea ɛnyɛ paradise biara koraa.
4. Sɛ yɛma yɛn gyidi yɛ mmerɛw na yɛma adwenem naayɛ kɛse ho kwan a, dɛn na ebetumi aba?
4 Sɛ yɛbɛka no wɔ abebu kwan so a, yebetumi akodu baabi a ɛbɛyɛ den ama yɛn, anaasɛ ebia ɛrentumi nyɛ yiye mpo, sɛ yebehu honhom mu paradise no kwae no esiane sɛ nnua a ɛyɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ a wɔwom mprempren no na yɛhwɛ wɔn kɛse nti. Anigye a yenyae a yɛde suaa Onyankopɔn Asɛm mu nokware no, anidaso kɛse a yenyae, ɔdɔ a yenya maa Onyankopɔn ne yɛn honhom mu nuanom, ne nnam a na yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no betumi asa. Sɛ wɔanyɛ ade anibere so amfa ansiw honhom mu akyirisan a ɛte sɛɛ ano a, ɛrenkyɛ, nea Onyankopɔn fi ɔdɔ mu hwehwɛ wɔ yɛn hɔ no mpo bɛyɛ te sɛ nea ɔde rehyɛ yɛn so. Ebia honhom mu aduan pa a efi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no hɔ no bɛyɛ biribi a yebu no animtiaa, na ebia Yehowa nkoa onuayɛ a ɔdɔ wom no bɛyɛ te sɛ ofie a atamfo ayɛ mu ma. Afei ebia akomatɔyam koro pɛ a yebenya, a ɛno mpo yɛ nea enye, ne sɛ yebefi ase de ntwiri ne nsɛm a ɛnyɛ nokware aboro yɛn mfɛfo nkoa no.—Mateo 24:45-51.
5. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nea obi bɛhwere no atoto nea efii Adam ne Hawa nsa bere a wɔpam wɔn fii Eden Paradise no ho?
5 Yiw, ɛnyɛ honhom mu paradise mu nhyira horow no nko na ebetumi abɔ yɛn mprempren, na mmom nea ɛyɛ aniberesɛm kɛse no, ase a yɛbɛtra daa wɔ Paradise asase so ho anidaso no nso betumi abɔ yɛn. Na ebetumi abɔ yɛn esiane ade koro no ara a ɛmaa Eden Paradise no bɔɔ Adam ne Hawa no nti. Nã wɔwɔ biribiara a wohia a ɛbɛma wɔn ani agye akosi ase na na anka wobetumi atra ase daa. Nanso na ahofadi—nokwarem no, nkyerɛkyerɛ foforo ho hia wɔn sen osetie a wɔbɛyɛ ama Yehowa ne Eden nhyira horow no. Hawa na wɔdaadaa no. Bere a ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no no, ɔmaa tebea horow a ne yere nkɛntɛnso a ano yɛ den ka ho maa ɔno nso yɛɛ bɔne. Enti wɔpam wɔn fii Paradise ma wɔtraa ase wɔ tebea a ɛyɛ awerɛhow mu kosii bere a wowui. Daa nkwa ho anidaso a na wɔwɔ no bɔɔ wɔn na wɔde agyapade a ɛne bɔne ne owu baa wɔn asefo so. (Genesis 3:1-7, 14-19, 24; 1 Timoteo 2:14; Romafo 5:12) Akatua a ɛyɛ awerɛhow bɛn ara na wonyae wɔ nea na wosusuw sɛ ɛyɛ ahofadi no ho sɛɛ yi!
6. (a) Asɛm a na ehia Paulo bɛn na ɔdaa no adi a ɛfa ebinom a na wɔwɔ Korintofo asafo mu ho? (b) Ɔkwan bɛn so na asɛnhia koro yi ara daa adi wɔ nea ɔkyerɛw kɔmaa Tesalonikafo asafo no mu?
6 Ɔsomafo Paulo daa asɛm a na ehia no adi: “Misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam kronnyɛ no ho.” (2 Korintofo 11:3) Paulo hui sɛ ɛho hia sɛ ɔkyerɛw fa nkyerɛkyerɛ bi a enye a na ɛrekɔ so wɔ ne bere so no ho. Wɔ ne krataa a etia abien a ɔde kɔmaa asafo a ɛwɔ Tesalonika no mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛsrɛ mo, . . . sɛ mommma wɔmman mo adwene ntɛm, na wonntu mo bo honhom anaa asɛm anaa nhoma a wose efi yɛn nkyɛn ho, sɛ ebia [Yehowa] da no anya adu. Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam.”—2 Tesalonikafo 2-:1-3.
Mo Ne Awaefo Nyɛ Hwee
7. (a) Sɛ wo nsa ka awaefo nhoma wɔ amanade adaka mu a, nsemmisa bɛn na ɛsɔre? (b) Ɛdefa yɛn ho ban a yɛbɛbɔ wɔ awaefo nkɛntɛnso ho no ho no. dɛn nti na gye a yebegye yɛn ho adi dodo yɛ nea asiane wom?
7 Afei dɛn na wobɛyɛ, sɛ wuhyia awaefo nkyerɛkyerɛ‘—nnaadaasɛm—a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ nea wugye di sɛ́ Yehowa Adansefo no mu biako no ne nokware no a? Sɛ nhwɛso no, sɛ wo nsa ka krataa anaa nhoma bi na wubue mu na ntɛm ara wuhu sɛ efi obi a wawae hɔ a dɛn na wobɛyɛ? So asɛmpɛ nti wobɛkenkan sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu nea ɔwɔ ka? Ebia wobɛka sɛ: ‘Ɛrenka me; meyɛ den wɔ nokware no mu. Na afei nso, sɛ yɛwɔ nokware no a, ɛnsɛ sɛ yesuro. Nokware no betumi agyina sɔhwɛ no ano.’ Ebinom a wonyaa adwene a ɛte saa de awaefo nsusuwii hyɛɛ wɔn adwene mu ma wɔbɛyɛɛ akyinnyegyefo ne adwenem naayɛfo kɛse. (Fa toto Yakobo 1:5-8 ho.) Enti kae kɔkɔbɔ a ɛwɔ 1 Korintofo 10:12 no: “Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye, na wanhwe ase.” .
8. Mmoa bɛn na ebinom a wɔn adwenem ayɛ wɔn naa no hia?
8 Ɛdenam mmoa a efi anuanom a wosusuw wɔn ho nkyɛn so no, ebinom a awaefo maa wɔn adwenem yɛɛ wɔn naa no ani asan aba wɔn ho so wɔ honhom mu amanehunu ne ɔbrɛ no akyi. Nanso anka wobetumi akwati ɛyaw yi. Wɔka kyerɛ yɛn wɔ Mmebusɛm 11:9 sɛ: “ [Ɔwaefo] de n’ano sɛe ne yɔnko, na treneefo nimdeɛ na wɔde beyi wɔn.” Yuda ka kyerɛɛ mfɛfo Kristofo sɛ “[adwenem naayɛfo] nso, munhu wɔn mmɔbɔ, . .. munhwim wɔn mfi ogya mu nnye wɔn nkwa.” (Yuda 22, 23) Paulo tuu ɔhwɛfo Timoteo fo sɛ ɔmfa ‘odwo nkasa nkyerɛ wɔn a wɔne no di asi, nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra akɔ nokware hu mu, na wɔn ani so atetew afi ɔbonsam a wakyekyere wɔn sɛ wɔnyɛ nea ɔpɛ no afiri mu.’—2 Timoteo 2:25, 26.
9. Tebea a ɛyɛ awerɛhow bɛn na ɛba wɔn a wofi nokware som mu no so?
9 Nea ɛyɛ awerɛhow no, afoforo atɔ esum kabii mu ma wɔasan akɔ Kristoman atoro nkyerɛkyerɛ ahorow mu bio. Ɔsomafo Petro kyerɛw faa tebea a ɛyɛ awerɛhow a efi eyi mu ba ebinom a wɔanantew nokware no mu pɛn na afei wɔadan afi ho so no fo. Ɔkae sɛ: “Na sɛ wɔnam Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo ho nimdeɛ so aguan wiase fi, na wɔtoa bio wɔ mu di nkogu a, wɔn akyiri asetra adan wɔn bɔne akyɛn kan de no.” Petro kae sɛ wɔte sɛ ɔkraman a ɔsan kɔ ne fe so ne prako a wɔaguare no a ɔsan kɔ dontori a ɔyantan mu no mu.—2 Petro 2:20-22.
10. (a) Dɛn na Yehowa ka wɔ tie a yebetie awaefo no ho?(b) Awaefo nhoma a yɛbɛkenkan no te sɛ dɛn a yɛyɛ?
10 Sɛ yɛn yɔnko nipa ka kyerɛ yɛn sɛ, ‘Ɛnkenkan eyi’ anaasɛ, ‘Entie ɛno’ a, ebia yebebu yɛn ani agu n’afotu no so. Nanso kae, wɔ eyi mu no Yehowa ne nea ɔka nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no kyerɛ yɛn wɔ n’Asɛm no mu. Na dɛn na ɔka wɔ wɔn a wɔawae ho? “Montwe mo ho mfi wɔn mu.” (Romafo 16: 17, 18) “Mo ne [wɔn] mmmɔ” (1 Korintofo 5:11) ; na “munnnye [wɔn] nkɔ mo afi mu, nso munnkyia [wɔn]” (2 Yohane 9, 10) . Eyi yɛ nsɛm a wɔasi so dua, akwankyerɛ a emu da hɔ. Sɛ esiane asɛmpɛ nti yɛkenkan obi a yenim sɛ wawae nhoma a, so ɛno renyɛ te sɛ nea yɛreto nsa afrɛ nokware som ho tamfo yi aba yɛn fi ma ɔne yɛn abɛtra ase na waka ne ɔwae adwene no ho asɛm akyerɛ yɛn‘?
11, 12. (a) Nhwɛso bɛn na wɔde ama na aboa yɛn ma yɛahu sɛ ɛnyɛ nea yebetumi akenkan awaefo nhoma a ɛrempira yɛn? (b) ɔkwan bɛn so na wobetumi de eyi adi dwuma wɔ Yehowa ani a ekũ ne nkurɔfo ho no mu?
11 Ma yɛnyɛ asɛm no ho nhwɛso wɔ saa kwan yi so: Fa no sɛ wo babarima a onnya nnii mfe aduonu no nsa ka ɔbrasɛe nhoma bi wɔ amanade adaka no mu. Dɛn na wobɛyɛ? Sɛ esiane asɛmpɛ nti ɔpɛ sɛ ɔkenkan a, so wobɛka sɛ: ‘Yiw, me ba, kɔ so kenkan. Ɛrempira wo. Yɛakyerɛkyerɛ wo fi wo mmofraase sɛ ɔbrasɛe nye. Wɔ ɛno akyi no, ɛho hia sɛ wuhu nea ɛrekɔ so wɔ wiase no mu na ama woahu sɛ enye ampa’? So wobɛka saa? Dabida! Mmom no, wobɛma wahu asiane ahorow a ɛwɔ ɔbrasɛe nhoma a ɔbɛkenkan mu no na wobɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛtow agu. Dɛn ntia? Efisɛ ɛmfa ho sɛnea obi yɛ den wɔ nokware no mu no, sɛ ɔde ɔbrasɛe ho asɛm a ɛwɔ nhoma a ɛte sɛɛ mu no hyɛ n’adwene mu a, ɛbɛka ne nsusuwii ne ne koma. Awiei koraa no, akɔnnɔ bɔne a wadua wɔ koma no mu no betumi ama wanya nna ho akɔnnɔ bɔne. Dɛn na ebefi mu aba? Yakobo se, sɛ akɔnnɔ bɔne no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne de owu ba. (Yakobo 1:15) Enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ wufi adeyɛ a ɛte sɛɛ ase?
12 Wiɛ, sɛ yɛbɛyɛ ade anibere so saa de abɔ yɛn mma ho ban afi ɔbrasɛe nhoma ahorow ho a, so ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no bɛbɔ yɛn kɔkɔ saa ara na wabɔ yɛn ho ban afi honhom fam aguamammɔ a ɔwae ka ho no ho? Ose, Twe wo ho fi ho!
13. Sɛ wobisa nsɛm a egyina nea awaefo aka anaa wɔakyerɛw so bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, dɛn na yebetumi ayɛ?
