Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wokɔ Yehowa Adansefo Nhyiam a Ɛbɛboa Wo Sɛn?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Adesua 10. Ɔbarima bi aba Yehowa Adansefo nhyiam, na Ɔdansefo bi abue Bible mu ama ɔno nso rehwɛ mu bi.

      ADESUA 10

      Wokɔ Yehowa Adansefo Nhyiam a Ɛbɛboa Wo Sɛn?

      Obi ato nsa afrɛ wo akɔ Yehowa Adansefo nhyiam pɛn? Sɛ wonkɔɔ bi da a, da a edi kan a wobɛyɛ w’adwene sɛ wobɛkɔ no, ebia wo yam bɛhyehye wo kakra. Ebia wubebisa sɛ: ‘Dɛn na ɛkɔ so wɔ hɔ? Adɛn nti na nhyiam a ɛte saa ho hia? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ bi?’ Adesua yi bɛboa wo ama woahu sɛ, sɛ wo ne afoforo hyiam som Onyankopɔn a, ɛbɛma woabɛn no, na wubenya mfaso pii nso.

      1. Adɛn nti paa na yehyiam som?

      Bible kyerɛwfo bi kyerɛɛ nea enti paa a yehyiam som. Ɔkaa sɛ: “Asafo kɛse mu na meyi Yehowa ayɛ.” (Dwom 26:12) Saa ara na ɛnnɛ nso Yehowa Adansefo yɛ. Wɔn ani gye ho paa sɛ wobehyiam asom Onyankopɔn. Wokɔ wiase baabiara a, nnawɔtwe biara wohyiam to nnwom, na wɔbɔ mpae yi Onyankopɔn ayɛ. Afe no mu nso, ɛwom ara a wɔyɛ nhyiam akɛse.

      2. Woba yɛn nhyiam a, nneɛma bɛn na wubesua?

      Woba yɛn nhyiam a, wubehu sɛ nea yesua nyinaa fi Bible mu, na ‘yɛkyerɛkyerɛ mu ma emu da hɔ fann.’ (Kenkan Nehemia 8:8.) Woba a, wubesua Yehowa ne ne suban ahorow a ɛyɛ fɛ no ho ade. Sɛ wuhu sɛnea Onyankopɔn dɔ wo no a, ɛbɛma woabɛn no. Afei nso wobɛba abehu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔboa wo ma esi wo yiye.—Yesaia 48:17, 18.

      3. Sɛ woba yɛn nhyiam a, sɛn na nkurɔfo a wubehyia wɔn wɔ hɔ no bɛboa wo?

      Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ ‘obiara nkanyan ne yɔnko mma ɔnna ɔdɔ adi na ɔnyɛ nnwuma pa. Na yennnyae sɛ yɛne yɛn ho behyiam.’ (Hebrifo 10:24, 25) Woba yɛn nhyiam ase a wubehu sɛ, wɔn a wɔwɔ hɔ no dodɔ wɔn ho. Wubehu nso sɛ nnipa a ɛwɔ hɔ no te sɛ wo ara; wɔn nso ani gye ho sɛ wobesua nneɛma pii afa Onyankopɔn ho. Wobɛte sɛ wɔreka Bible mu nsɛm a ɛhyɛ nkuran. (Kenkan Romafo 1: 11, 12.) Wɔn a wubehu wɔn no bi yɛ awarefo, na ebi nso nwaree. Ɔhaw a wohyia no, wubetumi ne wɔn mu bi abɔ nkɔmmɔ ahu nea ɛboa wɔn ma wotumi gyina ano. Nea enti a Yehowa pɛ sɛ yehyiam daa som no no dɔɔso; emu kakraa bi na yɛaka ho asɛm wɔ ha yi.

      SUA PII KA HO

      Hwɛ nea ɛkɔ so wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ase, ne nea enti a mfaso wɔ so sɛ wobɛkɔ bi.

      4. Nea ɛkɔ so wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ase

      Bere a Kristosom fii ase no, na Kristofo hyiam daa som Yehowa. (Romafo 16:3-5) Monkenkan Kolosefo 3:16. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Bere a Kristosom fii ase no, sɛ wohyiam a, dɛn na na wɔyɛ de som Yehowa?

      Ɛnnɛ nso, Yehowa Adansefo hyiam daa wɔ wɔn Ahenni Asa so. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea wɔyɛ wɔ wɔn nhyiam ase a, hwɛ VIDEO yi. Afei monhwɛ Yehowa Adansefo asafo nhyiam ho mfoni a ɛwɔ ti yi mu no. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.

      VIDEO: Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So? (2:12)

      • Nneɛma bɛn na Kolosefo 3:16 ka ho asɛm a Yehowa Adansefo yɛ wɔ wɔn Ahenni Asa so?

      • Ade foforo bi wɔ hɔ a wohyɛɛ no nsow wɔ video anaa mfoni no mu a w’ani gye ho wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ho anaa?

      Monkenkan 2 Korintofo 9:7. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Adɛn nti na Yehowa Adansefo nnyigye sika wɔ wɔn nhyiam ase?

      Ma onii a ɔne wo sua ade no nkyerɛ wo nea yebesua wɔ yɛn nhyiam a edi hɔ no ase

      • Nneɛma a ɔkaa ho asɛm no, emu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho anaa wohwɛ a ɛbɛboa wo paa?

      Wunim Biribi?

      Wokɔ jw.org a, wubetumi ahwehwɛ mmeae a Yehowa Adansefo hyiam wɔ wiase baabiara. Afei nso, wubetumi ahwehwɛ da ne bere pɔtee a wohyiam nso.

      Mfoni Ahorow: Ɛyɛ nneɛma bi a ɛrekɔ so wɔ Ahenni Asa so. Ebi yɛ bere a nhyiam no nnya mfii ase, bere a afi ase, ne bere a wɔapɔn. Mfoni a wɔakyerɛw ho A kosi E no, ɛno ara na ɛwɔ atifi hɔ no. A. Onua bi rema ɔkasa wɔ Ahenni Asa so. B. Yehowa Adansefo ahyiam, onii a ɔrehwɛ nhyiam no fã bi so no abisa asɛm, na onuawa bi rekyerɛ n’adwene. D. Nhyiam no aba awiei, na onua bi ne abusua bi rebɔ nkɔmmɔ. E. Ɔbarima bi a n’ani afi reba asafo nhyiam, na onua bi abue pon no ama no.
      1. A. Nea ɛkɔ so wɔ yɛn nhyiam ase: Yetie ɔkasa, yɛyɛ ɔyɛkyerɛ, na yɛhwɛ video nso. Yɛto dwom bɔ mpae de fi nhyiam biara ase, na yɛto dwom bɔ mpae nso de wie

      2. B. Dwumadi no fã bi nso, ɛyɛ a yɛfrɛ atiefo ma wɔn nso kyerɛ wɔn adwene

      3. D. Awarefo, wɔn a wɔnwaree, nkwakoraa ne mmerewa, ne mmofra nyinaa, obiara tumi ba bi

      4. E. Woba a, yɛrennye wo sika ansa na woawura mu. Yennyigye kɔlɛhyen nso

      5. Ehia sɛ wumia w’ani na woatumi akɔ asafo nhyiam

      Yɛmfa Yesu abusua sɛ nhwɛso. Afe biara, na wɔkɔ Yerusalem kodi afahyɛ. Sɛ wofi wɔn kurom Nasaret rekɔ a, na wɔde bɛyɛ nnansa na ɛnantew twa kwan a ɛyɛ mmepɔw-mmepɔw no. Monkenkan Luka 2:39-42. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Sɛ wɔretu saa kwan no akɔ Yerusalem a, wohwɛ a na ɛyɛ mmerɛw?

      • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wumia w’ani kɔ asafo nhyiam?

      • Wohwɛ a, mfaso wɔ so sɛ wubemia w’ani akɔ? Adɛn nti na woreka saa?

      Mfoni ahorow: Yosef, Maria, Yesu, ne Yesu nuanom nkumaa no mu baako reboaboa wɔn ho atu kwan. 1. Yosef de adesoa reto afurum no akyi, na Maria nso reboaboa aduan ano. 2. Efi Nasaret kɔ Yerusalem no, map a ɛwɔ hɔ no ma yehu ɔkwan no tenten.

      Bible ma yehu sɛ ɛho hia paa sɛ yehyiam som Yehowa. Monkenkan Hebrifo 10:24, 25. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ asafo nhyiam daa?

      EBINOM KA SƐ: “Ɛho nhia sɛ wo ne afoforo bɛbom asom Onyankopɔn. Wusua wo Bible wɔ fie a, ɛno ara ye.”

      • Kyerɛwsɛm anaa Bible mu nhwɛso bɛn na ɛma yehu nea Yehowa pɛ?

      NEA YƐASUA

      Wokɔ asafo nhyiam a, ɛbɛboa wo ma Yehowa ho nimdeɛ a wowɔ no ayɛ kɛse. Ɛbɛboa wo ma wo ne n’adamfofa mu ayɛ den, na wubenya hokwan ne afoforo nso abom asom no.

