Nkitahodi Wɔ Abusua Mu Ne Asafo No Mu
“Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu.”—KOLOSEFO 4:6.
1. Bere a Onyankopɔn de Hawa bɛkyerɛɛ Adam no, dɛn na ɔkae?
“ONIPA biara nni hɔ a ɔyɛ supɔw . . . Onipa biara yɛ asasepɔn no fã bi.” Saa na ɔbarima ɔdenimfo bi a ɔhwɛ ade yiye kyerɛwee mfehaha pii a atwam ni. Ɔkaa saa no, na ɔrefoa nea Ɔbɔadeɛ no ka faa Adam ho yi nsɛmmoa ara kɛkɛ: “Enye sɛ onipa nko tra.” Na Adam wɔ akyɛde a ɛne kasa, efisɛ na wama mmoa no nyinaa din. Nanso na Adam nni ɔdesani abɔde foforo biara a ɔne no bedi nkitaho. Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a Onyankopɔn de Hawa a ne ho yɛ fɛ no bɛkyerɛɛ no sɛ ne yere no, ɔkae sɛ: “Afei me nnompe mu dompe ne me honam mu nam ni”! Saa kwan yi so no, bere a adesamma abusua a edi kan no nyaa ne mfiase no, Adam fii ase ne ɔdesani te sɛ ɔno ara dii nkitaho.—Genesis 2:18, 23.
2. Ade bɔne bɛn na ebetumi afi TV hwɛ a wɔnto ano hye mu aba?
2 Abusua no yɛ beae a ɛfata ma nkitahodi. Nokwarem no, sɛ abusua asetra bɛyɛ yiye a, egyina ɛno so. Nanso, nkitahodi gye bere ne mmɔdenbɔ. Ɛnnɛ, nneɛma a egye bere pii sen biara mu biako ne TV. Ebetumi ayɛ adwinnade a ɛsɛe ade wɔ anyɛ yiye koraa no, akwan abien so. Nea edi kan no, ne hwɛ betumi ayɛ akɔnnɔ araa ma aka abusua mufo hɔ, na atew nkitahodi so. Bio nso, TV betumi ayɛ ɔkwan a wɔfa so guan fi akasakasa ne ɛyawdi ano. Sɛ anka awarefo binom besiesie wɔn ntam nsɛnnennen mmom no, wɔpaw sɛ wɔbɛka wɔn ano atom na wɔahwɛ TV. Enti TV betumi de nkitaho a wonni, a wose ɛno ne ade a edi kan a ɛsɛe aware no aba. Wɔn a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ho so wɔ TV hwɛ mu no betumi asusuw ho sɛ ebia ɛsɛ sɛ wogyae hwɛ koraa.—Mateo 5:29; 18:9.
3. Ɔkwan bɛn so na ebinom anya TV hwɛ a wɔtew so mu mfaso?
3 Nokwarem no, yɛn nsa aka amanneɛbɔ ahorow a ɛyɛ anigye a ɛkyerɛ nhyira horow a ebinom anya bere a wɔtew TV hwɛ so anaasɛ wogyaee hwɛ koraa no. Abusua biako kyerɛwee sɛ: “Yɛbɔ nkɔmmɔ pii . . ., yɛyɛ Bible nhwehwɛmu pii . . . Yebom di agoru ahorow . . . Yɛn asɛnka adwuma afã horow nyinaa akɔ soro.” Bere a abusua foforo bi yii wɔn TV fii fie hɔ akyi no wɔkae sɛ: “Ɛnyɛ sɛ ɛma yɛnsɛe sika nko [na wɔhwɛ cable TV tua ho ka] na mmom aka yɛn abom yiye sɛ abusua na yɛanya nneɛma pii a ɛho wɔ mfaso a yɛde yɛn mmere bɛyɛ. Yɛn ani nhaw bere biara da.”
Adehwɛ, Kasa, ne Asɛntie
4. Ɔkwan bɛn so na awarefo betumi ne wɔn ho adi anisɔ a wɔwɔ ma wɔn ho no ho nkitaho?
4 Nkitahodi gu ahorow wɔ abusua no mu. Ebinom nyɛ nea wɔde ano ka. Sɛ nnipa baanu hwɛ wɔn ho wɔn ho anim kɛkɛ a, ɛyɛ ɔkwan bi a wɔfa so di nkitahodi. Tra a wɔbom tra ase betumi ama obi ate nka sɛ wodwen ne ho. Sɛ ɛnyɛ biribi a wɔrentumi nkwati nti a, ɛsɛ sɛ awarefo kwati sɛ wɔn ntam bɛtetew bere tenten. Awarefo betumi ama wɔn ho anigye a wɔwɔ no akɔ so ayɛ kɛse denam abusuabɔ a emu yɛ den mu anigye a wonya wɔ aware mu no so. Ɛdenam sɛnea wɔyɛ wɔn ade ɔdɔ ne obu kwan so kyerɛ wɔn ho, sɛ ebia wɔ baguam anaasɛ wɔ kokoam, na wɔda nidi a ɛfata adi wɔ wɔn ahosiesie ne nneyɛe mu so no, wobetumi ne wɔn ho adi anisɔ kɛse a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho no ho nkitaho a wɔnnkasa. Ɔhene Salomo onyansafo no de nsɛm a edi so yi kaa ho asɛm: “Ma w’abura nyɛ nhyira, na wo ne wo mmerantebere mu yere ani nnye.”—Mmebusɛm 5:18.
5, 6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ okununom hu hia a ehia sɛ wɔne wɔn yerenom bedi nkitaho?
5 Nkitahodi hwehwɛ nso sɛ wɔbɔ nkɔmmɔ—wɔne wɔn ho wɔn ho kasa, ɛnyɛ sɛ obiako bɛkasa a ontie nea ɔfoforo no ka. Ɛwom sɛ mmea binom nim sɛnea wɔda wɔn atenka adi kyerɛ sen mmarima de, nanso ɛnsɛ ɛno ma okununom yɛ wɔn a wɔnka wɔn atenka nkyerɛ. Ɛsɛ sɛ Kristofo okununom hu sɛ nkitahodi a enni hɔ yɛ ɔhaw titiriw wɔ aware pii mu, ma enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nkɔmmɔbɔ ho kwan akɔ so ada hɔ. Nokwarem no, sɛ wɔne wɔn yerenom nyinaa tie afotu pa a ɔsomafo Paulo de ma wɔ Efesofo 5:25-33 no a, wɔbɛyɛ eyi. Sɛ okunu bɛdɔ ne yere sɛ n’ankasa ho a, ɛsɛ sɛ ɔma ɔyere no ahotɔ ne anigye a obenya ho hia no, ɛnyɛ ne nkutoo de. Sɛ ɛno betumi aba a, nkitahodi ho hia yiye.
6 Ɛnsɛ sɛ okunu yɛ n’ade te sɛ ɛsɛ sɛ ne yere tumi hu sɛ n’ani sɔ no. Ɛho hia sɛ ɔma no awerɛhyem sɛ ɔdɔ no. Obetumi ada n’anisɔ adi akwan horow pii so—denam nsɛm a ɛda ne dɔ ma no adi a ɔbɛka ne akyɛde a ɔnhwɛ kwan a ɔde bɛma no, ne nsɛm a ɛfa ne ho nyinaa a ɔbɛma wahu no so. Asɛnnennen foforo nso ne sɛ ɔbɛma ne yere ahu sɛ n’ani sɔ ne mmɔdenbɔ ahorow no, sɛ ɛyɛ n’ahosiesie, adwuma a ɔyɛ ma abusua no, anaa sɛnea ofi koma nyinaa mu boa honhom fam dwumadi ahorow no mu. Bio nso, sɛnea ɛbɛyɛ na okunu atumi atie ɔsomafo Petro afotu a ɛwɔ 1 Petro 3:7, a ese ‘ɔne ne yere ntra nimdeɛ mu’ no, ɛsɛ sɛ ɔte nka ma no, na ɔda eyi adi denam nsɛm a ɛho hia wɔn baanu nyinaa a ɔne no bɛbɔ ho nkɔmmɔ, na wadi no ni sɛ ade a ne ho nyɛ den no so.—Mmebusɛm 31:28, 29.
7. Asɛyɛde bɛn na ɔyere wɔ sɛ ɔne ne kunu bedi nkitaho?
7 Saa ara na sɛ ɔyere betumi de afotu a ɛfa ahobrɛase ho a ɛwɔ Efesofo 5:22-24 no adi dwuma a, ɛsɛ sɛ ɔma nkitahodi ho kwan a ɛbɛkɔ so ada ɔne ne kunu ntam no ho hia no. Ɛsɛ sɛ ‘obu’ ne kunu ‘yiye’ wɔ ɔkasa ne nneyɛe nyinaa mu. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ anaasɛ obu n’ani gu nea ne kunu pɛ so. (Efesofo 5:33) Ɛsɛ sɛ ɔne ne kunu tu agyina bere nyinaa.—Fa toto Mmebusɛm 15:22 ho.
8. Sɛ nkitahodi ho kwan bɛkɔ so ada hɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyerenom nya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ?
8 Bio nso ɛnsɛ sɛ ɔbea ka n’ano tom wɔ biribi a ɛhaw no ho a ɔnka hwee de kyerɛ sɛ obu ne ho sɛ ɔyɛ mmɔbɔ. Sɛ akasakasa ba wɔn ntam a, ɛsɛ sɛ ɔpɛ bere a ɛfata na ɔka ho asɛm. Yiw, munsua Ɔhemmaa Ester. Na ɔwɔ asɛm bi a ɛfa owu ne nkwa ho a ɔpɛ sɛ ɔka ho asɛm kyerɛ ne kunu. Nyansa ne anifere a ɔde dii dwuma ntɛm ara no kyerɛɛ nkwagye maa Yudafo no. Eye ma yɛne yɛn ahokafo sɛ sɛ biribi ahaw yɛn anaasɛ ɛrehaw yɛn a, yɛka ho asɛm. Anifere ne agorudi a ɛfata bɛboa ma nkitahodi ayɛ mmerɛw ama yɛn.—Ester 4:15-5:8.
9. Afã bɛn na asɛntie wɔ wɔ nkitahodi mu?
9 Wɔ kasa a wɔde ma nkitahodi kɔ so mu no, ɛda adi sɛ ɛyɛ obiara asɛyɛde sɛ obetie nea ɔfoforo no wɔ ka—na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ nea wɔanka nanso ɛno na ɔkyerɛ no nsow. Ɛno hwehwɛ sɛ wotie ɔkasafo no yiye. Ɛnyɛ nea ɛwɔ adwenem nkutoo na ɛsɛ sɛ obi hu na mmom ehia sɛ obi hu nkate a ɛhyɛ nsɛm a wɔka akyi, ɔkwan a wɔfa so ka biribi. Mpɛn pii no, okunu bi tɔ sin wɔ eyi yɛ mu. Ebia ɔyerenom behu amane esiane sɛ okununom ntie nea wɔka yiye nti. Na ehia sɛ ɔyerenom nso de ahwɛyiye tie nsɛm na ama wɔakwati nneɛma ho ntease a ɛmfata a wobenya ntɛmntɛm. ‘Onyansafo betie asɛm na wasua nneɛma pii.’—Mmebusɛm 1:5.
Awofo ne Mmofra Ntam Nkitahodi
10. Sɛ awofo ne wɔn mma bedi nkitaho sɛnea ɛfata a, dɛn na ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ?
10 Sɛnea ɛyɛ den ma awofo sɛ wɔne wɔn mma bedi nkitaho no nso wɔ hɔ. Sɛ ‘wɔbɛkyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so’ no hwehwɛ sɛ wotumi di nkitaho. Saa a wɔbɛyɛ no bɛma “sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” (Mmebusɛm 22:6) Awofo a ɛtɔ mmere bi a wɔn mma fi wɔn nsa kɔ wiase no mu no fi nkitaho a wɔanni bere a na abofra no renyin akɔ mpanyin mfe so no. Wɔka awofo asɛyɛde a ɛne sɛ wɔne wɔn mma bɛkɔ so adi nkitaho no ho asɛm wɔ Deuteronomium 6:6, 7: “Na nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” Yiw, ɛsɛ sɛ awofo nya bere ma wɔn mma! Ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ wɔde nneɛma bɛbɔ afɔre ama wɔn mma.
11. Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma di ho nkitaho?
11 Awofo, mo ne mo mma nni nkitaho ma wonhu sɛ Yehowa dɔ wɔn na mo nso modɔ wɔn. (Mmebusɛm 4:1-4) Momma wonhu ɔpɛ a mowɔ sɛ mode mo ahotɔ ne anigyede ahorow bɛbɔ afɔre ama wɔn adwene, nkate, honam, ne honhom fam nyinaa onyin. Nea ɛho hia yiye wɔ eyi yɛ mu ne tema, a ɛne sɛnea ɔwofo no tumi hu nneɛma sɛnea ne mma hu no no. Ɛdenam ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim a mobɛda no adi akyerɛ so no, mo awofonom no betumi ama abusuabɔ a biakoyɛ wom a emu yɛ den abɛda mo ne mo mma ntam na moahyɛ wɔn nkuran ma wɔaka wɔn kokoam nsɛm akyerɛ mo na ɛnyɛ wɔn atipɛnfo.—Kolosefo 3:14.
12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmofra ne wɔn awofo di nkitaho a wonsuro?
12 Mo mmofra no nso, ɛyɛ mo asɛyɛde sɛ mo ne mo awofo bedi nkitaho. Nea wɔayɛ ama mo no ho anisɔ bɛboa mo ma moaka mo kokoam nsɛm akyerɛ wɔn. Muhia wɔn mmoa, na sɛ mufi mo pɛ mu ne wɔn di nkitaho a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔde bɛma mo. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wotaa kogye afotu fi w’atipɛnfo nkyɛn. Sɛ wode wɔn toto w’awofo ho a, eyinom nyɛɛ nneɛma ahe biara mmaa wo ɛ. Wonni asetra mu osuahu nsen wo, na sɛ wɔnyɛ asafo no mufo a, ɛnde wonni wo daa yiyedi ho anigye biara ankasa.
Nkitahodi wɔ Asafo No Mu
13, 14. Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛhwehwɛ sɛ Kristofo ne wɔn ho wɔn ho di nkitaho?
13 Asɛnnennen foforo ne sɛ wobɛma nkitahodi ho kwan akɔ so ada wo nuanom ntam wɔ asafo no mu. Wɔde afotu a emu yɛ den ma yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yegyae ‘yɛn ho yɛn ho nhyiam.’ Atirimpɔw bɛn nti na yehyiam? ‘Na yɛatwetwe yɛn ho yɛn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ Eyi hwehwɛ sɛ yedi nkitaho (Hebrifo 10:24, 25)Sɛ obi di mfomso tia wo a, ɛnsɛ sɛ ɛno ma wugyae nhyiam ahorow kɔ. Ma nkitahodi ho kwan nkɔ so nna hɔ denam Yesu afotu a ɔde mae wɔ Mateo 18:15-17 no mu nnyinasosɛm a wubedi so no so. Wo ne nea wote nka sɛ ɔmma w’ani nnye no nkɔkasa.
14 Sɛ ɔhaw bi ba wo ne wo nuanom mu biako ntam a, fa Kyerɛwnsɛm mu afotu te sɛ nea ɛwɔ Kolosefo 3:13 no di dwuma: “Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.” Ɛno kyerɛ sɛ wɔne obi bedi nkitaho na ɛnyɛ sɛ wɔbɛpow sɛ wɔne no bɛkasa. Na sɛ wuhu sɛ ɛte sɛ nea obi ntew n’anim mma wo a, fa afotu a ɛwɔ Mateo 5:23, 24 no di dwuma. Munni nkitaho, na bɔ mmɔden sɛ wo ne wo nua no besiesie. Eyi hwehwɛ sɛ wunya ɔdɔ ne ahobrɛase, nanso wowɔ wo nua no ne w’ankasa ho asɛyɛde sɛ wutie Yesu afotu no.
Afotu ne Nkuranhyɛ
15. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristofo kwati sɛ wɔde afotu bɛma bere a wobetumi ayɛ saa?
15 Paulo afotu a ɛwɔ Galatifo 6:1 no a yebetie no nso fa asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yebedi nkitaho no ho: “Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no so odwo honhom mu, nanso hwɛ wo ho, na wɔansɔ wo nso anhwɛ.” Sɛ obi twe yɛn adwene si mfomso bi a yɛayɛ wɔ yɛn kasa anaa nneyɛe mu so a, ɛsɛ sɛ ahobrɛase ma yegye tom. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya su a na odwontofo no wɔ no bi bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Ma ɔtreneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔe so, ɛyɛ tiri so ngo a me ti rempo.” (Dwom 141:5) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo titiriw yɛ ahobrɛase ho nhwɛso a ɛda nsow, na ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ afoforo ma wogye wɔn ankasa nsusuwii tom ɔkwan biara so, na mmom ɛsɛ sɛ wɔyɛ krado sɛ wobegye nteɛso atom, na wɔama atra wɔn adwenem sɛ ‘ɔdɔfo pira yɛ nokware.’—Mmebusɛm 27:6.
16. Nkitahodi bɛn na ɛsɛ sɛ akasafo nkumaa gye tom?
16 Ɛkyerɛ nyansa ne ahobrɛase sɛ mmofra bɛkɔ Kristofo a wɔn ho akokwaw, a wobetumi de nyansahyɛ a ɛso wɔ mfaso ama nkyɛn akogye afotu. Mpanyimfo mpo betumi anya mfaso wɔ saa kwan yi so. Sɛ nhwɛso no, ɔpanyin bi kae wɔ ɔkasa bi mu sɛ nhyira horow a wɔabobɔ din wɔ Adiyisɛm 7:16, 17 a ɛfa ɔkɔm ne sukɔm a ɛrenne nnipa bio no yɛ nneɛma a nguan foforo no betumi ahwɛ kwan sɛ wobenya wɔ wiase foforo no mu. Nanso, wɔada no adi sɛ saa kyerɛwsɛm yi fa mprempren mmere yi ho titiriw. (Hwɛ Revelation—Its Grand Climax At Hand!, nkratafa 126-8.) Ɔpanyin bi a na ɔka atiefo no ho tee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔka eyi ho asɛm, nanso ansa na obenya hokwan ayɛ saa no, ɔkasafo no ankasa frɛɛ no wɔ telefon so bisaa no nyansahyɛ ahorow bi a ɛbɛma ne kasa atu mpɔn pii. Yiw, momma yɛmma ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn no sɛ wɔbɛyɛ saa denam nkitaho a yɛne wɔn bedi ma wɔahu ɔpɛ a yɛwɔ sɛ wobetu yɛn fo no so. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a wɔfa abufuw anaa nsɛm haw yɛn ntɛmntɛm.
17. Ɔkwan bɛn so na nkitahodi betumi ahyɛ yɛn nuanom nkuran?
17 Ɔhene Salomo kaa nnyinasosɛm bi a yebetumi de aka yɛn nkɔmmɔbɔ yi ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.” (Mmebusɛm 3:27) Yɛde yɛn nuanom ɔdɔ ho ka. Paulo kae sɛ: “Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho; na nea ɔdɔ ne yɔnko awie mmara no so di.” (Romafo 13:8) Enti yɛ ayamye wɔ wo nkuranhyɛ nsɛm mu. So asafo mu ɔsomfo kumaa bi rema ne baguam ɔkasa a edi kan? Kamfo no. So onuawa bi ayere ne ho anaasɛ wabɔ mmɔden yiye wɔ ne Teokrase Ɔsom Sukuu mu dwumadi mu anaa? Ka sɛnea w’ani gyee ne mmɔdenbɔ no ho asɛm kyerɛ no. Yɛn nuanom mmarima ne mmea pii ayere wɔn ho reyɛ nea wobetumi nyinaa, na anisɔ a yɛwɔ ma wɔn a yebefi ɔdɔ mu aka ho asɛm akyerɛ wɔn no bɛhyɛ wɔn nkuran.
18. Faako a obi da ahotoso a ɔwɔ wɔ ne ho mu adi ma ɛboro so no, dɛn na ɛbɛkyerɛ ayamye sɛ wobɛyɛ?
18 Nea ɛne eyi bɔ abira no, ebia ɔkasafo kumaa bi bɔ mmɔden yiye, nanso esiane sɛ onnyinii nti, ebia ɔbɛda ne ho mu ahotoso a ɔwɔ adi sen sɛnea ɛfata. Nkitahodi bɛn na ɛho hia wɔ ha? So ɛrenkyerɛ ayamye sɛ ɔpanyin bi a ne ho akokwaw bɛkamfo no wɔ ne kasa no mu nsɛm bi a ɛfata ho nanso, bere koro no ara mu no, ɔde akwan a ɔbɛfa so na wanya ahobrɛase daakye ho nyansahyɛ ama no bɔkɔɔ anaa? Nkitahodi a ɛte sɛɛ no bɛda onuadɔ adi na ɛbɛboa mmofra ma wɔayi su horow bi a ennye afi hɔ ntɛm, ansa na aka wɔn hɔ.
19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne mmusua ti yɛ nkitahodifo?
19 Mpanyimfo ne wɔn ho wɔn ho ne asafo no di nneɛma a ɛso wɔ mfaso ho nkitaho—na wɔkwati sɛ wɔbɛda kokoam nsɛm, te sɛ nea ɛfa nsɛm a wodi ho no adi. Nanso, nsɛm a wɔde sie mmoroso no mma wonnye wɔn nni na ɛde abasamtu bɛba na ebetumi asɛe adamfofa honhom a ɛwɔ asafo bi—anaa abusua bi mu. Sɛ nhwɛso no, obiara ani gye ho sɛ ɔbɛte amanneɛbɔ bi a ɛhyɛ nkuran. Sɛnea ɔsomafo Paulo pɛe sɛ ɔne afoforo di honhom fam nneɛma ho nkitaho no, saara na ɛsɛ sɛ mpanyimfo nya ɔpɛ sɛ wɔbɛka nsɛm a ɛhyɛ nkuran akyerɛ afoforo.—Mmebusɛm 15:30; 25:25; Romafo 1:11, 12.
20. Nkitahodi ho asɛm bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
20 Yiw, nkitahodi ho hia wɔ Kristofo asafo no ne Kristofo abusua mu. Bio nso, ɛho hia yiye wɔ baabi foforo. Ɛhefa? Wɔ Kristofo ɔsom adwuma no mu. Yebesusuw akwan a yɛbɛfa so ama yɛn nkitaho wɔ dwumadi a ɛho hia yiye yi mu no atu mpɔn kɛse no ho.
Wobebua Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na wobetumi adi biribi a ɛtaa yɛ akwanside ma abusua mu nkitahodi so nkonim?
◻ Ɔkwan bɛn so na okununom ne ɔyerenom betumi adi nkitahodi ho asɛnnennen no ho dwuma?
◻ Ɔkwan bɛn so na awofo ne mmofra betumi akwati mpanyimfo ne mmofra ntam oku no?
◻ Ɔkwan bɛn so na nkitahodi wɔ asafo no ne mmusua mu betumi ahyɛ nkuran?
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Nkitahodi pa ma abusua yiyedi ne anigye kɔ so