13 Na sɛ yɛreka asɛmpa no na nkurɔfo bisa nsɛm anaasɛ wɔde anoyi a ɛte sɛ asɔretiafo de ma nso ɛ? Ɛwom, sɛ ɛnyɛ nea onipa no pɛ sɛ osua biribi ankasa na mmom akyinnye ara na ɔpɛ sɛ ogye a, ɛtaa yɛ nea eye sɛ yɛbɛsrɛ kwan na yɛakɔ ofie a edi hɔ no mu. Nanso sɛ obi a ɔpɛ sɛ osua biribi bisa biribi fa nea wɔn a wɔawae no ka ho a, dɛn na yebetumi ayɛ? Nea edi kan no, wubetumi abisa nea ɛhaw no pɔtee wɔ asɛm no ho. Ebia ɛbɛyɛ asɛm biako anaa abien pɛ. Ɛba saa a yebetumi agyina eyi so ama no mmuae afi Kyerɛwnsɛm no, Asafo nhoma ahorow, ne nea yenim wɔ nokwarem fa asɛm no ho mu. Ɛho nhia sɛ yɛbɛka sɛ ɛsɛ sɛ yɛkenkan nhoma anaa nkratawa a ntwiri ne nsɛm a ɛnyɛ nokware ayɛ no ma no na ama yɛatumi akyerɛ sɛ asɔretiafo nsɛm a wɔka ne wɔn nkyerɛkyerɛ no nyɛ nokware.
Yehowa Mu Ahotoso
14. Yɛn soro Agya no fi ɔdɔ mu ma yɛn ho hia no dɛn, na dɛn nti na yebetumi de yɛn ho ato no so koraa?
14 Bere a yɛkɔ yɛn anim na yɛhyɛ yɛn gyidi den na yɛyɛ pii wɔ Ahenni adwuma mu no, yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so a yenim sɛ, sɛ́ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no, nea eye na ɔpɛ sɛ yenya. Onyankopɔn kyerɛkyerɛ yɛn; ɔbɔ yɛn kɔkɔ. Oyɛ eyi denam n’Asɛm no ne akwankyerɛ a emu da hɔ a n’ahyehyɛde a aniwa hu no de ma no so. Sɛ yebisa ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ abodoo ne apataa a, ɔremma yɛn ɔbo anaa ɔwɔ. Saa ara na Onyankopɔn rennaadaa yɛn. (Mateo 1:7-11) Nanso, ɛnyɛ nea Onyankopɔn bɛbɔ yɛn ho ban afi sɔhwɛ ahorow anaasɛ nnaadaasɛm ne ɔbonsam nkontomposɛm no ho koraa. Ɔka n’ankasa ho asɛm sɛ: “Me [Yehowa], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogyaw wo kɔ ɔkwan a fa so no so.” (Yesaia 48:17) Yiw, Yehowa ‘kyerɛ yɛn nea eye ma yɛn.’ Ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛntwe yɛn ho mfi wɔn a wɔawae ne wɔn nkyerɛkyerɛ ho, na eyi yɛ ahobammɔ ma yɛn ankasa. Ɛkyerɛ yɛn nkwa.
15. Kɔkɔbɔ ahorow bɛn na ɔsomafo Paulo de mae wɔ ebinom a wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwetwe asuafo no ho?
15 Ɔsomafo Paulo bɔɔ mfɛfo Kristofo a wɔyɛ mpanyimfo kɔkɔ sɛ: “Nnipa befi mo ankasa mu asɔre akeka akɔntɔnkyesɛm atwetwe asuafo no adi wɔn ankasa akyi.” (Asomafo no Nnwuma 20:30, NW) Sɛ yɛkɔ so tie adɛfɛdɛfɛsɛm ne nnaadaasɛm a, “akɔntɔnkyesɛm” betumi ayɛ te sɛ nea ɛteɛ. Dodow a Hawa kɔɔ so hwɛɛ duaba a wɔabara ne di no na otiee ɔbonsam akɔntɔnkyesɛm no, dodow no ara na ogyee no dii sɛ nea ɔreka no teɛ. Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase mfitiasesɛm so na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum.” (Kolosefo 2:8) Ɔsomafo no kyerɛe nso sɛ wɔn a wɔawae no ‘de tɛkrɛmakyene ne adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa wɔn a wonnim bɔne no koma.’ (Romafo 16:17, 18; fa toto 2 Korintofo 11:13-15 ho.) Ɛwom, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔnam saa adɔkɔdɔkɔsɛm no so twe kakraa bi kɔ no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yedi wɔn akyi. Nanso ɛho hia sɛ yɛkɔ so ara ma yɛn ani da hɔ.