      Ntimu

      • Adɛn nti na Yehowa hyɛ yɛn nkuran sɛ ɛyɛ a yenhyiam nsom no?

      • Wokɔ Yehowa Adansefo nhyiam a, dɛn na wubesua wɔ hɔ?

      • Nea woaka yi akyi no, mfaso bɛn bio na wokɔ a wubetumi anya?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Sɛ wo yam hyehye wo sɛ wobɛkɔ asafo nhyiam nso ɛ? Ná owura bi nso te nka saa ara. Hwɛ nea ɛboaa no maa n’ani begyee asafo nhyiam ho.

      Nkyia no De, Yɛn Werɛ Mfi Da (4:16)

      Hwɛ nea ɛmaa aberante bi ani gyee asafo nhyiam ho, ne nea ɔyɛe a amma wannyae kɔ.

      Ná M’ani Gye Asafo Nhyiam Ho Paa! (4:33)

      Hwɛ sɛnea ebinom kɔ asafo nhyiam a ɛboa wɔn.

      “Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wokɔ Asafo Nhyiam Wɔ Ahenni Asa So?” (Ɛwɔ jw.org)

      Ná ɔbarima bi ka akorɔmfo werɛmfo kuw bi ho. Bere a ɔkɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam no, hwɛ sɛnea n’abrabɔ sesae.

      “Me Tuo De, Mankɔ Annya Hɔ Da” (Ɔwɛn-Aban, July 1, 2014)

  • Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • 5. Efi afe 1914 reba no, wiase asesa

      Hwɛ VIDEO yi.

      VIDEO: Efi Afe 1914 Reba No, Wiase No Asesa (1:10)

      Yesu ka too hɔ sɛ, sɛ wɔde no si agua so sɛ Ɔhene a, nneɛma bi besisi wɔ wiase. Monkenkan Luka 21:9-11. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Nneɛma a Yesu kaa sɛ ebesisi no, emu nea ɛwɔ he na w’ankasa wode w’ani ahu anaa woate ho asɛm?

      Ɔsomafo Paul ma yehuu sɛ, sɛ aka kakraa ama nnipa amammu aba awiei a, nnipa bɛda suban ahorow bi adi. Monkenkan 2 Timoteo 3:1-5. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Suban ahorow a ɔsomafo Paul bobɔɔ so no, emu nea ɛwɔ he na woahu sɛ nnipa reda no adi nnɛ?

      Mfoni ahorow: Ɛfa nneɛma a ebesisi ne suban a nnipa bɛda no adi wɔ awiei mmere no mu ho. 1. Sogyani bi gyina bamma so, na wama ne nsa so reteɛteɛm. 2. Asaasewosow bi asi ama dan bi abubu. 3. Wimhyɛn a asogyafo de di ako nam wim. 4. Nnipa bi a wɔnam abɔnten de ade akatakata wɔn hwene. 5. Nnipabɔnefo bi ato topae agu abansoro mmienu bi a ɛwɔ New York mu ama ogya da mu. 6. Papa bi de paane bi rewɔ ne ho; nnubɔne na ɛwɔ paane no mu. 7. Ɔbarima bi reteɛteɛm agu ne yere so, na wato ne nsa rebɛbɔ no. 8. Nnubɔne ne mmosa si pon bi so. 9. Mmea mmienu bi hyɛ ntaade a aba so, na wɔasiesie wɔn hyɛpɛɛ retwa mfoni. 10. Ɛdɔm bi ahyiam regye wɔn ani, na wɔresaw. 11. Aberante bi kura toa bi a ogya hyɛ ano a ɔde rebɛyɛ basabasa.

      6. Yɛ biribi fa kyerɛ sɛ wugye di sɛ Onyankopɔn Ahenni no redi tumi

      Monkenkan Mateo 24:3, 14. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Adwuma titiriw bɛn na ɛrekɔ so nnɛ a ɛma yehu sɛ, Onyankopɔn Ahenni no afi ase redi tumi?

      • Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa adwuma no bi?

      Onyankopɔn Ahenni no afi ase redi tumi, na ɛrenkyɛ koraa, ebedi asaase nyinaa so. Monkenkan Hebrifo 10:24, 25. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Seesei a yɛahu sɛ “ɛda no rebɛn no,” dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ?

      Mfoni ahorow: 1. Bible suani bi wɔ Yehowa Adansefo adesua ase. 2. Saa Bible suani no ara reka asɛmpa no bi akyerɛ n’adamfo bi.

      Sɛ wuhu biribi a ebetumi aboa afoforo na agye wɔn nkwa a, dɛn na wobɛyɛ?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena