Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 12/1 kr. 29-31
  • ‘Monkae Kan Nna No’—Dɛn Ntia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Monkae Kan Nna No’—Dɛn Ntia?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ade a Ɛkanyan ne Nkuranhyɛ
  • Kan Mfomso Ahorow a Yebesua Biribi Afi Mu
  • Ahobrɛase ne Anisɔ
  • Mma Wo Werɛ Mfi Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Wubetumi Ama Sɛnea Wokae Ade no Atu Mpɔn
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Mpa Abaw Wɔ Nkwa Mmirikatu No Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Yehowa Akwan A Yebesua Ahu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 12/1 kr. 29-31

‘Monkae Kan Nna No’—Dɛn Ntia?

‘MONKAE kan nna no.’ Ɔsomafo Paulo de afotu yi a ɔkyerɛw no bɛyɛ afe 61 Y.B. mu no kɔmaa Hebrifo Kristofo a na wɔwɔ Yudea no. (Hebrifo 10:32) Dɛn na ɛma ɔkaa saa asɛm yi? Dɛn nti na na ɛho hia sɛ Yehowa asomfo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no remma wɔn werɛ mfi kan nna no? So mfaso wɔ so sɛ yebetie nkaesɛm a ɛte saa ara nnɛ?

Wɔ mfehaha pii a atwam mu no, Bible akyerɛwfo akɔ so abɔ kɔkɔ wɔ ani a wobu gu kan nna so anaa ɛho anibiannaso a wɔyɛ ho. Ná ɛsɛ sɛ wɔde nsɛm a esisii kan nna no mu no sie na wosusuw ho. Yehowa mpo kae sɛ: “Mónkae kan nneɛma a efi tete no, sɛ me ara mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio; mene Nyankopɔn, na nea ɔte sɛ me nni hɔ koraa.” (Yesaia 46:9) Ma yɛnhwehwɛ nneɛma abiɛsa a emu yɛ den nti a ɛsɛ sɛ yetie saa afotu yi no mu.

Ade a Ɛkanyan ne Nkuranhyɛ

Nea edi kan no, ebetumi ayɛ ade a ɛkanyan na ɛhyɛ nkuran kɛse. Bere a Paulo kyerɛw ne krataa no kɔmaa Hebrifo asafo no, na ɔrekyerɛw ne mfɛfo Kristofo a esiane Yudafo no sɔretia nti na wɔsɔ wɔn gyidi hwɛ da biara da no. Bere a Paulo huu hia a ɛho hia sɛ wonya boasetɔ pii no, ɔkae sɛ: “Monkae sɛ kan nna a munyaa hann no, mumiaa mo ani huu ɔko bebree mu amane.” (Hebrifo 10:32) Ná tete nneɛma a ɛfa honhom fam akodi mu nokwaredi ho a wɔbɛkae no bɛma wɔanya akokoduru a wohia na wɔde awie mmirika no tu. Saa ara na odiyifo Yesaia kyerɛwee sɛ: “Mónkae eyi, na moatumi anya akokoduru.” (Yesaia 46:8, NW) Na ɛyɛ botae pa koro yi ara na ɛwɔ Yesu Kristo adwenem nti na ɔka kyerɛɛ Efeso asafo no sɛ: “Enti kae nea wufi hwee ase [wo kan dɔ no], na sakra w’adwene, na yɛ kan nnwuma no!”—Adiyisɛm 2:4, 5.

Ná afotu a ɛne sɛ “kae tete nteredee nna, hwɛ awo ntoatoaso dodow no mfe” no yɛ asɛm a na ɛtaa pue Mose kasa ahorow a ɔma kyerɛɛ Israel no mu, bere a ɔhyɛɛ ɔman no nkuran sɛ wɔnna nokwaredi a ehu nnim adi nkyerɛ Yehowa no. (Deuteronomium 32:7) Hyɛ ne nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Deuteronomium 7:18 no nsow: “Nsuro wɔn [Kanaanfo no], na kae nea Awurade [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Misraim nyinaa.” Ná ɛsɛ sɛ ogye nnwuma a Yehowa yɛ maa ne nkurɔfo no a wɔbɛkae no kanyan wɔn ma wɔkɔ so de nokwaredi bata Onyankopɔn mmara horow no ho.—Deuteronomium 5:15; 15:15.

Awerɛhosɛm ne sɛ mpɛn pii na Israelfo no maa awerɛfiri bɔne nyaa wɔn so nkɛntɛnso. Dɛn na efii mu bae? “Wɔsan sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na woyii Israel kronkronni no ahii. Wɔankae ne nsa, da a oyii wɔn fii ɔhohiafo nsam [no].” (Dwom 78:41, 42) Awiei koraa no, Yehowa ahyɛde ahorow a wɔmaa wɔn werɛ fii no maa ɔpow wɔn.—Mateo 21:42, 43.

Odwontofo a ɔkyerɛw nea edi so yi no yɛɛ nhwɛso pa: “Mɛkae Yah nneyɛe maka, yiw, mɛkae wo tete anwonwade, na masusuw w’adwuma nyinaa ho, na madwen wo nneyɛe ho.” (Dwom 77:11, 12) Kan nokwaredi a ɛte saa a wɔde somee no a yɛbɛkae adwen ho, ne Yehowa nneyɛe a ɔdɔ wom no bɛkanyan yɛn ahyɛ yɛn nkuran, na ama yɛanya anisɔ. Afei nso, ‘kan nna no a yɛbɛkae’ no betumi ama yɛako atia ɔbrɛ, na ebetumi akanyan yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi nyinaa de akura yɛn mudi mu.

