Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ahwɛfo a Wɔhwɛ Nguankuw No So
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
    • 11 Mmarima a wɔfata ma enti wɔpaw wɔn sɛ ahwɛfo no kari pɛ wɔ wɔn nneyɛe mu. Wɔne afoforo redi nso a, wɔda ntease adi. Wɔnyɛ katee, mmom sɛnea wɔbɔ wɔn bra no ma wuhu sɛ wɔn ani da hɔ, na wɔwɔ ahosodi. Wɔredidi oo, wɔrenom oo, wɔredi agorɔ anaa wɔregye wɔn ani mpo a, wɔnyɛ mma ɛntra so. Ɛba nsanom nso a, wɔma wɔn ani da hɔ na obi anka sɛ wɔabow nsa anaa wɔyɛ asadweam. Sɛ obi nom nsa na ɔbow a, ɛyɛ den sɛ obedi ne ho so, efisɛ ontumi nnwen nneɛma ho yiye na kampɛsɛ waboa wɔn a wɔwɔ asafo no mu ma wɔasom Yehowa.

  • Ahwɛfo a Wɔhwɛ Nguankuw No So
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
    • 13 Sɛ obi yɛ ɔhwɛfo a, ɛsɛ sɛ ɔte asɛm ase. Ɛsɛ sɛ otumi ne mpanyimfo a aka no bom yɛ adwuma. Ɛnsɛ sɛ obu ne ho sen ne mfɛfo, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔhwehwɛ pii fi afoforo hɔ. Esiane sɛ ɔhwɛfo te asɛm ase nti, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ kankabi a bere nyinaa osusuw sɛ nea ɔbɛka no ye sen mpanyimfo a aka no de. Ebetumi aba sɛ afoforo wɔ su bi a onni bi anaa wɔbɔ nneɛma bi mu mmɔden sen no. Sɛ yɛka sɛ asafo mu panyin bi te asɛm ase a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔde ne nsusuwii gyina Kyerɛwnsɛm so pintinn, na ɔbɔ mmɔden sɛ obesuasua Yesu Kristo. (Filip. 2:2-8) Ɛnsɛ sɛ asafo mu panyin yɛ obi a ɔpɛ ntɔkwaw anaa ɔyɛ basabasa, mmom odi afoforo ni na obu wɔn sɛ wɔsen no. Asafo mu panyin de, ɛnsɛ sɛ odi ne koko so asɛm na ɔhwɛ kwan sɛ bere nyinaa afoforo begye ne nsusuwii atom. Ɛnsɛ sɛ ne bo fuw ntɛmntɛm, na mmom ɛsɛ sɛ ɔne afoforo tena asomdwoe mu.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena