Sɛnea Wubetumi Akyerɛ Nea Yesu Yɛe No Ho Anisɔ
WOTUMI de nneyɛe ka “Meda w’ase” kɛse sen ano ara kwa a wɔde ka. Enti sɛ wowɔ nea Yesu yɛ maa wo no ho anisɔ a, wobɛpɛ sɛ wunya ne mu gyidi sɛ w’Agyenkwa. Nokwarem no, ɛnam ɛno nkutoo a wobɛyɛ so na ɛbɛma woanya anidaso sɛ wubenya Yesu afɔrebɔ no mu mfaso. So wokae asɛm a ɛne “ogye. . . di” a ɛwɔ Yohane 3:16 no? Ɛno kyerɛ biribi sen gye a wugye di ne w’adwene a wode pene nokwasɛm a ɛyɛ sɛ owu maa wo no so. Ɛfa biribi a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ saa gyidi no ho nso ho.
Tie afotu a Petro de maa Yudafo atiefo no wɔ Pentekoste, 33 Y.B. akyi bere tiaa bi no: “Monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne.” (Asomafo no Nnwuma 3:19) Ɛno kyerɛ nneɛma ahorow abien a yɛyɛ. Biako ne sɛ yefi yɛn koma mu ko tia bɔne su ahorow a ɛwɔ yɛn adwene ne yɛn nipadua mu no. Foforo nso ne sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ onnyina Yesu afɔrebɔ no so mfa yɛn bɔne mfiri yɛn.-1 Yohane 2:1, 2.
Suasua Yesu Nhwɛso No
Wobisaa Colin a ɔyɛ Kristoni a wɔabɔ no asu mfe 24 ni no nea enti a ɔwɔ anisɔ wɔ nea Yesu yɛe no ho. Obuae sɛ: “M’ani sɔ ne ogye afɔre no, nanso ne nhwɛso a ɔyɛe no na ɛboa me titiriw. N’asetra yɛ nhwɛso ma me a metumi asua.”
Sɛ yɛwɔ ho anisɔ ampa a, so yɛrempɛ sɛ yebedi Yesu nhwɛso a ɛne odwo, ahobrɛase ne ne ho a ɔde bɔɔ afɔre wɔ ɔdɔ mu no akyi? Sɛ wode w’ano bua sɛ “Yiw” a, wo su ne wo nneyɛe nso bua dɛn? Sɛ nhwɛso no, dɛn na nnipa pii bɛyɛ bere a wɔde adwuma bi a ɛbɛma nokware som anya nkɔso te sɛ ɔdan a Kristofo hyiam wɔ hɔ a wɔde hyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhohoro mu a ɛhwehwɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔde wɔn ho bɔ afɔre no? Wobɛyɛ w’ade dɛn wɔ ho‘? So esiane anisɔ a wowɔ ma Yesu ne ne soro Agya no nti, wubefi wo pɛ mu agye adwuma bi a nnipa hu sɛ ɛba fam ma wɔn na wɔn ani nnye ho no atom? Yesu brɛɛ ne ho ase na ɔyɛɛ adwuma a ɛte saa maa afoforo.—Yohane 13:2-17; Filipifo 2:7, 8.
Ma yensusuw nhwɛso foforo ho. Mpɛn pii nkurɔfo adwene a enhyia wɔ nneɛma ho no ma wɔka abufusɛm kyerɛ wɔn ho wɔn ho na ɛma wodi yaw. Dɛn na nnipa pii bɛyɛ, sɛ anka wɔwɔ ɔdan bi a nnipa ayɛ mu ma mu a obi a wafom wɔn kɛse nso wɔ hɔ bi a? Dɛn na wobɛyɛ? Esiane anisɔ a wowɔ ma Yesu ne Yehowa nti, so wubefi wo pɛ mu adi kan ayɛ ade na woafi odwo mu ne nea wafom wo no asiesie mo ntam ntawntawdi no wɔ odwo honhom mu? Yesu ne ne soro Agya no yɛɛ saa wɔ adesamma ho.—Romafo 5:6-10; 1 Yohane 4:9-11.
Nea ɛka Yesu soro anuonyam a ɔde bɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛba abɛyɛ onipa, ne afei n’asase so nkwa a ɔde bɔɔ afɔre sɛ adesa-
mma Agyenkwa no ho no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so de mmoa a ɛso nni maa adesamma. Onipa biara nni hɔ a wanya adesamma so tumi kɛse wɔ ɔkwan a eye so te sɛ Yesu Kristo. Ɔkyerɛɛ nnipa Onyankopɔn din, ne nipasu, n’atirimpɔw ne n’apɛde ma adesamma—Yohane 7:45, 46.
Ne nkyerɛkyerɛ ahorow no ho nhwɛso titiriw biako ne Bepɔw so Asɛnka no. Ɔkaa nea wɔbɛfrɛɛ no Mmara Pa no ho asɛm wɔ ɛno mu. “Mo ne afoforo nni sɛnea mobɛpɛ sɛ wɔne mo di bere nyinaa.” (Mateo 7:12, The New English, Bible) Ɔkyerɛɛ Mmara no mu abien a ɛso no nso: ‘Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu. Na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!’ (Marko 12:29-31) Nea ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne ne nkɔmhyɛ ahorow a ne mmamu kyerɛ yɛn baabi a yɛadu wɔ Onyankopɔn mmerebu mu pefee no.—Mateo atiri 24 ne 25.
Yesu de ne nneyɛe hyɛɛ ne nkyerɛkyerɛ no mu den na wama yɛanya nhwɛso pa a ɛyɛ pɛ a yebetumi adi akyi. Ofii n’adwuma ase denam ne ho a ɔde mae koraa sɛ ɔbɛyɛ n’Agya apɛde no so na ɔnam asu a ɔma wɔbɔɔ no wɔ nsu mu no so de yɛɛ ɛno ho sɛnkyerɛnee. Onyankopɔn somaa no baa asase so sɛ ommedi nokware no ho adanse titiriw. Ansa na ɔrewu no, otumi ka kyerɛɛ n’Agya sɛ: “Mahyɛ wo anuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no” na “mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn fi wiase ama me no.”—Yohane 17:4, 6.
Ná Yesu pɛ sɛ afoforo suasua ne nhwɛso no. Eyi da adi wɔ n’ankasa nsɛm a ɔkae ne afoforo de mu. Yesu kae wɔ Mateo 4:19 ne 19:21 sɛ: “Mummedi m’akyi.” Asomafo Petro ne Paulo kyerɛwee sɛ, “Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi” ne “monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.”—-1 Petro 2:21; 1 Korintofo 11:1.
Sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de aseda ama wɔ nea Yesu Kristo yɛ maa wo sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo ne nhwɛsofo Kɛse no ho no, kɔ so hu ne sua Onyankopɔn Asɛm daa, ne titiriw, Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a ɛmu na wohu Yesu nkyerɛkyerɛ ahorow no. Esiane sɛ wubehia mmoa na ama woate nea wokenkan no ase na woakyerɛ ho anisɔ nti, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubenya Bible adesua mmoa nhoma a edi saa atirimpɔw no ho dwuma.a Bio nso, bɔ mmɔden sɛ wode nea wusua no bedi dwuma wɔ wo da biara da asetra mu. Yiw, adepa a wobɛyɛ wɔ ho ho hia. Ye:u kae sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ɔse me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no.”—Mateo 7:21; 4:17; Luka 4:17-21.
Fa Yehowa Som Di Kan
Ɛnnɛ nnipa bɛboro 1,056,000,000 kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo. Nanso hwɛ sɛnea wɔde aseda ketewaa bi na ɛma wɔ nea Yesu yɛ maa wɔn no ho! Ɛda adi sɛ pii te nka sɛ, sɛ wɔkɔ asɔre mprenu afe biara wɔ Kristoman nnapɔna titiriw a wodi no mu a, ɛnde na worebɔ mmɔden. Anaa, afoforo nso bɛka sɛ, ‘Medɔ Onyankopɔn efisɛ migye Mmara Nsɛm Du no di.’ Nanso wɔn mu baahe na wodi so? Saa mmara ahorow a ɛyɛ pɛ a na bere bi tete Israel man wɔ ase no de Yehowa Nyankopɔn som a eye no di kan pefee denam emu mmara anan a edi kan no so.—Exodus 20:1-11.
Nnipa a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no mu baahe na wodi Yesu nhwɛso no akyi ankasa denam Mmara Nsɛm no mu nnyinasosɛm a wɔde di dwuma wɔ wɔn da biara da asetra mu no so? So wɔde “ahofama a edi mũ” rema Onyankopɔn sɛnea wɔhwehwɛ wɔ mmara a ɛto so abien no mu no? Te sɛ Yesu no, so wɔreda Onyankopɔn din a wosii so dua wɔ mmarasɛm a ɛto so abiɛsa no mu no adi wɔ ɔkwan pa so? Ɛnyɛ sɛ nokware Kristofo bu bra pa nko na mmom wɔde Yehowa som di kan wɔ wɔn asetra mu.—Mateo 6:33.
Kristofo a wɔte saa no nim sɛ hyia a wobehyiam yɛ Onyankopɔn som no fã.
Nanso so woasusuw ho pɛn sɛ Kristofo nhyiam ase a wobɛkɔ daa no yɛ aseda a wode ma no ho sɛnkyerɛnee? Ɔsomafo Paulo yɛɛ saa. ɔka eyi ho asɛm wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo no ti 10 no mu. Ɔda asiane a ɛwɔ anibiannaso a wɔbɛyɛ wɔ Kristofo nhyiam horow no ho mu adi nso. Su a ɛte saa no betumi ama Kristoni aba mu abu na wayɛ obi a wagyae gyidi ho nnwuma pa yɛ. Wɔ ebinom fam no, anisɔ a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn nkwagye kwan a ɛnam Kristo so ho no ano betumi abrɛ ase. Sɛ eyi yɛ nokware na wɔanni wɔn gyidi a ano rebrɛ ase no ho dwuma a, ebetumi ama wɔahyɛ da ayɛ bɔne anaasɛ wɔawae afi nokware no ho mpo. Eyi bɛkyerɛ sɛ wobu Onyankopɔn akyɛde no sɛ “ahuhude” anaasɛ biribi a ɛba fam, nea ɛkyerɛ animtiaa a wobu Yehowa ne Yesu nyinaa.—Hebrifo 10:28, 29.
Hyɛ Paulo kɔkɔbɔ a ɛfa wɔn a ɛnyɛ nhyiam ahorow nko na wɔkyerɛ sɛ ɛho nhia na mmom wɔkɔ so pow Onyankopɔn akyɛde a wɔnam so nya nkwagye ankasa no nsow. “Sɛ obi pow Mose mmara a, ɔkwati mmɔborohunu gyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so wu. Akatua a enye koraa bɛn na mususuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔde betua nea watiatia Onyankopɔn Ba no so, na wabu apam mogya a wɔde atew ne ho no ahuhude, na wasopa ɔdom honhom no‘.?”—Hebrifo 10:28, 29.
Ná Mmara no yɛ Onyankopɔn akyɛde a ɔnam Mose so de mae. Enti Paulo kae n’akenkanfo sɛ, sɛ wɔn a wobuu saa Mmara a efi soro no so a wɔankyerɛ ahonu no nyaa asotwe a ɛne owu a, ɛnde asotwe bɛn na ɛfata sɛ wɔde ma wɔn a wɔde animtiaabu pow Onyankopɔn akyɛde kɛse a ɔnam Yesu Kristo, Mose Kɛse no, so de mae no.Wɔn a wogu Onyankopɔn Ba no ho fi sɛ wɔn Nkwagyefo na wobu n’afɔrebɔ no animtiaa no bewu “owuprenu”-asotwe a emu yɛ den a wɔrennya owusɔre.—-Adiyisɛm 21:8; Deuteronomium 13:6-10; 17:2-7.
Bio nso na Paulo rekyerɛ sɛnea obi a ɔhyɛ da yɛ bɔne anaasɛ wawae afi nokware no ho ba bɛyɛ bonniayɛfo no. Onipa a ɔte saa no asopa no wɔ akwan horow abiɛsa so. Nea edi kan no, “watiatia Onyankopɔn Ba no so.” Afei obu Yesu sɛ ne tamfo, efisɛ tete nkonimdifo tiatia wɔn atamfo a wɔadi wɔn so nkonim no kɔn so, anaasɛ obu Yesu animtiaa, efisɛ nnipa tiatia ade a wobu no animtiaa so. (Fa toto Mateo 7: 6 ho.) Nea ɛto so abien ne sɛ “wabu apam mogya a wɔde atew ne ho no ahuhude.” Obu ɔkwan [Kristo mogya] a wɔnam so atew ne ho no animtiaa. Obu saa mogya no ne apam foforo no sɛ ɛnsom bo nsen nnipa a wɔnyɛ pɛ mogya, na ɛnyɛ ade a ɛyɛ kronkron. Nea ɛto so abiɛsa ne sɛ “wasopa ɔdom honhom no.” Wakasa atia Onyankopɔn adeyɛ tumi na ɔhyɛ da sɔre tia nkɛntɛnso a Onyankopɔn wɔ na ɔka sɛ ɛnsom bo ma enti mfaso biara nni so mma no.—Efesofo 4:30.
Sɛ yebu Onyankopɔn akyɛde a wɔnam so begye yɛn nkwa no sɛ ɛsom bo bere nyinaa a yebetumi akwati animtiaabu nneyɛe a enye a ɛte saa no. Kristofo nhyiam ahorow a yɛbɛkɔ yɛ ɔkwan a yebetumi afa so akura obu a ɛfata mu. Esiane sɛ Yehowa ne Yesu wɔ nhyiam ahorow yi ase wɔ honhom mu nti, Kristofo a wɔwɔ anisɔ remmu wɔn animtiaa te sɛ nea awaefo yɛ no, na mmom wɔbɛyɛ nea wobetumi nyinaa na ama wɔatumi akɔ ase bere nyinaa —Fa toto Malaki 3:16; Mateo 18:20 ho.
Enti fa aseda ma wɔ nea Yesu ayɛ ama wo no ho. Kyerɛ nokware gyidi wɔ ne ogye afɔre no mu. Suasua ne nhwɛso no wɔ di a wo ne afoforo di no mu. Fa n’agya, Yehowa Nyankopɔn, som di kan wɔ w’asetra mu. Wɔ ɔkwan yi so no, wubetumi aka sɛ: “Aseda nka Onyankopɔn n’akyɛde a enni kabea” a ɛne ɔdom a ɛnam Yesu so no.—2 Korintofo 9:15.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ nhwɛso no, yɛkamfo Wubetumi Atena Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York atintim no kyerɛ.
[Kratafa 5 mfoni]
Akwan horow a wubetumi afa so ada Yesu ase