Tito—‘Yɔnko Dwumayɛfo Ma Mo Yiyedi’
ƐTƆ mmere bi a na nsɛnnennen sɔre wɔ afeha a edi kan mu Kristofo asafo no mu. Ná ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma, na na egye akokoduru ne osetieyɛ. Ɔbarima bi a otumi dii nsɛnnennen a ɛtete saa pii ho dwuma ne Tito. Sɛ́ obi a ɔne ɔsomafo Paulo boom yɛɛ adwuma no, ɔbɔɔ mmɔden denneennen sɛ ɔbɛboa afoforo ma wɔayɛ nneɛma sɛnea Yehowa pɛ. Enti Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Korinto no sɛ Tito yɛ ne ‘yɔnko dwumayɛfo ma wɔn yiyedi.’—2 Korintofo 8:23.
Ná Tito yɛ nipa bɛn? Kyɛfa bɛn na onyae wɔ nsɛnnennen a wosiesiei mu? Na sɛ yesusuw sɛnea ɔyɛɛ n’ade ho a, mfaso bɛn na yebenya afi mu?
Twetiatwa Ho Ɔsɛmpɔw No
Ná Tito yɛ Helani a wontwaa no twetia. (Galatifo 2:3)a Esiane sɛ Paulo frɛ no “me ba pa gyidi koro no ara fam” nti, ɛbɛyɛ sɛ na Tito yɛ ɔsomafo no honhom fam mma no biako. (Tito 1:4; fa toto 1 Timoteo 1:2 ho.) Ná Tito ka Paulo, Barnaba, ne afoforo a wɔwɔ Antiokia, Siria, no ho na wɔkɔɔ Yerusalem bɛyɛ 49 Y.B. mu kɔkaa twetiatwa ho ɔsɛmpɔw no ho asɛm no.—Asomafo no Nnwuma 15:1, 2; Galatifo 2:1.
Ebinom kyerɛ sɛ esiane sɛ Amanaman mufo a wontwaa twetia ho asɛm na na wɔreka wɔ Yerusalem nti, wɔde Tito kɔe sɛ wɔde no rekɔkyerɛ sɛ Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo nyinaa betumi anya Onyankopɔn anim dom ɛmfa ho sɛ wɔatwa twetia anaa wontwae. Yerusalem asafo no mufo bi a na wɔyɛ Farisifo ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo no gyee kyim kae sɛ ɛsɛ sɛ wotwa Amanaman mufo a wɔadan gyidifo no twetia na wodi Mmara no so, nanso wɔbɔɔ saa asɛm no gui. Sɛ wɔhyɛɛ Tito ne Amanaman mufo foforo ma wotwaa twetia a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ wonnye ntom sɛ nkwagye gyina Yehowa dom ne Yesu Kristo mu gyidi so, na ɛnyɛ Mmara no mu nnwuma so. Afei nso, anka ɛbɛyɛ po a wɔapo adanse a ɛkyerɛ sɛ Amanaman mufo anaa nnipa a wofi amanaman mu no anya Onyankopɔn honhom kronkron no.—Asomafo no Nnwuma 15:5-12.
Wɔsoma no Kɔ Korinto
Bere a wosiesiee twetiatwa ho ɔsɛmpɔw no wiei no, wɔmaa Paulo ne Barnaba tumi korakora sɛ wɔnka asɛm no nkyerɛ amanaman no. Bere koro no ara mu no, wɔbɔɔ mmɔden nso maa wɔn ani kuu ahiafo ho. (Galatifo 2:9, 10) Nokwarem no, bere a yɛtee Tito nka bio wɔ kyerɛw a efi honhom mu no mu wɔ bɛyɛ mfe asia akyi no, na ɔwɔ Korinto sɛ ɔbɔfo a Paulo atu no sɛ onkogyigye ntoboa nkɔma akronkronfo no. Nanso bere a Tito kɔe sɛ ɔrekɔyɛ adwuma yi no, ɔkɔtoo tebea foforo a na emu yɛ den.
Krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Korintofo no da no adi sɛ odii kan kyerɛw wɔn sɛ wɔne “nguaman nnni afra.” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonyi aguaman bi a onnu ne ho mfi wɔn mu. Yiw, Paulo kyerɛw wɔn krataa a emu yɛ den, na ɔde “nusu bebree” na ɛyɛɛ saa. (1 Korintofo 5:9-13; 2 Korintofo 2:4) Saa bere no ara mu no, wotuu Tito kɔɔ Korinto sɛ ɔnkɔboa ma wonnyigye ntoboa a wɔreyi wɔ hɔ akɔma Yudea Kristofo a na ahia wɔn no. Ebetumi aba sɛ wɔsomaa no sɛ ɔnkɔhwɛ nea Korintofo no reyɛ wɔ Paulo krataa no ho nso.—2 Korintofo 8:1-6.
Dɛn na na Korintofo no bɛyɛ wɔ Paulo afotu no ho? Esiane sɛ na Paulo ho pere no sɛ obehu nti, ɛbɛyɛ sɛ ɔsomaa Tito sɛ omfi Efeso nkɔfa Aegean Po no so nkɔ Korinto, na ɔnsan mfa mmuae mmrɛ no ntɛm ara. Sɛ Tito wiee n’adwuma no ansa na wɔregyae po so akwantu atwɛn ma awɔwbere atwam (wɔ bɛyɛ November mfinimfini) a, anka obetumi afa po so hyɛn akɔ Troa anaa obetumi afa asase so kwan a ɛware no so atwam wɔ Hellespont. Ɛbɛyɛ sɛ Paulo duu baabi a wɔhyehyɛe sɛ wobehyia wɔ Troa no ntɛm, efisɛ basabasa a dwetɛ adwumfo no kɔfa bae no ma ofii Efeso ntɛm sen sɛnea ɔhwɛɛ kwan no. Bere a Paulo twɛn wɔ Troa araa a Tito mma no, ohui sɛ ɛnyɛ po so hyɛn na ɔde bɛba. Enti, Paulo siim faa asase so kwan no so a na n’ani da so sɛ obehyia no kwan mu. Bere a Paulo duu Europa asase so no, ɔfaa Via Egnatia kwan no so, na awiei koraa no, ohyiaa Tito wɔ Makedonia. Paulo tee Korinto ho asɛmpa ma onyaa akomatɔyam ne anigye. Ná asafo no de ɔsomafo no afotu no reyɛ adwuma.—2 Korintofo 2:12, 13; 7:5-7.
Ɛwom sɛ na Paulo suro sɛ anhwɛ a na wɔannye ne bɔfo no yiye de, nanso Nyankopɔn boaa Tito ma ɔyɛɛ n’adwuma no. Wɔde “suro ne ahopopo” na egyee Tito. (2 Korintofo 7:8-15) Sɛnea nsɛm ɔsekyerɛfo W. D. Thomas kaa no no: “Yebetumi de yɛn adwene abu sɛ [Tito] de ahokokwaw ne anifere tuu Korintofo no fo bere a wammrɛbrɛ Paulo animka no ase; ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ wɔn honhom fam yiyedi na na Paulo redwen ho a enti ɔfaa saa kwan no so ne wɔn kasae no.” Saayɛ so no, Tito benyaa ɔdɔ maa Kristofo a na wɔwɔ Korinto no esiane asoɔmmerɛw ne nsakrae a mfaso wɔ so a wɔyɛe nti. Wɔn su a na ɛsɛ nkamfo no hyɛɛ no nkuran.
Na adwuma a aka a Tito kɔyɛe wɔ Korinto no nso ɛ—ntoboa a ɔbɛhwɛ ama wɔagyigye akɔma akronkronfo a wɔwɔ Yudea no? Tito yɛɛ ɛno nso ho adwuma sɛnea yetumi hu fi 2 Korintofo no. Ɛbɛyɛ sɛ wɔkyerɛw saa krataa no wɔ Makedonia wɔ 55 Y.B. otwa bere no mu, bere a Tito ne Paulo hyiae akyi bere tiaa bi no. Paulo kyerɛwee sɛ ɔresan asoma Tito a ɔhyɛɛ ase gyigyee ntoboa no ne aboafo baanu a wammɔ wɔn din ma wabewie. Esiane sɛ na Tito dwen Korintofo no ho yiye nti, na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛsan akɔ hɔ. Bere a Tito resan akɔ Korinto no, ɛbɛyɛ sɛ na okura krataa a ɛto so abien a honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no.—2 Korintofo 8:6, 17, 18, 22.
Ɛnyɛ sɛ na Tito tumi toto nneɛma yiye nko, na mmom na ɔyɛ obi nso a wotumi de adwuma a ne yɛ gye ahwɛyiye na ɛyɛ den hyɛ ne nsa. Ná ɔwɔ akokoduru, ne ho akokwaw, na na ɔyɛ pintinn. Ɛda adi sɛ Paulo buu Tito sɛ obetumi adi ɔhaw a na Korinto “asomafo atitiriw” no akɔfa aba a na ɛda so wɔ hɔ no ho dwuma. (2 Korintofo 11:5) Tito ho asɛm a edi hɔ a epue Kyerɛwnsɛm mu no foa ne ho adwene a ɛte saa so, efisɛ ɔyɛɛ adwuma foforo a na egye mmɔdenbɔ.
Wɔ Kreta Supɔw no So
Ebetumi aba sɛ efi 61 kosi 64 Y.B. no, Paulo kyerɛw krataa kɔmaa Tito a saa bere no na ɔreyɛ adwuma wɔ Mediterranea supɔw Kreta so no. Paulo gyaw no hɔ sɛ ‘onsiesie nneɛma a atõtõ no pɛpɛɛpɛ’ na ‘onsisi kurow biara kurow so mpanyimfo.’ Ná Kretafo dodow no ara agye din sɛ ‘atorofo, mmoa bɔne, akwadwofo adidifo.’ Enti na abehia sɛ Tito de akokoduru ne pintinnyɛ yɛ adwuma wɔ Kreta nso. (Tito 1:5, 10-12) Na ɛno yɛ asɛyɛde kɛse, efisɛ na ebetumi aboa Kristosom wɔ supɔw no so daakye. Wɔ honhom no akwankyerɛ ase no, Paulo boaa Tito bere a ɔkyerɛɛ no nneɛma pɔtee a ɔnhwehwɛ wɔ wɔn a wɔbɛfata sɛ ahwɛfo no ho no. Saa ahwehwɛde ahorow no yɛ nea wɔda so ara susuw ho ansa na wɔapaw Kristofo mpanyimfo.
Kyerɛwnsɛm no nkyerɛ bere a Tito fii Kreta. Ɔtraa hɔ kyɛe sɛnea ɛsɛ maa Paulo tumi ka kyerɛɛ no sɛ onni Sena ne Apolo a bere bi na wɔrebetwam wɔ hɔ akɔ baabi foforo no ahiade ho dwuma. Nanso na Tito rentra supɔw no so nkyɛ pii. Ná Paulo reyɛ nhyehyɛe ma Artema anaa Tihiko akɔ hɔ, na na ɛsɛ sɛ Tito behyia ɔsomafo no wɔ Nikopoli, a ɛda adi sɛ ɛyɛ kurow kɛse bi a wɔfrɛ no saa a ɛwɔ Hela atifi fam atɔe.—Tito 3:12, 13.
Wɔ Bible mu asɛm a etwa to a wɔkaa Tito ho asɛm tiawa no mu no, yehu sɛ Paulo san somaa no ma ɔkɔyɛɛ adwuma foforo wɔ hɔ wɔ bɛyɛ 65 Y.B. mu. Ɔkɔɔ Dalmatia, Adriatic Po no apuei fam baabi a ɛwɔ nnɛyi Croatia. (2 Timoteo 4:10) Wɔanka nea wɔde hyɛɛ Tito nsa sɛ ɔnkɔyɛ wɔ hɔ, nanso ebinom aka sɛ wɔsomaa no sɛ ɔnkɔtoto nneɛma yiye wɔ asafo ahorow mu na ɔnyɛ asɛmpatrɛw adwuma. Sɛ ɛte saa a, na ɛkyerɛ sɛ Tito kɔyɛɛ adwuma te sɛ nea ɔyɛe wɔ Kreta no bi.
Hwɛ aseda ara a yɛde ma sɛ yɛwɔ Kristofo ahwɛfo a wɔn ho akokwaw te sɛ Tito! Sɛnea wɔte Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow ase ne akokoduru a wɔde di dwuma no boa ma wɔbɔ asafo no honhom fam yiyedi ho ban. Momma yensuasua wɔn gyidi, na yɛnyɛ yɛn ade te sɛ Tito denam yɛn mfɛfo gyidifo honhom fam yiyedi a yɛbɛma anya nkɔso no so.—Hebrifo 13:7.
[Ase hɔ asɛm]
a Galatifo 2:3 ka Tito ho asɛm sɛ Helani (Helʹlen). Eyi betumi akyerɛ sɛ na n’ase fi Hela. Nanso, ebinom kyerɛ sɛ Helafo nhoma akyerɛwfo bi de saa asɛmfua no dodow kabea (Helʹle·nes) gyinaa hɔ maa nnipa a na wɔnyɛ Helafo nanso na wɔka Helafo kasa di wɔn amammerɛ akyi no. Ebetumi aba sɛ na Tito yɛ Helani wɔ saa kwan no so.
[Kratafa 31 mfonini]
Ná Tito yɛ yɔnko dwumayɛfo kokodurufo a odii Kristofo a wɔwɔ Korinto ne mmeae foforo yiyedi ho dwuma