‘Ma Wɔn A Wɔn Ho Tew . . . ’
AKYINNYE biara nni ho sɛ nnipa a wogye Bible no di ho dwiriw wɔn bere a wɔkenkan asɛmti bi a na ɛwɔ United States atesɛm krataa bi mu nnansa yi no sɛ: “So Wonsiw Bible no Ano? Ɛka nguamansɛm.” Ná ɔkyerɛwfo no a ɔyɛ ɔsɔfo no renka no anibere so sɛ wonsiw Bible no ano, na mmom ɔkyerɛe sɛ ɛhyɛ nea Kristofo bebu no sɛ abrabɔ bɔne ho nkuran.
Bible no fã a na ɛwɔ n’adwene mu ne Salomo Nnwom mu Dwom nhoma no. Sɛnea ɔka ho asɛm ni: “Salomo Nnwom mu Dwom no . . . ka nguamansɛm a ɛkanyan akɔnnɔ kɛse sen nea ɛkɔ so wɔ nguaman-dan biara mu.” Ɔkɔ so sɛ “Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na saa adɔfo yi aware; na ɔbea no da adagyaw mpɛn pii wɔ asɛm no mu (eduu baabi no ɔkae sɛ, sɛ ne dɔfo no amfa no ankɔ ne pia mu a ɔbɛsan ahyɛ n’atade) . . . ”
So woakenkan nhoma no pɛn? Sɛ saa a, so wuhuu nneɛma bi a ɛte saa wɔ mu?
Salomo Nnwom mu Dwom no ka Sulemni ababaa bi dɔ a emu yɛ den ma aberante guanhwɛfo bi ho asɛm. Ekura nsɛm a ɔdɔ wom a ɛkyerɛ sɛnea wɔtee nka maa wɔn ho wɔn ho. Nanso so ɛyɛ nguamansɛm? Kenkan no mpɛn dodow biara a wopɛ, na worenhu biribiara a ɛte saa wom. Nokwarem, nnipa baanu no ammu bra bɔne biara. Wɔfrɛ Sulemni ababaa no ‘nea ne ho tew.’ Wɔ dwom no awiei no, ne su pa no yɛ nea wohu sɛ ada adi. Aberante guanhwɛfo no ankasa ka wɔ ne ho sɛ: “Me nua, m’ayeforo yɛ turo a wɔato ano pon mu, nsuaniwa a wɔasiw ano kwan, ne asubura a wɔasɔw ano.” (Nnwom mu Dwom 6:9; 4:12; 8:9, 10) Dabi, saa nnipa baanu yi abrabɔ yɛ nea na asɛm biara nni ho.
So ɛyɛ nokware sɛ “biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na saa adɔfo yi aware”? Ebia na wɔnwaree, nanso hyɛ no nsow sɛ oguanhwɛfo no frɛ Sulemni no sɛ “m’ayeforo.” Dɛn na ɔkyerɛ? Wɔ asɛm yi mu no, Hebri asɛmfua cal·lahʹ no kyerɛ ayeforo a ɔrebɛkɔ aware ase, anaa ɔyere foforo. (The New Brown, Driver, Briggs Gesenius) Esiane sɛ aberante guanhwɛfo no frɛ no ne cal·lahʹ mpɛn pii nti, ɛda adi sɛ na nnipa baanu no reyɛ aware ho nhyehyɛe. Enti, wɔn akɔnnɔ nkate horow no nyɛ nea ɛmfata.
So ɛyɛ nokware sɛ “na ɔbea no da adagyaw mpɛn pii wɔ asɛm no mu”? Mmom, kyerɛwsɛm no nka ne ntade ho asɛm, nanso so ɛno kyerɛ sɛ na ɔnhyɛ bi? Bere bi, oguanhwɛfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “W’aniwa yɛ aborɔnomani, w’anim ntontan (anaa, nkatanim) mu.” (Nnwom mu Dwom 4:1) Sɛ na wakata n’anim de a, ɛnde na ɛno kyerɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ anidahɔ, ɛnte saa?
Na asɛm a “ɔkae sɛ, sɛ ne dɔfo no amfa no ankɔ ne pia mu a, ɔbɛsan ahyɛ n’atade” no nso ɛ? Nhoma no fã biako pɛ a ɛka n’atade ho asɛm ne ti anum. Ɛha no, na Sulemni no reka dae bi mu asɛm. Ose: “Me de, mereda no, na me koma nyanee.” Afei ɔka sɛnea wɔ ne dae mu no, ne guanhwɛfo no bɔ ne pon. Ɔpow sɛ obebue no. Dɛn ntia? “Mayi m’atade, mɛyɛ dɛn mahyɛ? Mahohoro me nan ho, mɛyɛ dɛn mayɛ no fĩ?” Ampa saa asɛm yi kyerɛ sɛ Sulemni no nim ahotew!—Nnwom mu Dwom 5:2-6.
Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Ade nyinaa ho tew ma wɔn a wɔn ho tew; na wɔn a wɔn ho aba fi na wonnye nni no de, hwee ho ntew mma wɔn, na mmom wɔn adwene ne wɔn ahonim nyinaa ho aba fĩ” (Tito 1:15) Wɔ nnipa a wiase abrabɔ bɔne ho a wosusuw ama wɔn adwene ho agu fĩ fam no, wobetumi ama biribi a ɛho tew na eye te sɛ Sulemni no dɔ ma ne guanhwɛfo no mpo ayɛ te sɛ nea ɛho ntew.