16. Kyerɛwnsɛm mu kɔkɔbɔ ahorow bɛn a yɛde bedi dwuma na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina mmɔden a Satan bɛbɔ sɛ ɔbɛdaa nkurɔfo na watwe wɔn afi nokware som mu no ano?
16 Ɔbonsam nnɛɛdɛe a ɔde dii dwuma fi Eden no nyɛ nea asakra. Ɔde anifere kwan so nsemmisa ne nea obi ani gye ho ho akɔnnɔ a ɔkanyan di dwuma. Petro kyerɛwee sɛ: “Atoro akyerɛkyerɛfo bɛba mo mu nso. Wɔn na wɔde ɔsɛe fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu na wɔnam anibere so de nsisisɛm bɛpɛ mo ho mfaso.” (2 Petro 2:1—3) Wɔhyɛ da siesie biribi a wɔde redaadaa obi no ma ɛyɛ te sɛ nea eye anaa ɛteɛ. Wɔ 2 Timoteo 2:14-19 no, Paulo sii hia a ɛho hia sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm no bedi dwuma de ama nneɛma ateɛ no so dua, nanso ɔbɔɔ kɔkɔ wɔ hia a ɛho hia sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi wɔn a wɔawae a wɔn ‘nsɛnhuhuw no yɛ nea ɛho ntew’ no ho no ho, na ɔkae sɛ, “wɔn asɛm bɛyerɛw sɛ ɔyare bɔne.”
17, 18. (a) ɔkwan bɛn so na awaefo nkyerɛkyerɛ te sɛ ɔyare bɔne?(b) Kɔkɔbɔ bɛn na ɔsomafo Petro de ma wɔ wɔn a wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛdan yɛn afi nokware som ho no ho? (d) Nsemmisa bɛn na yebebua wɔ adesua a edi hɔ no mu?
17 Ɛyɛ ntotoho a ɛfata ampa! Te sɛ ɔyare bɔne no, awaefo nsusuwii no nyɛ biribiara sɛ honhom mu owuyare a ɛtrɛw ntɛmntɛm. Na esiane sɛ asafo no mufo te sɛ nipadua biako nti, ebetumi asan afoforo. Sɛ wɔantumi ammoa nea ɔretrɛw awaefo nkyerɛkyerɛ mu no amma wansan annya honhom mu ahoɔden denam Onyankopɔn Asɛm mu ngo a wofi ɔdɔ ne pintinnyɛ mu de di dwuma no so a, ebia nipadua no akwaa yi a wobetwa (tu a wotu onii no) nkutoo ne ɔkwan a wobetumi afa so abɔ nipadua no nkwaa a aka no ho ban. (Fa toto Tito 1:10, 11 ho.) Mma kwan mma honhom mu owuyare bɔne yi bi nsan wo! Kɔ so nya honhom mu ahoɔden denam awaefo nsusuwii bɔne no ho a wobɛtwe wo ho afi no so.Tie afotu pa a ɛwɔ 2 Petro 3:17, 18 no: “Enti, adɔfo, sɛ munim dedaw nti, monhwɛ mo ho so yiye, na wɔamfa amumɔyɛfo nnaadaasɛm no amfa mo ankɔ bi, na moamfi mo ankasa tim a moatim no mu anhwe ase. Na munyin yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo dom ne nimdeɛ mu.”
18 Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ yɛn ho ban afi wɔn a wɔawae no ho? Ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ yɛn koma ho ban na annye awaefo nsusuwii antom? Yebesusuw nsemmisa yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.
So Wokae?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa honhom mu paradise no mu mfaso ahorow betumi abɔ yɛn?
◻ Dɛn nti na awaefo nhoma ahorow a yɛbɛkenkan no te sɛ ɔbrasɛe nhoma ahorow a yɛbɛkenkan?
◻ Sɛ wobisa yɛn nsɛm bi a ɛfa nea awaefo ka ho a, dɛn na yebetumi ayɛ?
◻ Dɛn nti na awaefo nkyerɛkyerɛ te sɛ ɔyare bɔne?
[Kratafa 12 mfoni]
So wufi nyansa mu tow awaefo nhoma ahorow gu?