Kanyan Afoforo kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu—Ɔkwan Bɛn So?
“Momma yɛn mu biara nsusuw ne yɔnko ho mfa nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, . . . yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.”—HEBRIFO 10:24, 25, NW.
1, 2. (a) Dɛn nti na na ɛho hia sɛ tete Kristofo no nya awerɛkyekye ne nkuranhyɛ fi hyia a na wohyiam no mu? (b) Paulo afotu bɛn na ɛkaa hia a ɛho hia sɛ yehyiam no ho asɛm?
WOHYIAAM wɔ kokoam a na wɔaka wɔn ho aboa ano wɔ dan bi a wɔatom mu. Ná abɔnten baabiara yɛ hu. Ná wokum wɔn Kannifo, Yesu, wɔ baguam nkyɛe, na na wabɔ n’akyidifo kɔkɔ sɛ sɛnea wɔyɛɛ no no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn nso. (Yohane 15:20; 20:19) Nanso bere a wɔbrɛɛ wɔn nne ase kaa Yesu a wɔdɔ no no ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔmmɔ hu pii esiane sɛ na wɔwɔ faako no nti.
2 Ɛbere kɔɔ so no, Kristofo hyiaa sɔhwɛ ne ɔtaa ahorow nyinaa bi. Te sɛ saa asuafo a wodi kan no, wonyaa awerɛkyekye ne nkuranhyɛ fii hyia a wohyiam faako no mu. Enti, ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ Hebrifo 10:24, 25, NW sɛ: “Momma yɛn mu biara nsusuw ne yɔnko ho mfa nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, a yemmu yɛn ani ngu hyia a yebehyiam so te sɛ nea ebinom de ayɛ wɔn su no, na mmom momma yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.”
3. Dɛn nti na wobɛka sɛ Hebrifo 10:24, 25 nyɛ ahyɛde a ɛkyerɛ sɛ Kristofo nhyiam kɛkɛ?
3 Saa nsɛm no nyɛ ahyɛde a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hyiam kɛkɛ. Ɛkyerɛ gyinapɛn a wɔnam honhom so de mae wɔ Kristofo nhyiam horow nyinaa ho—ne nokwarem no, bere biara a Kristofo hyiam bɔ fekuw no. Ɛnnɛ a yehu no pefee sɛ Yehowa da no rebɛn no, nhyehyɛe bɔne yi mu nhyɛso ne asiane ahorow no ama ɛho abehia sen bere biara sɛ yɛn nhyiam horow no yɛ te sɛ atrae a ahobammɔ wɔ, baabi a obiara nya ahoɔden ne nkuranhyɛ. Dɛn na yebetumi ayɛ ma eyi atumi ayɛ yiye? Ma yɛnhwehwɛ Paulo nsɛm no mu yiye, na yemmisa nsɛntitiriw abiɛsa yi: Dɛn na ‘yɛn yɔnko ho a yebesusuw’ no kyerɛ? Sɛ́ ‘yɛbɛkanyan yɛn ho yɛn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu’ no kyerɛ dɛn? Nea edi akyiri koraa no, ɔkwan bɛn so na yebetumi ‘ahyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran’ wɔ mmere a emu yɛ den yi mu?
‘Yensusuw Yɛn Yɔnkonom Ho’
4. Sɛ́ ‘yebesusuw yɛn yɔnkonom ho’ no kyerɛ dɛn?
4 Bere a Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wonsusuw wɔn yɔnkonom ho’ no, ɔde Hela adeyɛ asɛm ka·ta·no·eʹo, a ɛyɛ asɛm a na wɔtaa de gyina hɔ ma “sɛ́ wobehu biribi,” a wɔasi so dua no na edii dwuma. Theological Dictionary of the New Testament ka sɛ ɛkyerɛ “sɛ́ obi de n’adwene nyinaa besi biribi so.” Sɛnea W. E. Vine kyerɛ no, ebetumi nso akyerɛ “sɛ́ wɔbɛte biribi ase korakora, wɔbɛhwɛ biribi yiye.” Enti sɛ Kristofo ‘susuw wɔn yɔnkonom ho’ a, wonhu ade aniani kɛkɛ, na mmom wɔde wɔn adwene nyinaa di dwuma bɔ mmɔden sɛ wɔbɛte nneɛma ase akɔ akyiri.—Fa toto Hebrifo 3:1 ho.
5. Nneɛma bɛn na ɛwɔ obi ho a ebia ɛrenna adi ntɛm, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw eyinom ho?
5 Ɛho hia sɛ yɛkae sɛ yɛn ani kɛkɛ a yɛde hu sɛnea obi te, ne nnwuma, anaa nea obi nipasu da no adi no ara nnɔɔso. (1 Samuel 16:7) Mpɛn pii no, sɛnea obi a ɔmpɛ kasa te nka ankasa anaa sɛnea ne ho yɛ anika fa no nna adi. Afei nso ɛsono obiara ntetee koraa. Ebinom ahyia ɔhaw tebea horow wɔ wɔn asetra mu; ebinom nso wɔ tebea horow mu seesei a ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase. Hwɛ sɛnea ɛtaa ba sɛ biribi a ɛwɔ onua anaa onuawa bi ho a ɛhyɛ yɛn abufuw no yera bere a yebehu pii fa onii no ntetee anaa ne nsɛm tebea ho no.—Mmebusɛm 19:11.
6. Akwan a yebetumi afa so ahu yɛn ho yɛn ho yiye no bi ne dɛn, na adepa bɛn na ebetumi afi mu aba?
6 Nokwarem no, eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyehyɛ afoforo nsɛm mu bere a wɔmfrɛɛ yɛn. (1 Tesalonikafo 4:11) Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi ada anigye adi akyerɛ yɛn ho yɛn ho. Eyi hwehwɛ pii sen Ahenni Asa so nkyia ara kwa. Dɛn nti na wunyi obi a wobɛpɛ sɛ wuhu no yiye na wo ne no mmɔ nkɔmmɔ simma kakraa bi ansa na nhyiam no afi ase anaasɛ bere a aba n’awiei no? Nea ɛsen saa no, ‘bɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden,’ to nsa frɛ onipa biako anaa baanu bra wo fie ma wommedi nnɔkɔnnɔkɔwade kakraa bi. (Romafo 12:13) Kyerɛ anigye. Tie. Bisa a wubebisa nea ɛyɛe a obi behuu Yehowa na obenyaa ne ho dɔ no kɛkɛ bɛda nneɛma pii adi. Nanso, wubetumi asua pii aka ho denam afie afie asɛnka adwuma a wone no bɛyɛ no so. Susuw a yebesusuw yɛn yɔnkonom ho wɔ saa kwan no so no bɛboa yɛn ma yɛanya tema anaa timmɔbɔ ankasa.—Filipifo 2:4; 1 Petro 3:8.
‘Yɛnkanyan Yɛn Ho Yɛn Ho’
7. (a) Yesu nkyerɛkyerɛ no kaa nkurɔfo dɛn? (b) Dɛn na ɛmaa ne nkyerɛkyerɛ no tuu mpɔn saa?
7 Sɛ yesusuw yɛn yɔnkonom ho a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkanyan afoforo ahyɛ wɔn nkuran ma wɔayere wɔn ho. Kristofo mpanyimfo na wodi dwuma a ɛho hia titiriw wɔ eyi yɛ mu. Ɛdefa bere bi a Yesu kasaa baguam ho no, yɛkenkan sɛ: “Ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn.” (Mateo 7:28) Bere foforo nso asraafo bi a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyere no mpo san ba bɛkae sɛ: “Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da.” (Yohane 7:46) Dɛn na ɛmaa Yesu nkyerɛkyerɛ no tuu mpɔn saa? Efi nkate a emu yɛ den a ɔdaa no adi? Dabi; Yesu kasaa nidi mu. Nanso, ɔde yɛɛ ne botae bere nyinaa sɛ obedu n’atiefo koma mu. Esiane nkurɔfo no ho a osusuwii nti, na onim ɔkwan pɔtee a ɔbɛfa so akanyan wɔn. Ɔde mfatoho ahorow a emu da hɔ na asete nyɛ den a ɛfa da biara da asetra mu nneɛma ho dii dwuma. (Mateo 13:34) Saa ara na ɛsɛ sɛ wɔn a wonya dwumadi wɔ yɛn nhyiam horow ase no suasua Yesu na wɔma ɔkasa ahorow a emu yɛ hyew, na ɛyɛ anigye a ɛkanyan nkurɔfo. Te sɛ Yesu no, yebetumi abɔ mmɔden ahwehwɛ mfatoho ahorow a ɛfata yɛn atiefo na edu wɔn koma mu.
8. Ɔkwan bɛn so na Yesu nam nhwɛso so kanyan nkurɔfo, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua no wɔ eyi yɛ mu?
8 Bere a yɛresom yɛn Nyankopɔn no, yɛn nyinaa betumi ayɛ nhwɛso de akanyan yɛn ho yɛn ho. Ɛda adi sɛ Yesu kanyan n’atiefo. Ná ɔpɛ Kristofo som adwuma no, na ɔkamfoo ɔsom adwuma no. Ɔkae sɛ ɛte sɛ aduan ma no. (Yohane 4:34; Romafo 11:13) Anigye a wɔda no adi saa no tumi ka afoforo. Wo nso wubetumi ama ɔsom adwuma no ho anigye a wowɔ ada adi? Ka wo suahu pa no kyerɛ afoforo a wɔwɔ asafo no mu, bere a wohwɛ yiye na nsɛm a woka no ankyerɛ sɛ worehoahoa wo ho. Sɛ woto nsa frɛ afoforo sɛ wɔne wo mmɛyɛ adwuma a, hwɛ sɛ wubetumi aboa wɔn ma wɔanya anigye ankasa afi yɛn Bɔfo Kɛse, Yehowa, ho asɛm a wɔka kyerɛ afoforo no mu.—Mmebusɛm 25:25.
9. (a) Akwan bɛn na wɔnam so kanyan afoforo a ɛsɛ sɛ yɛkwati, na dɛn ntia? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛde yɛn ho ma Yehowa som?
9 Nanso, hwɛ yiye na woankanyan afoforo wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Sɛ nhwɛso no, yebetumi ama wɔn ahonim abu wɔn fɔ sɛ wontumi nyɛ pii, bere a yɛn adwene mma so. Yebetumi ahyɛ wɔn aniwu a yɛnhyɛ da denam afoforo a nnipa ani so no, wɔbɔ mmɔden sen wɔn no ho a yɛde wɔn bɛtoto no so, anaasɛ ebi mpo a yɛbɛhyehyɛ gyinapɛn katee bi na yɛabu wɔn a wonnu ho no animtiaa. Ebia saa akwan yi mu biara bɛka ebinom ma wɔakeka wɔn ho akosi bere bi, nanso Paulo ankyerɛw sɛ, ‘Yɛnkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ afobu ne nnwuma pa mu.’ Dabi, ɛsɛ sɛ yɛkanyan kɔ ɔdɔ mu, na ɛno ansa na nnwuma pa nso befi adwempa mu aba. Ɛnsɛ sɛ obiara ma adwene a afoforo a wɔwɔ asafo no mu benya wɔ ne ho bere a onnu ahwehwɛde ahorow bi ho no yɛ ade titiriw a ɛkanyan no.—Fa toto 2 Korintofo 9:6, 7 ho.
10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yenni afoforo gyidi so tumi?
10 Sɛ́ yɛbɛkanyan yɛn ho yɛn ho no nkyerɛ sɛ yenni afoforo so. Tumi a Onyankopɔn de maa ɔsomafo Paulo nyinaa akyi no, ofi ahobrɛase mu kaee Korintofo asafo no sɛ: ‘Yɛnhyɛ mo gyidi so.’ (2 Korintofo 1:24) Sɛ yɛyɛ te sɛ ɔno, fi ahobrɛase mu kae sɛ ɛnyɛ yɛn adwuma sɛ yɛbɛkyerɛ dodow a ɛsɛ sɛ afoforo yɛ de som Yehowa anaa yɛhyɛ wɔn ahonim so wɔ nsɛm afoforo a ɛsɛ sɛ wɔn ankasa si ho gyinae mu a, yɛbɛkwati sɛ yɛbɛyɛ ‘atreneefo bebrebe,’ nkurɔfo a wɔnna anigye adi, wɔyɛ katee, wonni adwempa, anaa wɔhyehyɛ mmara. (Ɔsɛnkafo 7:16) Su horow a ɛtete saa no nkanyan nkurɔfo; ɛhyɛ wɔn so.
11. Dɛn na ɛkanyan nkurɔfo ma woyii ntoboa bere a na wɔresi Israel ntamadan no, na ɔkwan bɛn so na ebetumi aba saa wɔ yɛn nna yi mu?
11 Yɛpɛ sɛ mmɔden biara a yɛbɛbɔ wɔ Yehowa som mu no, yɛbɔ no wɔ honhom koro no ara a wɔdaa no adi wɔ tete Israel, bere a na wohia ntoboa a wɔde besi ntamadan no mu. Exodus 35:21 kenkan sɛ: “Na wɔbae, obiara a ne koma kanyan no, ne obiara a ne honhom kaa no, na wɔde [Yehowa] somã afɔrebɔde bae sɛ wɔmfa nyɛ [adwuma no].” Obiara anhyɛ wɔn, na mmom wofi wɔn ankasa pɛ mu, wɔn koma mu. Nokwarem no, sɛnea ɛha akenkan no te wɔ Hebri mu ankasa ne sɛ “obiara a ne koma maa ne so” no yii ntoboa a ɛte saa no bi. (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Yɛnyɛ pii nka ho mmɔ mmɔden sɛ bere biara a yebehyiam no, yɛbɛma yɛn ho yɛn ho koma so. Yehowa honhom betumi ayɛ nea aka biara.
“Yɛnhyehyɛ Yɛn Ho Nkuran”
12. (a) Ntease a Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase ‘nkuranhyɛ’ no kura no bi ne dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Hiob nnamfo no anhyɛ no nkuran? (d) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ho yɛn ho ntɛn?
12 Bere a Paulo kyerɛwee sɛ “yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran” no, ɔde Hela asɛmfua pa·ra·ka·leʹo, a ebetumi nso akyerɛ ‘hyɛ den, kyekye werɛ’ na edii dwuma ɔkwan foforo so. Wɔ Hela Septuagint nkyerɛwee no mu no, asɛmfua koro no ara na wɔde dii dwuma wɔ Hiob 29:25, faako a wɔkaa Hiob ho asɛm sɛ obi a ɔkyekye nkɔmmɔdifo werɛ no. Anwonwasɛm ne sɛ, bere a na Hiob ankasa wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den mu no, wannya nkuranhyɛ a ɛte saa biara. Ná “n’awerɛkyekyefo” baasa no ani abere a wɔrebu no atɛn, toatoa nsɛntenten araa ma wɔannya ntease ne tema amma no. Nokwarem no, wɔ nsɛm a wɔkae no nyinaa mu no, wɔamfa Hiob din ankasa amfrɛ no pɛnkoro mpo. (Hwɛ sɛnea ɛbɔ Hiob 33:1, 31 abira.) Ɛda adi sɛ wobuu no sɛ ɔyɛ adesoa sen sɛ wobebu no sɛ onipa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Hiob fi abasamtu mu teɛɛm ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mo kra wɔ me kra ananmu a”! (Hiob 16:4) Saa ara na ɛnnɛ, sɛ wopɛ sɛ wohyɛ obi nkuran a, ɛsɛ sɛ woda tema adi! Mmu atɛn. Sɛnea Romafo 14:4 ka no, “hena ne wo a wubu obi fienipa atɛn? N’ankasa ne wura anim na ogyina anaasɛ ɔhwe ase; nanso obegyina, na [Yehowa] betumi ama wagyina.”
13, 14. (a) Nokwasɛm titiriw bɛn na ehia sɛ yɛma yɛn nuanom mmarima ne mmea hu na ama yɛatumi akyekye wɔn werɛ? (b) Ɔkwan bɛn na ɔbɔfo bi faa so hyɛɛ Daniel den?
13 Wɔkyerɛ pa·ra·ka·leʹo ne edin kyerɛfo a wonya fi mu no ase wɔ 2 Tesalonikafo 2:16, 17 sɛ “awerɛkyekye”: “Na ɔno, yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekye ne anidaso pa ɔdom mu no, ɔnkyekye mo [koma, NW] werɛ, na ɔnhyɛ mo den, asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.” Hyɛ no nsow sɛ Paulo de adwene a ɛne sɛ wɔbɛkyekye yɛn koma werɛ no bata nokwasɛm titiriw a ɛne sɛ Yehowa dɔ yɛn no ho. Enti yebetumi ahyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran, akyekye yɛn ho yɛn ho werɛ denam saa nokwasɛm a ɛho hia no a yebesi so dua no so.
14 Bere bi, anisoadehu a ɛyɛ hu bi a odiyifo Daniel hui no haw n’adwene araa ma ɔkae sɛ: “M’ahoɔfɛ dan yɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na mannya ahoɔden biara.” Yehowa somaa ɔbɔfo bi kɔkaee Daniel mpɛn pii sɛ Onyankopɔn bu no sɛ “ɔdɔfo.” Dɛn na efii mu bae? Daniel ka kyerɛɛ ɔbɔfo no sɛ: “Woahyɛ me den.”—Daniel 10:8, 11, 19.
15. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne ahwɛfo akwantufo kari pɛ wɔ nkamfo ne nteɛso a wɔde ma mu?
15 Enti, eyi yɛ ɔkwan foforo a wɔfa so hyɛ afoforo nkuran. Kamfo wɔn! Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛyɛ katee na yɛahyɛ afoforo so. Ampa, ɛtɔ mmere bi a ɛho behia sɛ mpanyimfo ne ahwɛfo akwantufo titiriw de nteɛso ma. Nanso sɛ wɔda wɔn ho adi sɛ wofi mmɔborohunu mu de nkuranhyɛ ma sen sɛ wɔbɛhwehwɛ afoforo ho mfomso a, ɛbɛyɛ papa ama wɔn.
16. (a) Sɛ yɛrehyɛ wɔn a wɔanya adwenemhaw nkuran a, dɛn nti na mpɛn pii no ɛnnɔɔso sɛ yɛbɛhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ pii nka ho wɔ Yehowa som mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa boaa Elia bere a onyaa adwenemhaw no?
16 Wɔn a wɔwɔ adwenemhaw mu no na wohia nkuranhyɛ kɛse, na Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛn a yɛyɛ mfɛfo Kristofo no bɛyɛ mmoa fibea—titiriw sɛ yɛyɛ mpanyimfo a. (Mmebusɛm 21:13) Dɛn na yebetumi ayɛ? Ebia ɛnyɛ ano aduru ara ne sɛ yɛbɛka akyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ pii nka ho wɔ Yehowa som mu. Dɛn ntia? Efisɛ ɛno betumi akyerɛ sɛ yere a wɔnyere wɔn ho nti na wɔwɔ adwenemhaw mu no. Mpɛn pii no ɛnyɛ saa na asɛm no te. Bere bi, na odiyifo Elia wɔ adwenemhaw kɛse mu araa ma ɔpɛe sɛ owu; nanso na ɛyɛ bere a ɔde ne ho ahyɛ Yehowa som adwuma mu denneennen. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne no dii? Ɔsomaa ɔbɔfo bi ma ɔde mmoa a mfaso wɔ so mae. Elia kaa nea ɛwɔ ne koma mu nyinaa kyerɛɛ Yehowa, daa no adi sɛ ɔte nka sɛ ne so nni mfaso te sɛ ne nananom a wɔawuwu no ara pɛ, adwuma a ɔyɛe no nyinaa ayɛ ɔkwa, na aka ne nkutoo. Yehowa tiee no, na ɔdaa Ne tumi adi ɔkwan a ɛyɛ hu so maa no awerɛhyem a ɛyɛ awerɛkyekye sɛ ɛnkaa ne nkutoo koraa, na obewie adwuma a wafi ase no. Yehowa hyɛɛ bɔ nso sɛ ɔbɛma Elia anya obi aka ne ho a ɔbɛtete no ma akyiri yi wadi n’ade.—1 Ahene 19:1-21.
17. Ɔkwan bɛn so na ɔpanyin betumi de nkuranhyɛ ama obi a ɔyɛ katee wɔ n’ankasa so?
17 Hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran! Ɛmmra sɛ yɛn nso yɛbɛhyɛ wɔn a wɔahaw a wɔwɔ yɛn mu no nkuran. Bɔ mmɔden tie wɔn na ama woate wɔn ase! (Yakobo 1:19) Fa Kyerɛwnsɛm mu awerɛkyekye a ɛfata wɔn mu biara ahiade ma. (Mmebusɛm 25:11; 1 Tesalonikafo 5:14) Sɛnea ɛbɛyɛ a mpanyimfo betumi ahyɛ wɔn a wɔyɛ katee wɔ wɔn ankasa so no nkuran no, wobetumi afi ayamye mu de Kyerɛwnsɛm mu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa dɔ wɔn, na wɔsom bo ma no ama wɔn.a Agyede no a wɔne wɔn a wɔte nka sɛ wɔn so nni mfaso no besusuw ho no betumi ayɛ nkuranhyɛ kɛse ama wɔn. Ebia ɛho behia sɛ wɔkyerɛ obi a ɔredi bɔne a ɔyɛɛ no mmere bi a atwam ho yaw no sɛ sɛ wanu ne ho ampa na watwe ne ho afi nneyɛe a ɛte saa biara ho nkutoo de a, agyede no atew ne ho.—Yesaia 1:18.
18. Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so de agyede ho nkyerɛkyerɛ no hyɛ obi a onipa foforo ayɛ no amumɔyɛde bi te sɛ mmonnaato no nkuran?
18 Nokwarem no, ɔpanyin bi besusuw tebea biara ho na ama ɔde saa nkyerɛkyerɛ no adi dwuma yiye. Susuw nhwɛso bi ho: Mose Mmara no mu mmoa afɔrebɔ ahorow a na wɔde pata bɔne biara no yɛɛ Kristo agyede afɔrebɔ no ho mfonini. (Leviticus 4:27, 28) Nanso, na mmara biara nni hɔ a ɛhwehwɛ sɛ obi a wɔto no mmonnaa bɔ bɔne ho afɔre a ɛte saa. Mmara no kae sɛ ‘wɔnnyɛ hwee’ mfa ntwe ɔbea no aso. (Deuteronomium 22:25-27) Enti ɛnnɛ, sɛ wɔatow ahyɛ onuawa bi so ato no mmonnaa, na sɛ eyi ama ɔte nka sɛ ne ho ntew na ne so nni mfaso a, so ɛbɛyɛ papa sɛ wobesi so dua sɛ ohia agyede no na atew ne ho afi saa bɔne no ho? Dabida. Wannyɛ bɔne sɛ obi to hyɛɛ ne so no. Ɛyɛ mmonnaatofo no na ɔyɛɛ bɔne a ehia sɛ wɔtew ne ho. Nanso, wobetumi de ɔdɔ a Yehowa ne Kristo nam agyede no a wɔde mae so daa no adi no adi dwuma sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ onipa foforo bɔne nguu ne ho fĩ wɔ Onyankopɔn ani so, na mmom ɔsom bo ma Yehowa, na ɔda so ara dɔ no.—Fa toto Marko 7:18-23; 1 Yohane 4:16 ho.
19. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ fekuw a yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea bɛbɔ nyinaa de nkuranhyɛ bɛba, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?
19 Yiw, ɛmfa ho sɛnea obi tebea te wɔ asetram, ɛmfa ho nsɛm a ɛyɛ yaw bi a ɛtoo no mmere bi a etwaam no, ɛsɛ sɛ otumi nya nkuranhyɛ fi Yehowa nkurɔfo asafo mu. Na sɛ yɛn mu biara bɔ mmɔden sɛ bere biara a yebehyiam no, yebesusuw yɛn yɔnkonom ho, akanyan yɛn ho yɛn ho, na yɛahyehyɛ yɛn ho nkuran a, saa na ɛbɛba. Nanso esiane sɛ yɛn nyinaa nyɛ pɛ nti, ɛtɔ da bi a yɛnyɛ saa. Ɛwɔ hɔ wɔ hɔ a, yedi afoforo huammɔ na yɛyɛ ade mpo ma ɛhaw wɔn a yɛnhyɛ da. Bɔ mmɔden sɛ womfa w’adwene nsi mfomso a afoforo di wɔ eyi mu no so. Sɛ wode w’adwene si sintɔ ahorow so a, ebetumi ama woayɛ katee wɔ asafo no so ma ebi mpo a woatɔ afiri a Paulo nyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛakwati no mu, ma woabu w’ani agu hyia a yebehyiam no so. Ɛmpare yɛn sɛ ɛbɛba saa! Bere a saa nhyehyɛe dedaw yi mu kɔ so yɛ hu na nhyɛso redɔɔso no, momma yensi yɛn bo denneennen sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi, na ama fekuw a yɛbɔ wɔ nhyiam horow ase no ama denhyɛ—na yɛayɛ saa, titiriw bere a yehu sɛ Yehowa da no rebɛn no!
[Ase hɔ asɛm]
a Ɔpanyin bi betumi apaw sɛ ɔne onipa a ɔte saa no besua Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm a ɛhyɛ nkuran—sɛ nhwɛso no, “Wubenya Ɔdom so Mfaso?” ne “Adwenemhaw a Wubedi So.”—Engiresi Ɔwɛn-Aban, February 15 ne March 1, 1990.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛn nhyiam ne fekubɔ hyɛ nkuran wɔ nna a edi akyiri yi mu?
◻ Sɛ́ yebesusuw yɛn yɔnkonom ho no kyerɛ dɛn?
◻ Sɛ́ yɛbɛkanyan yɛn ho yɛn ho no kyerɛ dɛn?
◻ Dɛn na hyɛ a yɛbɛhyehyɛ yɛn ho nkuran no hwehwɛ?
◻ Ɔkwan bɛn so na wobetumi ahyɛ wɔn a wɔanya adwenemhaw ne wɔn a wɔn abasam atu nkuran?
[Kratafa 16 mfonini]
Ahɔhoyɛ boa yɛn ma yehu yɛn ho yɛn ho yiye
[Kratafa 18 mfonini]
Bere a Elia nyaa adwenemhaw no, Yehowa fi ayamye mu kyekyee ne werɛ