Kan Mfomso Ahorow a Yebesua Biribi Afi Mu

Nea ɛto so abien no, yɛn werɛ a yɛremma emfi ade no yɛ ɔkwan a yebetumi afa so asua biribi afi kan mfomso ahorow ne nneɛma a efii mu bae no mu. Esiane sɛ na eyi wɔ Mose adwenem nti, otuu Israelfo no fo sɛ: “Kae, na mma wo werɛ mmfi, sɛnea wuyii Awurade [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn abufuw sare so no; efi da a wufii Misraim asase so de besii sɛ mobaa ha yi, motew Awurade [Yehowa, NW] ahi.” (Deuteronomium 9:7) Nea efii Israelfo no asoɔden a ɛte saa mu bae ne sɛ, sɛnea Mose daa no adi no, ‘Yehowa wɔn Nyankopɔn ma wɔnantew sare so mfirihyia aduanan.’ Dɛn nti na wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkae eyi? Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbrɛ wɔn ho ase na wɔasesa wɔn atuatew akwan no, na ama ‘wɔadi Awurade [Yehowa, NW] wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm so, sɛ wɔbɛnantew n’akwan so na wɔasuro no.’ (Deuteronomium 8:2-6) Na ɛsɛ sɛ wosua biribi, a ntease a ɛwom ne sɛ wɔrenyɛ wɔn kan mfomso ahorow no bio.

Nhoma kyerɛwfo bi kae sɛ: “Ɔbadwemma nya n’ankasa suahu mu mfaso, na onyansafo nya afoforo suahu mu mfaso.” Bere a Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wonsusuw wɔn ankasa kan mfomso ahorow ho na wonnya mu mfaso no, ɔsomafo Paulo tuu afoforo fo—afeha a edi kan no mu Korinto asafo no, a ɛtrɛw ka yɛn—sɛ yensua biribi mfi abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ koro no ara mu. Ɔkyerɛw sɛ: “Na eyinom nyinaa ama wɔayɛ [Israelfo no] nhwɛso, na wɔakyerɛw ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi afotu.” (1 Korintofo 10:11; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ná Bible mu asɛm foforo bi a esii tete ne hia a ɛho hia sɛ wosua biribi fi mu no wɔ Yesu Kristo adwenem bere a ɔkae sɛ: “Monkae Lot yere no.” (Luka 17:32; Genesis 19:1-26) Engiresini anwensɛm kyerɛwfo ne nyansapɛfo Samuel Taylor Coleridge, kyerɛwee sɛ: “Sɛ nnipa betumi asua biribi afi abakɔsɛm mu a, hwɛ asuade a anka yebenya!”

Ahobrɛase ne Anisɔ

Nea ɛto so abiɛsa no, kae a yebetumi akae ade no bɛma yɛanya su horow a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne ahobrɛase ne anisɔ. Bere a yedi yɛn wiase nyinaa honhom mu paradise no mu nneɛma pii ho ahurusi no, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ fapem ahorow bi so na egyina. Nea ɛka eyinom ho ne nokwaredi, ɔdɔ, ahofama, boasetɔ, abodwokyɛre, ne gyidi—su ahorow a yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea a wofii adwuma no ase wɔ nsase ahorow so daa no adi. Bere a 1995 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no de Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ Mexico no nnɛyi abakɔsɛm ho amanneɛbɔ reba awiei no, ɛkae sɛ: “Ebia sɔhwɛ ahorow a Yehowa Adansefo a wonyaa adwuma no mfiase mu kyɛfa wɔ Mexico hyiae no bɛyɛ nkurɔfo a wɔde wɔn ho abɔ wɔn nnansa yi ara no nwonwa. Nea wonim ara ne honhom mu paradise, baabi a honhom mu aduan abu so, baabi a mfɛfo ɔpehaha pii a wosuro Onyankopɔn wɔ, ne baabi a wɔyɛ Onyankopɔn som adwuma wɔ nhyehyɛe pa mu.”

Mpɛn pii no, adikanfo yi yɛɛ adwuma sɛ ankorankoro anaasɛ akuw nketewa a na atew ne ho. Wohyiaa ankonamyɛ, ahokyere, ne mudi mu kura ho sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den bere a wɔde animia kaa Ahenni asɛm no. Ɛwom sɛ saa kan asomfo yi mu pii awuwu de, nanso hwɛ abotɔyam a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ Yehowa kae wɔn nokwaredi a wɔde somee no! Ɔsomafo Paulo sii eyi so dua, bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho” no. (Hebrifo 6:10) Sɛ Yehowa fi anisɔ mu kae biribi saa a, so ɛnsɛ sɛ yɛn nso yefi anisɔ mu yɛ saa?

Wɔn a wɔahu nokware no foforo no nam Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdoma nhoma no so betumi ahu saa abakɔsɛm yi. Afei nso, sɛ yɛwɔ abusua anaa Kristofo asafo bi a emufo no bi yɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim a wɔde mfe pii asom mu a, wɔde Deuteronomium 32:7 hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnkae tete nteredee nna, nhwɛ awo ntoatoaso dodow no mfe; yemmisa yɛn agya, na ɔnkyerɛ yɛn, ne yɛn mpanyimfo, na wɔnka nkyerɛ yɛn.’

Yiw, kan nneɛma a ɛkyerɛ onyamesom pa ahofama a yɛbɛkae no betumi akanyan yɛn ma yɛakɔ so de anigye akura Kristofo som adwuma no mu. Asuade ahorow nso wɔ abakɔsɛm mu a ehia sɛ yesua. Na yɛn honhom mu paradise a Onyankopɔn ahyira so no ho a yɛbɛdwennwen no ma yenya su horow a ɛne ahobrɛase ne anisɔ. Nokwarem no, ‘monkae kan nna no.’

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena